Exodus 25 (BOATCB2)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, wɔmmɔ afɔre mma me. 3 “Saa nneɛma a edidi so yi mu na womfi mmɔ me afɔre no: “sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, 4 ntama tuntum, koogyan bibiri tam; koogyan tam, sirikyi,abirekyi ho nwi, 5 odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyi nhoma,ɔkanto dua, 6 kanea ngo,ɔsra ngo, nnuhuam a wɔhyewee, 7 abo a nʼahosu te sɛ apopobibiri, abo a wɔde betuatua asɔfotade ne nkatabo mu. 8 “Afei monyɛ kronkronbea mma me, na mɛtena wɔn mu. 9 Monyɛ ntamadan yi ne ne nsiesiemu nyinaa sɛnea mɛkyerɛ mo no pɛpɛɛpɛ. 10 “Momfa ɔkanto dua nyɛ Apam Adaka a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne fa na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abien ne fa. 11 Na momfa sikakɔkɔɔ ankasa nnura ho ne mu nyinaa. 12 Momfa sikakɔkɔɔ nkaa anan nhyehyɛ adaka no anan anan no ho, wɔ fam pɛɛ. Ma nkaa no abien nkɔ ɔfa baako na abien a aka no nso nkɔ fa. 13 Fa ɔkanto sen mmaa, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho. 14 Fa mmaa no hyehyɛ nkaa no mu na wɔde asoa apam adaka no. 15 Munnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfi nkaa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ. 16 Muwie adaka no a, momfa ɔbo a makyerɛw Mmaransɛm Du no agu so no nto mu. 17 “Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no ti a ne ntwemu yɛ basafa abien ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne kakra. Ɛha ne baabi a mubenya mo bɔne so ahummɔbɔ afi. 18 Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kerubim abien. Momfa ɔbaako nsi adaka no nkataso atifi na momfa ɔbaako nsi anafo. 19 Fa kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no nyɛ mua. 20 Kerubim a wɔyɛ abɔfo no bedi nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ mpata agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so. 21 Momfa ɔbo kyerɛwpon a mede bɛma mo no nto adaka no mu, na momfa ne ti no nkata so. 22 Na mehyia mo wɔ hɔ na makasa afi mpata agua wɔ soro hɔ afa abɔfo no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfo no adi akyerɛ mo. 23 “Momfa ɔkanto dua nyɛ ɔpon a ne ntwemu mu yɛ anammɔn abiɛsa, ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa. 24 Momfa sikakɔkɔɔ nnura ho na momfa sikakɔkɔɔ hankare ntwa ho nhyia. 25 Yɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twa ɔpon no ano ho hyia, na fa sikakɔkɔɔ hankare fa ho. 26 Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan na fa nkaa anan no tuatua nʼanan anan no biara akyi 27 twɔtwɔw so wɔ soro. Wɔde nnua no bɛhyehyɛ saa nkaa a wɔde bɛma ɔpon no so asoa no mu. 28 Fa ɔkanto yɛ nnua no, na fa sikakɔkɔɔ dura ho. 29 Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ nsanka, mprɛte, ntere, nhina ne nsatoa. 30 Da biara, fa brodo to ɔpon no so wɔ mʼanim. 31 “Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, akanea no nhwiren ne ɛho asiesie no nyinaa nyɛ ade baako. 32 Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no benya nkorata asia a abiɛsa wɔ fa na abiɛsa nso wɔ fa. 33 Momfa nhwiren abiɛsa nsiesie nkorata biara ho. 34 Na kaneadua no, momfa nhwiren a ɛyɛ fɛ nni adwinni mfa nsiesie no. 35 Nhwiren no bi bɛwɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so. 36 Saa nneɛma a wɔde siesie kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa nyɛ ade baako a wɔde sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro ayɛ. 37 “Monyɛ akanea dua ntuatuaho ason wɔ kaneadua no ho wɔ ɔkwan bi so a ne hyerɛn no bɛtow hann agu nʼanim. 38 Kanea ntamabamma adabaw no ne ne mpampaa no nso, momfa sikakɔkɔɔ ankasa nyɛ. 39 Sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan na ɛho behia sɛ mode bɛyɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa. 40 Biribiara a mobɛyɛ no nso, monyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛnea makyerɛ mo wɔ bepɔw so ha yi no.

