Ezekiel 45 (BOATCB2)

1 “ ‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapade a, ɛsɛ sɛ mode fa bi ma AWURADE sɛ ɔmantam kronkron a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahanum (37,500), na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem aduasa (30,000); saa beae no nyinaa bɛyɛ kronkron. 2 Wobegyaw asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum (750) ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum (75). 3 Munsusuw ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛhɔ na wobesi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no. 4 Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfo a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn AWURADE, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wobesisi wɔn afi na ayɛ beae kronkron ama kronkronbea no nso. 5 Asase a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000) bɛyɛ beae a wɔbɛkyekye nkurow ama Lewifo a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapade. 6 “ ‘Wobegyaw asase a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum (7,500) na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) a ɛtoa beae kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israelfi nyinaa de. 7 “ ‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no dabea bɔ hye. Ɛbɛtrɛw akɔ atɔe fam ne apuei fam akɔpem atɔe ne apuei ahye so, na ɛne mmusuakuw no mu baako asase abɔ hye wɔ atifi fam ne anafo fam. 8 Asase no bɛyɛ nʼagyapade wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfo so bio, na mmom wɔbɛma Israelfo kwan ama wɔafa asase no sɛnea wɔn mmusuakuw no te. 9 “ ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Moadu akyiri pa ara. Israel mmapɔmma! Munnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛso na monyɛ nea ɛteɛ na eye. Munnyae me nkurɔfo nsase a mugyigyei no, Otumfo AWURADE asɛm ni. 10 Ɛsɛ sɛ mode nsania ne asusude a ɛyɛ pɛ susuw ade. 11 Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe abien (182), na mode besusuw ade biara dodow; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyemu du. 12 Dwetɛ mpɔw na mode besusuw ade mu duru. Dwetɛ mpɔw baako bɛyɛ gram du abien, na dwetɛ mpɔw aduosia ayɛ gram ahanson aduonu (720). 13 “ ‘Akyɛde sononko a ɛsɛ wode ma ni: Awi kilogram abiɛsa ne atoko kilogram abien ne fa. 14 Ngo dodow a wɔatwa ato hɔ no nyɛ lita abien ne fa. 15 Afei wɔmfa nguankuw ahannu a wɔwɔ Israel adidibea a hɔ wɔ nsu no mu baako. Eyinom na wɔde bɛyɛ aduan afɔrebɔde, ɔhyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde a ɛbɛyɛ mpata ama nnipa no, Otumfo AWURADE na ose. 16 Ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔde ba. 17 Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛde sɛ ɔde afɔrebɔde a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te sɛ ɔsram foforo afahyɛ, homenna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔde, ɔhyew ho afɔrebɔde, atoko afɔrebɔde, nsa afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde bɛba abɛyɛ nkabomde ama Israel. 18 “ ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ. 19 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de bɔne afɔrebɔde no mogya no bi keka asɔredan no apongua, afɔremuka no apa a ɛwɔ soro no ntwea so anan no ne mfimfini adiwo no apongua ho. 20 Ɛsɛ sɛ woyɛ ade koro yi ara wɔ ɔsram no da a ɛto so ason de ma obiara a wanhyɛ da na ɔyɛɛ bɔne anaa nim a onnim nti ɔbɛyɛ bɔne, na wonam so de ayɛ mpata ama asɔredan no. 21 “ ‘Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no, ɛsɛ sɛ mudi Twam Afahyɛ a ɛyɛ aponto a wɔde nnanson na ɛyɛ no, saa bere no, mubedi brodo a mmɔkaw nni mu. 22 Saa da no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔre ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba. 23 Da biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini ason ne adwennini ason a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyew afɔrebɔde ma AWURADE, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔde. 24 Nea ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduan afɔrebɔde yɛ kɛntɛn baako (lita aduonu abien) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita aduonu abien) nso a ɛka Odwennini baako biara ho. Ngo lita anan nso ka kɛntɛn biara ho. 25 “ ‘Nnanson Afahyɛ a wofi ase wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔde, ɔhyew afɔrebɔde, aduan afɔrebɔde ne ngo.

