2 Chronicles 29 (BOATCB2)

1 Hesekia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfe aduonu anum. Na odii ade mfe aduonu akron wɔ Yerusalem. Na ne na yɛ Sakaria babea a ne din de Abia. 2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ AWURADE ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ. 3 Afe a edi kan wɔ nʼahenni mu, ɔsram a edi kan no, Hesekia buebuee AWURADE Asɔredan apon no, siesiee no. 4 Ɔfrɛfrɛɛ asɔfo no ne Lewifo no sɛ, wommehyia no wɔ Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam hɔ. 5 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Lewifo, muntie me! Munnwira mo ho, na munnwira AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn Asɔredan no nso. Munyiyi biribiara a efi aka no mfi kronkronbea hɔ. 6 Yɛn agyanom anni nokware, na wɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn anim. Wogyaw AWURADE ne nʼAsɔredan no; wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ no. 7 Afei, wɔtotoo Asɔredan no ntwironoo apon mu, dunum akanea no. Wogyaee nnuhuamhyew, gyaee ɔhyew afɔrebɔde a wɔde ba Israel Nyankopɔn, kronkronbea hɔ no. 8 Ɛno nti na AWURADE abufuw aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadan ahufo, ayamhyehyefo ne aserewde, sɛnea muhu no pefee no. 9 Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmabarima, yɛn mmabea ne yɛn yerenom sɛ nneduafo. 10 Nanso mprempren, me ne AWURADE, Israel Nyankopɔn bɛyɛ apam sɛnea nʼabufuwhyew no befi yɛn so. 11 Me mma, afei monnto mo nnwuma asaworam. AWURADE ayi mo sɛ munnyina nʼanim nsom no, na munni ɔmanfo anim nsom no na monhyew nnuhuam.” 12 Afei saa Lewifo yi hyɛɛ dwumadi no ase. Wɔn a wofi Kohat abusua mu no yɛ:Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoel.Wɔn a wofi Merari abusua mu no yɛ:Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria.Wɔn a wofi Gerson abusua mu yɛ:Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden; 13 Wɔn a wofi Elisafan abusua mu yɛ:Simri ne Yeiel.Wɔn a wofi Asaf abusua mu yɛ:Sakaria ne Matania. 14 Wɔn a wofi Heman abusua mu yɛ:Yehiel ne Simei.Wɔn a wofi Yedutun abusua mu yɛ:Semaia ne Usiel. 15 Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfo Lewifo, na wodwiraa wɔn ho. Na afei, wofii ase dwiraa AWURADE Asɔredan no sɛnea ɔhene no hyɛe no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii AWURADE ahyɛde no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadi no mu. 16 Asɔfo no kɔɔ AWURADE Asɔredan kronkronbea hɔ, kodwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wohui no fii hɔ de baa Asɔredan no adiwo. Lewifo no twee ne nyinaa fii hɔ, kɔtow guu Kidron Bon mu. 17 Wofii dwumadi no ase wɔ da bi a ɛwɔ ɔsram a edi kan no mu. Na da a ɛto so awotwe no, na wɔadu AWURADE Asɔredan no ntwironoo mu hɔ. Na wɔde nnafua awotwe bio dwiraa AWURADE Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ewiee dwumadi no nyinaa. 18 Na Lewifo no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛnea dwumadi no akosi kyerɛɛ no. Wɔkae se, “Yɛadwira AWURADE Asɔredan no, ɔhyew afɔrebɔ afɔremuka no a nneɛma ahorow ka ho ne Daa Daa Brodo pon no ne ɛho nneɛma ho. 19 Afei nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee bere a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakogye ne nyinaa. Ne nyinaa gu AWURADE afɔremuka no anim a wɔadwira ho na wobetumi de adi dwuma biara.” 