2 Peter 2 (BOATCB2)
1 Atoro adiyifo kɔɔ tetefo no mu, na saa ara nso na atoro adiyifo bɛba mo mu ara ne no. Wɔbɛma nkyerɛkyerɛ bɔne a nokware nni mu na wɔapa Owura a ogyee wɔn no, na ɛnam so ama ɔsɛe aba wɔn so prɛko pɛ. 2 Nnipa bebree bɛfa akwammɔne so na esiane nea wɔyɛ no nti, nnipa bɛkasa atia nokware kwan no. 3 Saa atoro adiyifo yi nam wɔn sikanibere so bɛto anansesɛm akyerɛ mo de apɛ mo so mfaso. Wɔn temmufo siesiee ne ho akyɛ, na saa ara nso na wɔn sɛefo no nso asɔre agyina. 4 Onyankopɔn amfa abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛ wɔn. Ɔtow wɔn guu asaman sum mu baabi, guu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn atemmu no. 5 Onyankopɔn amma tete wiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyiri baa wɔn a na wonsuro Onyankopɔn no so. Wɔn a ogyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa trenee ho asɛm no ne nnipa baason bi. 6 Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora fɔ de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wonsuro Onyankopɔn no kɔkɔ. 7 Ogyee Lot a ɔyɛ ɔtreneeni no fii nnipa nnebɔneyɛfo nsam. 8 Na saa ɔtreneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfo no mu; na afide a na saa nnipa no yɛ no adekyee ne adesae no haw no yiye. 9 Sɛ ɛte saa de a, na ɛkyerɛ sɛ Awurade nim ɔkwan a ɔfa so gye nʼakyidifo fi ɔhaw mu, na onim ɔkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfo, twe wɔn aso de twɛn atemmuda no. 10 Ne titiriw no, eyi fa wɔn a wodi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no ho.Saa atoro akyerɛkyerɛfo yi wɔ akokoduru na wommu anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no, efisɛ wonsuro sɛ wɔyaw wɔn. 11 Na abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sen saa atoro akyerɛkyerɛfo yi mpo nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn wɔ Awurade anim. 12 Nanso saa nnipa yi yɛ wɔn nneɛma te sɛ mmoa a wunni adwene, wɔwo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nkum wɔn. Wogu nneɛma biara a wɔnte ase no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn sɛ mmoa. 13 Wobetua wɔn ɔhaw a wɔma ɛbaa no so ka. Nea wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara a eye ma wɔn honam akɔnnɔ no awia ketee. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, egu wɔn anim ase. Efisɛ saa bere no na wɔka nnaadaasɛm. 14 Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmea nguamanfo efisɛ wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛw kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn koma ama anibere. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase. 15 Wɔaman afi ɔkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɔkwan a Beor ba Bileam a ɔde ne sika a onya no yɛ bɔne no kɔfaa so no so. 16 Eyi ma wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafurum de onipa nne kasa de siw odiyifo no adammɔsɛm no ho kwan. 17 Saa nnipa yi te sɛ asuti a ayow anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie sum kabii mu wɔ baabi. 18 Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afi nnebɔneyɛfo ho no. 19 Wɔhyɛ wɔn ahofadi ho bɔ wɔ bere a wɔn ankasa yɛ bɔne nkoa efisɛ onipa yɛ biribiara a edi no so no akoa. 20 Na sɛ onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm, na ɔnam so guan fi wiase yi mu akwammɔne so, na akyiri no ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdan bɔne akoa a, ɛno de ɛyɛ hu sen ne kan no. 21 Sɛ anka wonnim Kristo koraa a, anka eye ma wɔn sen sɛ wobesua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no. 22 Nea ɛbaa wɔn so no kyerɛ sɛ, saa bɛ yi yɛ nokware. “Ɔkraman san kɔtaforo ne fe na prako a wɔaguare no no nso koguare wɔ dontori mu.”