In Other Versions

Ezekiel 45 in the ANGEFD

Ezekiel 45 in the ANTPNG2D

Ezekiel 45 in the AS21

Ezekiel 45 in the BAGH

Ezekiel 45 in the BBPNG

Ezekiel 45 in the BBT1E

Ezekiel 45 in the BDS

Ezekiel 45 in the BEV

Ezekiel 45 in the BHAD

Ezekiel 45 in the BIB

Ezekiel 45 in the BLPT

Ezekiel 45 in the BNT

Ezekiel 45 in the BNTABOOT

Ezekiel 45 in the BNTLV

Ezekiel 45 in the BOATCB

Ezekiel 45 in the BOBCV

Ezekiel 45 in the BOCNT

Ezekiel 45 in the BOECS

Ezekiel 45 in the BOGWICC

Ezekiel 45 in the BOHCB

Ezekiel 45 in the BOHCV

Ezekiel 45 in the BOHLNT

Ezekiel 45 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 45 in the BOICB

Ezekiel 45 in the BOILNTAP

Ezekiel 45 in the BOITCV

Ezekiel 45 in the BOKCV

Ezekiel 45 in the BOKCV2

Ezekiel 45 in the BOKHWOG

Ezekiel 45 in the BOKSSV

Ezekiel 45 in the BOLCB

Ezekiel 45 in the BOLCB2

Ezekiel 45 in the BOMCV

Ezekiel 45 in the BONAV

Ezekiel 45 in the BONCB

Ezekiel 45 in the BONLT

Ezekiel 45 in the BONUT2

Ezekiel 45 in the BOPLNT

Ezekiel 45 in the BOSCB

Ezekiel 45 in the BOSNC

Ezekiel 45 in the BOTLNT

Ezekiel 45 in the BOVCB

Ezekiel 45 in the BOYCB

Ezekiel 45 in the BPBB

Ezekiel 45 in the BPH

Ezekiel 45 in the BSB

Ezekiel 45 in the CCB

Ezekiel 45 in the CUV

Ezekiel 45 in the CUVS

Ezekiel 45 in the DBT

Ezekiel 45 in the DGDNT

Ezekiel 45 in the DHNT

Ezekiel 45 in the DNT

Ezekiel 45 in the ELBE

Ezekiel 45 in the EMTV

Ezekiel 45 in the ESV

Ezekiel 45 in the FBV

Ezekiel 45 in the FEB

Ezekiel 45 in the GGMNT

Ezekiel 45 in the GNT

Ezekiel 45 in the HARY

Ezekiel 45 in the HNT

Ezekiel 45 in the IRVA

Ezekiel 45 in the IRVB

Ezekiel 45 in the IRVG

Ezekiel 45 in the IRVH

Ezekiel 45 in the IRVK

Ezekiel 45 in the IRVM

Ezekiel 45 in the IRVM2

Ezekiel 45 in the IRVO

Ezekiel 45 in the IRVP

Ezekiel 45 in the IRVT

Ezekiel 45 in the IRVT2

Ezekiel 45 in the IRVU

Ezekiel 45 in the ISVN

Ezekiel 45 in the JSNT

Ezekiel 45 in the KAPI

Ezekiel 45 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 45 in the KBV

Ezekiel 45 in the KJV

Ezekiel 45 in the KNFD

Ezekiel 45 in the LBA

Ezekiel 45 in the LBLA

Ezekiel 45 in the LNT

Ezekiel 45 in the LSV

Ezekiel 45 in the MAAL

Ezekiel 45 in the MBV

Ezekiel 45 in the MBV2

Ezekiel 45 in the MHNT

Ezekiel 45 in the MKNFD

Ezekiel 45 in the MNG

Ezekiel 45 in the MNT

Ezekiel 45 in the MNT2

Ezekiel 45 in the MRS1T

Ezekiel 45 in the NAA

Ezekiel 45 in the NASB

Ezekiel 45 in the NBLA

Ezekiel 45 in the NBS

Ezekiel 45 in the NBVTP

Ezekiel 45 in the NET2

Ezekiel 45 in the NIV11

Ezekiel 45 in the NNT

Ezekiel 45 in the NNT2

Ezekiel 45 in the NNT3

Ezekiel 45 in the PDDPT

Ezekiel 45 in the PFNT

Ezekiel 45 in the RMNT

Ezekiel 45 in the SBIAS

Ezekiel 45 in the SBIBS

Ezekiel 45 in the SBIBS2

Ezekiel 45 in the SBICS

Ezekiel 45 in the SBIDS

Ezekiel 45 in the SBIGS

Ezekiel 45 in the SBIHS

Ezekiel 45 in the SBIIS

Ezekiel 45 in the SBIIS2

Ezekiel 45 in the SBIIS3

Ezekiel 45 in the SBIKS

Ezekiel 45 in the SBIKS2

Ezekiel 45 in the SBIMS

Ezekiel 45 in the SBIOS

Ezekiel 45 in the SBIPS

Ezekiel 45 in the SBISS

Ezekiel 45 in the SBITS

Ezekiel 45 in the SBITS2

Ezekiel 45 in the SBITS3

Ezekiel 45 in the SBITS4

Ezekiel 45 in the SBIUS

Ezekiel 45 in the SBIVS

Ezekiel 45 in the SBT

Ezekiel 45 in the SBT1E

Ezekiel 45 in the SCHL

Ezekiel 45 in the SNT

Ezekiel 45 in the SUSU

Ezekiel 45 in the SUSU2

Ezekiel 45 in the SYNO

Ezekiel 45 in the TBIAOTANT

Ezekiel 45 in the TBT1E

Ezekiel 45 in the TBT1E2

Ezekiel 45 in the TFTIP

Ezekiel 45 in the TFTU

Ezekiel 45 in the TGNTATF3T

Ezekiel 45 in the THAI

Ezekiel 45 in the TNFD

Ezekiel 45 in the TNT

Ezekiel 45 in the TNTIK

Ezekiel 45 in the TNTIL

Ezekiel 45 in the TNTIN

Ezekiel 45 in the TNTIP

Ezekiel 45 in the TNTIZ

Ezekiel 45 in the TOMA

Ezekiel 45 in the TTENT

Ezekiel 45 in the UBG

Ezekiel 45 in the UGV

Ezekiel 45 in the UGV2

Ezekiel 45 in the UGV3

Ezekiel 45 in the VBL

Ezekiel 45 in the VDCC

Ezekiel 45 in the YALU

Ezekiel 45 in the YAPE

Ezekiel 45 in the YBVTP

Ezekiel 45 in the ZBP