20 Ade kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kurow no mpanyimfo ano ne wɔn kɔɔ AWURADE Asɔredan no mu. 21 Wɔde anantwinini ason, adwennini ason, nguantenmma ason ne mpapo ason bae sɛ, ahenni, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔde. Ɔhene no hyɛɛ asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo sɛ wɔmfa mmoa no mmɔ afɔre wɔ AWURADE afɔremuka no so. 22 Na wokunkum anantwinini no, na asɔfo no de mogya no petee afɔremuka no so. Afei, wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so. Na awiei no, wɔde nguantenmma no yɛɛ saa ara. 23 Wɔde mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no baa ɔhene no ne ɔmanfo no anim ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so. 24 Afei, asɔfo no kunkum mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔremuka no so, sɛ bɔne ho mpata maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyew ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa. 25 Afei, ɔhene Hesekia de Lewifo no gyinagyinaa AWURADE Asɔredan no mu. Ɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Odii ahyɛde a AWURADE nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhumuni ne odiyifo Natan so de maa Dawid no so. 26 Afei, Lewifo no faa Dawid nnwontode no kogyinagyina wɔn gyinabea wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfo no faa wɔn ntorobɛnto kogyinagyina wɔn afa. 27 Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyew afɔre no nsi afɔremuka no so. Bere a wɔde ɔhyew afɔre no reba no, wofii ase too ayeyi nnwom maa AWURADE, na wɔde ntorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontode no gyigyee ho. 28 Bagua no sɔree AWURADE bere a na nnwontofo no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara kosii sɛ ɔhyew afɔrebɔde no nyinaa sae. 29 Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa kotow somee. 30 Ɔhene Hesekia ne ne mpanyimfo hyɛɛ Lewifo no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhumuni Asaf de, nkamfo AWURADE. Enti, wɔde anigye kamfoo AWURADE, na wɔkotow sɔree. 31 Afei, Hesekia de too gua se, “Ɔsom no aba awiei. Momfa mo afɔrebɔde ne mo aseda mmra AWURADE Asɔredan mu.” Enti ɔmanfo no de wɔn afɔrebɔde ne wɔn aseda afɔrebɔde bae, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyew afɔrebɔde nso kaa ho. 32 Ɔmanfo no de anantwinini aduɔson, adwennini ɔha ne nguantenmma ahannu sɛ ɔhyew afɔrebɔde brɛɛ AWURADE. 33 Wɔsan de anantwinini ahansia ne nguan mpensa baa sɛ afɔrebɔde. 34 Nanso na asɔfo a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wobetumi asiesie ɔhyew afɔre no nyinaa nti, wɔn abusuafo Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ dwumadi no baa awiei. Wɔtew asɔfo no pii ho ansa na wɔreboa dwumadi no, efisɛ na Lewifo no adwene wɔ wɔn ahotew so sen asɔfo no. 35 Na ɔhyew afɔre ne daa nsa afɔre no buu so. Saa ara nso na asomdwoe afɔre srade nso yɛɛ bebree.Enti wosiesiee AWURADE Asɔredan no maa ɔsom no. 36 Na Hesekia ne ɔmanfo no nyinaa gyee wɔn ani wɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no ho, efisɛ wowiee biribiara ntɛm.

