1 John 2 (BOATCB2)

1 Me mma, merekyerɛw eyi abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔtreneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn. 2 Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne. 3 Sɛ yedi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yenim no. 4 Sɛ obi ka se, “Minim no,” nanso onni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofo a nokware nni ne mu. 5 Na sɛ obi tie nʼasɛm a, na nokware dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛyɛ wɔ ne mu. Eyi na ɛma yehu sɛ yɛte ne mu. 6 Na ɛsɛ sɛ nea ose ɔte ne mu no biara di Yesu Kristo anammɔn akyi. 7 Anuanom, saa mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforo. Ɛyɛ mmara dedaw a moate fi mfiase pɛɛ no. Mmara dedaw no yɛ ade a moate ho asɛm dedaw. 8 Nanso mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi yɛ foforo na mu nokware no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Sum no retwa mu na hann papa no gu so rehyerɛn. 9 Obiara a ɔka se ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtan ne nua no wɔ sum mu besi saa dɔnhwerew yi mu. 10 Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforo ayɛ bɔne. 11 Nanso obiara a ɔtan ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a onnim faako a ɔrekɔ, efisɛ sum no afura nʼani. 12 Me mma, merekyerɛw mo,efisɛ esiane Kristo din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo. 13 Agyanom, merekyerɛw mo,efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no.Mmabun, merekyerɛw mo,efisɛ moadi ɔbonsam so. 14 Mma, merekyerɛw mo,efisɛ munim Agya no.Agyanom, merekyerɛw mo,efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no.Mmabun, merekyerɛw mo,efisɛ mowɔ ahoɔden.Onyankopɔn asɛm no te mo muna moadi ɔbonsam so. 15 Monnnɔ wiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ wiase de. Sɛ modɔ wiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no. 16 Biribiara a ɛyɛ wiase de; ɔhonam akɔnnɔ, nea nnipa hu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ wiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, mu biara mfi Agya no. Ne nyinaa fi wiase. 17 Wiase ne mu akɔnnɔde retwa mu, nanso nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa. 18 Me mma, awiei no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo se Kristo Tamfo no bɛba, nanso mprempren, Kristo atamfo bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahu sɛ ampa awiei no abɛn. 19 Nokware, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno nti na wogyaw yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae. Nanso wogyaw yɛn hɔ, sɛnea wubehu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho. 20 Mo de, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokware no. 21 Ɛnyɛ sɛ munnim nokware no nti na makyerɛw saa krataa yi, na mmom munim na munim nso sɛ, atoro biara mfi nokware mu mma. 22 Afei hena ne ɔtorofo? Ɛyɛ obi a ɔka se Yesu nyɛ Kristo no. Oyi ne Kristo tamfo. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa. 23 Obiara nni hɔ a ɔpo Ɔba no na ɔwɔ Agya no; nea ogye Ɔba no to mu biara wɔ Agya no nso. 24 Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee mfiase no nsie mo koma mu. Sɛ mode asɛm a motee mfiase no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no benya ayɔnkofa. 25 Na eyi na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a enni awiei no. 26 Mekyerɛw mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo no ho. 27 Na mo de, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmere dodow a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforo bɛkyerɛkyerɛ mo. Efisɛ ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na nea ɔkyerɛ no nso yɛ nokware; ɛnyɛ atoro. Muntie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu. 28 Me mma, montena ne mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔba a, yebenya akokoduru na yɛmfa aniwu nkohintaw da a ɔbɛba no. 29 Munim sɛ Kristo yɛ ɔtreneeni. Na ɛsɛ sɛ muhu sɛ obiara a ɔyɛ ade trenee no yɛ Onyankopɔn ba.

