Ezra 7 (BOATCB2)

1 Persiahene Artasasta ahenni mu no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima 2 na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima 3 na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima 4 a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima 5 a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasar babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanyin no babarima. 6 Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a onim Mose mmara no a AWURADE, Israel Nyankopɔn, de ama Israelfo no yiye. Ofi Babilonia baa Yerusalem na biribiara a obisaa ɔhene no ɔde maa no, efisɛ na AWURADE nsa no wɔ ne so. 7 Israelhene no ne asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo ne asɔredan mu asomfo ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahenni mfe ason so. 8 Saa afe no, Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem. 9 Ofii Babilonia Abib ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so awotwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so anan. Na Onyankopɔn adom nsa wɔ ne so. 10 Efisɛ na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, obesua, na wadi AWURADE mmara so, na wakyerɛ Israelfo saa mmara no. 11 Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfo Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a osuae, na ɔkyerɛɛ Israelfo AWURADE mmara no. Ɔkyerɛw se: 12 Me ahene mu hene Artasasta, nkyia a mede rekyia ɔsɔfo Ɛsra ne AWURADE a ɔte ɔsorosoro no mmarakyerɛni no ni: 13 Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼaheman mu a asɔfo ne Lewifo ka ho no nyinaa, mfi wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem. 14 Me ne mʼagyinatufo baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Nyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho. 15 Fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔre a yɛrebɔ ama Israel Nyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ, 16 na gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wubenya afi Babilonia ne nea wɔde bɛkyɛ wo biara afi ɔmanfo ne asɔfo nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Nyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no kɔ. 17 Saa akyɛde yi, nea ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, adwennini, nguantenmma ne atoko afɔrebɔde a ɛfata, ne nsa afɔrebɔde a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔre wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔremuka so. 18 Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wo mfɛfo mfa nni dwuma biara a mugye di sɛ ɛyɛ mo Nyankopɔn pɛ. 19 Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Nyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no. 20 Sɛ mo sika sa wɔ biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mummisa sika mfi adehye foto mu. 21 Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapade akorae a ɛwɔ asu Efrate agya no sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, efisɛ ɔyɛ ɔsɔfo ne ɔsorosoro Nyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛfo. 22 Ɛsɛ sɛ moma no kosi dwetɛ nkaribo pɔn mpem ason ne ahannum, atoko susukoraa ahannum, nsa gyare ahannum aduonum, ngo gyare ahannum aduonum ne nkyene a wontumi mmu ano. 23 Monhwɛ yiye, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro no abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuw ba ɔhene ne ne mmabarima so? 24 Mesan hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo, Lewini, nnwontofo, ɔpon ano hwɛfo, asɔredan mu somfo anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no tua tow biara. 25 Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asennifo ne atemmufo a wonim mo Nyankopɔn mmara no, na wodi nnipa a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn. 26 Obiara a obebu mo Nyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wobekum no, wobetwa no asu, wɔbɛfa nʼagyapade anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe. 27 Ayeyi nka AWURADE, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ onsiesie AWURADE asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no. 28 Na ayeyi nka no sɛ, ɔdaa ne dɔ kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me anuonyam wɔ ɔhene, nʼagyinatufo ne nʼahenemma atumfo no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, efisɛ na AWURADE, me Nyankopɔn, nsa wɔ me so. Na meboaboaa Israel ntuanofo no bi ano sɛ wɔnka me ho mma yɛnkɔ Yerusalem.