In Other Versions

2 Chronicles 29 in the ANGEFD

2 Chronicles 29 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 29 in the AS21

2 Chronicles 29 in the BAGH

2 Chronicles 29 in the BBPNG

2 Chronicles 29 in the BBT1E

2 Chronicles 29 in the BDS

2 Chronicles 29 in the BEV

2 Chronicles 29 in the BHAD

2 Chronicles 29 in the BIB

2 Chronicles 29 in the BLPT

2 Chronicles 29 in the BNT

2 Chronicles 29 in the BNTABOOT

2 Chronicles 29 in the BNTLV

2 Chronicles 29 in the BOATCB

2 Chronicles 29 in the BOBCV

2 Chronicles 29 in the BOCNT

2 Chronicles 29 in the BOECS

2 Chronicles 29 in the BOGWICC

2 Chronicles 29 in the BOHCB

2 Chronicles 29 in the BOHCV

2 Chronicles 29 in the BOHLNT

2 Chronicles 29 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 29 in the BOICB

2 Chronicles 29 in the BOILNTAP

2 Chronicles 29 in the BOITCV

2 Chronicles 29 in the BOKCV

2 Chronicles 29 in the BOKCV2

2 Chronicles 29 in the BOKHWOG

2 Chronicles 29 in the BOKSSV

2 Chronicles 29 in the BOLCB

2 Chronicles 29 in the BOLCB2

2 Chronicles 29 in the BOMCV

2 Chronicles 29 in the BONAV

2 Chronicles 29 in the BONCB

2 Chronicles 29 in the BONLT

2 Chronicles 29 in the BONUT2

2 Chronicles 29 in the BOPLNT

2 Chronicles 29 in the BOSCB

2 Chronicles 29 in the BOSNC

2 Chronicles 29 in the BOTLNT

2 Chronicles 29 in the BOVCB

2 Chronicles 29 in the BOYCB

2 Chronicles 29 in the BPBB

2 Chronicles 29 in the BPH

2 Chronicles 29 in the BSB

2 Chronicles 29 in the CCB

2 Chronicles 29 in the CUV

2 Chronicles 29 in the CUVS

2 Chronicles 29 in the DBT

2 Chronicles 29 in the DGDNT

2 Chronicles 29 in the DHNT

2 Chronicles 29 in the DNT

2 Chronicles 29 in the ELBE

2 Chronicles 29 in the EMTV

2 Chronicles 29 in the ESV

2 Chronicles 29 in the FBV

2 Chronicles 29 in the FEB

2 Chronicles 29 in the GGMNT

2 Chronicles 29 in the GNT

2 Chronicles 29 in the HARY

2 Chronicles 29 in the HNT

2 Chronicles 29 in the IRVA

2 Chronicles 29 in the IRVB

2 Chronicles 29 in the IRVG

2 Chronicles 29 in the IRVH

2 Chronicles 29 in the IRVK

2 Chronicles 29 in the IRVM

2 Chronicles 29 in the IRVM2

2 Chronicles 29 in the IRVO

2 Chronicles 29 in the IRVP

2 Chronicles 29 in the IRVT

2 Chronicles 29 in the IRVT2

2 Chronicles 29 in the IRVU

2 Chronicles 29 in the ISVN

2 Chronicles 29 in the JSNT

2 Chronicles 29 in the KAPI

2 Chronicles 29 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 29 in the KBV

2 Chronicles 29 in the KJV

2 Chronicles 29 in the KNFD

2 Chronicles 29 in the LBA

2 Chronicles 29 in the LBLA

2 Chronicles 29 in the LNT

2 Chronicles 29 in the LSV

2 Chronicles 29 in the MAAL

2 Chronicles 29 in the MBV

2 Chronicles 29 in the MBV2

2 Chronicles 29 in the MHNT

2 Chronicles 29 in the MKNFD

2 Chronicles 29 in the MNG

2 Chronicles 29 in the MNT

2 Chronicles 29 in the MNT2

2 Chronicles 29 in the MRS1T

2 Chronicles 29 in the NAA

2 Chronicles 29 in the NASB

2 Chronicles 29 in the NBLA

2 Chronicles 29 in the NBS

2 Chronicles 29 in the NBVTP

2 Chronicles 29 in the NET2

2 Chronicles 29 in the NIV11

2 Chronicles 29 in the NNT

2 Chronicles 29 in the NNT2

2 Chronicles 29 in the NNT3

2 Chronicles 29 in the PDDPT

2 Chronicles 29 in the PFNT

2 Chronicles 29 in the RMNT

2 Chronicles 29 in the SBIAS

2 Chronicles 29 in the SBIBS

2 Chronicles 29 in the SBIBS2

2 Chronicles 29 in the SBICS

2 Chronicles 29 in the SBIDS

2 Chronicles 29 in the SBIGS

2 Chronicles 29 in the SBIHS

2 Chronicles 29 in the SBIIS

2 Chronicles 29 in the SBIIS2

2 Chronicles 29 in the SBIIS3

2 Chronicles 29 in the SBIKS

2 Chronicles 29 in the SBIKS2

2 Chronicles 29 in the SBIMS

2 Chronicles 29 in the SBIOS

2 Chronicles 29 in the SBIPS

2 Chronicles 29 in the SBISS

2 Chronicles 29 in the SBITS

2 Chronicles 29 in the SBITS2

2 Chronicles 29 in the SBITS3

2 Chronicles 29 in the SBITS4

2 Chronicles 29 in the SBIUS

2 Chronicles 29 in the SBIVS

2 Chronicles 29 in the SBT

2 Chronicles 29 in the SBT1E

2 Chronicles 29 in the SCHL

2 Chronicles 29 in the SNT

2 Chronicles 29 in the SUSU

2 Chronicles 29 in the SUSU2

2 Chronicles 29 in the SYNO

2 Chronicles 29 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 29 in the TBT1E

2 Chronicles 29 in the TBT1E2

2 Chronicles 29 in the TFTIP

2 Chronicles 29 in the TFTU

2 Chronicles 29 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 29 in the THAI

2 Chronicles 29 in the TNFD

2 Chronicles 29 in the TNT

2 Chronicles 29 in the TNTIK

2 Chronicles 29 in the TNTIL

2 Chronicles 29 in the TNTIN

2 Chronicles 29 in the TNTIP

2 Chronicles 29 in the TNTIZ

2 Chronicles 29 in the TOMA

2 Chronicles 29 in the TTENT

2 Chronicles 29 in the UBG

2 Chronicles 29 in the UGV

2 Chronicles 29 in the UGV2

2 Chronicles 29 in the UGV3

2 Chronicles 29 in the VBL

2 Chronicles 29 in the VDCC

2 Chronicles 29 in the YALU

2 Chronicles 29 in the YAPE

2 Chronicles 29 in the YBVTP

2 Chronicles 29 in the ZBP