Ezekiel 10 (BOATCB2)
1 Mehwɛe, na mihuu biribi te sɛ bibiri ahengua a ɛsensɛn ntrɛwmu a ɛwɔ kerubim apampam no so. 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Kɔhyɛ nkyimii a ɛwɔ kerubim ase no mu. Fi kerubim no mu fa nnyansramma hyɛ wo nsa ma na tow pete kuropɔn no so.” Migu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu. 3 Afei na kerubim no gyinagyina asɔredan no anafo fam bere a ɔbarima no kɔhyɛn mu no, na omununkum kɔhyɛɛ fam adiwo hɔ mu ma. 4 Na AWURADE anuonyam maa ne ho so fii kerubim no atifi kɔɔ asɔredan no abobow ano. Omununkum no yɛɛ asɔredan no ma, na AWURADE anuonyam hyerɛn yɛɛ adiwo hɔ ma. 5 Bere a ɔrekasa no na wɔte kerubim ntaban no nnyigyei no wɔ mfikyiri fam adiwo hɔ te sɛ Otumfo Nyankopɔn nne. 6 Bere a AWURADE hyɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Yi nnyansramma fi nkyimii no mu, fi kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kogyinaa nkyimii no baako ho. 7 Afei kerubim no mu baako teɛɛ ne nsa hyɛɛ nnyansramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ofura nwera no nsam, na ɔno nso gye de fii adi. 8 (Na wohu biribi te sɛ onipa nsa wɔ kerubim no ntaban ase.) 9 Mehwɛe, na mihuu nkyimii anan a baako biara gyina kerubim nkyɛn, na nkyimii no pa yerɛw yerɛw te sɛ sikabereɛbo. 10 Sɛnea ɛte no de, na nkyimii no nyinaa sesɛ; biara wɔ nkyimii foforo hyɛ mu. 11 Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ nea kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ no; nkyimii no nnan wɔn ho bere a kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee wɔ nea eti no anim kyerɛ a ɔnnan ne ho. 12 Aniwa tuatua wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban ho nyinaa. Saa ara na nkyimii anan no nso te. 13 Metee sɛ wɔrefrɛ nkyimii no se, “mfɛtɛ nkyimii.” 14 Kerubim no mu biara wɔ anim anan. Anim baako te sɛ kerub, nea ɛto so abien te sɛ onipa anim, nea ɛto so abiɛsa te sɛ gyata anim, nea ɛto so anan te sɛ ɔkɔre anim. 15 Afei kerubim no maa wɔn ho so. Eyinom na na wɔyɛ ateasefo a na mahu wɔn wɔ Asubɔnten Kebar ho no. 16 Sɛ kerubim no keka wɔn ho a, nkyimii a ɛwowɔ wɔn ho no nso keka wɔn ho; na sɛ kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu ma wɔn ho so kɔ wim a, nkyimii no ka wɔn ho ara. 17 Sɛ kerubim no gyinagyina dinn a, nkyimii no nso gyinagyina dinn, na sɛ kerubim no ma wɔn ho so a wɔne wɔn ma wɔn ho so, efisɛ honhom wɔ ateasefo no mu. 18 Afei AWURADE anuonyam no fii asɔredan no abobow ano na ekogyinaa kerubim no atifi. 19 Merehwɛ no, kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu maa wɔn ho so fii fam na nkyimii no ne wɔn kɔe. Wokogyinaa AWURADE fi pon a ɛwɔ apuei fam no ano, na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ wɔn atifi. 20 Eyinom ne ateasefo a na mahu wɔn wɔ Israel Nyankopɔn ase wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mihuu sɛ wɔyɛ kerubim. 21 Wɔn mu biara wɔ anim anan ne ntaban anan na biribi a ɛte sɛ onipa nsa wowɔ wɔn ntaban ase. 22 Wɔn nyinaa anim te sɛ nea na mahu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee.
