Judges 21 (BOATCB2)
1 Israelfo aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmabea mma ɔbarima biara a ofi Benyamin abusuakuw mu aware. 2 Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kosii anwummere, maa wɔn nne so, suu denneennen kae se, 3 “Ao AWURADE, Israel Nyankopɔn, adɛn nti na saa asɛm yi asi? Mprempren yɛn mmusuakuw no mu baako ayera!” 4 Adekyee mu no, nnipa no sii afɔremuka, na wɔbɔɔ ɔhyew ne asomdwoe afɔre. 5 Wobisae se, “Abusuakuw bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini bere a yɛkɔɔ nhyiamu kɛse wɔ AWURADE anim wɔ Mispa no ana?” Saa bere no, na wɔaka ntankɛse wɔ AWURADE anim sɛ, obiara a wamma no, ɛsɛ sɛ owu. 6 Na Israelfo no dii yaw wɔ Benyaminfo no ho kae se, “Nnɛ yi, abusuakuw baako afi yɛn mu; na nʼase reyɛ atɔre. 7 Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, esiane AWURADE ntam a yɛaka sɛ yɛremfa yɛn mmabea mu biara mma wɔn aware nti?” 8 Enti wobisae se, “Bere a yɛde yɛn ho kyerɛɛ AWURADE wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi ana?” Ɛhɔ na wohui sɛ, obiara amfi Yabes Gilead amma saa aguabɔ no ase bi. 9 Na wɔkan nnipa no nyinaa no, wɔannya obiara a ofi Yabes Gilead. 10 Enti wɔsomaa akofo mpem dumien kɔɔ Yabes Gilead sɛ wonkokunkum obiara a ɔwɔ hɔ a mmea ne mmofra ka ho. 11 Wɔkae se, “Eyi na ɛsɛ sɛ moyɛ. Munkum ɔbarima ne ɔbea biara a ɔnyɛ ɔbabun.” 12 Yabes Gileadfo mu no, wohuu mmabun ahannan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ. 13 Na Israelfo bagua no somaa asomdwoe abɔfo ma wɔkɔɔ Benyaminfo nkae no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn. 14 Na Benyaminfo no san kɔɔ wɔn afi mu, na wɔde mmabun a wofi Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn aware. Nanso mmea no anso wɔn so. 15 Nnipa no dii Benyaminfo no ho yaw, sɛ AWURADE ama mpaapaemu aba Israel mmusuakuw no mu. 16 Enti Israel ntuanofo no bisae se, “Sɛ wɔatɔre mmea a wofi Benyamin ase yi, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama mmarima a wɔaka no? 17 Ɛsɛ sɛ Benyaminfo a wɔaka no nya adedifo sɛnea ɛbɛyɛ a Israel abusuakuw bi ase ntɔre. 18 Nanso yɛrentumi mfa yɛn mmabea mma wɔn aware, efisɛ yɛaka ntankɛse sɛ, obiara a ɔde ne babea bɛma Benyaminni aware no, AWURADE nnome mmra ne so.” 19 Afei wɔdwenee AWURADE afeafe afahyɛ no ho, nea wodi wɔ Silo, a ɛwɔ Lebona ne Bet-El ntam, wɔ ɔkwan a efi Bet-El kosi Sekem no apuei fam. 20 Na wɔka kyerɛɛ Benyamin mmarima a wɔda so hwehwɛ yerenom no se, “Monkɔtɛw wɔ bobe nturo no mu. 21 Sɛ mmea a wofi Silo no ba bɛsaw wɔn asaw no a, mumpue mfi bobe nturo no mu, na mo mu biara betumi afa wɔn mu baako de no akɔ fie sɛ ne yere. 22 Na sɛ wɔn agyanom ne wɔn nuanom mmarima ba sɛ wɔmpene so a, yɛbɛka akyerɛ wɔn se, ‘Yɛsrɛ mo, monte ase. Momma wɔmfa mo mmabea no, efisɛ bere a yekunkum Yabes Gileadfo no, yɛannyaw mmea a ɛbɛso wɔn nyinaa so amma wɔn. Munnni ntam no ho fɔ, efisɛ ɛnyɛ mo na mode mo mmabea maa wɔn aware.’ ” 23 Enti Benyamin mmarima no yɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no. Wowiawiaa mmea a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapade no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkurow no bio tenaa mu. 24 Na Israelfo mmusuakuw ne mmusua no fii hɔ san kɔɔ wɔn ankasa afi mu. 25 Saa bere no na Israel nni ɔhene, nti na nea nnipa no gye di sɛ eye wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ.
