Joshua 13 (BOATCB2)

1 Bere a Yosua bɔɔ akwakoraa no, AWURADE ka kyerɛɛ no se, “Worebɔ akwakoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so. 2 “Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifo ne Gesur, 3 “nsase a na ɛyɛ Kanaanfo de no so. Saa asase yi fi asu Sihor a ɛda Misraim hye so a ɛsen fa atifi fam kosi Ekron hye so, 4 a Filistifo nkurɔpɔn anum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifo asase a ɛda anafo fam no nso, wɔnnko nnii so ɛ. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so ɛ;Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfo de no, de kosi Afek, kodu Amorifo hye so 5 ne Gebalfo asasene Lebanon nyinaa wɔ apuei fam, de fi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔw ase, de kosi Hamat fam. 6 “Mmepɔw asase a efi Lebanon kosi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfo nsase nyinaa ka ho. Metu saa nnipa no nyinaa afi asase no so na mede ama Israelfo. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfo sɛ agyapade sononko sɛnea mahyɛ wo no. 7 Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfo agyapade bere a worekyekyɛ mu ama mmusuakuw akron no ne Manase abusua fa no.” 8 Manase abusua fa, Rubenfo ne Gadfo de, na wɔanya wɔn agyapade wɔ Yordan apuei fam, efisɛ na Mose a ɔyɛ AWURADE somfo no de saa asase no ama wɔn dedaw. 9 Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so kosi Dibon. 10 Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon kosi Amonfo hye so nkurow nyinaa nso ka ho. 11 Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔw Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kosi Saleka ka ho, 12 na Basanhene Og a odii hene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a otwa to, efisɛ na Mose ne wɔn ako apam wɔn. 13 Nanso Israelfo no antu Gesurfo ne Maakafo enti wɔtenaa Israelfo no mu de besi nnɛ. 14 Na Lewi abusuakuw no de, wamma wɔn agyapade biara. Wɔn agyapade fi afɔrebɔde a wɔhyew wɔ afɔremuka so ma AWURADE, Israel Nyankopɔn no. 15 Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw mu. 16 Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so. 17 Nkurow ne nkuraase a ɛkeka ho ni: Hesbon ne nkurow a ɛdeda sare so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon, 18 Yahas, Kedemot, Mefaat, 19 Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda obon no koko so, 20 Bet-Peor, Pisga nsian mu ne Bet-Yesimot. 21 Nkurow a ɛwɔ tataw so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorihene a na odi ade wɔ Hesbon, nea Mose kum no ne Midian ahemfo a wɔne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako. 22 Israelfo no kum Beor babarima nkonyaayifo bi a na wɔfrɛ no Balaam. 23 Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no hye wɔ atɔe fam. Wɔde nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw no mu sɛ wɔn agyapade. 24 Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu. 25 Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkurow nyinaa, ne Amon asase no fa, kosi Aroer kurow a ɛwɔ Raba atɔe fam pɛɛ. 26 Na efi Hesbon de kosi Ramat-Mispa ne Betonim de fi Mahanaim de kosi Debir. 27 Obon no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkae wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔe fam hɔ hye na ɛtoa so de kosi Galilea po no mu. 28 Nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu sɛ wɔn agyapade. 29 Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ 30 Na wɔn asase no fi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kan tete ahemman nyinaa ne nkurow aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no. 31 Gilead fa ne ɔhene Og ahenkurow, Astarot ne Edrei ka ho.Wɔde eyinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefo. 32 Eyinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛe bere a na ɔwɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apuei fam. 33 Nanso Mose amma Lewi abusuakuw no asase biara, efisɛ na AWURADE, Israel Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapade.

