1 Chronicles 5 (BOATCB2)

1 Na Israel babarima panyin ne Ruben. Nanso esiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenanom no mu baako kɔdae no nti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmabarima. Esiane saa asɛm yi nti, wɔamfa Ruben din anka anato no ho sɛ abakan. 2 Yuda asefo na wɔyɛɛ abusuakuw a wɔwɔ tumi pa ara; ne saa nti woyii ɔman no sodifo fii wɔn mu, nanso mpanyinni no de, na ɛyɛ Yosef dea. 3 Israel abakan Ruben no mmabarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. 4 Yoel asefo neSemaia, Gog, Simei, 5 Mika, Reaia, Baal, 6 ne Beera. Bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfo kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na odi Rubenfo no anim. 7 Wɔakyerɛw Beera nkurɔfo din sɛnea wɔn mmusua ne abusua no te: Yeiel ne wɔn ntuanoni, na Sakaria 8 ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoel babarima. Saa Rubenfo yi tenaa beae a efi Aroer de kosi Nebo ne Baal-Meon. 9 Esiane sɛ na wɔwɔ anantwi bebree wɔ Gilead asase so no nti, wodidi kɔɔ apuei fam wɔ nweatam a ɛtrɛw kɔ Asubɔnten Eufrate no ho. 10 Ɔhene Saulo bere so, Rubenfo dii Hagarfo so nkonim wɔ ɔko mu. Enti wotu kɔɔ Hagarfo atenae a ɛwɔ Gilead apuei fam hɔ no. 11 Basan asase so no, na Gad asefo na wɔtete asase a edi Rubenfo de no so. Wɔtrɛw kɔɔ apuei fam kosii Saleka. 12 Na Yoel na otua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafo. 13 Na wɔn abusuafo a wɔyɛ ntuanofo ma mmusua afoforo ason din ne:Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber. 14 Eyinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima. 15 Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuano. 16 Gadfo no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraa ne Saron tataw no nyinaa so. 17 Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam bere so na wɔkyerɛw eyinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu. 18 Na akofo akɛse a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si mpem aduanan anan ahanson ne aduosia. Wokurakura nkatabo, mfoa ne agyan, na wɔn nyinaa akwadaw wɔ akodi mu. 19 Wɔko tiaa Hagarfo, Yeturfo, Nafisfo ne Nodabfo. 20 Wosu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na otiee wɔn mpaebɔ, efisɛ wɔde wɔn ho too ne so. Enti wodii Hagarfo no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim. 21 Asade a wɔfa fii Hagarfo no nkyɛn no yɛ yoma mpem aduonum, nguan mpem ahannu aduonum, mfurum mpenu ne nneduafo mpem ɔha. 22 Wokunkum Hagarfo no bebree wɔ ɔko no mu, efisɛ na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti wɔtenaa wɔn asase so kosii sɛ wotwaa wɔn asu. 23 Manase abusua fa no trɛw wɔ asase no so fi Basan kosii Baal-Hermon, Senir ne bepɔw Hermon ho. Na wɔdɔɔso yiye. 24 Eyinom ne wɔn mmusua no ntuanofo: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye din sɛ ɔkofo kɛse ne ɔkannifo. 25 Nanso na wonni nokware, na wobuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsom aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame. 26 Enti Israel Nyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsan frɛ no Tilgat-Pilneser) koma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfo, Gadfo ne Manasefo abusua fa sɛ nneduafo. Asiriafo no twaa wɔn asu kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ besi nnɛ.

