Ezekiel 11 (BOATCB2)

1 Afei honhom no maa me so de me baa AWURADE fi pon a ani kyerɛ apuei fam no ano. Na mmarima aduonu anum wɔ hɔ, na mihuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofo. 2 AWURADE ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, eyinom ne mmarima a wɔbɔ pɔw bɔne na wotu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu. 3 Wɔkae se, ‘Bere a wɔde sisi afi no nnuu so ana? Kuropɔn yɛ dadesɛn, na yɛyɛ nam.’ 4 Ɛno nti hyɛ nkɔm tia wɔn, hyɛ nkɔm, onipa ba.” 5 Afei, AWURADE Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me se menka se, “Sɛɛ na AWURADE se: Saa na moreka, mo Israel akannifo, nanso minim nsusuwii a ɛwɔ mo adwene mu. 6 Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyehyɛ ne mmɔnten so amaama. 7 “Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Afunu a moatotow apete hɔ no yɛ nam na kuropɔn yi ne dadesɛn no, nanso mɛpam mo afi mu. 8 Musuro afoa, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sɛɛ na AWURADE se. 9 Mɛpam mo afi kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafo nsa, na matwe mo aso. 10 Mobɛtotɔ wɔ afoa ano, na mebu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei mubehu sɛ mene AWURADE no. 11 Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛnea dadesɛn bɔ nam a ɛwɔ mu no ho ban no; Mebu mo atɛn wɔ Israel asase so. 12 Na mubehu sɛ mene AWURADE no, efisɛ moanni mʼahyɛde so, moapo me mmara na nea aman a atwa mo ho ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.” 13 Afei bere a migu so rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wui. Na mede mʼanim butuw fam suu dennen se, “Aa, Otumfo AWURADE, wobɛtɔre Israel nkae yi ase koraa ana?” 14 AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ, 15 “Onipa ba, wo nuabarimanom, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israelfi nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho se, ‘Wɔne AWURADE ntam kwan ware, na wɔde saa asase yi maa yɛn sɛ yɛn agyapade.’ ” 16 “Ɛno nti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so de, nanso bere tiaa bi mu no meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ so no so.’ 17 “Enti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Mɛboaboa mo ano afi amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu so no asan aba, na mede Israel asase bɛsan ama mo.’ 18 “Wɔbɛsan aba so na wɔayiyi nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no nyinaa. 19 Mɛma wɔn koma koro na mede honhom foforo ahyɛ wɔn mu; meyi wɔn komaden no na mama wɔn koma a ɛyɛ mmerɛw. 20 Afei wobedi mʼahyɛde so na wɔahwɛ akora me mmara yiye. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. 21 Nanso wɔn a wɔde wɔn koma ama nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no de, mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ti so, sɛɛ na Otumfo AWURADE se.” 22 Afei kerubim no ne wɔn nkyimii trɛtrɛw wɔn ntaban mu, na Israel Nyankopɔn anuonyam konkɔn wɔn so. 23 AWURADE anuonyam maa ne ho so fii kuropɔn no mu kogyinaa bepɔw a ɛwɔ apuei fam no atifi. 24 Honhom no maa me so de me baa nnommum a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu.Afei anisoade a mihuu no fii me so kɔɔ ɔsoro. 25 Na mekaa biribiara a AWURADE yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ nnommum no.

