Psalms 3 (BOATCB)
undefined Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔredwane afiri ne babarima Absalom anim. 1 Ao AWURADE, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa!Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me! 2 Bebree no ara ka fa me ho sɛ,“Onyankopɔn rennye no”. 3 Nanso, Ao AWURADE, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyiawohyɛ me animuonyam na wopagya me ti. 4 Meteam su frɛ AWURADE,na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so. 5 Metɔ hɔ na meda a,menyane bio, ɛfiri sɛ AWURADE kora me so. 6 Merensuro atamfoɔ mpem mpem awɔatwa me ho ahyia no. 7 Sɔre, Ao AWURADE!Gye me, Ao me Onyankopɔn!Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan;na tutu amumuyɛfoɔ se. 8 AWURADE hɔ na ɔgyeɛ firi ba.Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so.