In Other Versions

1 Chronicles 5 in the ANGEFD

1 Chronicles 5 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 5 in the AS21

1 Chronicles 5 in the BAGH

1 Chronicles 5 in the BBPNG

1 Chronicles 5 in the BBT1E

1 Chronicles 5 in the BDS

1 Chronicles 5 in the BEV

1 Chronicles 5 in the BHAD

1 Chronicles 5 in the BIB

1 Chronicles 5 in the BLPT

1 Chronicles 5 in the BNT

1 Chronicles 5 in the BNTABOOT

1 Chronicles 5 in the BNTLV

1 Chronicles 5 in the BOATCB

1 Chronicles 5 in the BOBCV

1 Chronicles 5 in the BOCNT

1 Chronicles 5 in the BOECS

1 Chronicles 5 in the BOGWICC

1 Chronicles 5 in the BOHCB

1 Chronicles 5 in the BOHCV

1 Chronicles 5 in the BOHLNT

1 Chronicles 5 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 5 in the BOICB

1 Chronicles 5 in the BOILNTAP

1 Chronicles 5 in the BOITCV

1 Chronicles 5 in the BOKCV

1 Chronicles 5 in the BOKCV2

1 Chronicles 5 in the BOKHWOG

1 Chronicles 5 in the BOKSSV

1 Chronicles 5 in the BOLCB

1 Chronicles 5 in the BOLCB2

1 Chronicles 5 in the BOMCV

1 Chronicles 5 in the BONAV

1 Chronicles 5 in the BONCB

1 Chronicles 5 in the BONLT

1 Chronicles 5 in the BONUT2

1 Chronicles 5 in the BOPLNT

1 Chronicles 5 in the BOSCB

1 Chronicles 5 in the BOSNC

1 Chronicles 5 in the BOTLNT

1 Chronicles 5 in the BOVCB

1 Chronicles 5 in the BOYCB

1 Chronicles 5 in the BPBB

1 Chronicles 5 in the BPH

1 Chronicles 5 in the BSB

1 Chronicles 5 in the CCB

1 Chronicles 5 in the CUV

1 Chronicles 5 in the CUVS

1 Chronicles 5 in the DBT

1 Chronicles 5 in the DGDNT

1 Chronicles 5 in the DHNT

1 Chronicles 5 in the DNT

1 Chronicles 5 in the ELBE

1 Chronicles 5 in the EMTV

1 Chronicles 5 in the ESV

1 Chronicles 5 in the FBV

1 Chronicles 5 in the FEB

1 Chronicles 5 in the GGMNT

1 Chronicles 5 in the GNT

1 Chronicles 5 in the HARY

1 Chronicles 5 in the HNT

1 Chronicles 5 in the IRVA

1 Chronicles 5 in the IRVB

1 Chronicles 5 in the IRVG

1 Chronicles 5 in the IRVH

1 Chronicles 5 in the IRVK

1 Chronicles 5 in the IRVM

1 Chronicles 5 in the IRVM2

1 Chronicles 5 in the IRVO

1 Chronicles 5 in the IRVP

1 Chronicles 5 in the IRVT

1 Chronicles 5 in the IRVT2

1 Chronicles 5 in the IRVU

1 Chronicles 5 in the ISVN

1 Chronicles 5 in the JSNT

1 Chronicles 5 in the KAPI

1 Chronicles 5 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 5 in the KBV

1 Chronicles 5 in the KJV

1 Chronicles 5 in the KNFD

1 Chronicles 5 in the LBA

1 Chronicles 5 in the LBLA

1 Chronicles 5 in the LNT

1 Chronicles 5 in the LSV

1 Chronicles 5 in the MAAL

1 Chronicles 5 in the MBV

1 Chronicles 5 in the MBV2

1 Chronicles 5 in the MHNT

1 Chronicles 5 in the MKNFD

1 Chronicles 5 in the MNG

1 Chronicles 5 in the MNT

1 Chronicles 5 in the MNT2

1 Chronicles 5 in the MRS1T

1 Chronicles 5 in the NAA

1 Chronicles 5 in the NASB

1 Chronicles 5 in the NBLA

1 Chronicles 5 in the NBS

1 Chronicles 5 in the NBVTP

1 Chronicles 5 in the NET2

1 Chronicles 5 in the NIV11

1 Chronicles 5 in the NNT

1 Chronicles 5 in the NNT2

1 Chronicles 5 in the NNT3

1 Chronicles 5 in the PDDPT

1 Chronicles 5 in the PFNT

1 Chronicles 5 in the RMNT

1 Chronicles 5 in the SBIAS

1 Chronicles 5 in the SBIBS

1 Chronicles 5 in the SBIBS2

1 Chronicles 5 in the SBICS

1 Chronicles 5 in the SBIDS

1 Chronicles 5 in the SBIGS

1 Chronicles 5 in the SBIHS

1 Chronicles 5 in the SBIIS

1 Chronicles 5 in the SBIIS2

1 Chronicles 5 in the SBIIS3

1 Chronicles 5 in the SBIKS

1 Chronicles 5 in the SBIKS2

1 Chronicles 5 in the SBIMS

1 Chronicles 5 in the SBIOS

1 Chronicles 5 in the SBIPS

1 Chronicles 5 in the SBISS

1 Chronicles 5 in the SBITS

1 Chronicles 5 in the SBITS2

1 Chronicles 5 in the SBITS3

1 Chronicles 5 in the SBITS4

1 Chronicles 5 in the SBIUS

1 Chronicles 5 in the SBIVS

1 Chronicles 5 in the SBT

1 Chronicles 5 in the SBT1E

1 Chronicles 5 in the SCHL

1 Chronicles 5 in the SNT

1 Chronicles 5 in the SUSU

1 Chronicles 5 in the SUSU2

1 Chronicles 5 in the SYNO

1 Chronicles 5 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 5 in the TBT1E

1 Chronicles 5 in the TBT1E2

1 Chronicles 5 in the TFTIP

1 Chronicles 5 in the TFTU

1 Chronicles 5 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 5 in the THAI

1 Chronicles 5 in the TNFD

1 Chronicles 5 in the TNT

1 Chronicles 5 in the TNTIK

1 Chronicles 5 in the TNTIL

1 Chronicles 5 in the TNTIN

1 Chronicles 5 in the TNTIP

1 Chronicles 5 in the TNTIZ

1 Chronicles 5 in the TOMA

1 Chronicles 5 in the TTENT

1 Chronicles 5 in the UBG

1 Chronicles 5 in the UGV

1 Chronicles 5 in the UGV2

1 Chronicles 5 in the UGV3

1 Chronicles 5 in the VBL

1 Chronicles 5 in the VDCC

1 Chronicles 5 in the YALU

1 Chronicles 5 in the YAPE

1 Chronicles 5 in the YBVTP

1 Chronicles 5 in the ZBP