Numbers 15 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mokɔtena asase a mede ama mo no so 3 na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara a wɔbɔ no ogya so ma ɛsɔ AWURADE ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboa a ɔfiri mo nnwankuo anaa anantwibuo mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a ɛfiri ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirinhyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ka ho. 4 Deɛ ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmienu a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma AWURADE. 5 Odwammaa biara a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde nsã afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho. 6 “ ‘Sɛ odwennini na wode rebɔ afɔdeɛ a, fa esiam lita mmiɛnsa fra ngo lita baako, 7 ne bobesa lita baako sɛ ɔnom afɔrebɔdeɛ. Yei ne afɔrebɔ a ɛbɛsɔ AWURADE ani. 8 “ ‘Sɛ wosiesie nantwie ba ma ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔrebɔdeɛ de hyɛ bɔ sononko bi anaa ayɔnkofa asikyiresiam afɔdeɛ a worebɔ ama AWURADE a, 9 fa atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ne ngo lita mmienu ka nantwie no ho 10 a bobesa lita mmienu ka ho sɛ ɔnom afɔrebɔdeɛ. Egya na wɔde bɛbɔ saa afɔdeɛ yi na asɔ AWURADE ani. 11 Yei ne mmara a ɛka nantwie, odwennini, odwammaa anaa abirekyie ba a wɔde bɔ afɔdeɛ ho. 12 Afɔrebɔdeɛ biara a mo mu biara de bɛkɔ no, ɛsɛ sɛ ɔfa saa ɛkwan yi so. 13 “ ‘Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo teɛ a wɔpɛ sɛ wɔfa ogya afɔrebɔ so sɔ AWURADE ani no nyinaa di saa mmara yi so. 14 Na sɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma ɛsɔ AWURADE ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan korɔ no ara so. 15 Mmara no wɔ hɔ ma mo nyinaa—ɔmanfoɔ ne ahɔhoɔ; na ɛyɛ nokorɛ a ɛtim hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ wɔn nyinaa yɛ pɛ wɔ AWURADE anim. 16 Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa.’ ” 17 AWURADE ka kyerɛɛ Mose saa ɛberɛ no sɛ, 18 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ wɔduru asase a mede rebɛma wɔn no so 19 na wɔdi asase no so aduane a, wɔmfa bi mmɔ afɔdeɛ mma AWURADE. 20 Atokoɔ a mobɛyam a ɛdi ɛkan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛdeɛ sɛdeɛ moyɛ atokoɔ otwakane no wɔ ayuporobea no. 21 Ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔdeɛ a ɛfiri mo aduane a ɛdi ɛkan a moanya mu yi ma AWURADE. 22 “ ‘Sɛ mo mu bi firi awerɛfirie mu bu saa mmara a AWURADE nam Mose so de ama mo yi so, 23 na sɛ daakye mo asefoɔ bu mmara ahodoɔ a AWURADE nam Mose so de ama mo yi so, 24 na sɛ wɔfom awerɛfirie mu a nnipa no nnim a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne ɔnom afɔrebɔdeɛ ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ka ho ma AWURADE. 25 Na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; ɛfiri sɛ, ɛyɛ mfomsoɔ, na wɔnam ɔhyeɛ afɔrebɔ so abɔ afɔdeɛ wɔ AWURADE anim a wɔn bɔne afɔrebɔdeɛ ka ho. 26 Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no nyinaa na wɔyɛɛ mfomsoɔ a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa. 27 “ ‘Sɛ obi yɛ mfomsoɔ awerɛfirie mu a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ 28 na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama no wɔ AWURADE anim na wɔde ne bɔne akyɛ no. 29 Saa mmara yi wɔ hɔ ma Israelfoɔ ne ananafoɔ a wɔte mu mu no. 30 “ ‘Na sɛ obi boapa yɛ mfomsoɔ a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ɔgu AWURADE din ho fi, enti wɔbɛyi no afiri nnipa no mu. 31 Mperɛ dodoɔ a wɔabu AWURADE asɛm animtiaa na wɔboapa abu AWURADE mmara so no, ɛsɛ sɛ wɔyi no firi nnipa no mu na ne bɔne gu ne tiri so.’ ” 32 Ɛda bi a Israelfoɔ no wɔ ɛserɛ so no, wɔkyeree wɔn mu baako sɛ ɔrebubu mmabaa homeda. 33 Wɔkyeree no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufoɔ bi anim. 34 Wɔde no too afiase kɔsii sɛ wɔhunuu Awurade adwene a ɔwɔ wɔ saa onipa no ho. 35 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsi no aboɔ wɔ atenaeɛ no akyi baabi.” 36 Enti wɔde no kɔɔ atenaeɛ no akyi baabi kɔsii no aboɔ sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no. 37 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 38 “Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmma biribi nsensɛne wɔn ntadeɛ ano mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so a ɛbɛyɛ mmara a ɛtim hɔ daa na wɔmfa ahoma tuntum nkyekyere sɛ nkaeɛ adeɛ mfam ntadeɛ ano. 39 Saa mmara yi botaeɛ ne sɛ, ɛberɛ biara a mobɛhunu saa adeɛ yi no, mobɛkae AWURADE mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛdeɛ so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛdeɛ na moyɛ de som anyame afoforɔ no. 40 Ɛbɛkae mo ama moayɛ kronkron ama Onyankopɔn. 41 Mene AWURADE mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim asase so baeɛ no. Aane, mene AWURADE mo Onyankopɔn.”