In Other Versions
Ezekiel 10 in the ANGEFD
Ezekiel 10 in the ANTPNG2D
Ezekiel 10 in the AS21
Ezekiel 10 in the BAGH
Ezekiel 10 in the BBPNG
Ezekiel 10 in the BBT1E
Ezekiel 10 in the BDS
Ezekiel 10 in the BEV
Ezekiel 10 in the BHAD
Ezekiel 10 in the BIB
Ezekiel 10 in the BLPT
Ezekiel 10 in the BNT
Ezekiel 10 in the BNTABOOT
Ezekiel 10 in the BNTLV
Ezekiel 10 in the BOATCB
Ezekiel 10 in the BOBCV
Ezekiel 10 in the BOCNT
Ezekiel 10 in the BOECS
Ezekiel 10 in the BOGWICC
Ezekiel 10 in the BOHCB
Ezekiel 10 in the BOHCV
Ezekiel 10 in the BOHLNT
Ezekiel 10 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 10 in the BOICB
Ezekiel 10 in the BOILNTAP
Ezekiel 10 in the BOITCV
Ezekiel 10 in the BOKCV
Ezekiel 10 in the BOKCV2
Ezekiel 10 in the BOKHWOG
Ezekiel 10 in the BOKSSV
Ezekiel 10 in the BOLCB
Ezekiel 10 in the BOLCB2
Ezekiel 10 in the BOMCV
Ezekiel 10 in the BONAV
Ezekiel 10 in the BONCB
Ezekiel 10 in the BONLT
Ezekiel 10 in the BONUT2
Ezekiel 10 in the BOPLNT
Ezekiel 10 in the BOSCB
Ezekiel 10 in the BOSNC
Ezekiel 10 in the BOTLNT
Ezekiel 10 in the BOVCB
Ezekiel 10 in the BOYCB
Ezekiel 10 in the BPBB
Ezekiel 10 in the BPH
Ezekiel 10 in the BSB
Ezekiel 10 in the CCB
Ezekiel 10 in the CUV
Ezekiel 10 in the CUVS
Ezekiel 10 in the DBT
Ezekiel 10 in the DGDNT
Ezekiel 10 in the DHNT
Ezekiel 10 in the DNT
Ezekiel 10 in the ELBE
Ezekiel 10 in the EMTV
Ezekiel 10 in the ESV
Ezekiel 10 in the FBV
Ezekiel 10 in the FEB
Ezekiel 10 in the GGMNT
Ezekiel 10 in the GNT
Ezekiel 10 in the HARY
Ezekiel 10 in the HNT
Ezekiel 10 in the IRVA
Ezekiel 10 in the IRVB
Ezekiel 10 in the IRVG
Ezekiel 10 in the IRVH
Ezekiel 10 in the IRVK
Ezekiel 10 in the IRVM
Ezekiel 10 in the IRVM2
Ezekiel 10 in the IRVO
Ezekiel 10 in the IRVP
Ezekiel 10 in the IRVT
Ezekiel 10 in the IRVT2
Ezekiel 10 in the IRVU
Ezekiel 10 in the ISVN
Ezekiel 10 in the JSNT
Ezekiel 10 in the KAPI
Ezekiel 10 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 10 in the KBV
Ezekiel 10 in the KJV
Ezekiel 10 in the KNFD
Ezekiel 10 in the LBA
Ezekiel 10 in the LBLA
Ezekiel 10 in the LNT
Ezekiel 10 in the LSV
Ezekiel 10 in the MAAL
Ezekiel 10 in the MBV
Ezekiel 10 in the MBV2
Ezekiel 10 in the MHNT
Ezekiel 10 in the MKNFD
Ezekiel 10 in the MNG
Ezekiel 10 in the MNT
Ezekiel 10 in the MNT2
Ezekiel 10 in the MRS1T
Ezekiel 10 in the NAA
Ezekiel 10 in the NASB
Ezekiel 10 in the NBLA
Ezekiel 10 in the NBS
Ezekiel 10 in the NBVTP
Ezekiel 10 in the NET2
Ezekiel 10 in the NIV11
Ezekiel 10 in the NNT
Ezekiel 10 in the NNT2
Ezekiel 10 in the NNT3
Ezekiel 10 in the PDDPT
Ezekiel 10 in the PFNT
Ezekiel 10 in the RMNT
Ezekiel 10 in the SBIAS
Ezekiel 10 in the SBIBS
Ezekiel 10 in the SBIBS2
Ezekiel 10 in the SBICS
Ezekiel 10 in the SBIDS
Ezekiel 10 in the SBIGS
Ezekiel 10 in the SBIHS
Ezekiel 10 in the SBIIS
Ezekiel 10 in the SBIIS2
Ezekiel 10 in the SBIIS3
Ezekiel 10 in the SBIKS
Ezekiel 10 in the SBIKS2
Ezekiel 10 in the SBIMS
Ezekiel 10 in the SBIOS
Ezekiel 10 in the SBIPS
Ezekiel 10 in the SBISS
Ezekiel 10 in the SBITS
Ezekiel 10 in the SBITS2
Ezekiel 10 in the SBITS3
Ezekiel 10 in the SBITS4
Ezekiel 10 in the SBIUS
Ezekiel 10 in the SBIVS
Ezekiel 10 in the SBT
Ezekiel 10 in the SBT1E
Ezekiel 10 in the SCHL
Ezekiel 10 in the SNT
Ezekiel 10 in the SUSU
Ezekiel 10 in the SUSU2
Ezekiel 10 in the SYNO
Ezekiel 10 in the TBIAOTANT
Ezekiel 10 in the TBT1E
Ezekiel 10 in the TBT1E2
Ezekiel 10 in the TFTIP
Ezekiel 10 in the TFTU
Ezekiel 10 in the TGNTATF3T
Ezekiel 10 in the THAI
Ezekiel 10 in the TNFD
Ezekiel 10 in the TNT
Ezekiel 10 in the TNTIK
Ezekiel 10 in the TNTIL
Ezekiel 10 in the TNTIN
Ezekiel 10 in the TNTIP
Ezekiel 10 in the TNTIZ
Ezekiel 10 in the TOMA
Ezekiel 10 in the TTENT
Ezekiel 10 in the UBG
Ezekiel 10 in the UGV
Ezekiel 10 in the UGV2
Ezekiel 10 in the UGV3
Ezekiel 10 in the VBL
Ezekiel 10 in the VDCC
Ezekiel 10 in the YALU
Ezekiel 10 in the YAPE
Ezekiel 10 in the YBVTP
Ezekiel 10 in the ZBP