1 Samuel 21 (BOATCB2)

1 Dawid kɔɔ Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Bere a ɔsɔfo Ahimelek huu no no, ne ho popoe. Obisaa no se, “Adɛn nti na aka wo nko? Adɛn nti na obi nka wo ho?” 2 Dawid buaa ɔsɔfo Ahimelek se, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me se, mennka nea enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ faako a me mmarima no nhyia me. 3 Afei, dɛn na wowɔ? Ma me brodo mua anum anaa biribiara a wowɔ.” 4 Na ɔsɔfo no buaa Dawid se, “Minni brodo teta yi bi wɔ ha. Brodo kronkron de, bi wɔ ha, nanso gye sɛ mmarima no ne mmea bi nnae nnansa yi.” 5 Dawid buae se, “Mma hwee nhaw wo. Sɛ me mmarima no kodi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmea. Na sɛ wɔtena ase kronkron wɔ akwantu teta mu a, adɛn nti na saa dwumadi a ɛho hia yiye yi, wontumi ntena kronkronyɛ mu.” 6 Na esiane sɛ aduan foforo biara nni hɔ no nti, ɔsɔfo no de brodo kronkron a wɔde abodoohyew asi anan mu wɔ AWURADE hyiadan no mu maa Dawid. 7 Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafo panyin no kodwiraa ne ho wɔ hɔ da no. 8 Dawid bisaa Ahimelek se, “Wowɔ peaw anaa afoa? Ɔhene adwuma no ho hia a na ehia nti, mannya bere amfa akode biara.” 9 Ɔsɔfo no buae se, “Afoa a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wukum no wɔ Ela bon mu no dea. Wɔde ntama akyekyere ho da asɔfotade no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, efisɛ biribiara nni ha bio.” Dawid buae se, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.” 10 Da no, Dawid guan fii Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn. 11 Nanso na Akis mpanyimfo no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wobisae se, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so hene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asaw ne nnwonto so hyɛɛ no anuonyam se, ‘Saulo akum ne apem apem na Dawid nso akum mpem du du no?’ ” 12 Dawid tee saa akekakeka yi no, osuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi. 13 Ɛno nti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfo, ɔwerɛwerɛw apon ho maa ntasu sen faa nʼabogyesɛ mu. 14 Nea edi akyi ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Ɔbɔdamfo na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me? 15 Yɛwɔ pii wɔ ha dedaw! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me hɔho?”