In Other Versions

Numbers 15 in the ANGEFD

Numbers 15 in the ANTPNG2D

Numbers 15 in the AS21

Numbers 15 in the BAGH

Numbers 15 in the BBPNG

Numbers 15 in the BBT1E

Numbers 15 in the BDS

Numbers 15 in the BEV

Numbers 15 in the BHAD

Numbers 15 in the BIB

Numbers 15 in the BLPT

Numbers 15 in the BNT

Numbers 15 in the BNTABOOT

Numbers 15 in the BNTLV

Numbers 15 in the BOATCB2

Numbers 15 in the BOBCV

Numbers 15 in the BOCNT

Numbers 15 in the BOECS

Numbers 15 in the BOGWICC

Numbers 15 in the BOHCB

Numbers 15 in the BOHCV

Numbers 15 in the BOHLNT

Numbers 15 in the BOHNTLTAL

Numbers 15 in the BOICB

Numbers 15 in the BOILNTAP

Numbers 15 in the BOITCV

Numbers 15 in the BOKCV

Numbers 15 in the BOKCV2

Numbers 15 in the BOKHWOG

Numbers 15 in the BOKSSV

Numbers 15 in the BOLCB

Numbers 15 in the BOLCB2

Numbers 15 in the BOMCV

Numbers 15 in the BONAV

Numbers 15 in the BONCB

Numbers 15 in the BONLT

Numbers 15 in the BONUT2

Numbers 15 in the BOPLNT

Numbers 15 in the BOSCB

Numbers 15 in the BOSNC

Numbers 15 in the BOTLNT

Numbers 15 in the BOVCB

Numbers 15 in the BOYCB

Numbers 15 in the BPBB

Numbers 15 in the BPH

Numbers 15 in the BSB

Numbers 15 in the CCB

Numbers 15 in the CUV

Numbers 15 in the CUVS

Numbers 15 in the DBT

Numbers 15 in the DGDNT

Numbers 15 in the DHNT

Numbers 15 in the DNT

Numbers 15 in the ELBE

Numbers 15 in the EMTV

Numbers 15 in the ESV

Numbers 15 in the FBV

Numbers 15 in the FEB

Numbers 15 in the GGMNT

Numbers 15 in the GNT

Numbers 15 in the HARY

Numbers 15 in the HNT

Numbers 15 in the IRVA

Numbers 15 in the IRVB

Numbers 15 in the IRVG

Numbers 15 in the IRVH

Numbers 15 in the IRVK

Numbers 15 in the IRVM

Numbers 15 in the IRVM2

Numbers 15 in the IRVO

Numbers 15 in the IRVP

Numbers 15 in the IRVT

Numbers 15 in the IRVT2

Numbers 15 in the IRVU

Numbers 15 in the ISVN

Numbers 15 in the JSNT

Numbers 15 in the KAPI

Numbers 15 in the KBT1ETNIK

Numbers 15 in the KBV

Numbers 15 in the KJV

Numbers 15 in the KNFD

Numbers 15 in the LBA

Numbers 15 in the LBLA

Numbers 15 in the LNT

Numbers 15 in the LSV

Numbers 15 in the MAAL

Numbers 15 in the MBV

Numbers 15 in the MBV2

Numbers 15 in the MHNT

Numbers 15 in the MKNFD

Numbers 15 in the MNG

Numbers 15 in the MNT

Numbers 15 in the MNT2

Numbers 15 in the MRS1T

Numbers 15 in the NAA

Numbers 15 in the NASB

Numbers 15 in the NBLA

Numbers 15 in the NBS

Numbers 15 in the NBVTP

Numbers 15 in the NET2

Numbers 15 in the NIV11

Numbers 15 in the NNT

Numbers 15 in the NNT2

Numbers 15 in the NNT3

Numbers 15 in the PDDPT

Numbers 15 in the PFNT

Numbers 15 in the RMNT

Numbers 15 in the SBIAS

Numbers 15 in the SBIBS

Numbers 15 in the SBIBS2

Numbers 15 in the SBICS

Numbers 15 in the SBIDS

Numbers 15 in the SBIGS

Numbers 15 in the SBIHS

Numbers 15 in the SBIIS

Numbers 15 in the SBIIS2

Numbers 15 in the SBIIS3

Numbers 15 in the SBIKS

Numbers 15 in the SBIKS2

Numbers 15 in the SBIMS

Numbers 15 in the SBIOS

Numbers 15 in the SBIPS

Numbers 15 in the SBISS

Numbers 15 in the SBITS

Numbers 15 in the SBITS2

Numbers 15 in the SBITS3

Numbers 15 in the SBITS4

Numbers 15 in the SBIUS

Numbers 15 in the SBIVS

Numbers 15 in the SBT

Numbers 15 in the SBT1E

Numbers 15 in the SCHL

Numbers 15 in the SNT

Numbers 15 in the SUSU

Numbers 15 in the SUSU2

Numbers 15 in the SYNO

Numbers 15 in the TBIAOTANT

Numbers 15 in the TBT1E

Numbers 15 in the TBT1E2

Numbers 15 in the TFTIP

Numbers 15 in the TFTU

Numbers 15 in the TGNTATF3T

Numbers 15 in the THAI

Numbers 15 in the TNFD

Numbers 15 in the TNT

Numbers 15 in the TNTIK

Numbers 15 in the TNTIL

Numbers 15 in the TNTIN

Numbers 15 in the TNTIP

Numbers 15 in the TNTIZ

Numbers 15 in the TOMA

Numbers 15 in the TTENT

Numbers 15 in the UBG

Numbers 15 in the UGV

Numbers 15 in the UGV2

Numbers 15 in the UGV3

Numbers 15 in the VBL

Numbers 15 in the VDCC

Numbers 15 in the YALU

Numbers 15 in the YAPE

Numbers 15 in the YBVTP

Numbers 15 in the ZBP