Deuteronomy 10 (BOATCB2)
1 Saa bere no, AWURADE ka kyerɛɛ me se, “Twa abo apon no abien te sɛ kan de no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu. 2 Mɛkyerɛw nsɛm a mekyerɛw guu abo apon abien a edi kan a wububuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na fa hyɛ adaka no mu.” 3 Na mede dua ɔkanto yɛɛ adaka, sen abo apon abien sɛ kan de no, na meforoo bepɔw no a na mikura apon abien no. 4 AWURADE kyerɛw nsɛm a wakyerɛw bi dedaw, Mmaransɛm Du, a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ mo fi ogya mu wɔ bepɔw no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apon no so. Na AWURADE de maa me. 5 Na misan fii bepɔw no so na mede abo apon no bɛhyɛɛ adaka a mayɛ no mu sɛnea AWURADE hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ besi nnɛ. 6 Na Israelfo tu fii Beerot-Bene-Yaakan mmura ho kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wu ma wosiee no. Aaron babarima Eleasar sii nʼanan mu dii sɔfo. 7 Wofi hɔ tu kɔɔ Gudgod. Wofi Gudgod no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuten pii wɔ so. 8 Ɛhɔ na AWURADE yii Lewifo abusuakuw sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no na wonnyina AWURADE anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira, sɛnea wɔyɛ no nnɛ yi. 9 Ɛno nti na Lewifo no nni agyapade wɔ wɔn mfɛfo Israelfo no mu no. AWURADE no ankasa ne wɔn agyapade sɛnea AWURADE, mo Nyankopɔn, ka kyerɛɛ wɔn no. 10 Na metenaa bepɔw no so wɔ AWURADE anim adaduanan, awia ne anadwo sɛnea meyɛɛ kan no. Na AWURADE tiee me bio. Na ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛsɛe mo. 11 AWURADE ka kyerɛɛ me se, “Sɔre na di nnipa no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapade.” 12 Na afei, Israel, dɛn na AWURADE, mo Nyankopɔn, hwehwɛ afi mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ musuro no na moyɛ nʼapɛde, na mode mo koma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no, 13 na mudi AWURADE ahyɛde ne ne mmara a mede rema mo nnɛ yi so, na asi mo yiye. 14 Ɔsorosoro mu soro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ AWURADE, mo Nyankopɔn no, de. 15 Nanso AWURADE nyaa abadae maa mo agyanom na ɔdɔ wɔn, na ɔpaw mo a moyɛ wɔn asefo gyaa aman nyinaa sɛnea ɛte nnɛ yi. 16 Ɛno nti, monhohoro mo koma mu bɔne na munnyae asoɔden no. 17 Na AWURADE, mo Nyankopɔn, yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kɛse, otumfo ne ɔnwonwani a ɔnkyea nʼaso na onnye adanmude nso. 18 Ɔko ma nyisaa ne akunafo, na ɔdɔ ahɔho a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduan ne ntama. 19 Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔho, efisɛ bere bi na mo ankasa nso yɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. 20 Munsuro AWURADE, mo Nyankopɔn, na mosom no. Moka mo ho mmata ne ho, na mo ntam a moka nyɛ ne din nko ara. 21 Ɔyɛ mo Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwonwade akɛse a mo nyinaa ahu bi. 22 Na mo agyanom a wɔkɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ aduɔson. Nanso afei, AWURADE, mo Nyankopɔn no ama mo ase adɔ te sɛ soro nsoromma.
In Other Versions
Deuteronomy 10 in the ANGEFD
Deuteronomy 10 in the ANTPNG2D
Deuteronomy 10 in the AS21
Deuteronomy 10 in the BAGH
Deuteronomy 10 in the BBPNG
Deuteronomy 10 in the BBT1E
Deuteronomy 10 in the BDS
Deuteronomy 10 in the BEV
Deuteronomy 10 in the BHAD
Deuteronomy 10 in the BIB
Deuteronomy 10 in the BLPT
Deuteronomy 10 in the BNT
Deuteronomy 10 in the BNTABOOT
Deuteronomy 10 in the BNTLV
Deuteronomy 10 in the BOATCB
Deuteronomy 10 in the BOBCV
Deuteronomy 10 in the BOCNT
Deuteronomy 10 in the BOECS
Deuteronomy 10 in the BOGWICC
Deuteronomy 10 in the BOHCB
Deuteronomy 10 in the BOHCV
Deuteronomy 10 in the BOHLNT
Deuteronomy 10 in the BOHNTLTAL
Deuteronomy 10 in the BOICB
Deuteronomy 10 in the BOILNTAP