In Other Versions

Joshua 13 in the ANGEFD

Joshua 13 in the ANTPNG2D

Joshua 13 in the AS21

Joshua 13 in the BAGH

Joshua 13 in the BBPNG

Joshua 13 in the BBT1E

Joshua 13 in the BDS

Joshua 13 in the BEV

Joshua 13 in the BHAD

Joshua 13 in the BIB

Joshua 13 in the BLPT

Joshua 13 in the BNT

Joshua 13 in the BNTABOOT

Joshua 13 in the BNTLV

Joshua 13 in the BOATCB

Joshua 13 in the BOBCV

Joshua 13 in the BOCNT

Joshua 13 in the BOECS

Joshua 13 in the BOGWICC

Joshua 13 in the BOHCB

Joshua 13 in the BOHCV

Joshua 13 in the BOHLNT

Joshua 13 in the BOHNTLTAL

Joshua 13 in the BOICB

Joshua 13 in the BOILNTAP

Joshua 13 in the BOITCV

Joshua 13 in the BOKCV

Joshua 13 in the BOKCV2

Joshua 13 in the BOKHWOG

Joshua 13 in the BOKSSV

Joshua 13 in the BOLCB

Joshua 13 in the BOLCB2

Joshua 13 in the BOMCV

Joshua 13 in the BONAV

Joshua 13 in the BONCB

Joshua 13 in the BONLT

Joshua 13 in the BONUT2

Joshua 13 in the BOPLNT

Joshua 13 in the BOSCB

Joshua 13 in the BOSNC

Joshua 13 in the BOTLNT

Joshua 13 in the BOVCB

Joshua 13 in the BOYCB

Joshua 13 in the BPBB

Joshua 13 in the BPH

Joshua 13 in the BSB

Joshua 13 in the CCB

Joshua 13 in the CUV

Joshua 13 in the CUVS

Joshua 13 in the DBT

Joshua 13 in the DGDNT

Joshua 13 in the DHNT

Joshua 13 in the DNT

Joshua 13 in the ELBE

Joshua 13 in the EMTV

Joshua 13 in the ESV

Joshua 13 in the FBV

Joshua 13 in the FEB

Joshua 13 in the GGMNT

Joshua 13 in the GNT

Joshua 13 in the HARY

Joshua 13 in the HNT

Joshua 13 in the IRVA

Joshua 13 in the IRVB

Joshua 13 in the IRVG

Joshua 13 in the IRVH

Joshua 13 in the IRVK

Joshua 13 in the IRVM

Joshua 13 in the IRVM2

Joshua 13 in the IRVO

Joshua 13 in the IRVP

Joshua 13 in the IRVT

Joshua 13 in the IRVT2

Joshua 13 in the IRVU

Joshua 13 in the ISVN

Joshua 13 in the JSNT

Joshua 13 in the KAPI

Joshua 13 in the KBT1ETNIK

Joshua 13 in the KBV

Joshua 13 in the KJV

Joshua 13 in the KNFD

Joshua 13 in the LBA

Joshua 13 in the LBLA

Joshua 13 in the LNT

Joshua 13 in the LSV

Joshua 13 in the MAAL

Joshua 13 in the MBV

Joshua 13 in the MBV2

Joshua 13 in the MHNT

Joshua 13 in the MKNFD

Joshua 13 in the MNG

Joshua 13 in the MNT

Joshua 13 in the MNT2

Joshua 13 in the MRS1T

Joshua 13 in the NAA

Joshua 13 in the NASB

Joshua 13 in the NBLA

Joshua 13 in the NBS

Joshua 13 in the NBVTP

Joshua 13 in the NET2

Joshua 13 in the NIV11

Joshua 13 in the NNT

Joshua 13 in the NNT2

Joshua 13 in the NNT3

Joshua 13 in the PDDPT

Joshua 13 in the PFNT

Joshua 13 in the RMNT

Joshua 13 in the SBIAS

Joshua 13 in the SBIBS

Joshua 13 in the SBIBS2

Joshua 13 in the SBICS

Joshua 13 in the SBIDS

Joshua 13 in the SBIGS

Joshua 13 in the SBIHS

Joshua 13 in the SBIIS

Joshua 13 in the SBIIS2

Joshua 13 in the SBIIS3

Joshua 13 in the SBIKS

Joshua 13 in the SBIKS2

Joshua 13 in the SBIMS

Joshua 13 in the SBIOS

Joshua 13 in the SBIPS

Joshua 13 in the SBISS

Joshua 13 in the SBITS

Joshua 13 in the SBITS2

Joshua 13 in the SBITS3

Joshua 13 in the SBITS4

Joshua 13 in the SBIUS

Joshua 13 in the SBIVS

Joshua 13 in the SBT

Joshua 13 in the SBT1E

Joshua 13 in the SCHL

Joshua 13 in the SNT

Joshua 13 in the SUSU

Joshua 13 in the SUSU2

Joshua 13 in the SYNO

Joshua 13 in the TBIAOTANT

Joshua 13 in the TBT1E

Joshua 13 in the TBT1E2

Joshua 13 in the TFTIP

Joshua 13 in the TFTU

Joshua 13 in the TGNTATF3T

Joshua 13 in the THAI

Joshua 13 in the TNFD

Joshua 13 in the TNT

Joshua 13 in the TNTIK

Joshua 13 in the TNTIL

Joshua 13 in the TNTIN

Joshua 13 in the TNTIP

Joshua 13 in the TNTIZ

Joshua 13 in the TOMA

Joshua 13 in the TTENT

Joshua 13 in the UBG

Joshua 13 in the UGV

Joshua 13 in the UGV2

Joshua 13 in the UGV3

Joshua 13 in the VBL

Joshua 13 in the VDCC

Joshua 13 in the YALU

Joshua 13 in the YAPE

Joshua 13 in the YBVTP

Joshua 13 in the ZBP