Jeremiah 52 (BOATCB2)

1 Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, sɛnea Yehoiakim yɛe no. 3 AWURADE abufuw nti na eyinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyiri no, oyii nʼani fii wɔn so.Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene. 4 Ɔsram Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛto so dunum wɔ Sedekia ahenni mfe akron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakofo nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wotwaa kuropɔn no ho hyiae. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasu ho. 5 Wotuaa kuropɔn no kosii Ɔhene Sedekia adedi afe a ɛto so dubaako no mu. 6 Eduu ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron no, na ɔkɔm a asi kuropɔn no mu no ano ayɛ den a mu nnipa no nnya aduan nni. 7 Na wɔpaee kuropɔn no fasu mu, na asraafo no nyinaa guanee. Wɔfaa ɔhene turo mu fii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɔpon a ɛwɔ afasu abien no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba. 8 Nanso Babilonia asraafo no taa Ɔhene Sedekia kɔtoo no wɔ Yeriko tataw so. Na nʼasraafo no nyinaa afi ne ho abɔ ahwete, 9 na wɔkyeree no.Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na hɔ na obuu no atɛn. 10 Ribla hɔ na Babiloniahene kunkum Sedekia mmabarima wɔ nʼanim na okum Yudafo adwumayɛfo nyinaa nso. 11 Afei otutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafrae mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia, hɔ na ɔde no too afiase kosii ne wuda. 12 Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem. 13 Ɔde ogya too AWURADE asɔredan, ahemfi ne afi a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyew ofi biara a edi mu. 14 Awɛmfo so panyin no hwɛ maa Babilonia asraafo no bubuu Yerusalem afasu no. 15 Ɔsahene Nebusaradan a na otua awɛmfo no ano no faa wɔn a wodi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfo a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommum mu. 16 Nanso Nebusaradan gyaa wɔn a wodi hia wɔ asase no so no nkae sɛ wɔnhwɛ bobe nturo ne mfuw no. 17 Babiloniafo no bubuu kɔbere mfrafrae afadum, nnyinasode a wotumi moma so ne kɔbere mfrafrae Po a na ɛwɔ AWURADE asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafrae no nyinaa kɔɔ Babilonia. 18 Afei wɔfaa nkuku, nsofi, kanea ntamabamma ntwitwaso, ɔpete nkuruwa, nsanka, mprɛte ne kɔbere mfrafrae nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma wɔ asɔredan mu no nso kɔe. 19 Ɔhene awɛmfo sahene no faa nkankyee, nkankyee ntrantraa, ɔpete nkuruwa, nkuku, kaneannua, nsanka, mprɛte ne nkuruwa a wɔde di ɔnom afɔrebɔ ho dwuma no kɔe; wɔde sikakɔkɔɔ ankasa anaa dwetɛ na ɛyɛɛ eyinom nyinaa. 20 Kɔbere mfrafrae a wɔde yɛɛ afadum abien no, Po no ne anantwinini dumien a ɛwɔ nʼase ne nnyinaso a wɔmema so, na wontumi nkari saa nneɛma a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ AWURADE asɔredan mu yi mu duru. 21 Na afadum no biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason na ne dantaban mu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Emu da tokuru na ne hankare no mu piw yɛ nsateaa anan. 22 Na kɔbere mfrafrae ntaaso a esi ɔfadum baako so no sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa a, wɔde kɔbere mfrafrae atoaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafrae atoaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no. 23 Na Kɔbere mfrafrae atoaa aba a ɛsensɛn ntaaso no ano no yɛ aduɔkron asia, na nea ɛkata ntaaso no ho yɛ ɔha. 24 Awɛmfo no sahene no faa ɔsɔfopanyin Seraia, abediakyiri Sefania ne ɔponanoahwɛfo baasa no nnommum. 25 Ɔfaa ɔpanyin a otua asraafo no ano, ne adehye afotufo baason fii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no mu. Afei ɔfaa ɔkyerɛwfo a na ɔyɛ adwumayɛfo panyin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafo wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfo no mu aduosia a ohuu wɔn wɔ kuropɔn no mu no. 26 Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla. 27 Ɔhene no ma wokunkum wɔn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat.Enti wotwaa Yuda asu fii nʼasase so. 28 Nnipa dodow a Nebukadnessar de wɔn kɔɔ nkoasom mu ni: nʼahenni afe a ɛto so ason mu,Yudafo 3,023; 29 Nebukadnessar ahenni afe a ɛto so dunwɔtwe mu,nnipa a wofi Yerusalem, 832; 30 nʼahenni afe a ɛto so aduonu abiɛsa mu,ɔsahene Nebusaradan, a otua ɔhene awɛmfo ano no de Yudafo 745 kɔɔ nnommum mu. Nnipa no nyinaa dodow yɛ 4,600. 31 Yudahene Yehoiakyin nnommumfa afe a ɛto so aduasa ason mu a Ewil-Merodak bɛyɛɛ Babiloniahene no, oyii Yudahene Yehoiakyin fii afiase wɔ ɔsram a ɛto so dumien no da a ɛto so aduonu anum. 32 Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no dibea a ɛwɔ anuonyam sen ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no de. 33 Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntade guu nkyɛn, na efi saa da no odidii wɔ ɔhene didipon so bere biara, kosii ne wuda. 34 Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.

