Daniel 9 (BOATCB2)

1 Ahasweros babarima Dario (a nʼase fi Media) a wɔyɛɛ no ɔhene wɔ Babilonia ahenni so no, 2 afe a edi kan no, me, Daniel, metee ase fii kyerɛwsɛm mu sɛnea AWURADE de maa Odiyifo Yeremia se, Yerusalem bɛda mpan mfirihyia aduɔson. 3 Ɛno nti, mifuraa atweaatam de nsõ yɛɛ me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ AWURADE Nyankopɔn anim kɔbɔɔ mpae srɛe. 4 Mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpae, na mepaee mu kae se:“AWURADE, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwonwani! Wo a wudi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara so. 5 Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomso. Yɛabɔ atirimɔden na yɛatew atua; yɛakwati wo mmara ne wʼahyɛde. 6 Yɛantie wʼasomfo adiyifo a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa. 7 “AWURADE, woyɛ ɔtreneeni, nanso nnɛ de, yɛn anim agu ase, Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumɔyɛ nti, yɛn anim agu ase. 8 AWURADE, aniwu aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, efisɛ yɛayɛ bɔne atia wo. 9 Ɛwɔ mu sɛ, yɛatew AWURADE yɛn Nyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔbɔ na ɔde bɔne kyɛ. 10 Yɛanyɛ osetie amma AWURADE yɛn Nyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfo adiyifo so de maa yɛn no so. 11 Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafi ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ osetie ma wo.“Enti nnome ne atemmu a wɔaka ntam akyerɛw wɔ Onyankopɔn somfo Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo nti. 12 Ɔhaw kɛse a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛnea asi wɔ Yerusalem no bi da. 13 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yebefi yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokware akyi kwan. 14 AWURADE antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, efisɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ pɛ wɔ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ osetie amma no. 15 “AWURADE yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfo fii Misraim, de gyee din a atena hɔ abesi nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomso. 16 AWURADE, sɛnea wo trenee nneyɛe nyinaa te no nti, yi wʼabufuw ne wʼanibere fi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔw kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti, nnipa a wɔatwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfo ho fɛw. 17 “Na afei yɛn Nyankopɔn, tie wʼakoa mpaebɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo nti, AWURADE, tew wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no. 18 Yɛ aso, me Nyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da so a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn trenee nti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no nti. 19 AWURADE, tie! AWURADE, fa kyɛ! AWURADE, tie na yɛ! Wo nti, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wʼanan ase, efisɛ wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfo so.” 20 Bere a merekasa na merebɔ mpae, na mereka me ne me nkurɔfo Israelfo bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto AWURADE me Nyankopɔn anim ama ne bepɔw kronkron no, 21 na migu so rebɔ mpae no, Gabriel a mihuu no kan anisoadehu mu no de ahoɔhare baa me nkyɛn bɛyɛ anwummere afɔrebɔ bere mu. 22 Ɔkyerɛkyerɛɛ me se, “Daniel, maba ha sɛ merebrɛ wo nhumu ne ntease. 23 Wufii ase sɛ worebɔ mpae pɛ no, mmuae bae, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, efisɛ, wobu wo yiye. Enti dwene asɛm no ho na te anisoadehu no ase. 24 “ ‘Mmere aduɔson ahorow ason’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfo ne wo kuropɔn kronkron no sɛ wɔmfa nnyae mmarato, na wontwa bɔneyɛ so, na wɔmpata atirimɔden, na trenee a to ntwa da mmra, na wɔnsɔw anisoadehu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo. 25 “Tie na te eyi ase: Efi bere a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforo, kosi sɛ Nea Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmere ason ahorow ‘ason’, ne aduosia abien ahorow ‘ason.’ Wobeyiyi mmorɔn ne akwan na wɔayɛ bammɔ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia bere mu. 26 Mmere aduosia abien ahorow ason akyi no, wobekum Nea Wɔasra no ngo no a wɔrennya ne ho asɛm biara. Ɔhene a ɔbɛba no nkurɔfo bɛba abɛsɛe kuropɔn ne kronkronbea no. Awiei no bɛba sɛ nsuyiri, na ɔko ne mu ahoyeraw bɛba akosi awiei sɛnea wɔahyɛ no. 27 Ɔbɛhoro ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua wɔ mmere ‘ason’ baako mu. Na mmere ‘ason’ no mfimfini no, obegyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdema. Obedua abusude a ɛde ɔsɛe bɛba wɔ asɔredan no mu, kosi sɛ awiei a wɔahyɛ no behwie agu ne so.”

