Psalms 98 (BOATCB2)
undefined Dwom. 1 Monto dwom foforo mma AWURADE,efisɛ wayɛ anwonwade bebree;ne nsa nifa ne ne basa kronkron noanya nkwagye ama no. 2 AWURADE ama wɔahu ne nkwagyena wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no. 3 Wakae nʼadɔene ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no;asase ano nyinaa ahuyɛn Nyankopɔn nkwagye. 4 Asase nyinaa mommɔ ose mma AWURADE,momfa nnwonto nni ahurusi; 5 Momfa sanku nto dwom mma AWURADE,sanku ne nnwonto nnyigyei, 6 momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn,nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ AWURADE, yɛn hene no anim. 7 Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so;asase ne wɔn a wɔte so nyinaa. 8 Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam,mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom; 9 ma wɔnto nnwom wɔ AWURADE anim,efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn.Ɔde trenee bebu wiase atɛnna ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.