Hebrews 2 (BOATCB2)
1 Eyi nti na ɛsɛ sɛ yeso nokware a yɛate no mu dennen, sɛnea ɛbɛyɛ a biribi rentu yɛn aso. 2 Nsɛm a abɔfo no kae no yɛ nokware, enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no. 3 Na sɛ yɛantie saa nkwagye yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan? Awurade no ankasa na odii kan kaa saa nkwagye yi ho asɛm na wɔn a wotiee no no ama yɛahu sɛ ɛyɛ nokware. 4 Saa bere koro no ara mu na Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwadwuma so dii ho adanse. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛnea ɔpɛ. 5 Onyankopɔn amma abɔfo anni wiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa wiase a yɛka ho asɛm no. 6 Na mmom wɔaka wɔ Kyerɛwsɛm no mu baabi se,“Onipa ne hena a wokae no;na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho? 7 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo;na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri, 8 sɛ onni nneɛma nyinaa so.”Ɛka se Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ, “Nneɛma nyinaa sodifo,” eyi da no adi sɛ biribiara ka ho. Nanso yenhu sɛ mprempren onipa di nneɛma nyinaa so. 9 Nanso yehu Yesu! Mmere tiaa bi, wɔbɔɔ no hyɛɛ abɔfo ase sɛnea ɛbɛyɛ a esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti ɛsɛ sɛ owu ma nnipa nyinaa no. Yehu no sɛ esiane owu a owui no nti, wɔahyɛ no anuonyam. 10 Eye sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa na ɔhwɛ so no bɛma Yesu afa nʼamanehunu no mu ayɛ pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma nyinaa akɔ saa anuonyam no mu bi. Efisɛ Yesu no nko ara ne Onipa a obedi wɔn anim akɔ nkwagye no mu. 11 Ɔma nnipa yɛ kronkron fi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno nti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no. 12 Ɔka se,“Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom,mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.” 13 Ɔsan ka bio se,“Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.”Na ɔno nso ka se,“Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no ni.” 14 Esiane sɛ mma no wɔ ɔhonam ne mogya nti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne wu no so bɛsɛe ɔbonsam a okura owu tumi no ahoɔden. 15 Na ɔnam so agye wɔn a esiane sɛ wosuro owu nti, wɔayɛ akoa wɔ wɔn asetena nyinaa mu no. 16 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfo na ɔboa wɔn. Na mmom sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefo.” 17 Eyi kyerɛ sɛ ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ wɔn Sɔfopanyin nokwafo ne mmɔborɔhunufo wɔ Onyankopɔn som mu, na anam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn. 18 Enti afei, obetumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ no, efisɛ wɔsɔɔ ɔno ankasa hwɛe, ma ohuu amane.
In Other Versions
Hebrews 2 in the ANGEFD
Hebrews 2 in the ANTPNG2D
Hebrews 2 in the AS21
Hebrews 2 in the BAGH
Hebrews 2 in the BBPNG
Hebrews 2 in the BBT1E
Hebrews 2 in the BDS
Hebrews 2 in the BEV
Hebrews 2 in the BHAD
Hebrews 2 in the BIB
Hebrews 2 in the BLPT
Hebrews 2 in the BNT
Hebrews 2 in the BNTABOOT
Hebrews 2 in the BNTLV
Hebrews 2 in the BOATCB
Hebrews 2 in the BOBCV
Hebrews 2 in the BOCNT
Hebrews 2 in the BOECS
Hebrews 2 in the BOGWICC
Hebrews 2 in the BOHCB
