Psalms 98 (BOATCB)
undefined Dwom. 1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE,ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree;ne nsa nifa ne ne basa kronkron noanya nkwagyeɛ ama no. 2 AWURADE ama wɔahunu ne nkwagyeɛna wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no. 3 Wakae nʼadɔeɛne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ;asase ano nyinaa ahunuyɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ. 4 Asase nyinaa mommɔ ose mma AWURADE,momfa nnwontoɔ nni ahurisie; 5 Momfa sankuo nto dwom mma AWURADE,sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ, 6 momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn,nteam ahosɛpɛ so wɔ AWURADE, yɛn ɔhene no anim. 7 Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so;asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa. 8 Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam,mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom; 9 ma wɔnto dwom wɔ AWURADE anim,ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn.Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛnna ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.