Proverbs 12 (BOATCB)
1 Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ,na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ. 2 Onipa pa nya AWURADE nkyɛn adom,na AWURADE bu onifirani fɔ. 3 Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase. 4 Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ,nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu. 5 Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ yɛ pɛ,na amumuyɛfoɔ afotuo yɛ nnaadaa. 6 Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya,na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu. 7 Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera,nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn. 8 Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛna nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa. 9 Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ,sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane. 10 Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ,na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden. 11 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree,na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene. 12 Amumuyɛfoɔ pɛ abɔnefoɔ afodeɛ,nanso ɔteneneeni ase dɔre. 13 Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie,nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu. 14 Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no masɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no. 15 Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so,na ɔnyansafoɔ tie afotuo. 16 Ɔkwasea bo nkyɛre fu,nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so. 17 Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo,na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo. 18 Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofenananso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ. 19 Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa,na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa. 20 Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu,na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ. 21 Ɔhaw biara rento ɔteneneeni,nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ. 22 AWURADE kyiri ano a ɛtwa atorɔ,na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho. 23 Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawurona nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi. 24 Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi,nanso akwadworɔ wie nkoasom mu. 25 Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto,nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den. 26 Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu,nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom. 27 Onihafoɔ ntoto ne hanam,nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn. 28 Tenenee kwan mu wɔ nkwa;na owuo nni saa ɛkwan no so.
In Other Versions
Proverbs 12 in the ANGEFD
Proverbs 12 in the ANTPNG2D
Proverbs 12 in the AS21
Proverbs 12 in the BAGH
Proverbs 12 in the BBPNG
Proverbs 12 in the BBT1E
Proverbs 12 in the BDS
Proverbs 12 in the BEV
Proverbs 12 in the BHAD
Proverbs 12 in the BIB
Proverbs 12 in the BLPT
Proverbs 12 in the BNT
Proverbs 12 in the BNTABOOT
Proverbs 12 in the BNTLV
Proverbs 12 in the BOATCB2
Proverbs 12 in the BOBCV
Proverbs 12 in the BOCNT
Proverbs 12 in the BOECS
Proverbs 12 in the BOGWICC
Proverbs 12 in the BOHCB
Proverbs 12 in the BOHCV
Proverbs 12 in the BOHLNT
Proverbs 12 in the BOHNTLTAL
Proverbs 12 in the BOICB
Proverbs 12 in the BOILNTAP
Proverbs 12 in the BOITCV
Proverbs 12 in the BOKCV
Proverbs 12 in the BOKCV2
Proverbs 12 in the BOKHWOG
Proverbs 12 in the BOKSSV
Proverbs 12 in the BOLCB
Proverbs 12 in the BOLCB2
Proverbs 12 in the BOMCV
Proverbs 12 in the BONAV
Proverbs 12 in the BONCB
Proverbs 12 in the BONLT
Proverbs 12 in the BONUT2
Proverbs 12 in the BOPLNT
Proverbs 12 in the BOSCB
Proverbs 12 in the BOSNC
Proverbs 12 in the BOTLNT
Proverbs 12 in the BOVCB
Proverbs 12 in the BOYCB
Proverbs 12 in the BPBB
Proverbs 12 in the BPH
Proverbs 12 in the BSB
Proverbs 12 in the CCB
Proverbs 12 in the CUV
Proverbs 12 in the CUVS
Proverbs 12 in the DBT
Proverbs 12 in the DGDNT
Proverbs 12 in the DHNT
Proverbs 12 in the DNT
Proverbs 12 in the ELBE
Proverbs 12 in the EMTV
Proverbs 12 in the ESV
Proverbs 12 in the FBV
Proverbs 12 in the FEB
Proverbs 12 in the GGMNT
Proverbs 12 in the GNT
Proverbs 12 in the HARY
Proverbs 12 in the HNT
Proverbs 12 in the IRVA
Proverbs 12 in the IRVB
Proverbs 12 in the IRVG
Proverbs 12 in the IRVH
Proverbs 12 in the IRVK
Proverbs 12 in the IRVM
Proverbs 12 in the IRVM2
Proverbs 12 in the IRVO
Proverbs 12 in the IRVP
Proverbs 12 in the IRVT
Proverbs 12 in the IRVT2
Proverbs 12 in the IRVU
Proverbs 12 in the ISVN
Proverbs 12 in the JSNT
Proverbs 12 in the KAPI
Proverbs 12 in the KBT1ETNIK
Proverbs 12 in the KBV
Proverbs 12 in the KJV
Proverbs 12 in the KNFD
Proverbs 12 in the LBA
Proverbs 12 in the LBLA
Proverbs 12 in the LNT
Proverbs 12 in the LSV
Proverbs 12 in the MAAL
Proverbs 12 in the MBV
Proverbs 12 in the MBV2
Proverbs 12 in the MHNT
Proverbs 12 in the MKNFD
Proverbs 12 in the MNG
Proverbs 12 in the MNT
Proverbs 12 in the MNT2
Proverbs 12 in the MRS1T
Proverbs 12 in the NAA
Proverbs 12 in the NASB
Proverbs 12 in the NBLA
Proverbs 12 in the NBS
Proverbs 12 in the NBVTP
Proverbs 12 in the NET2
Proverbs 12 in the NIV11
Proverbs 12 in the NNT
Proverbs 12 in the NNT2
Proverbs 12 in the NNT3
Proverbs 12 in the PDDPT
Proverbs 12 in the PFNT
Proverbs 12 in the RMNT
Proverbs 12 in the SBIAS
Proverbs 12 in the SBIBS
Proverbs 12 in the SBIBS2
Proverbs 12 in the SBICS
Proverbs 12 in the SBIDS
Proverbs 12 in the SBIGS
Proverbs 12 in the SBIHS
Proverbs 12 in the SBIIS
Proverbs 12 in the SBIIS2
Proverbs 12 in the SBIIS3
Proverbs 12 in the SBIKS
Proverbs 12 in the SBIKS2
Proverbs 12 in the SBIMS
Proverbs 12 in the SBIOS
Proverbs 12 in the SBIPS
Proverbs 12 in the SBISS
Proverbs 12 in the SBITS
Proverbs 12 in the SBITS2
Proverbs 12 in the SBITS3
Proverbs 12 in the SBITS4
Proverbs 12 in the SBIUS
Proverbs 12 in the SBIVS
Proverbs 12 in the SBT
Proverbs 12 in the SBT1E
Proverbs 12 in the SCHL
Proverbs 12 in the SNT
Proverbs 12 in the SUSU
Proverbs 12 in the SUSU2
Proverbs 12 in the SYNO
Proverbs 12 in the TBIAOTANT
Proverbs 12 in the TBT1E
Proverbs 12 in the TBT1E2
Proverbs 12 in the TFTIP
Proverbs 12 in the TFTU
Proverbs 12 in the TGNTATF3T
Proverbs 12 in the THAI
Proverbs 12 in the TNFD
Proverbs 12 in the TNT
Proverbs 12 in the TNTIK
Proverbs 12 in the TNTIL
Proverbs 12 in the TNTIN
Proverbs 12 in the TNTIP
Proverbs 12 in the TNTIZ
Proverbs 12 in the TOMA
Proverbs 12 in the TTENT
Proverbs 12 in the UBG
Proverbs 12 in the UGV
Proverbs 12 in the UGV2
Proverbs 12 in the UGV3
Proverbs 12 in the VBL
Proverbs 12 in the VDCC
Proverbs 12 in the YALU
Proverbs 12 in the YAPE
Proverbs 12 in the YBVTP
Proverbs 12 in the ZBP