Galatians 1 (BOATCB2)

1 Paulo, ɔsomafo a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔpaw me sɛ ɔsomafo, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no, 2 ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa, De krataa yi kɔma Galati asafo ahorow no nyinaa: 3 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 4 Yɛn bɔne nti, Kristo yɛɛ osetie maa yɛn Agya Nyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔre gyee yɛn fii bɔne a yɛwɔ mu nnɛ yi mu. 5 Anuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen. 6 Mo ho yɛ me nwonwa sɛ mopɛ ntɛm po nea ɔfrɛɛ mo se montena Kristo adom mu no, kodi asɛmpa foforo 7 a ɛnyɛ nokware asɛmpa koraa bi no akyi. Ɛda adi sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔredan mo adwene pɛ sɛ wosiw Kristo Asɛmpa no ho kwan. 8 Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfo fi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonoe da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu. 9 Yɛaka dedaw na mereti mu sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye ato mu no bɔ abira no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu. 10 Nea nnipa pene so na mereyɛ yi ana? Dabi! Mepɛ nea Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ nea ɛsɔ nnipa ani? Sɛ migu so yɛ saa de a, na menyɛ Kristo somfo. 11 Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfi onipa hɔ. 12 Me nsa anka amfi onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me. 13 Moate sɛ na mesɛe mʼadagyew nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei moate nso sɛ na mede atirimɔden taa Onyankopɔn akyidifo, na mefaa ɔkwan biara a metumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase. 14 Me mfɛfo Yudafo no de, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sen wɔn nyinaa. Na mikura yɛn nananom amanne nso mu denneennen. 15 Nanso Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na bere no soo 16 sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufo no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; 17 saa ara nso na mankɔ Yerusalem ankohu asomafo a na wodi mʼanim kan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ na mesan baa Damasko. 18 Mfe abiɛsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kodii nkɔmmɔ. Midii ne nkyɛn nna dunum. 19 Manhu ɔsomafo biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho. 20 Meka kyerɛ mo wɔ Onyankopɔn anim se nea merekyerɛw yi yɛ nokware turodoo. 21 Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia. 22 Saa bere no na Kristo asafo ahorow a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. 23 Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei de, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidi a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.” 24 Na me nti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.

