Numbers 32 (BOATCB)

1 Na Ruben ne Gad mmusuakuo no wɔ nyɛmmoa pii, enti wohunuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no bɛyɛ ama wɔn nnwan ne anantwie no, 2 wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no ntuanofoɔ no nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 3 “Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon. 4 Saa nsase yi nyinaa, AWURADE ako, agye ama Israelfoɔ. Ɛbɛyɛ ama yɛn nnwan ne yɛn anantwie. 5 Sɛ yɛanya adom wɔ mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn sɛ yɛn kyɛfa na monnyae Asubɔnten Yordan fa nohoa a mopɛ sɛ mode ma yɛn no.” 6 Mose nso bisaa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no sɛ, “Mokyerɛ sɛ, mopɛ sɛ motena ha wɔ ɛberɛ a mo nuanom atwa mu rekɔko? 7 Mopɛ sɛ mobu nnipa a aka no aba mu ma wɔsane sɛ wɔrenkɔ asase a AWURADE de ama wɔn no so no? 8 Ade koro yi ara na mo agyanom yɛeɛ. Mesomaa wɔn firii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔsra asase no 9 nanso ɛberɛ a wɔwiee nsra no na wɔfiri Eskol subɔnhwa mu baeɛ no, wɔbuu nnipa no aba mu sɛ wɔrenkɔ AWURADE Bɔhyɛ Asase no so. 10 Na AWURADE bo fuu wɔn enti ɔkaa ntam sɛ, 11 wɔn a wɔayi wɔn afiri Misraim asase so no, wɔn mu biara nni hɔ a wadi boro mfirinhyia aduonu a ɔbɛhunu asase a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho bɔ no, ɛfiri sɛ, wɔanni ne mmara so. 12 Agye Kenesini Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua na wɔnka ho, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn akoma nyinaa dii AWURADE akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so. 13 AWURADE ma yɛkyinkyinii ɛserɛ no so hɔ mfirinhyia aduanan kɔsii sɛ saa awoɔ ntoatoasoɔ amumuyɛfoɔ no nyinaa wuwuiɛ. 14 “Nanso, monhwɛ, abɔnefoɔ, moreyɛ saa bɔne koro no ara bi. Esiane sɛ mo dɔɔso enti, AWURADE bo a afu Israel no ano bɛyɛ den sen kane no. 15 Sɛ motwe mo ho firi Onyankopɔn ho sei a, ɔbɛma nnipa no atena ɛserɛ so hɔ akyɛre na sɛ nnome bi ba wɔn so a, ɛho asodie da mo so.” 16 Wɔteaam sɛ, “Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nnwammuo na yɛakyekyere nkuro akɛseɛ asi nketewa no anan 17 na yɛn ankasa de akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfoɔ a aka no anim kɔsi sɛ yɛde wɔn bɛba asomdwoeɛ mu ama wɔabɛfa wɔn agyapadeɛ. Na deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ yɛkyekyere nkuro a yɛbɛgye afasuo afa ho ama yɛn nkurɔfoɔ atena mu na ɛhɔfoɔ no ankɔto anhyɛ wɔn so. 18 Sɛ Israelfoɔ no nsa nkaa wɔn agyapadeɛ no a, yɛrentena ha. 19 Yɛmpɛ Yordan ho asase biara. Mmom, yɛpɛ asase a ɛda apueeɛ fam hɔ no.” 20 Mose kaa sɛ, “Ɛyɛ. Sɛ mobɛyɛ sɛdeɛ moaka no, na mode akodeɛ ahyehyɛ mo ho ama AWURADE