Esther 6 (BOATCB2)

1 Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, nti ɔmaa ɔsomfo bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa bae sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no. 2 Ohuu sɛnea Mordekai kɔdaa pɔwbɔ bi adi, nea Bigtana ne Teres a na wɔyɛ piamfo baanu a na wɔwɛn ɔhene no apon ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpam ɔhene no ti so sɛ wobekum no. 3 Ɔhene no bisae se, “Dɛn akatua anaa nkae ade bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ eyi ho?” Asomfo no buae se, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ.” 4 Ɔhene no bisae se, “Hena na ɔhyɛ akyi hɔ adiwo hɔ no?” Ɛbae sɛ, na afei na Haman abedu ahemfi adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so. 5 Nʼasomfo no buaa ɔhene no se, “Haman na ɔhyɛ hɔ.”Ɔhene no kae se, “Momfa no mmra mu.” 6 Enti Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokware, ɔsɔ mʼani no anuonyam?”Haman bisaa ne ho se, “Hena na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no anuonyam sen me?” 7 Enti obuae se, “Sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ obi anuonyam a, 8 ɛsɛ sɛ ɔde nʼankasa ahentade mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehye nsɛnkyerɛnne bɔ ne moma so no ba. 9 Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a odi mu yiye, na ɔmfa ahentade nhyɛ no, na onni nʼanim mfa no mmra aguabɔbea hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum se, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no!’ ” 10 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Eye koraa! Ka wo ho kɔfa ahentade no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛnea wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfi pon ano no. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.” 11 Enti Haman faa ahentade no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kurow no aguabɔbea hɔ a na ɔpae di nʼanim se, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no.” 12 Akyiri no, Mordekai san kɔɔ ahemfi hɔ pon no ano, na Haman de ɔyaw a ano yɛ den ne aniwu yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. 13 Bere a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amanneɛ no, wɔkae se, “Esiane sɛ Mordekai a oguu wʼanim ase yi yɛ Yudani nti, nhyehyɛe biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yiye. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.” 14 Bere a wogu so rekasa no, ɔhene piamfo no bae sɛ wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster aponto a wasiesie no ase.

In Other Versions

Esther 6 in the ANGEFD

Esther 6 in the ANTPNG2D

Esther 6 in the AS21

Esther 6 in the BAGH

Esther 6 in the BBPNG

Esther 6 in the BBT1E

Esther 6 in the BDS

Esther 6 in the BEV

Esther 6 in the BHAD

Esther 6 in the BIB

Esther 6 in the BLPT

Esther 6 in the BNT

Esther 6 in the BNTABOOT

Esther 6 in the BNTLV

Esther 6 in the BOATCB

Esther 6 in the BOBCV

Esther 6 in the BOCNT

Esther 6 in the BOECS

Esther 6 in the BOGWICC

Esther 6 in the BOHCB

Esther 6 in the BOHCV

Esther 6 in the BOHLNT

Esther 6 in the BOHNTLTAL

Esther 6 in the BOICB

Esther 6 in the BOILNTAP

Esther 6 in the BOITCV

Esther 6 in the BOKCV

Esther 6 in the BOKCV2

Esther 6 in the BOKHWOG

Esther 6 in the BOKSSV

Esther 6 in the BOLCB

Esther 6 in the BOLCB2

Esther 6 in the BOMCV

Esther 6 in the BONAV

Esther 6 in the BONCB

Esther 6 in the BONLT

Esther 6 in the BONUT2

Esther 6 in the BOPLNT

Esther 6 in the BOSCB

Esther 6 in the BOSNC

Esther 6 in the BOTLNT

Esther 6 in the BOVCB

Esther 6 in the BOYCB

Esther 6 in the BPBB

Esther 6 in the BPH

Esther 6 in the BSB

Esther 6 in the CCB

Esther 6 in the CUV

Esther 6 in the CUVS

Esther 6 in the DBT

Esther 6 in the DGDNT

Esther 6 in the DHNT

Esther 6 in the DNT

Esther 6 in the ELBE

Esther 6 in the EMTV

Esther 6 in the ESV

Esther 6 in the FBV

Esther 6 in the FEB

Esther 6 in the GGMNT

Esther 6 in the GNT

Esther 6 in the HARY

Esther 6 in the HNT

Esther 6 in the IRVA

Esther 6 in the IRVB

Esther 6 in the IRVG

Esther 6 in the IRVH

Esther 6 in the IRVK

Esther 6 in the IRVM

Esther 6 in the IRVM2

Esther 6 in the IRVO

Esther 6 in the IRVP

Esther 6 in the IRVT

Esther 6 in the IRVT2

Esther 6 in the IRVU

Esther 6 in the ISVN

Esther 6 in the JSNT

Esther 6 in the KAPI

Esther 6 in the KBT1ETNIK

Esther 6 in the KBV

Esther 6 in the KJV

Esther 6 in the KNFD

Esther 6 in the LBA

Esther 6 in the LBLA

Esther 6 in the LNT

Esther 6 in the LSV

Esther 6 in the MAAL

Esther 6 in the MBV

Esther 6 in the MBV2

Esther 6 in the MHNT

Esther 6 in the MKNFD

Esther 6 in the MNG

Esther 6 in the MNT

Esther 6 in the MNT2

Esther 6 in the MRS1T

Esther 6 in the NAA

Esther 6 in the NASB

Esther 6 in the NBLA

Esther 6 in the NBS

Esther 6 in the NBVTP

Esther 6 in the NET2

Esther 6 in the NIV11

Esther 6 in the NNT

Esther 6 in the NNT2

Esther 6 in the NNT3

Esther 6 in the PDDPT

Esther 6 in the PFNT

Esther 6 in the RMNT

Esther 6 in the SBIAS

Esther 6 in the SBIBS

Esther 6 in the SBIBS2

Esther 6 in the SBICS

Esther 6 in the SBIDS

Esther 6 in the SBIGS

Esther 6 in the SBIHS

Esther 6 in the SBIIS

Esther 6 in the SBIIS2

Esther 6 in the SBIIS3

Esther 6 in the SBIKS

Esther 6 in the SBIKS2

Esther 6 in the SBIMS

Esther 6 in the SBIOS

Esther 6 in the SBIPS

Esther 6 in the SBISS

Esther 6 in the SBITS

Esther 6 in the SBITS2

Esther 6 in the SBITS3

Esther 6 in the SBITS4

Esther 6 in the SBIUS

Esther 6 in the SBIVS

Esther 6 in the SBT

Esther 6 in the SBT1E

Esther 6 in the SCHL

Esther 6 in the SNT

Esther 6 in the SUSU

Esther 6 in the SUSU2

Esther 6 in the SYNO

Esther 6 in the TBIAOTANT

Esther 6 in the TBT1E

Esther 6 in the TBT1E2

Esther 6 in the TFTIP

Esther 6 in the TFTU

Esther 6 in the TGNTATF3T

Esther 6 in the THAI

Esther 6 in the TNFD

Esther 6 in the TNT

Esther 6 in the TNTIK

Esther 6 in the TNTIL

Esther 6 in the TNTIN

Esther 6 in the TNTIP

Esther 6 in the TNTIZ

Esther 6 in the TOMA

Esther 6 in the TTENT

Esther 6 in the UBG

Esther 6 in the UGV

Esther 6 in the UGV2

Esther 6 in the UGV3

Esther 6 in the VBL

Esther 6 in the VDCC

Esther 6 in the YALU

Esther 6 in the YAPE

Esther 6 in the YBVTP

Esther 6 in the ZBP