Hebrews 2 in the BOHCV
Hebrews 2 in the BOHLNT
Hebrews 2 in the BOHNTLTAL
Hebrews 2 in the BOICB
Hebrews 2 in the BOILNTAP
Hebrews 2 in the BOITCV
Hebrews 2 in the BOKCV
Hebrews 2 in the BOKCV2
Hebrews 2 in the BOKHWOG
Hebrews 2 in the BOKSSV
Hebrews 2 in the BOLCB
Hebrews 2 in the BOLCB2
Hebrews 2 in the BOMCV
Hebrews 2 in the BONAV
Hebrews 2 in the BONCB
Hebrews 2 in the BONLT
Hebrews 2 in the BONUT2
Hebrews 2 in the BOPLNT
Hebrews 2 in the BOSCB
Hebrews 2 in the BOSNC
Hebrews 2 in the BOTLNT
Hebrews 2 in the BOVCB
Hebrews 2 in the BOYCB
Hebrews 2 in the BPBB
Hebrews 2 in the BPH
Hebrews 2 in the BSB
Hebrews 2 in the CCB
Hebrews 2 in the CUV
Hebrews 2 in the CUVS
Hebrews 2 in the DBT
Hebrews 2 in the DGDNT
Hebrews 2 in the DHNT
Hebrews 2 in the DNT
Hebrews 2 in the ELBE
Hebrews 2 in the EMTV
Hebrews 2 in the ESV
Hebrews 2 in the FBV
Hebrews 2 in the FEB
Hebrews 2 in the GGMNT
Hebrews 2 in the GNT
Hebrews 2 in the HARY
Hebrews 2 in the HNT
Hebrews 2 in the IRVA
Hebrews 2 in the IRVB
Hebrews 2 in the IRVG
Hebrews 2 in the IRVH
Hebrews 2 in the IRVK
Hebrews 2 in the IRVM
Hebrews 2 in the IRVM2
Hebrews 2 in the IRVO
Hebrews 2 in the IRVP
Hebrews 2 in the IRVT
Hebrews 2 in the IRVT2
Hebrews 2 in the IRVU
Hebrews 2 in the ISVN
Hebrews 2 in the JSNT
Hebrews 2 in the KAPI
Hebrews 2 in the KBT1ETNIK
Hebrews 2 in the KBV
Hebrews 2 in the KJV
Hebrews 2 in the KNFD
Hebrews 2 in the LBA
Hebrews 2 in the LBLA
Hebrews 2 in the LNT
Hebrews 2 in the LSV
Hebrews 2 in the MAAL
Hebrews 2 in the MBV
Hebrews 2 in the MBV2
Hebrews 2 in the MHNT
Hebrews 2 in the MKNFD
Hebrews 2 in the MNG
Hebrews 2 in the MNT
Hebrews 2 in the MNT2
Hebrews 2 in the MRS1T
Hebrews 2 in the NAA
Hebrews 2 in the NASB
Hebrews 2 in the NBLA
Hebrews 2 in the NBS
Hebrews 2 in the NBVTP
Hebrews 2 in the NET2
Hebrews 2 in the NIV11
Hebrews 2 in the NNT
Hebrews 2 in the NNT2
Hebrews 2 in the NNT3
Hebrews 2 in the PDDPT
Hebrews 2 in the PFNT
Hebrews 2 in the RMNT
Hebrews 2 in the SBIAS
Hebrews 2 in the SBIBS
Hebrews 2 in the SBIBS2
Hebrews 2 in the SBICS
Hebrews 2 in the SBIDS
Hebrews 2 in the SBIGS
Hebrews 2 in the SBIHS
Hebrews 2 in the SBIIS
Hebrews 2 in the SBIIS2
Hebrews 2 in the SBIIS3
Hebrews 2 in the SBIKS
Hebrews 2 in the SBIKS2
Hebrews 2 in the SBIMS
Hebrews 2 in the SBIOS
Hebrews 2 in the SBIPS
Hebrews 2 in the SBISS
Hebrews 2 in the SBITS
Hebrews 2 in the SBITS2
Hebrews 2 in the SBITS3
Hebrews 2 in the SBITS4
Hebrews 2 in the SBIUS
Hebrews 2 in the SBIVS
Hebrews 2 in the SBT
Hebrews 2 in the SBT1E
Hebrews 2 in the SCHL
Hebrews 2 in the SNT
Hebrews 2 in the SUSU
Hebrews 2 in the SUSU2
Hebrews 2 in the SYNO
Hebrews 2 in the TBIAOTANT
Hebrews 2 in the TBT1E
Hebrews 2 in the TBT1E2
Hebrews 2 in the TFTIP
Hebrews 2 in the TFTU
Hebrews 2 in the TGNTATF3T
Hebrews 2 in the THAI
Hebrews 2 in the TNFD
Hebrews 2 in the TNT
Hebrews 2 in the TNTIK
Hebrews 2 in the TNTIL
Hebrews 2 in the TNTIN
Hebrews 2 in the TNTIP
Hebrews 2 in the TNTIZ
Hebrews 2 in the TOMA
Hebrews 2 in the TTENT
Hebrews 2 in the UBG
Hebrews 2 in the UGV
Hebrews 2 in the UGV2
Hebrews 2 in the UGV3
Hebrews 2 in the VBL
Hebrews 2 in the VDCC
Hebrews 2 in the YALU
Hebrews 2 in the YAPE
Hebrews 2 in the YBVTP
Hebrews 2 in the ZBP