ɔko no, 21 na mode mo akodɔm no atware Yordan kɔsi sɛ AWURADE bɛpamo nʼatamfoɔ no a, 22 ɛnneɛ, sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ AWURADE anim a, motumi sane ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛdeɛ ama AWURADE ne Israelfoɔ nyinaa. Na asase a ɛda apueeɛ no nso, Awurade de bɛma mo. 23 “Sɛ moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia AWURADE, na sɛ ɛba saa a, monhunu sɛ, ɛho asotwe bɛba mo so. 24 Monkɔ so nkyekyere nkuro mma mo fiefoɔ na monyɛ nnwammuo mma mo nnwan na monni asɛm a mokaeɛ no nyinaa so.” 25 Ruben ne Gad nkurɔfoɔ no kaa sɛ, “Yɛbɛdi wʼahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. 26 Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nnwan ne yɛn anantwie bɛtena Gilead nkuropɔn mu. 27 Nanso, yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafoɔ no bɛko ama AWURADE sɛdeɛ woaka no.” 28 Enti, Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasa, Yosua ne mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo ano no sɛ, 29 “Sɛ Gad ne Ruben abusuakuo mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ahyɛ sraa mu sɛ wɔnkɔko mma AWURADE no ne me kɔ Yordan na sɛ wɔkɔko di nkonim wɔ hɔ a, momfa Gilead asase no mma wɔn; 30 na sɛ wɔankɔ a, ɛnneɛ wɔmpene so mfa nsase a mowɔ wɔ Kanaan asase so no bi.” 31 Gad ne Ruben abusuafoɔ kaa bio sɛ, “Yɛbɛdi AWURADE asɛm so; 32 yɛde akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi AWURADE akyi akɔ Kanaan nanso, yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha.” 33 Enti, Mose maa wɔde Amorifoɔhene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkuro akɛseɛ maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuo. 34 Gad nkurɔfoɔ na wɔkyekyeree saa nkuro yi: Dibon, Atarot, Aroer. 35 Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha, 36 Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkuro a nnwan wɔ mu yie. 37 Ruben mmammarima na wɔkyekyeree saa nkuro a ɛdidi so yi: Hesbon, Eleale Kiriataim, 38 Nebo, Baal-Meon ne Sibma. Wɔtotoo nkuro a wɔakyekyere no edin foforɔ. 39 Afei, Makir asefoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pamoo Amorifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔte hɔ no nyinaa. 40 Enti, Mose de Gilead maa Makirfoɔ, Manase asefoɔ, ma wɔtenaa hɔ. 41 Manase abusuakuo mu nnipa foforɔ bi a wɔfiri Yair nso tenatenaa Gilead nkuro bebree so, sesaa beaeɛ a wɔwɔ hɔ no din frɛɛ hɔ Hafrotyair. 42 Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafoɔ bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraaseɛ kɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ hɔ, enti ɔde ne din Noba too saa beaeɛ hɔ.

