Exodus 24 (BOATCB2)
1 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me. 2 Mose nko ara na ɔbɛbɛn AWURADE; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twiw bɛn bepɔw no koraa.” 3 Mose kaa mmara a AWURADE hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yebedi ne nyinaa so.” 4 Mose kyerɛw AWURADE mmara no nyinaa guu hɔ.Ade kyee anɔpa no, osii afɔremuka wɔ bepɔw no ase. Ɔde adum dumien twaa ho hyiae, efisɛ na Israel mmusuakuw no yɛ dumien. 5 Afei, ɔsomaa mmabun a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre mma AWURADE. 6 Mose sɔn mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, na ɔtow fa a aka no petee afɔremuka no so. 7 Ɔkenkan nhoma a wakyerɛw a ɛyɛ Apam Nhoma a AWURADE akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio se, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yebedi mmara no nyinaa so.” 8 Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankye no mu no petee nnipa no so kae se, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne AWURADE ayɛ ne mmara a ɔde ama mo no mu den.” 9 Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson no foro kɔɔ bepɔw no so 10 na wohuu Israel Nyankopɔn. Na nʼanan ntiaso hyerɛn te sɛ hoabo a ne hyerɛn te sɛ wim ahosu. 11 Ɛwɔ mu sɛ mpanyimfo no huu Onyankopɔn de, nanso wansɛe wɔn. Nokwarem, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim. 12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw so ha na tena ha, na mede mmaransɛm a makyerɛw agu ɔbo so no bɛma wo, na woafa so akyerɛkyerɛ nnipa no.” 13 Enti Mose ne ne boafo Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so. 14 Ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Montena ha ntwɛn yɛn kosi sɛ yɛbɛba. Sɛ asɛm bi kyere obi so a, obetumi akɔ Aaron ne Hur nkyɛn.” 15 Mose foro kɔɔ bepɔw no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu. 16 Na AWURADE anuonyam hyɛɛ Sinai bepɔw no so ma. Na omununkum sii bepɔw no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose fii omununkum no mu. 17 Wɔn a wɔwɔ bepɔw no ase no huu anwonwade no. Na AWURADE anuonyam a ɛwɔ bepɔw no so no te sɛ ogya a ɛredɛw. 18 Na Mose yeraa wɔ bepɔw no so mununkum no mu. Odii bepɔw no so adaduanan.
In Other Versions
Exodus 24 in the ANGEFD
Exodus 24 in the ANTPNG2D
Exodus 24 in the AS21
Exodus 24 in the BAGH
Exodus 24 in the BBPNG
Exodus 24 in the BBT1E
Exodus 24 in the BDS
Exodus 24 in the BEV
Exodus 24 in the BHAD
Exodus 24 in the BIB
Exodus 24 in the BLPT
Exodus 24 in the BNT
Exodus 24 in the BNTABOOT
Exodus 24 in the BNTLV
Exodus 24 in the BOATCB
Exodus 24 in the BOBCV
Exodus 24 in the BOCNT
Exodus 24 in the BOECS
Exodus 24 in the BOGWICC
Exodus 24 in the BOHCB
Exodus 24 in the BOHCV
Exodus 24 in the BOHLNT
Exodus 24 in the BOHNTLTAL
Exodus 24 in the BOICB
Exodus 24 in the BOILNTAP
Exodus 24 in the BOITCV
Exodus 24 in the BOKCV
Exodus 24 in the BOKCV2
Exodus 24 in the BOKHWOG
Exodus 24 in the BOKSSV
Exodus 24 in the BOLCB
