Exodus 20 (BOATCB2)
1 Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi yi nyinaa: 2 “Mene AWURADE, mo Nyankopɔn, a miyii mo fii nkoasom mu wɔ Misraim no. 3 “Monnsom onyame foforo biara nka me ho. 4 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ ade a ɛwɔ wim, anaa nea ɛwɔ asase so, anaa nea ɛwɔ nsu mu, anaa nea ɛwɔ asase ase. 5 Monnkotow ohoni biara nsom no wɔ ɔkwan biara so, na me, AWURADE, mo Nyankopɔn, meyɛ ninkufo a metwe mma a wɔtan me no aso wɔ awofonom bɔne a wɔyɛ no ho kɔ awo ntoatoaso abiɛsa ne anan mu, 6 nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no. 7 Mommmɔ AWURADE, mo Nyankopɔn no, din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, obebu mo fɔ. 8 Monkae homeda na munni no sɛ da kronkron. 9 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, 10 na da a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi anaa mo ahɔho yɛ adwuma biara. 11 Efisɛ AWURADE de nnansia na ɛbɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, na ɔhomee ne nnanson so; enti ohyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome. 12 Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware wɔ asase a AWURADE, wo Nyankopɔn, de rema wo no so. 13 Nni awu. 14 Nsɛe aware. 15 Mmɔ korɔn. 16 Nni adansekurum. 17 Mma wʼani mmere wo yɔnko fi anaa ne yere anaa nʼasomfo anaa nʼanantwi anaa ne mfurum anaa biribiara a ɛyɛ ne de.” 18 Nnipa no nyinaa huu anyinam ne wusiw kumɔnn wɔ bepɔw no so. Wɔtee aprannaa ne torobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ denneennen. Enti wɔtew gyinae a ehu ama wɔn ho rewosow. 19 Wɔka kyerɛɛ Mose se, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yebetie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.” 20 Mose nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a, efi nnɛ rekɔ no, mubesuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.” 21 Nanso, nnipa no tew wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose de, owuraa sum kabii no mu kɔɔ faako a Onyankopɔn wɔ hɔ no. 22 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfo no. ‘Mudi ho adanse sɛ, mifi ɔsoro ada me pɛ adi akyerɛ mo. 23 Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforo ayɛ. 24 “ ‘Dɔte afɔremuka na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔre mma me. Mo ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre a mode nguan ne anantwi bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Faako a mɛkyerɛ mo sɛ munsi afɔremuka no na munsi na mɛba hɔ abehyira mo. 25 Mutumi de abo nso si afɔremuka, nanso abo a wontwae na momfa nsi. Sɛ mode afiri bi twa abo no di no adwinni a, enye sɛ wɔde si, efisɛ moagu ho fi. 26 Monnyɛ atrapoe mma afɔremuka no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntade ase ahu mo adagyaw mu.’
In Other Versions
Exodus 20 in the ANGEFD
Exodus 20 in the ANTPNG2D
Exodus 20 in the AS21
Exodus 20 in the BAGH
Exodus 20 in the BBPNG
Exodus 20 in the BBT1E
Exodus 20 in the BDS
Exodus 20 in the BEV
Exodus 20 in the BHAD
Exodus 20 in the BIB
Exodus 20 in the BLPT
Exodus 20 in the BNT
Exodus 20 in the BNTABOOT
Exodus 20 in the BNTLV
Exodus 20 in the BOATCB
Exodus 20 in the BOBCV
Exodus 20 in the BOCNT
Exodus 20 in the BOECS
Exodus 20 in the BOGWICC
Exodus 20 in the BOHCB
