Joshua 15 (BOATCB2)

1 Asase a wɔde maa mmusua a wobom yɛ Yuda abusuakuw no koduu Edom hye so wɔ anafo fam, na Sin sare so na ɛkɔpem. 2 Anafo fam hye no fitii ase wɔ Nkyene Po no awiei a ɛwɔ anafo fam, 3 sen faa Akrabbim kosii Sin sare so. Ɛtoaa so kɔɔ Kades-Barnea anafo fam kosii Hesron. Afei ɛkɔɔ soro kosii Adar na ɛpono kɔɔ Karka. 4 Etwaa mu ha kɔɔ Asmon koduu Misraim asuwa no ho, na ɛfaa ho ara kowiee wɔ Po Kɛse no mu. Eyi ne wɔn anafo fam hye. 5 Apuei fam hye no fi Nkyene Po no kodu Asubɔnten Yordan ano.Atifi fam hye no fi beae a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Po no mu, 6 twa mu kɔ Bet-Hogla, na afei akɔ Bet-Araba atifi fam, akɔka Bohan bo (Na Bohan yɛ Ruben babarima) no ho. 7 Efi hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bon no mu kɔka Debir, na ɛdan wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a etwa mu fi Adumim nsian mu wɔ anafo fam wɔ obon no nkyɛn mu. Efi hɔ a, ɔhye no sen kosi En-Semes nsu no ano, na akɔpem En-Rogel. 8 Afei, ɔhye no fa Hinom babarima bon no mu, kɔfa Yebusifo anafo nsian so, nea Yerusalem kuropɔn no da. Afei ɛkɔ atɔe fam wɔ bepɔw no apampam, toa so kɔ Hinom bon no so kosi Refaim bon ano wɔ atifi fam. 9 Efi hɔ a, ɔhye no toa so kɔfa bepɔw no apampam kɔ Neftoa asuti no nsu ho, fi hɔ akɔ nkurow a ɛdeda Efron bepɔw so no. Na ebukaw kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.) 10 Ɔhye no twa fa Baala ho wɔ atɔe fam kosi bepɔw Seir so, ɛkɔ ara kosi Kesalon kurom wɔ bepɔw Yearim atifi nsian so, na akɔ fam akosi Bet-Semes ne Timna. 11 Ɔhye no kɔɔ ara kosii bepɔw no nsian a ɛwɔ Ekron atifi fam no, dan kyerɛɛ Sikron, faa hɔ kɔɔ Baala bepɔw no de koduu Yabneel. Ɔhye no kɔpem Po Kɛse no. 12 Na atɔe fam hye no nso ne Ntam Po no mpoano. Eyinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuw no ahye. 13 AWURADE hyɛɛ Yosua se ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no. 14 Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefo no fii hɔ. 15 Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kurow Debir (a kan no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no. 16 Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.” 17 Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so nti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere. 18 Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ommisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa fii nʼafurum so sii fam no, Kaleb bisaa no se, “Dɛn na menyɛ mma wo?” 19 Ɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ me adom sononko. Woayɛ adom, ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti Kaleb maa no ɔsoro ne fam nsuwansuwa asase. 20 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuw no agyapade. 21 Na Yudafo nkurow a ɛdeda Edom ahye so wɔ anafo pɛɛ no ne:Kabseel ne Eder ne Yagur, 22 Kina ne Dimona ne Adada, 23 Kedes ne Hasor ne Itnan, 24 Sif ne Telem ne Bealot, 25 Hasor-Hadata ne ne Keriot Hesron (a ɛne Hasor), 26 Amam ne Sema ne Molada, 27 Hasar-Gada ne Hesmon ne Bet-Pelet, 28 Hasar-Sual ne Beer-Seba ne Bisotia, 29 Baala ne Iim ne Esem, 30 El-Tolad ne Kesil ne Horma, 31 Siklag ne Madmana ne Sansana, 32 Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon. Na saa nkurow yi nyinaa ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia dodow yɛ aduonu akron. 33 Saa nkurow a na ɛwɔ atɔe fam nkoko no so, a wɔde maa Yuda ni:Estaol ne Sora ne Asna. 34 Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam, 35 Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka, 36 Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dunan. 37 Nea ɛka ho bio ne Senan ne Hadasa ne Migdal-gad, 38 Dilean ne ne Mispe ne Yokteel, 39 Lakis ne Boskat ne Eglon, 40 Kabon ne Lahmam ne Kitlis, 41 Gederot, Bet-Dagon ne Naama ne Makeda. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dunsia. 42 Eyinom akyi no na Libna ne Eter ne Asan, 43 Yifta ne Asna ne Nesib, 44 Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ akron. 45 Ekron nkurow ne nkuraa nyinaa ka Yuda asase ho, 46 efi Ekron no, ɔhye no trɛw de kɔ atɔe fam a nkurow a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia ka ho. 47 Saa ara na Asdod nkurow ne ne nkuraa, Gasa nkurow ne ne nkuraa kosi Misraim asuwa no, de kɔfa Po Kɛse no mpoano ka ho. 48 Yuda san nyaa nkurow a edidi so yi a na ɛwɔ nkoko asase so:Samir ne Yatir ne Soko, 49 Dana ne Kiriat-Sana a ɛne Debir, 50 Anab ne Estemo ne Anim, 51 Gosen ne Holon ne Gilo, Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dubaako. 52 Na saa nkurow yi ka ho: Arab ne Duma ne Esan, 53 Yanum ne Bet-Tapua ne Afeka, 54 Humta ne Kiriat-Arba (a ɛyɛ Hebron) ne Sior. Nkurow akron ne ne nkuraa a atwa ho ahyia. 55 Nkurow a edidi so yi nso ka ho: Maon, Karmel, Sif ne Yuta, 56 Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa, 57 Kain, Gibea ne Timna, nkurow du ne ne nkuraa a atwa ho ahyia. 58 Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor, 59 Maarat ne Bet-Anot ne Eltekon ka ho, nkurow asia ne ne nkuraa a atwa ho ahyia. 60 Saa ara na Kiriat-Baal (a ɛne Kiriat-Yearim) ne Raba ka ho, nkurow abien ne ne nkuraa a atwa ho ahyia. 61 Sare so nkurow no nso ne:Bet-Araba, Midin ne Sekaka, 62 Nibsan ne Nkyene kuropɔn no ne En-Gedi, nkurow asia ne ne nkuraa a atwa ho ahyia. 63 Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yuda abusuakuw no antumi antu wɔn nti, Yebusifo ne Yuda abusuakuw no tenae de besi nnɛ.

