Psalms 12 (BOATCB)
undefined Dawid dwom. 1 Boa yɛn, AWURADE, na nyamesurofoɔ asa;nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu. 2 Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko;wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm. 3 Ma AWURADE ntwa nnaadaa anone tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene; 4 wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim;yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?” 5 “Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni none ohiani apenesie no enti,mɛsɔre afei,” AWURADE na ɔseɛ.“Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.” 6 AWURADE asɛm yɛ nokorɛte sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu,na wɔahoa ho mprɛnson. 7 Ao AWURADE, wobɛkora yɛnna woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho, 8 abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.