In Other Versions
2 Peter 2 in the ANGEFD
2 Peter 2 in the ANTPNG2D
2 Peter 2 in the AS21
2 Peter 2 in the BAGH
2 Peter 2 in the BBPNG
2 Peter 2 in the BBT1E
2 Peter 2 in the BDS
2 Peter 2 in the BEV
2 Peter 2 in the BHAD
2 Peter 2 in the BIB
2 Peter 2 in the BLPT
2 Peter 2 in the BNT
2 Peter 2 in the BNTABOOT
2 Peter 2 in the BNTLV
2 Peter 2 in the BOATCB
2 Peter 2 in the BOBCV
2 Peter 2 in the BOCNT
2 Peter 2 in the BOECS
2 Peter 2 in the BOGWICC
2 Peter 2 in the BOHCB
2 Peter 2 in the BOHCV
2 Peter 2 in the BOHLNT
2 Peter 2 in the BOHNTLTAL
2 Peter 2 in the BOICB
2 Peter 2 in the BOILNTAP
2 Peter 2 in the BOITCV
2 Peter 2 in the BOKCV
2 Peter 2 in the BOKCV2
2 Peter 2 in the BOKHWOG
2 Peter 2 in the BOKSSV
2 Peter 2 in the BOLCB
2 Peter 2 in the BOLCB2
2 Peter 2 in the BOMCV
2 Peter 2 in the BONAV
2 Peter 2 in the BONCB
2 Peter 2 in the BONLT
2 Peter 2 in the BONUT2
2 Peter 2 in the BOPLNT
2 Peter 2 in the BOSCB
2 Peter 2 in the BOSNC
2 Peter 2 in the BOTLNT
2 Peter 2 in the BOVCB
2 Peter 2 in the BOYCB
2 Peter 2 in the BPBB
2 Peter 2 in the BPH
2 Peter 2 in the BSB
2 Peter 2 in the CCB
2 Peter 2 in the CUV
2 Peter 2 in the CUVS
2 Peter 2 in the DBT
2 Peter 2 in the DGDNT
2 Peter 2 in the DHNT
2 Peter 2 in the DNT
2 Peter 2 in the ELBE
2 Peter 2 in the EMTV
2 Peter 2 in the ESV
2 Peter 2 in the FBV
2 Peter 2 in the FEB
2 Peter 2 in the GGMNT
2 Peter 2 in the GNT
2 Peter 2 in the HARY
2 Peter 2 in the HNT
2 Peter 2 in the IRVA
2 Peter 2 in the IRVB
2 Peter 2 in the IRVG
2 Peter 2 in the IRVH
2 Peter 2 in the IRVK
2 Peter 2 in the IRVM
2 Peter 2 in the IRVM2
2 Peter 2 in the IRVO
2 Peter 2 in the IRVP
2 Peter 2 in the IRVT
2 Peter 2 in the IRVT2
2 Peter 2 in the IRVU
2 Peter 2 in the ISVN
2 Peter 2 in the JSNT
2 Peter 2 in the KAPI
2 Peter 2 in the KBT1ETNIK
2 Peter 2 in the KBV
2 Peter 2 in the KJV
2 Peter 2 in the KNFD
2 Peter 2 in the LBA
2 Peter 2 in the LBLA
2 Peter 2 in the LNT
2 Peter 2 in the LSV
2 Peter 2 in the MAAL
2 Peter 2 in the MBV
2 Peter 2 in the MBV2
2 Peter 2 in the MHNT
2 Peter 2 in the MKNFD
2 Peter 2 in the MNG
2 Peter 2 in the MNT
2 Peter 2 in the MNT2
2 Peter 2 in the MRS1T
2 Peter 2 in the NAA
2 Peter 2 in the NASB
2 Peter 2 in the NBLA
2 Peter 2 in the NBS
2 Peter 2 in the NBVTP
2 Peter 2 in the NET2
2 Peter 2 in the NIV11
2 Peter 2 in the NNT
2 Peter 2 in the NNT2
2 Peter 2 in the NNT3
2 Peter 2 in the PDDPT
2 Peter 2 in the PFNT
2 Peter 2 in the RMNT
2 Peter 2 in the SBIAS
2 Peter 2 in the SBIBS
2 Peter 2 in the SBIBS2
2 Peter 2 in the SBICS
2 Peter 2 in the SBIDS
2 Peter 2 in the SBIGS
2 Peter 2 in the SBIHS
2 Peter 2 in the SBIIS
2 Peter 2 in the SBIIS2
2 Peter 2 in the SBIIS3
2 Peter 2 in the SBIKS
2 Peter 2 in the SBIKS2
2 Peter 2 in the SBIMS
2 Peter 2 in the SBIOS
2 Peter 2 in the SBIPS
2 Peter 2 in the SBISS
2 Peter 2 in the SBITS
2 Peter 2 in the SBITS2
2 Peter 2 in the SBITS3
2 Peter 2 in the SBITS4
2 Peter 2 in the SBIUS
2 Peter 2 in the SBIVS
2 Peter 2 in the SBT
2 Peter 2 in the SBT1E
2 Peter 2 in the SCHL
2 Peter 2 in the SNT
2 Peter 2 in the SUSU
2 Peter 2 in the SUSU2
2 Peter 2 in the SYNO
2 Peter 2 in the TBIAOTANT
2 Peter 2 in the TBT1E
2 Peter 2 in the TBT1E2
2 Peter 2 in the TFTIP
2 Peter 2 in the TFTU
2 Peter 2 in the TGNTATF3T
2 Peter 2 in the THAI
2 Peter 2 in the TNFD
2 Peter 2 in the TNT
2 Peter 2 in the TNTIK
2 Peter 2 in the TNTIL
2 Peter 2 in the TNTIN
2 Peter 2 in the TNTIP
2 Peter 2 in the TNTIZ
2 Peter 2 in the TOMA
2 Peter 2 in the TTENT
2 Peter 2 in the UBG
2 Peter 2 in the UGV
2 Peter 2 in the UGV2
2 Peter 2 in the UGV3
2 Peter 2 in the VBL
2 Peter 2 in the VDCC
2 Peter 2 in the YALU
2 Peter 2 in the YAPE
2 Peter 2 in the YBVTP
2 Peter 2 in the ZBP