In Other Versions

Numbers 32 in the ANGEFD

Numbers 32 in the ANTPNG2D

Numbers 32 in the AS21

Numbers 32 in the BAGH

Numbers 32 in the BBPNG

Numbers 32 in the BBT1E

Numbers 32 in the BDS

Numbers 32 in the BEV

Numbers 32 in the BHAD

Numbers 32 in the BIB

Numbers 32 in the BLPT

Numbers 32 in the BNT

Numbers 32 in the BNTABOOT

Numbers 32 in the BNTLV

Numbers 32 in the BOATCB2

Numbers 32 in the BOBCV

Numbers 32 in the BOCNT

Numbers 32 in the BOECS

Numbers 32 in the BOGWICC

Numbers 32 in the BOHCB

Numbers 32 in the BOHCV

Numbers 32 in the BOHLNT

Numbers 32 in the BOHNTLTAL

Numbers 32 in the BOICB

Numbers 32 in the BOILNTAP

Numbers 32 in the BOITCV

Numbers 32 in the BOKCV

Numbers 32 in the BOKCV2

Numbers 32 in the BOKHWOG

Numbers 32 in the BOKSSV

Numbers 32 in the BOLCB

Numbers 32 in the BOLCB2

Numbers 32 in the BOMCV

Numbers 32 in the BONAV

Numbers 32 in the BONCB

Numbers 32 in the BONLT

Numbers 32 in the BONUT2

Numbers 32 in the BOPLNT

Numbers 32 in the BOSCB

Numbers 32 in the BOSNC

Numbers 32 in the BOTLNT

Numbers 32 in the BOVCB

Numbers 32 in the BOYCB

Numbers 32 in the BPBB

Numbers 32 in the BPH

Numbers 32 in the BSB

Numbers 32 in the CCB

Numbers 32 in the CUV

Numbers 32 in the CUVS

Numbers 32 in the DBT

Numbers 32 in the DGDNT

Numbers 32 in the DHNT

Numbers 32 in the DNT

Numbers 32 in the ELBE

Numbers 32 in the EMTV

Numbers 32 in the ESV

Numbers 32 in the FBV

Numbers 32 in the FEB

Numbers 32 in the GGMNT

Numbers 32 in the GNT

Numbers 32 in the HARY

Numbers 32 in the HNT

Numbers 32 in the IRVA

Numbers 32 in the IRVB

Numbers 32 in the IRVG

Numbers 32 in the IRVH

Numbers 32 in the IRVK

Numbers 32 in the IRVM

Numbers 32 in the IRVM2

Numbers 32 in the IRVO

Numbers 32 in the IRVP

Numbers 32 in the IRVT

Numbers 32 in the IRVT2

Numbers 32 in the IRVU

Numbers 32 in the ISVN

Numbers 32 in the JSNT

Numbers 32 in the KAPI

Numbers 32 in the KBT1ETNIK

Numbers 32 in the KBV

Numbers 32 in the KJV

Numbers 32 in the KNFD

Numbers 32 in the LBA

Numbers 32 in the LBLA

Numbers 32 in the LNT

Numbers 32 in the LSV

Numbers 32 in the MAAL

Numbers 32 in the MBV

Numbers 32 in the MBV2

Numbers 32 in the MHNT

Numbers 32 in the MKNFD

Numbers 32 in the MNG

Numbers 32 in the MNT

Numbers 32 in the MNT2

Numbers 32 in the MRS1T

Numbers 32 in the NAA

Numbers 32 in the NASB

Numbers 32 in the NBLA

Numbers 32 in the NBS

Numbers 32 in the NBVTP

Numbers 32 in the NET2

Numbers 32 in the NIV11

Numbers 32 in the NNT

Numbers 32 in the NNT2

Numbers 32 in the NNT3

Numbers 32 in the PDDPT

Numbers 32 in the PFNT

Numbers 32 in the RMNT

Numbers 32 in the SBIAS

Numbers 32 in the SBIBS

Numbers 32 in the SBIBS2

Numbers 32 in the SBICS

Numbers 32 in the SBIDS

Numbers 32 in the SBIGS

Numbers 32 in the SBIHS

Numbers 32 in the SBIIS

Numbers 32 in the SBIIS2

Numbers 32 in the SBIIS3

Numbers 32 in the SBIKS

Numbers 32 in the SBIKS2

Numbers 32 in the SBIMS

Numbers 32 in the SBIOS

Numbers 32 in the SBIPS

Numbers 32 in the SBISS

Numbers 32 in the SBITS

Numbers 32 in the SBITS2

Numbers 32 in the SBITS3

Numbers 32 in the SBITS4

Numbers 32 in the SBIUS

Numbers 32 in the SBIVS

Numbers 32 in the SBT

Numbers 32 in the SBT1E

Numbers 32 in the SCHL

Numbers 32 in the SNT

Numbers 32 in the SUSU

Numbers 32 in the SUSU2

Numbers 32 in the SYNO

Numbers 32 in the TBIAOTANT

Numbers 32 in the TBT1E

Numbers 32 in the TBT1E2

Numbers 32 in the TFTIP

Numbers 32 in the TFTU

Numbers 32 in the TGNTATF3T

Numbers 32 in the THAI

Numbers 32 in the TNFD

Numbers 32 in the TNT

Numbers 32 in the TNTIK

Numbers 32 in the TNTIL

Numbers 32 in the TNTIN

Numbers 32 in the TNTIP

Numbers 32 in the TNTIZ

Numbers 32 in the TOMA

Numbers 32 in the TTENT

Numbers 32 in the UBG

Numbers 32 in the UGV

Numbers 32 in the UGV2

Numbers 32 in the UGV3

Numbers 32 in the VBL

Numbers 32 in the VDCC

Numbers 32 in the YALU

Numbers 32 in the YAPE

Numbers 32 in the YBVTP

Numbers 32 in the ZBP