In Other Versions

Daniel 9 in the ANGEFD

Daniel 9 in the ANTPNG2D

Daniel 9 in the AS21

Daniel 9 in the BAGH

Daniel 9 in the BBPNG

Daniel 9 in the BBT1E

Daniel 9 in the BDS

Daniel 9 in the BEV

Daniel 9 in the BHAD

Daniel 9 in the BIB

Daniel 9 in the BLPT

Daniel 9 in the BNT

Daniel 9 in the BNTABOOT

Daniel 9 in the BNTLV

Daniel 9 in the BOATCB

Daniel 9 in the BOBCV

Daniel 9 in the BOCNT

Daniel 9 in the BOECS

Daniel 9 in the BOGWICC

Daniel 9 in the BOHCB

Daniel 9 in the BOHCV

Daniel 9 in the BOHLNT

Daniel 9 in the BOHNTLTAL

Daniel 9 in the BOICB

Daniel 9 in the BOILNTAP

Daniel 9 in the BOITCV

Daniel 9 in the BOKCV

Daniel 9 in the BOKCV2

Daniel 9 in the BOKHWOG

Daniel 9 in the BOKSSV

Daniel 9 in the BOLCB

Daniel 9 in the BOLCB2

Daniel 9 in the BOMCV

Daniel 9 in the BONAV

Daniel 9 in the BONCB

Daniel 9 in the BONLT

Daniel 9 in the BONUT2

Daniel 9 in the BOPLNT

Daniel 9 in the BOSCB

Daniel 9 in the BOSNC

Daniel 9 in the BOTLNT

Daniel 9 in the BOVCB

Daniel 9 in the BOYCB

Daniel 9 in the BPBB

Daniel 9 in the BPH

Daniel 9 in the BSB

Daniel 9 in the CCB

Daniel 9 in the CUV

Daniel 9 in the CUVS

Daniel 9 in the DBT

Daniel 9 in the DGDNT

Daniel 9 in the DHNT

Daniel 9 in the DNT

Daniel 9 in the ELBE

Daniel 9 in the EMTV

Daniel 9 in the ESV

Daniel 9 in the FBV

Daniel 9 in the FEB

Daniel 9 in the GGMNT

Daniel 9 in the GNT

Daniel 9 in the HARY

Daniel 9 in the HNT

Daniel 9 in the IRVA

Daniel 9 in the IRVB

Daniel 9 in the IRVG

Daniel 9 in the IRVH

Daniel 9 in the IRVK

Daniel 9 in the IRVM

Daniel 9 in the IRVM2

Daniel 9 in the IRVO

Daniel 9 in the IRVP

Daniel 9 in the IRVT

Daniel 9 in the IRVT2

Daniel 9 in the IRVU

Daniel 9 in the ISVN

Daniel 9 in the JSNT

Daniel 9 in the KAPI

Daniel 9 in the KBT1ETNIK

Daniel 9 in the KBV

Daniel 9 in the KJV

Daniel 9 in the KNFD

Daniel 9 in the LBA

Daniel 9 in the LBLA

Daniel 9 in the LNT

Daniel 9 in the LSV

Daniel 9 in the MAAL

Daniel 9 in the MBV

Daniel 9 in the MBV2

Daniel 9 in the MHNT

Daniel 9 in the MKNFD

Daniel 9 in the MNG

Daniel 9 in the MNT

Daniel 9 in the MNT2

Daniel 9 in the MRS1T

Daniel 9 in the NAA

Daniel 9 in the NASB

Daniel 9 in the NBLA

Daniel 9 in the NBS

Daniel 9 in the NBVTP

Daniel 9 in the NET2

Daniel 9 in the NIV11

Daniel 9 in the NNT

Daniel 9 in the NNT2

Daniel 9 in the NNT3

Daniel 9 in the PDDPT

Daniel 9 in the PFNT

Daniel 9 in the RMNT

Daniel 9 in the SBIAS

Daniel 9 in the SBIBS

Daniel 9 in the SBIBS2

Daniel 9 in the SBICS

Daniel 9 in the SBIDS

Daniel 9 in the SBIGS

Daniel 9 in the SBIHS

Daniel 9 in the SBIIS

Daniel 9 in the SBIIS2

Daniel 9 in the SBIIS3

Daniel 9 in the SBIKS

Daniel 9 in the SBIKS2

Daniel 9 in the SBIMS

Daniel 9 in the SBIOS

Daniel 9 in the SBIPS

Daniel 9 in the SBISS

Daniel 9 in the SBITS

Daniel 9 in the SBITS2

Daniel 9 in the SBITS3

Daniel 9 in the SBITS4

Daniel 9 in the SBIUS

Daniel 9 in the SBIVS

Daniel 9 in the SBT

Daniel 9 in the SBT1E

Daniel 9 in the SCHL

Daniel 9 in the SNT

Daniel 9 in the SUSU

Daniel 9 in the SUSU2

Daniel 9 in the SYNO

Daniel 9 in the TBIAOTANT

Daniel 9 in the TBT1E

Daniel 9 in the TBT1E2

Daniel 9 in the TFTIP

Daniel 9 in the TFTU

Daniel 9 in the TGNTATF3T

Daniel 9 in the THAI

Daniel 9 in the TNFD

Daniel 9 in the TNT

Daniel 9 in the TNTIK

Daniel 9 in the TNTIL

Daniel 9 in the TNTIN

Daniel 9 in the TNTIP

Daniel 9 in the TNTIZ

Daniel 9 in the TOMA

Daniel 9 in the TTENT

Daniel 9 in the UBG

Daniel 9 in the UGV

Daniel 9 in the UGV2

Daniel 9 in the UGV3

Daniel 9 in the VBL

Daniel 9 in the VDCC

Daniel 9 in the YALU

Daniel 9 in the YAPE

Daniel 9 in the YBVTP

Daniel 9 in the ZBP