Exodus 24 in the BOLCB2
Exodus 24 in the BOMCV
Exodus 24 in the BONAV
Exodus 24 in the BONCB
Exodus 24 in the BONLT
Exodus 24 in the BONUT2
Exodus 24 in the BOPLNT
Exodus 24 in the BOSCB
Exodus 24 in the BOSNC
Exodus 24 in the BOTLNT
Exodus 24 in the BOVCB
Exodus 24 in the BOYCB
Exodus 24 in the BPBB
Exodus 24 in the BPH
Exodus 24 in the BSB
Exodus 24 in the CCB
Exodus 24 in the CUV
Exodus 24 in the CUVS
Exodus 24 in the DBT
Exodus 24 in the DGDNT
Exodus 24 in the DHNT
Exodus 24 in the DNT
Exodus 24 in the ELBE
Exodus 24 in the EMTV
Exodus 24 in the ESV
Exodus 24 in the FBV
Exodus 24 in the FEB
Exodus 24 in the GGMNT
Exodus 24 in the GNT
Exodus 24 in the HARY
Exodus 24 in the HNT
Exodus 24 in the IRVA
Exodus 24 in the IRVB
Exodus 24 in the IRVG
Exodus 24 in the IRVH
Exodus 24 in the IRVK
Exodus 24 in the IRVM
Exodus 24 in the IRVM2
Exodus 24 in the IRVO
Exodus 24 in the IRVP
Exodus 24 in the IRVT
Exodus 24 in the IRVT2
Exodus 24 in the IRVU
Exodus 24 in the ISVN
Exodus 24 in the JSNT
Exodus 24 in the KAPI
Exodus 24 in the KBT1ETNIK
Exodus 24 in the KBV
Exodus 24 in the KJV
Exodus 24 in the KNFD
Exodus 24 in the LBA
Exodus 24 in the LBLA
Exodus 24 in the LNT
Exodus 24 in the LSV
Exodus 24 in the MAAL
Exodus 24 in the MBV
Exodus 24 in the MBV2
Exodus 24 in the MHNT
Exodus 24 in the MKNFD
Exodus 24 in the MNG
Exodus 24 in the MNT
Exodus 24 in the MNT2
Exodus 24 in the MRS1T
Exodus 24 in the NAA
Exodus 24 in the NASB
Exodus 24 in the NBLA
Exodus 24 in the NBS
Exodus 24 in the NBVTP
Exodus 24 in the NET2
Exodus 24 in the NIV11
Exodus 24 in the NNT
Exodus 24 in the NNT2
Exodus 24 in the NNT3
Exodus 24 in the PDDPT
Exodus 24 in the PFNT
Exodus 24 in the RMNT
Exodus 24 in the SBIAS
Exodus 24 in the SBIBS
Exodus 24 in the SBIBS2
Exodus 24 in the SBICS
Exodus 24 in the SBIDS
Exodus 24 in the SBIGS
Exodus 24 in the SBIHS
Exodus 24 in the SBIIS
Exodus 24 in the SBIIS2
Exodus 24 in the SBIIS3
Exodus 24 in the SBIKS
Exodus 24 in the SBIKS2
Exodus 24 in the SBIMS
Exodus 24 in the SBIOS
Exodus 24 in the SBIPS
Exodus 24 in the SBISS
Exodus 24 in the SBITS
Exodus 24 in the SBITS2
Exodus 24 in the SBITS3
Exodus 24 in the SBITS4
Exodus 24 in the SBIUS
Exodus 24 in the SBIVS
Exodus 24 in the SBT
Exodus 24 in the SBT1E
Exodus 24 in the SCHL
Exodus 24 in the SNT
Exodus 24 in the SUSU
Exodus 24 in the SUSU2
Exodus 24 in the SYNO
Exodus 24 in the TBIAOTANT
Exodus 24 in the TBT1E
Exodus 24 in the TBT1E2
Exodus 24 in the TFTIP
Exodus 24 in the TFTU
Exodus 24 in the TGNTATF3T
Exodus 24 in the THAI
Exodus 24 in the TNFD
Exodus 24 in the TNT
Exodus 24 in the TNTIK
Exodus 24 in the TNTIL
Exodus 24 in the TNTIN
Exodus 24 in the TNTIP
Exodus 24 in the TNTIZ
Exodus 24 in the TOMA
Exodus 24 in the TTENT
Exodus 24 in the UBG
Exodus 24 in the UGV
Exodus 24 in the UGV2
Exodus 24 in the UGV3
Exodus 24 in the VBL
Exodus 24 in the VDCC
Exodus 24 in the YALU
Exodus 24 in the YAPE
Exodus 24 in the YBVTP
Exodus 24 in the ZBP