In Other Versions

Ezekiel 11 in the ANGEFD

Ezekiel 11 in the ANTPNG2D

Ezekiel 11 in the AS21

Ezekiel 11 in the BAGH

Ezekiel 11 in the BBPNG

Ezekiel 11 in the BBT1E

Ezekiel 11 in the BDS

Ezekiel 11 in the BEV

Ezekiel 11 in the BHAD

Ezekiel 11 in the BIB

Ezekiel 11 in the BLPT

Ezekiel 11 in the BNT

Ezekiel 11 in the BNTABOOT

Ezekiel 11 in the BNTLV

Ezekiel 11 in the BOATCB

Ezekiel 11 in the BOBCV

Ezekiel 11 in the BOCNT

Ezekiel 11 in the BOECS

Ezekiel 11 in the BOGWICC

Ezekiel 11 in the BOHCB

Ezekiel 11 in the BOHCV

Ezekiel 11 in the BOHLNT

Ezekiel 11 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 11 in the BOICB

Ezekiel 11 in the BOILNTAP

Ezekiel 11 in the BOITCV

Ezekiel 11 in the BOKCV

Ezekiel 11 in the BOKCV2

Ezekiel 11 in the BOKHWOG

Ezekiel 11 in the BOKSSV

Ezekiel 11 in the BOLCB

Ezekiel 11 in the BOLCB2

Ezekiel 11 in the BOMCV

Ezekiel 11 in the BONAV

Ezekiel 11 in the BONCB

Ezekiel 11 in the BONLT

Ezekiel 11 in the BONUT2

Ezekiel 11 in the BOPLNT

Ezekiel 11 in the BOSCB

Ezekiel 11 in the BOSNC

Ezekiel 11 in the BOTLNT

Ezekiel 11 in the BOVCB

Ezekiel 11 in the BOYCB

Ezekiel 11 in the BPBB

Ezekiel 11 in the BPH

Ezekiel 11 in the BSB

Ezekiel 11 in the CCB

Ezekiel 11 in the CUV

Ezekiel 11 in the CUVS

Ezekiel 11 in the DBT

Ezekiel 11 in the DGDNT

Ezekiel 11 in the DHNT

Ezekiel 11 in the DNT

Ezekiel 11 in the ELBE

Ezekiel 11 in the EMTV

Ezekiel 11 in the ESV

Ezekiel 11 in the FBV

Ezekiel 11 in the FEB

Ezekiel 11 in the GGMNT

Ezekiel 11 in the GNT

Ezekiel 11 in the HARY

Ezekiel 11 in the HNT

Ezekiel 11 in the IRVA

Ezekiel 11 in the IRVB

Ezekiel 11 in the IRVG

Ezekiel 11 in the IRVH

Ezekiel 11 in the IRVK

Ezekiel 11 in the IRVM

Ezekiel 11 in the IRVM2

Ezekiel 11 in the IRVO

Ezekiel 11 in the IRVP

Ezekiel 11 in the IRVT

Ezekiel 11 in the IRVT2

Ezekiel 11 in the IRVU

Ezekiel 11 in the ISVN

Ezekiel 11 in the JSNT

Ezekiel 11 in the KAPI

Ezekiel 11 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 11 in the KBV

Ezekiel 11 in the KJV

Ezekiel 11 in the KNFD

Ezekiel 11 in the LBA

Ezekiel 11 in the LBLA

Ezekiel 11 in the LNT

Ezekiel 11 in the LSV

Ezekiel 11 in the MAAL

Ezekiel 11 in the MBV

Ezekiel 11 in the MBV2

Ezekiel 11 in the MHNT

Ezekiel 11 in the MKNFD

Ezekiel 11 in the MNG

Ezekiel 11 in the MNT

Ezekiel 11 in the MNT2

Ezekiel 11 in the MRS1T

Ezekiel 11 in the NAA

Ezekiel 11 in the NASB

Ezekiel 11 in the NBLA

Ezekiel 11 in the NBS

Ezekiel 11 in the NBVTP

Ezekiel 11 in the NET2

Ezekiel 11 in the NIV11

Ezekiel 11 in the NNT

Ezekiel 11 in the NNT2

Ezekiel 11 in the NNT3

Ezekiel 11 in the PDDPT

Ezekiel 11 in the PFNT

Ezekiel 11 in the RMNT

Ezekiel 11 in the SBIAS

Ezekiel 11 in the SBIBS

Ezekiel 11 in the SBIBS2

Ezekiel 11 in the SBICS

Ezekiel 11 in the SBIDS

Ezekiel 11 in the SBIGS

Ezekiel 11 in the SBIHS

Ezekiel 11 in the SBIIS

Ezekiel 11 in the SBIIS2

Ezekiel 11 in the SBIIS3

Ezekiel 11 in the SBIKS

Ezekiel 11 in the SBIKS2

Ezekiel 11 in the SBIMS

Ezekiel 11 in the SBIOS

Ezekiel 11 in the SBIPS

Ezekiel 11 in the SBISS

Ezekiel 11 in the SBITS

Ezekiel 11 in the SBITS2

Ezekiel 11 in the SBITS3

Ezekiel 11 in the SBITS4

Ezekiel 11 in the SBIUS

Ezekiel 11 in the SBIVS

Ezekiel 11 in the SBT

Ezekiel 11 in the SBT1E

Ezekiel 11 in the SCHL

Ezekiel 11 in the SNT

Ezekiel 11 in the SUSU

Ezekiel 11 in the SUSU2

Ezekiel 11 in the SYNO

Ezekiel 11 in the TBIAOTANT

Ezekiel 11 in the TBT1E

Ezekiel 11 in the TBT1E2

Ezekiel 11 in the TFTIP

Ezekiel 11 in the TFTU

Ezekiel 11 in the TGNTATF3T

Ezekiel 11 in the THAI

Ezekiel 11 in the TNFD

Ezekiel 11 in the TNT

Ezekiel 11 in the TNTIK

Ezekiel 11 in the TNTIL

Ezekiel 11 in the TNTIN

Ezekiel 11 in the TNTIP

Ezekiel 11 in the TNTIZ

Ezekiel 11 in the TOMA

Ezekiel 11 in the TTENT

Ezekiel 11 in the UBG

Ezekiel 11 in the UGV

Ezekiel 11 in the UGV2

Ezekiel 11 in the UGV3

Ezekiel 11 in the VBL

Ezekiel 11 in the VDCC

Ezekiel 11 in the YALU

Ezekiel 11 in the YAPE

Ezekiel 11 in the YBVTP

Ezekiel 11 in the ZBP