Exodus 20 in the BOHCV
Exodus 20 in the BOHLNT
Exodus 20 in the BOHNTLTAL
Exodus 20 in the BOICB
Exodus 20 in the BOILNTAP
Exodus 20 in the BOITCV
Exodus 20 in the BOKCV
Exodus 20 in the BOKCV2
Exodus 20 in the BOKHWOG
Exodus 20 in the BOKSSV
Exodus 20 in the BOLCB
Exodus 20 in the BOLCB2
Exodus 20 in the BOMCV
Exodus 20 in the BONAV
Exodus 20 in the BONCB
Exodus 20 in the BONLT
Exodus 20 in the BONUT2
Exodus 20 in the BOPLNT
Exodus 20 in the BOSCB
Exodus 20 in the BOSNC
Exodus 20 in the BOTLNT
Exodus 20 in the BOVCB
Exodus 20 in the BOYCB
Exodus 20 in the BPBB
Exodus 20 in the BPH
Exodus 20 in the BSB
Exodus 20 in the CCB
Exodus 20 in the CUV
Exodus 20 in the CUVS
Exodus 20 in the DBT
Exodus 20 in the DGDNT
Exodus 20 in the DHNT
Exodus 20 in the DNT
Exodus 20 in the ELBE
Exodus 20 in the EMTV
Exodus 20 in the ESV
Exodus 20 in the FBV
Exodus 20 in the FEB
Exodus 20 in the GGMNT
Exodus 20 in the GNT
Exodus 20 in the HARY
Exodus 20 in the HNT
Exodus 20 in the IRVA
Exodus 20 in the IRVB
Exodus 20 in the IRVG
Exodus 20 in the IRVH
Exodus 20 in the IRVK
Exodus 20 in the IRVM
Exodus 20 in the IRVM2
Exodus 20 in the IRVO
Exodus 20 in the IRVP
Exodus 20 in the IRVT
Exodus 20 in the IRVT2
Exodus 20 in the IRVU
Exodus 20 in the ISVN
Exodus 20 in the JSNT
Exodus 20 in the KAPI
Exodus 20 in the KBT1ETNIK
Exodus 20 in the KBV
Exodus 20 in the KJV
Exodus 20 in the KNFD
Exodus 20 in the LBA
Exodus 20 in the LBLA
Exodus 20 in the LNT
Exodus 20 in the LSV
Exodus 20 in the MAAL
Exodus 20 in the MBV
Exodus 20 in the MBV2
Exodus 20 in the MHNT
Exodus 20 in the MKNFD
Exodus 20 in the MNG
Exodus 20 in the MNT
Exodus 20 in the MNT2
Exodus 20 in the MRS1T
Exodus 20 in the NAA
Exodus 20 in the NASB
Exodus 20 in the NBLA
Exodus 20 in the NBS
Exodus 20 in the NBVTP
Exodus 20 in the NET2
Exodus 20 in the NIV11
Exodus 20 in the NNT
Exodus 20 in the NNT2
Exodus 20 in the NNT3
Exodus 20 in the PDDPT
Exodus 20 in the PFNT
Exodus 20 in the RMNT
Exodus 20 in the SBIAS
Exodus 20 in the SBIBS
Exodus 20 in the SBIBS2
Exodus 20 in the SBICS
Exodus 20 in the SBIDS
Exodus 20 in the SBIGS
Exodus 20 in the SBIHS
Exodus 20 in the SBIIS
Exodus 20 in the SBIIS2
Exodus 20 in the SBIIS3
Exodus 20 in the SBIKS
Exodus 20 in the SBIKS2
Exodus 20 in the SBIMS
Exodus 20 in the SBIOS
Exodus 20 in the SBIPS
Exodus 20 in the SBISS
Exodus 20 in the SBITS
Exodus 20 in the SBITS2
Exodus 20 in the SBITS3
Exodus 20 in the SBITS4
Exodus 20 in the SBIUS
Exodus 20 in the SBIVS
Exodus 20 in the SBT
Exodus 20 in the SBT1E
Exodus 20 in the SCHL
Exodus 20 in the SNT
Exodus 20 in the SUSU
Exodus 20 in the SUSU2
Exodus 20 in the SYNO
Exodus 20 in the TBIAOTANT
Exodus 20 in the TBT1E
Exodus 20 in the TBT1E2
Exodus 20 in the TFTIP
Exodus 20 in the TFTU
Exodus 20 in the TGNTATF3T
Exodus 20 in the THAI
Exodus 20 in the TNFD
Exodus 20 in the TNT
Exodus 20 in the TNTIK
Exodus 20 in the TNTIL
Exodus 20 in the TNTIN
Exodus 20 in the TNTIP
Exodus 20 in the TNTIZ
Exodus 20 in the TOMA
Exodus 20 in the TTENT
Exodus 20 in the UBG
Exodus 20 in the UGV
Exodus 20 in the UGV2
Exodus 20 in the UGV3
Exodus 20 in the VBL
Exodus 20 in the VDCC
Exodus 20 in the YALU
Exodus 20 in the YAPE
Exodus 20 in the YBVTP
Exodus 20 in the ZBP