In Other Versions
Judges 21 in the ANGEFD
Judges 21 in the ANTPNG2D
Judges 21 in the AS21
Judges 21 in the BAGH
Judges 21 in the BBPNG
Judges 21 in the BBT1E
Judges 21 in the BDS
Judges 21 in the BEV
Judges 21 in the BHAD
Judges 21 in the BIB
Judges 21 in the BLPT
Judges 21 in the BNT
Judges 21 in the BNTABOOT
Judges 21 in the BNTLV
Judges 21 in the BOATCB
Judges 21 in the BOBCV
Judges 21 in the BOCNT
Judges 21 in the BOECS
Judges 21 in the BOGWICC
Judges 21 in the BOHCB
Judges 21 in the BOHCV
Judges 21 in the BOHLNT
Judges 21 in the BOHNTLTAL
Judges 21 in the BOICB
Judges 21 in the BOILNTAP
Judges 21 in the BOITCV
Judges 21 in the BOKCV
Judges 21 in the BOKCV2
Judges 21 in the BOKHWOG
Judges 21 in the BOKSSV
Judges 21 in the BOLCB
Judges 21 in the BOLCB2
Judges 21 in the BOMCV
Judges 21 in the BONAV
Judges 21 in the BONCB
Judges 21 in the BONLT
Judges 21 in the BONUT2
Judges 21 in the BOPLNT
Judges 21 in the BOSCB
Judges 21 in the BOSNC
Judges 21 in the BOTLNT
Judges 21 in the BOVCB
Judges 21 in the BOYCB
Judges 21 in the BPBB
Judges 21 in the BPH
Judges 21 in the BSB
Judges 21 in the CCB
Judges 21 in the CUV
Judges 21 in the CUVS
Judges 21 in the DBT
Judges 21 in the DGDNT
Judges 21 in the DHNT
Judges 21 in the DNT
Judges 21 in the ELBE
Judges 21 in the EMTV
Judges 21 in the ESV
Judges 21 in the FBV
Judges 21 in the FEB
Judges 21 in the GGMNT
Judges 21 in the GNT
Judges 21 in the HARY
Judges 21 in the HNT
Judges 21 in the IRVA
Judges 21 in the IRVB
Judges 21 in the IRVG
Judges 21 in the IRVH
Judges 21 in the IRVK
Judges 21 in the IRVM
Judges 21 in the IRVM2
Judges 21 in the IRVO
Judges 21 in the IRVP
Judges 21 in the IRVT
Judges 21 in the IRVT2
Judges 21 in the IRVU
Judges 21 in the ISVN
Judges 21 in the JSNT
Judges 21 in the KAPI
Judges 21 in the KBT1ETNIK
Judges 21 in the KBV
Judges 21 in the KJV
Judges 21 in the KNFD
Judges 21 in the LBA
Judges 21 in the LBLA
Judges 21 in the LNT
Judges 21 in the LSV
Judges 21 in the MAAL
Judges 21 in the MBV
Judges 21 in the MBV2
Judges 21 in the MHNT
Judges 21 in the MKNFD
Judges 21 in the MNG
Judges 21 in the MNT
Judges 21 in the MNT2
Judges 21 in the MRS1T
Judges 21 in the NAA
Judges 21 in the NASB
Judges 21 in the NBLA
Judges 21 in the NBS
Judges 21 in the NBVTP
Judges 21 in the NET2
Judges 21 in the NIV11
Judges 21 in the NNT
Judges 21 in the NNT2
Judges 21 in the NNT3
Judges 21 in the PDDPT
Judges 21 in the PFNT
Judges 21 in the RMNT
Judges 21 in the SBIAS
Judges 21 in the SBIBS
Judges 21 in the SBIBS2
Judges 21 in the SBICS
Judges 21 in the SBIDS
Judges 21 in the SBIGS
Judges 21 in the SBIHS
Judges 21 in the SBIIS
Judges 21 in the SBIIS2
Judges 21 in the SBIIS3
Judges 21 in the SBIKS
Judges 21 in the SBIKS2
Judges 21 in the SBIMS
Judges 21 in the SBIOS
Judges 21 in the SBIPS
Judges 21 in the SBISS
Judges 21 in the SBITS
Judges 21 in the SBITS2
Judges 21 in the SBITS3
Judges 21 in the SBITS4
Judges 21 in the SBIUS
Judges 21 in the SBIVS
Judges 21 in the SBT
Judges 21 in the SBT1E
Judges 21 in the SCHL
Judges 21 in the SNT
Judges 21 in the SUSU
Judges 21 in the SUSU2
Judges 21 in the SYNO
Judges 21 in the TBIAOTANT
Judges 21 in the TBT1E
Judges 21 in the TBT1E2
Judges 21 in the TFTIP
Judges 21 in the TFTU
Judges 21 in the TGNTATF3T
Judges 21 in the THAI
Judges 21 in the TNFD
Judges 21 in the TNT
Judges 21 in the TNTIK
Judges 21 in the TNTIL
Judges 21 in the TNTIN
Judges 21 in the TNTIP
Judges 21 in the TNTIZ
Judges 21 in the TOMA
Judges 21 in the TTENT
Judges 21 in the UBG
Judges 21 in the UGV
Judges 21 in the UGV2
Judges 21 in the UGV3
Judges 21 in the VBL
Judges 21 in the VDCC
Judges 21 in the YALU
Judges 21 in the YAPE
Judges 21 in the YBVTP
Judges 21 in the ZBP