In Other Versions

Ezra 7 in the ANGEFD

Ezra 7 in the ANTPNG2D

Ezra 7 in the AS21

Ezra 7 in the BAGH

Ezra 7 in the BBPNG

Ezra 7 in the BBT1E

Ezra 7 in the BDS

Ezra 7 in the BEV

Ezra 7 in the BHAD

Ezra 7 in the BIB

Ezra 7 in the BLPT

Ezra 7 in the BNT

Ezra 7 in the BNTABOOT

Ezra 7 in the BNTLV

Ezra 7 in the BOATCB

Ezra 7 in the BOBCV

Ezra 7 in the BOCNT

Ezra 7 in the BOECS

Ezra 7 in the BOGWICC

Ezra 7 in the BOHCB

Ezra 7 in the BOHCV

Ezra 7 in the BOHLNT

Ezra 7 in the BOHNTLTAL

Ezra 7 in the BOICB

Ezra 7 in the BOILNTAP

Ezra 7 in the BOITCV

Ezra 7 in the BOKCV

Ezra 7 in the BOKCV2

Ezra 7 in the BOKHWOG

Ezra 7 in the BOKSSV

Ezra 7 in the BOLCB

Ezra 7 in the BOLCB2

Ezra 7 in the BOMCV

Ezra 7 in the BONAV

Ezra 7 in the BONCB

Ezra 7 in the BONLT

Ezra 7 in the BONUT2

Ezra 7 in the BOPLNT

Ezra 7 in the BOSCB

Ezra 7 in the BOSNC

Ezra 7 in the BOTLNT

Ezra 7 in the BOVCB

Ezra 7 in the BOYCB

Ezra 7 in the BPBB

Ezra 7 in the BPH

Ezra 7 in the BSB

Ezra 7 in the CCB

Ezra 7 in the CUV

Ezra 7 in the CUVS

Ezra 7 in the DBT

Ezra 7 in the DGDNT

Ezra 7 in the DHNT

Ezra 7 in the DNT

Ezra 7 in the ELBE

Ezra 7 in the EMTV

Ezra 7 in the ESV

Ezra 7 in the FBV

Ezra 7 in the FEB

Ezra 7 in the GGMNT

Ezra 7 in the GNT

Ezra 7 in the HARY

Ezra 7 in the HNT

Ezra 7 in the IRVA

Ezra 7 in the IRVB

Ezra 7 in the IRVG

Ezra 7 in the IRVH

Ezra 7 in the IRVK

Ezra 7 in the IRVM

Ezra 7 in the IRVM2

Ezra 7 in the IRVO

Ezra 7 in the IRVP

Ezra 7 in the IRVT

Ezra 7 in the IRVT2

Ezra 7 in the IRVU

Ezra 7 in the ISVN

Ezra 7 in the JSNT

Ezra 7 in the KAPI

Ezra 7 in the KBT1ETNIK

Ezra 7 in the KBV

Ezra 7 in the KJV

Ezra 7 in the KNFD

Ezra 7 in the LBA

Ezra 7 in the LBLA

Ezra 7 in the LNT

Ezra 7 in the LSV

Ezra 7 in the MAAL

Ezra 7 in the MBV

Ezra 7 in the MBV2

Ezra 7 in the MHNT

Ezra 7 in the MKNFD

Ezra 7 in the MNG

Ezra 7 in the MNT

Ezra 7 in the MNT2

Ezra 7 in the MRS1T

Ezra 7 in the NAA

Ezra 7 in the NASB

Ezra 7 in the NBLA

Ezra 7 in the NBS

Ezra 7 in the NBVTP

Ezra 7 in the NET2

Ezra 7 in the NIV11

Ezra 7 in the NNT

Ezra 7 in the NNT2

Ezra 7 in the NNT3

Ezra 7 in the PDDPT

Ezra 7 in the PFNT

Ezra 7 in the RMNT

Ezra 7 in the SBIAS

Ezra 7 in the SBIBS

Ezra 7 in the SBIBS2

Ezra 7 in the SBICS

Ezra 7 in the SBIDS

Ezra 7 in the SBIGS

Ezra 7 in the SBIHS

Ezra 7 in the SBIIS

Ezra 7 in the SBIIS2

Ezra 7 in the SBIIS3

Ezra 7 in the SBIKS

Ezra 7 in the SBIKS2

Ezra 7 in the SBIMS

Ezra 7 in the SBIOS

Ezra 7 in the SBIPS

Ezra 7 in the SBISS

Ezra 7 in the SBITS

Ezra 7 in the SBITS2

Ezra 7 in the SBITS3

Ezra 7 in the SBITS4

Ezra 7 in the SBIUS

Ezra 7 in the SBIVS

Ezra 7 in the SBT

Ezra 7 in the SBT1E

Ezra 7 in the SCHL

Ezra 7 in the SNT

Ezra 7 in the SUSU

Ezra 7 in the SUSU2

Ezra 7 in the SYNO

Ezra 7 in the TBIAOTANT

Ezra 7 in the TBT1E

Ezra 7 in the TBT1E2

Ezra 7 in the TFTIP

Ezra 7 in the TFTU

Ezra 7 in the TGNTATF3T

Ezra 7 in the THAI

Ezra 7 in the TNFD

Ezra 7 in the TNT

Ezra 7 in the TNTIK

Ezra 7 in the TNTIL

Ezra 7 in the TNTIN

Ezra 7 in the TNTIP

Ezra 7 in the TNTIZ

Ezra 7 in the TOMA

Ezra 7 in the TTENT

Ezra 7 in the UBG

Ezra 7 in the UGV

Ezra 7 in the UGV2

Ezra 7 in the UGV3

Ezra 7 in the VBL

Ezra 7 in the VDCC

Ezra 7 in the YALU

Ezra 7 in the YAPE

Ezra 7 in the YBVTP

Ezra 7 in the ZBP