In Other Versions

Exodus 25 in the ANGEFD

Exodus 25 in the ANTPNG2D

Exodus 25 in the AS21

Exodus 25 in the BAGH

Exodus 25 in the BBPNG

Exodus 25 in the BBT1E

Exodus 25 in the BDS

Exodus 25 in the BEV

Exodus 25 in the BHAD

Exodus 25 in the BIB

Exodus 25 in the BLPT

Exodus 25 in the BNT

Exodus 25 in the BNTABOOT

Exodus 25 in the BNTLV

Exodus 25 in the BOATCB

Exodus 25 in the BOBCV

Exodus 25 in the BOCNT

Exodus 25 in the BOECS

Exodus 25 in the BOGWICC

Exodus 25 in the BOHCB

Exodus 25 in the BOHCV

Exodus 25 in the BOHLNT

Exodus 25 in the BOHNTLTAL

Exodus 25 in the BOICB

Exodus 25 in the BOILNTAP

Exodus 25 in the BOITCV

Exodus 25 in the BOKCV

Exodus 25 in the BOKCV2

Exodus 25 in the BOKHWOG

Exodus 25 in the BOKSSV

Exodus 25 in the BOLCB

Exodus 25 in the BOLCB2

Exodus 25 in the BOMCV

Exodus 25 in the BONAV

Exodus 25 in the BONCB

Exodus 25 in the BONLT

Exodus 25 in the BONUT2

Exodus 25 in the BOPLNT

Exodus 25 in the BOSCB

Exodus 25 in the BOSNC

Exodus 25 in the BOTLNT

Exodus 25 in the BOVCB

Exodus 25 in the BOYCB

Exodus 25 in the BPBB

Exodus 25 in the BPH

Exodus 25 in the BSB

Exodus 25 in the CCB

Exodus 25 in the CUV

Exodus 25 in the CUVS

Exodus 25 in the DBT

Exodus 25 in the DGDNT

Exodus 25 in the DHNT

Exodus 25 in the DNT

Exodus 25 in the ELBE

Exodus 25 in the EMTV

Exodus 25 in the ESV

Exodus 25 in the FBV

Exodus 25 in the FEB

Exodus 25 in the GGMNT

Exodus 25 in the GNT

Exodus 25 in the HARY

Exodus 25 in the HNT

Exodus 25 in the IRVA

Exodus 25 in the IRVB

Exodus 25 in the IRVG

Exodus 25 in the IRVH

Exodus 25 in the IRVK

Exodus 25 in the IRVM

Exodus 25 in the IRVM2

Exodus 25 in the IRVO

Exodus 25 in the IRVP

Exodus 25 in the IRVT

Exodus 25 in the IRVT2

Exodus 25 in the IRVU

Exodus 25 in the ISVN

Exodus 25 in the JSNT

Exodus 25 in the KAPI

Exodus 25 in the KBT1ETNIK

Exodus 25 in the KBV

Exodus 25 in the KJV

Exodus 25 in the KNFD

Exodus 25 in the LBA

Exodus 25 in the LBLA

Exodus 25 in the LNT

Exodus 25 in the LSV

Exodus 25 in the MAAL

Exodus 25 in the MBV

Exodus 25 in the MBV2

Exodus 25 in the MHNT

Exodus 25 in the MKNFD

Exodus 25 in the MNG

Exodus 25 in the MNT

Exodus 25 in the MNT2

Exodus 25 in the MRS1T

Exodus 25 in the NAA

Exodus 25 in the NASB

Exodus 25 in the NBLA

Exodus 25 in the NBS

Exodus 25 in the NBVTP

Exodus 25 in the NET2

Exodus 25 in the NIV11

Exodus 25 in the NNT

Exodus 25 in the NNT2

Exodus 25 in the NNT3

Exodus 25 in the PDDPT

Exodus 25 in the PFNT

Exodus 25 in the RMNT

Exodus 25 in the SBIAS

Exodus 25 in the SBIBS

Exodus 25 in the SBIBS2

Exodus 25 in the SBICS

Exodus 25 in the SBIDS

Exodus 25 in the SBIGS

Exodus 25 in the SBIHS

Exodus 25 in the SBIIS

Exodus 25 in the SBIIS2

Exodus 25 in the SBIIS3

Exodus 25 in the SBIKS

Exodus 25 in the SBIKS2

Exodus 25 in the SBIMS

Exodus 25 in the SBIOS

Exodus 25 in the SBIPS

Exodus 25 in the SBISS

Exodus 25 in the SBITS

Exodus 25 in the SBITS2

Exodus 25 in the SBITS3

Exodus 25 in the SBITS4

Exodus 25 in the SBIUS

Exodus 25 in the SBIVS

Exodus 25 in the SBT

Exodus 25 in the SBT1E

Exodus 25 in the SCHL

Exodus 25 in the SNT

Exodus 25 in the SUSU

Exodus 25 in the SUSU2

Exodus 25 in the SYNO

Exodus 25 in the TBIAOTANT

Exodus 25 in the TBT1E

Exodus 25 in the TBT1E2

Exodus 25 in the TFTIP

Exodus 25 in the TFTU

Exodus 25 in the TGNTATF3T

Exodus 25 in the THAI

Exodus 25 in the TNFD

Exodus 25 in the TNT

Exodus 25 in the TNTIK

Exodus 25 in the TNTIL

Exodus 25 in the TNTIN

Exodus 25 in the TNTIP

Exodus 25 in the TNTIZ

Exodus 25 in the TOMA

Exodus 25 in the TTENT

Exodus 25 in the UBG

Exodus 25 in the UGV

Exodus 25 in the UGV2

Exodus 25 in the UGV3

Exodus 25 in the VBL

Exodus 25 in the VDCC

Exodus 25 in the YALU

Exodus 25 in the YAPE

Exodus 25 in the YBVTP

Exodus 25 in the ZBP