In Other Versions

Jeremiah 52 in the ANGEFD

Jeremiah 52 in the ANTPNG2D

Jeremiah 52 in the AS21

Jeremiah 52 in the BAGH

Jeremiah 52 in the BBPNG

Jeremiah 52 in the BBT1E

Jeremiah 52 in the BDS

Jeremiah 52 in the BEV

Jeremiah 52 in the BHAD

Jeremiah 52 in the BIB

Jeremiah 52 in the BLPT

Jeremiah 52 in the BNT

Jeremiah 52 in the BNTABOOT

Jeremiah 52 in the BNTLV

Jeremiah 52 in the BOATCB

Jeremiah 52 in the BOBCV

Jeremiah 52 in the BOCNT

Jeremiah 52 in the BOECS

Jeremiah 52 in the BOGWICC

Jeremiah 52 in the BOHCB

Jeremiah 52 in the BOHCV

Jeremiah 52 in the BOHLNT

Jeremiah 52 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 52 in the BOICB

Jeremiah 52 in the BOILNTAP

Jeremiah 52 in the BOITCV

Jeremiah 52 in the BOKCV

Jeremiah 52 in the BOKCV2

Jeremiah 52 in the BOKHWOG

Jeremiah 52 in the BOKSSV

Jeremiah 52 in the BOLCB

Jeremiah 52 in the BOLCB2

Jeremiah 52 in the BOMCV

Jeremiah 52 in the BONAV

Jeremiah 52 in the BONCB

Jeremiah 52 in the BONLT

Jeremiah 52 in the BONUT2

Jeremiah 52 in the BOPLNT

Jeremiah 52 in the BOSCB

Jeremiah 52 in the BOSNC

Jeremiah 52 in the BOTLNT

Jeremiah 52 in the BOVCB

Jeremiah 52 in the BOYCB

Jeremiah 52 in the BPBB

Jeremiah 52 in the BPH

Jeremiah 52 in the BSB

Jeremiah 52 in the CCB

Jeremiah 52 in the CUV

Jeremiah 52 in the CUVS

Jeremiah 52 in the DBT

Jeremiah 52 in the DGDNT

Jeremiah 52 in the DHNT

Jeremiah 52 in the DNT

Jeremiah 52 in the ELBE

Jeremiah 52 in the EMTV

Jeremiah 52 in the ESV

Jeremiah 52 in the FBV

Jeremiah 52 in the FEB

Jeremiah 52 in the GGMNT

Jeremiah 52 in the GNT

Jeremiah 52 in the HARY

Jeremiah 52 in the HNT

Jeremiah 52 in the IRVA

Jeremiah 52 in the IRVB

Jeremiah 52 in the IRVG

Jeremiah 52 in the IRVH

Jeremiah 52 in the IRVK

Jeremiah 52 in the IRVM

Jeremiah 52 in the IRVM2

Jeremiah 52 in the IRVO

Jeremiah 52 in the IRVP

Jeremiah 52 in the IRVT

Jeremiah 52 in the IRVT2

Jeremiah 52 in the IRVU

Jeremiah 52 in the ISVN

Jeremiah 52 in the JSNT

Jeremiah 52 in the KAPI

Jeremiah 52 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 52 in the KBV