In Other Versions

Galatians 1 in the ANGEFD

Galatians 1 in the ANTPNG2D

Galatians 1 in the AS21

Galatians 1 in the BAGH

Galatians 1 in the BBPNG

Galatians 1 in the BBT1E

Galatians 1 in the BDS

Galatians 1 in the BEV

Galatians 1 in the BHAD

Galatians 1 in the BIB

Galatians 1 in the BLPT

Galatians 1 in the BNT

Galatians 1 in the BNTABOOT

Galatians 1 in the BNTLV

Galatians 1 in the BOATCB

Galatians 1 in the BOBCV

Galatians 1 in the BOCNT

Galatians 1 in the BOECS

Galatians 1 in the BOGWICC

Galatians 1 in the BOHCB

Galatians 1 in the BOHCV

Galatians 1 in the BOHLNT

Galatians 1 in the BOHNTLTAL

Galatians 1 in the BOICB

Galatians 1 in the BOILNTAP

Galatians 1 in the BOITCV

Galatians 1 in the BOKCV

Galatians 1 in the BOKCV2

Galatians 1 in the BOKHWOG

Galatians 1 in the BOKSSV

Galatians 1 in the BOLCB

Galatians 1 in the BOLCB2

Galatians 1 in the BOMCV

Galatians 1 in the BONAV

Galatians 1 in the BONCB

Galatians 1 in the BONLT

Galatians 1 in the BONUT2

Galatians 1 in the BOPLNT

Galatians 1 in the BOSCB

Galatians 1 in the BOSNC

Galatians 1 in the BOTLNT

Galatians 1 in the BOVCB

Galatians 1 in the BOYCB

Galatians 1 in the BPBB

Galatians 1 in the BPH

Galatians 1 in the BSB

Galatians 1 in the CCB

Galatians 1 in the CUV

Galatians 1 in the CUVS

Galatians 1 in the DBT

Galatians 1 in the DGDNT

Galatians 1 in the DHNT

Galatians 1 in the DNT

Galatians 1 in the ELBE

Galatians 1 in the EMTV

Galatians 1 in the ESV

Galatians 1 in the FBV

Galatians 1 in the FEB

Galatians 1 in the GGMNT

Galatians 1 in the GNT

Galatians 1 in the HARY

Galatians 1 in the HNT

Galatians 1 in the IRVA

Galatians 1 in the IRVB

Galatians 1 in the IRVG

Galatians 1 in the IRVH

Galatians 1 in the IRVK

Galatians 1 in the IRVM

Galatians 1 in the IRVM2

Galatians 1 in the IRVO

Galatians 1 in the IRVP

Galatians 1 in the IRVT

Galatians 1 in the IRVT2

Galatians 1 in the IRVU

Galatians 1 in the ISVN

Galatians 1 in the JSNT

Galatians 1 in the KAPI

Galatians 1 in the KBT1ETNIK

Galatians 1 in the KBV

Galatians 1 in the KJV

Galatians 1 in the KNFD

Galatians 1 in the LBA

Galatians 1 in the LBLA

Galatians 1 in the LNT

Galatians 1 in the LSV

Galatians 1 in the MAAL

Galatians 1 in the MBV

Galatians 1 in the MBV2

Galatians 1 in the MHNT

Galatians 1 in the MKNFD

Galatians 1 in the MNG

Galatians 1 in the MNT

Galatians 1 in the MNT2

Galatians 1 in the MRS1T

Galatians 1 in the NAA

Galatians 1 in the NASB

Galatians 1 in the NBLA

Galatians 1 in the NBS

Galatians 1 in the NBVTP

Galatians 1 in the NET2

Galatians 1 in the NIV11

Galatians 1 in the NNT

Galatians 1 in the NNT2

Galatians 1 in the NNT3

Galatians 1 in the PDDPT

Galatians 1 in the PFNT

Galatians 1 in the RMNT

Galatians 1 in the SBIAS

Galatians 1 in the SBIBS

Galatians 1 in the SBIBS2

Galatians 1 in the SBICS

Galatians 1 in the SBIDS

Galatians 1 in the SBIGS

Galatians 1 in the SBIHS

Galatians 1 in the SBIIS

Galatians 1 in the SBIIS2

Galatians 1 in the SBIIS3

Galatians 1 in the SBIKS

Galatians 1 in the SBIKS2

Galatians 1 in the SBIMS

Galatians 1 in the SBIOS

Galatians 1 in the SBIPS

Galatians 1 in the SBISS

Galatians 1 in the SBITS

Galatians 1 in the SBITS2

Galatians 1 in the SBITS3

Galatians 1 in the SBITS4

Galatians 1 in the SBIUS

Galatians 1 in the SBIVS

Galatians 1 in the SBT

Galatians 1 in the SBT1E

Galatians 1 in the SCHL

Galatians 1 in the SNT

Galatians 1 in the SUSU

Galatians 1 in the SUSU2

Galatians 1 in the SYNO

Galatians 1 in the TBIAOTANT

Galatians 1 in the TBT1E

Galatians 1 in the TBT1E2

Galatians 1 in the TFTIP

Galatians 1 in the TFTU

Galatians 1 in the TGNTATF3T

Galatians 1 in the THAI

Galatians 1 in the TNFD

Galatians 1 in the TNT

Galatians 1 in the TNTIK

Galatians 1 in the TNTIL

Galatians 1 in the TNTIN

Galatians 1 in the TNTIP

Galatians 1 in the TNTIZ

Galatians 1 in the TOMA

Galatians 1 in the TTENT

Galatians 1 in the UBG

Galatians 1 in the UGV

Galatians 1 in the UGV2

Galatians 1 in the UGV3

Galatians 1 in the VBL

Galatians 1 in the VDCC

Galatians 1 in the YALU

Galatians 1 in the YAPE

Galatians 1 in the YBVTP

Galatians 1 in the ZBP