In Other Versions

1 John 2 in the ANGEFD

1 John 2 in the ANTPNG2D

1 John 2 in the AS21

1 John 2 in the BAGH

1 John 2 in the BBPNG

1 John 2 in the BBT1E

1 John 2 in the BDS

1 John 2 in the BEV

1 John 2 in the BHAD

1 John 2 in the BIB

1 John 2 in the BLPT

1 John 2 in the BNT

1 John 2 in the BNTABOOT

1 John 2 in the BNTLV

1 John 2 in the BOATCB

1 John 2 in the BOBCV

1 John 2 in the BOCNT

1 John 2 in the BOECS

1 John 2 in the BOGWICC

1 John 2 in the BOHCB

1 John 2 in the BOHCV

1 John 2 in the BOHLNT

1 John 2 in the BOHNTLTAL

1 John 2 in the BOICB

1 John 2 in the BOILNTAP

1 John 2 in the BOITCV

1 John 2 in the BOKCV

1 John 2 in the BOKCV2

1 John 2 in the BOKHWOG

1 John 2 in the BOKSSV

1 John 2 in the BOLCB

1 John 2 in the BOLCB2

1 John 2 in the BOMCV

1 John 2 in the BONAV

1 John 2 in the BONCB

1 John 2 in the BONLT

1 John 2 in the BONUT2

1 John 2 in the BOPLNT

1 John 2 in the BOSCB

1 John 2 in the BOSNC

1 John 2 in the BOTLNT

1 John 2 in the BOVCB

1 John 2 in the BOYCB

1 John 2 in the BPBB

1 John 2 in the BPH

1 John 2 in the BSB

1 John 2 in the CCB

1 John 2 in the CUV

1 John 2 in the CUVS

1 John 2 in the DBT

1 John 2 in the DGDNT

1 John 2 in the DHNT

1 John 2 in the DNT

1 John 2 in the ELBE

1 John 2 in the EMTV

1 John 2 in the ESV

1 John 2 in the FBV

1 John 2 in the FEB

1 John 2 in the GGMNT

1 John 2 in the GNT

1 John 2 in the HARY

1 John 2 in the HNT

1 John 2 in the IRVA

1 John 2 in the IRVB

1 John 2 in the IRVG

1 John 2 in the IRVH

1 John 2 in the IRVK

1 John 2 in the IRVM

1 John 2 in the IRVM2

1 John 2 in the IRVO

1 John 2 in the IRVP

1 John 2 in the IRVT

1 John 2 in the IRVT2

1 John 2 in the IRVU

1 John 2 in the ISVN

1 John 2 in the JSNT

1 John 2 in the KAPI

1 John 2 in the KBT1ETNIK

1 John 2 in the KBV

1 John 2 in the KJV

1 John 2 in the KNFD

1 John 2 in the LBA

1 John 2 in the LBLA

1 John 2 in the LNT

1 John 2 in the LSV

1 John 2 in the MAAL

1 John 2 in the MBV

1 John 2 in the MBV2

1 John 2 in the MHNT

1 John 2 in the MKNFD

1 John 2 in the MNG

1 John 2 in the MNT

1 John 2 in the MNT2

1 John 2 in the MRS1T

1 John 2 in the NAA

1 John 2 in the NASB

1 John 2 in the NBLA

1 John 2 in the NBS

1 John 2 in the NBVTP

1 John 2 in the NET2

1 John 2 in the NIV11

1 John 2 in the NNT

1 John 2 in the NNT2

1 John 2 in the NNT3

1 John 2 in the PDDPT

1 John 2 in the PFNT

1 John 2 in the RMNT

1 John 2 in the SBIAS

1 John 2 in the SBIBS

1 John 2 in the SBIBS2

1 John 2 in the SBICS

1 John 2 in the SBIDS

1 John 2 in the SBIGS

1 John 2 in the SBIHS

1 John 2 in the SBIIS

1 John 2 in the SBIIS2

1 John 2 in the SBIIS3

1 John 2 in the SBIKS

1 John 2 in the SBIKS2

1 John 2 in the SBIMS

1 John 2 in the SBIOS

1 John 2 in the SBIPS

1 John 2 in the SBISS

1 John 2 in the SBITS

1 John 2 in the SBITS2

1 John 2 in the SBITS3

1 John 2 in the SBITS4

1 John 2 in the SBIUS

1 John 2 in the SBIVS

1 John 2 in the SBT

1 John 2 in the SBT1E

1 John 2 in the SCHL

1 John 2 in the SNT

1 John 2 in the SUSU

1 John 2 in the SUSU2

1 John 2 in the SYNO

1 John 2 in the TBIAOTANT

1 John 2 in the TBT1E

1 John 2 in the TBT1E2

1 John 2 in the TFTIP

1 John 2 in the TFTU

1 John 2 in the TGNTATF3T

1 John 2 in the THAI

1 John 2 in the TNFD

1 John 2 in the TNT

1 John 2 in the TNTIK

1 John 2 in the TNTIL

1 John 2 in the TNTIN

1 John 2 in the TNTIP

1 John 2 in the TNTIZ

1 John 2 in the TOMA

1 John 2 in the TTENT

1 John 2 in the UBG

1 John 2 in the UGV

1 John 2 in the UGV2

1 John 2 in the UGV3

1 John 2 in the VBL

1 John 2 in the VDCC

1 John 2 in the YALU

1 John 2 in the YAPE

1 John 2 in the YBVTP

1 John 2 in the ZBP