Deuteronomy 10 in the BOITCV
Deuteronomy 10 in the BOKCV
Deuteronomy 10 in the BOKCV2
Deuteronomy 10 in the BOKHWOG
Deuteronomy 10 in the BOKSSV
Deuteronomy 10 in the BOLCB
Deuteronomy 10 in the BOLCB2
Deuteronomy 10 in the BOMCV
Deuteronomy 10 in the BONAV
Deuteronomy 10 in the BONCB
Deuteronomy 10 in the BONLT
Deuteronomy 10 in the BONUT2
Deuteronomy 10 in the BOPLNT
Deuteronomy 10 in the BOSCB
Deuteronomy 10 in the BOSNC
Deuteronomy 10 in the BOTLNT
Deuteronomy 10 in the BOVCB
Deuteronomy 10 in the BOYCB
Deuteronomy 10 in the BPBB
Deuteronomy 10 in the BPH
Deuteronomy 10 in the BSB
Deuteronomy 10 in the CCB
Deuteronomy 10 in the CUV
Deuteronomy 10 in the CUVS
Deuteronomy 10 in the DBT
Deuteronomy 10 in the DGDNT
Deuteronomy 10 in the DHNT
Deuteronomy 10 in the DNT
Deuteronomy 10 in the ELBE
Deuteronomy 10 in the EMTV
Deuteronomy 10 in the ESV
Deuteronomy 10 in the FBV
Deuteronomy 10 in the FEB
Deuteronomy 10 in the GGMNT
Deuteronomy 10 in the GNT
Deuteronomy 10 in the HARY
Deuteronomy 10 in the HNT
Deuteronomy 10 in the IRVA
Deuteronomy 10 in the IRVB
Deuteronomy 10 in the IRVG
Deuteronomy 10 in the IRVH
Deuteronomy 10 in the IRVK
Deuteronomy 10 in the IRVM
Deuteronomy 10 in the IRVM2
Deuteronomy 10 in the IRVO
Deuteronomy 10 in the IRVP
Deuteronomy 10 in the IRVT
Deuteronomy 10 in the IRVT2
Deuteronomy 10 in the IRVU
Deuteronomy 10 in the ISVN
Deuteronomy 10 in the JSNT
Deuteronomy 10 in the KAPI
Deuteronomy 10 in the KBT1ETNIK
Deuteronomy 10 in the KBV
Deuteronomy 10 in the KJV
Deuteronomy 10 in the KNFD
Deuteronomy 10 in the LBA
Deuteronomy 10 in the LBLA
Deuteronomy 10 in the LNT
Deuteronomy 10 in the LSV
Deuteronomy 10 in the MAAL
Deuteronomy 10 in the MBV
Deuteronomy 10 in the MBV2
Deuteronomy 10 in the MHNT
Deuteronomy 10 in the MKNFD
Deuteronomy 10 in the MNG
Deuteronomy 10 in the MNT
Deuteronomy 10 in the MNT2
Deuteronomy 10 in the MRS1T
Deuteronomy 10 in the NAA
Deuteronomy 10 in the NASB
Deuteronomy 10 in the NBLA
Deuteronomy 10 in the NBS
Deuteronomy 10 in the NBVTP
Deuteronomy 10 in the NET2
Deuteronomy 10 in the NIV11
Deuteronomy 10 in the NNT
Deuteronomy 10 in the NNT2
Deuteronomy 10 in the NNT3
Deuteronomy 10 in the PDDPT
Deuteronomy 10 in the PFNT
Deuteronomy 10 in the RMNT
Deuteronomy 10 in the SBIAS
Deuteronomy 10 in the SBIBS
Deuteronomy 10 in the SBIBS2
Deuteronomy 10 in the SBICS
Deuteronomy 10 in the SBIDS
Deuteronomy 10 in the SBIGS
Deuteronomy 10 in the SBIHS
Deuteronomy 10 in the SBIIS
Deuteronomy 10 in the SBIIS2
Deuteronomy 10 in the SBIIS3
Deuteronomy 10 in the SBIKS
Deuteronomy 10 in the SBIKS2
Deuteronomy 10 in the SBIMS
Deuteronomy 10 in the SBIOS
Deuteronomy 10 in the SBIPS
Deuteronomy 10 in the SBISS
Deuteronomy 10 in the SBITS
Deuteronomy 10 in the SBITS2
Deuteronomy 10 in the SBITS3
Deuteronomy 10 in the SBITS4
Deuteronomy 10 in the SBIUS
Deuteronomy 10 in the SBIVS
Deuteronomy 10 in the SBT
Deuteronomy 10 in the SBT1E
Deuteronomy 10 in the SCHL
Deuteronomy 10 in the SNT
Deuteronomy 10 in the SUSU
Deuteronomy 10 in the SUSU2
Deuteronomy 10 in the SYNO
Deuteronomy 10 in the TBIAOTANT
Deuteronomy 10 in the TBT1E
Deuteronomy 10 in the TBT1E2
Deuteronomy 10 in the TFTIP
Deuteronomy 10 in the TFTU
Deuteronomy 10 in the TGNTATF3T
Deuteronomy 10 in the THAI
Deuteronomy 10 in the TNFD
Deuteronomy 10 in the TNT
Deuteronomy 10 in the TNTIK
Deuteronomy 10 in the TNTIL
Deuteronomy 10 in the TNTIN
Deuteronomy 10 in the TNTIP
Deuteronomy 10 in the TNTIZ
Deuteronomy 10 in the TOMA
Deuteronomy 10 in the TTENT
Deuteronomy 10 in the UBG
Deuteronomy 10 in the UGV
Deuteronomy 10 in the UGV2
Deuteronomy 10 in the UGV3
Deuteronomy 10 in the VBL
Deuteronomy 10 in the VDCC
Deuteronomy 10 in the YALU
Deuteronomy 10 in the YAPE
Deuteronomy 10 in the YBVTP
Deuteronomy 10 in the ZBP