Jeremiah 52 in the KJV

Jeremiah 52 in the KNFD

Jeremiah 52 in the LBA

Jeremiah 52 in the LBLA

Jeremiah 52 in the LNT

Jeremiah 52 in the LSV

Jeremiah 52 in the MAAL

Jeremiah 52 in the MBV

Jeremiah 52 in the MBV2

Jeremiah 52 in the MHNT

Jeremiah 52 in the MKNFD

Jeremiah 52 in the MNG

Jeremiah 52 in the MNT

Jeremiah 52 in the MNT2

Jeremiah 52 in the MRS1T

Jeremiah 52 in the NAA

Jeremiah 52 in the NASB

Jeremiah 52 in the NBLA

Jeremiah 52 in the NBS

Jeremiah 52 in the NBVTP

Jeremiah 52 in the NET2

Jeremiah 52 in the NIV11

Jeremiah 52 in the NNT

Jeremiah 52 in the NNT2

Jeremiah 52 in the NNT3

Jeremiah 52 in the PDDPT

Jeremiah 52 in the PFNT

Jeremiah 52 in the RMNT

Jeremiah 52 in the SBIAS

Jeremiah 52 in the SBIBS

Jeremiah 52 in the SBIBS2

Jeremiah 52 in the SBICS

Jeremiah 52 in the SBIDS

Jeremiah 52 in the SBIGS

Jeremiah 52 in the SBIHS

Jeremiah 52 in the SBIIS

Jeremiah 52 in the SBIIS2

Jeremiah 52 in the SBIIS3

Jeremiah 52 in the SBIKS

Jeremiah 52 in the SBIKS2

Jeremiah 52 in the SBIMS

Jeremiah 52 in the SBIOS

Jeremiah 52 in the SBIPS

Jeremiah 52 in the SBISS

Jeremiah 52 in the SBITS

Jeremiah 52 in the SBITS2

Jeremiah 52 in the SBITS3

Jeremiah 52 in the SBITS4

Jeremiah 52 in the SBIUS

Jeremiah 52 in the SBIVS

Jeremiah 52 in the SBT

Jeremiah 52 in the SBT1E

Jeremiah 52 in the SCHL

Jeremiah 52 in the SNT

Jeremiah 52 in the SUSU

Jeremiah 52 in the SUSU2

Jeremiah 52 in the SYNO

Jeremiah 52 in the TBIAOTANT

Jeremiah 52 in the TBT1E

Jeremiah 52 in the TBT1E2

Jeremiah 52 in the TFTIP

Jeremiah 52 in the TFTU

Jeremiah 52 in the TGNTATF3T

Jeremiah 52 in the THAI

Jeremiah 52 in the TNFD

Jeremiah 52 in the TNT

Jeremiah 52 in the TNTIK

Jeremiah 52 in the TNTIL

Jeremiah 52 in the TNTIN

Jeremiah 52 in the TNTIP

Jeremiah 52 in the TNTIZ

Jeremiah 52 in the TOMA

Jeremiah 52 in the TTENT

Jeremiah 52 in the UBG

Jeremiah 52 in the UGV

Jeremiah 52 in the UGV2

Jeremiah 52 in the UGV3

Jeremiah 52 in the VBL

Jeremiah 52 in the VDCC

Jeremiah 52 in the YALU

Jeremiah 52 in the YAPE

Jeremiah 52 in the YBVTP

Jeremiah 52 in the ZBP