In Other Versions

1 Samuel 21 in the ANGEFD

1 Samuel 21 in the ANTPNG2D

1 Samuel 21 in the AS21

1 Samuel 21 in the BAGH

1 Samuel 21 in the BBPNG

1 Samuel 21 in the BBT1E

1 Samuel 21 in the BDS

1 Samuel 21 in the BEV

1 Samuel 21 in the BHAD

1 Samuel 21 in the BIB

1 Samuel 21 in the BLPT

1 Samuel 21 in the BNT

1 Samuel 21 in the BNTABOOT

1 Samuel 21 in the BNTLV

1 Samuel 21 in the BOATCB

1 Samuel 21 in the BOBCV

1 Samuel 21 in the BOCNT

1 Samuel 21 in the BOECS

1 Samuel 21 in the BOGWICC

1 Samuel 21 in the BOHCB

1 Samuel 21 in the BOHCV

1 Samuel 21 in the BOHLNT

1 Samuel 21 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 21 in the BOICB

1 Samuel 21 in the BOILNTAP

1 Samuel 21 in the BOITCV

1 Samuel 21 in the BOKCV

1 Samuel 21 in the BOKCV2

1 Samuel 21 in the BOKHWOG

1 Samuel 21 in the BOKSSV

1 Samuel 21 in the BOLCB

1 Samuel 21 in the BOLCB2

1 Samuel 21 in the BOMCV

1 Samuel 21 in the BONAV

1 Samuel 21 in the BONCB

1 Samuel 21 in the BONLT

1 Samuel 21 in the BONUT2

1 Samuel 21 in the BOPLNT

1 Samuel 21 in the BOSCB

1 Samuel 21 in the BOSNC

1 Samuel 21 in the BOTLNT

1 Samuel 21 in the BOVCB

1 Samuel 21 in the BOYCB

1 Samuel 21 in the BPBB

1 Samuel 21 in the BPH

1 Samuel 21 in the BSB

1 Samuel 21 in the CCB

1 Samuel 21 in the CUV

1 Samuel 21 in the CUVS

1 Samuel 21 in the DBT

1 Samuel 21 in the DGDNT

1 Samuel 21 in the DHNT

1 Samuel 21 in the DNT

1 Samuel 21 in the ELBE

1 Samuel 21 in the EMTV

1 Samuel 21 in the ESV

1 Samuel 21 in the FBV

1 Samuel 21 in the FEB

1 Samuel 21 in the GGMNT

1 Samuel 21 in the GNT

1 Samuel 21 in the HARY

1 Samuel 21 in the HNT

1 Samuel 21 in the IRVA

1 Samuel 21 in the IRVB

1 Samuel 21 in the IRVG

1 Samuel 21 in the IRVH

1 Samuel 21 in the IRVK

1 Samuel 21 in the IRVM

1 Samuel 21 in the IRVM2

1 Samuel 21 in the IRVO

1 Samuel 21 in the IRVP

1 Samuel 21 in the IRVT

1 Samuel 21 in the IRVT2

1 Samuel 21 in the IRVU

1 Samuel 21 in the ISVN

1 Samuel 21 in the JSNT

1 Samuel 21 in the KAPI

1 Samuel 21 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 21 in the KBV

1 Samuel 21 in the KJV

1 Samuel 21 in the KNFD

1 Samuel 21 in the LBA

1 Samuel 21 in the LBLA

1 Samuel 21 in the LNT

1 Samuel 21 in the LSV

1 Samuel 21 in the MAAL

1 Samuel 21 in the MBV

1 Samuel 21 in the MBV2

1 Samuel 21 in the MHNT

1 Samuel 21 in the MKNFD

1 Samuel 21 in the MNG

1 Samuel 21 in the MNT

1 Samuel 21 in the MNT2

1 Samuel 21 in the MRS1T

1 Samuel 21 in the NAA

1 Samuel 21 in the NASB

1 Samuel 21 in the NBLA

1 Samuel 21 in the NBS

1 Samuel 21 in the NBVTP

1 Samuel 21 in the NET2

1 Samuel 21 in the NIV11

1 Samuel 21 in the NNT

1 Samuel 21 in the NNT2

1 Samuel 21 in the NNT3

1 Samuel 21 in the PDDPT

1 Samuel 21 in the PFNT

1 Samuel 21 in the RMNT

1 Samuel 21 in the SBIAS

1 Samuel 21 in the SBIBS

1 Samuel 21 in the SBIBS2

1 Samuel 21 in the SBICS

1 Samuel 21 in the SBIDS

1 Samuel 21 in the SBIGS

1 Samuel 21 in the SBIHS

1 Samuel 21 in the SBIIS

1 Samuel 21 in the SBIIS2

1 Samuel 21 in the SBIIS3

1 Samuel 21 in the SBIKS

1 Samuel 21 in the SBIKS2

1 Samuel 21 in the SBIMS

1 Samuel 21 in the SBIOS

1 Samuel 21 in the SBIPS

1 Samuel 21 in the SBISS

1 Samuel 21 in the SBITS

1 Samuel 21 in the SBITS2

1 Samuel 21 in the SBITS3

1 Samuel 21 in the SBITS4

1 Samuel 21 in the SBIUS

1 Samuel 21 in the SBIVS

1 Samuel 21 in the SBT

1 Samuel 21 in the SBT1E

1 Samuel 21 in the SCHL

1 Samuel 21 in the SNT

1 Samuel 21 in the SUSU

1 Samuel 21 in the SUSU2

1 Samuel 21 in the SYNO

1 Samuel 21 in the TBIAOTANT

1 Samuel 21 in the TBT1E

1 Samuel 21 in the TBT1E2

1 Samuel 21 in the TFTIP

1 Samuel 21 in the TFTU

1 Samuel 21 in the TGNTATF3T

1 Samuel 21 in the THAI

1 Samuel 21 in the TNFD

1 Samuel 21 in the TNT

1 Samuel 21 in the TNTIK

1 Samuel 21 in the TNTIL

1 Samuel 21 in the TNTIN

1 Samuel 21 in the TNTIP

1 Samuel 21 in the TNTIZ

1 Samuel 21 in the TOMA

1 Samuel 21 in the TTENT

1 Samuel 21 in the UBG

1 Samuel 21 in the UGV

1 Samuel 21 in the UGV2

1 Samuel 21 in the UGV3

1 Samuel 21 in the VBL

1 Samuel 21 in the VDCC

1 Samuel 21 in the YALU

1 Samuel 21 in the YAPE

1 Samuel 21 in the YBVTP

1 Samuel 21 in the ZBP