In Other Versions

Joshua 15 in the ANGEFD

Joshua 15 in the ANTPNG2D

Joshua 15 in the AS21

Joshua 15 in the BAGH

Joshua 15 in the BBPNG

Joshua 15 in the BBT1E

Joshua 15 in the BDS

Joshua 15 in the BEV

Joshua 15 in the BHAD

Joshua 15 in the BIB

Joshua 15 in the BLPT

Joshua 15 in the BNT

Joshua 15 in the BNTABOOT

Joshua 15 in the BNTLV

Joshua 15 in the BOATCB

Joshua 15 in the BOBCV

Joshua 15 in the BOCNT

Joshua 15 in the BOECS

Joshua 15 in the BOGWICC

Joshua 15 in the BOHCB

Joshua 15 in the BOHCV

Joshua 15 in the BOHLNT

Joshua 15 in the BOHNTLTAL

Joshua 15 in the BOICB

Joshua 15 in the BOILNTAP

Joshua 15 in the BOITCV

Joshua 15 in the BOKCV

Joshua 15 in the BOKCV2

Joshua 15 in the BOKHWOG

Joshua 15 in the BOKSSV

Joshua 15 in the BOLCB

Joshua 15 in the BOLCB2

Joshua 15 in the BOMCV

Joshua 15 in the BONAV

Joshua 15 in the BONCB

Joshua 15 in the BONLT

Joshua 15 in the BONUT2

Joshua 15 in the BOPLNT

Joshua 15 in the BOSCB

Joshua 15 in the BOSNC

Joshua 15 in the BOTLNT

Joshua 15 in the BOVCB

Joshua 15 in the BOYCB

Joshua 15 in the BPBB

Joshua 15 in the BPH

Joshua 15 in the BSB

Joshua 15 in the CCB

Joshua 15 in the CUV

Joshua 15 in the CUVS

Joshua 15 in the DBT

Joshua 15 in the DGDNT

Joshua 15 in the DHNT

Joshua 15 in the DNT

Joshua 15 in the ELBE

Joshua 15 in the EMTV

Joshua 15 in the ESV

Joshua 15 in the FBV

Joshua 15 in the FEB

Joshua 15 in the GGMNT

Joshua 15 in the GNT

Joshua 15 in the HARY

Joshua 15 in the HNT

Joshua 15 in the IRVA

Joshua 15 in the IRVB

Joshua 15 in the IRVG

Joshua 15 in the IRVH

Joshua 15 in the IRVK

Joshua 15 in the IRVM

Joshua 15 in the IRVM2

Joshua 15 in the IRVO

Joshua 15 in the IRVP

Joshua 15 in the IRVT

Joshua 15 in the IRVT2

Joshua 15 in the IRVU

Joshua 15 in the ISVN

Joshua 15 in the JSNT

Joshua 15 in the KAPI

Joshua 15 in the KBT1ETNIK

Joshua 15 in the KBV

Joshua 15 in the KJV

Joshua 15 in the KNFD

Joshua 15 in the LBA

Joshua 15 in the LBLA

Joshua 15 in the LNT

Joshua 15 in the LSV

Joshua 15 in the MAAL

Joshua 15 in the MBV

Joshua 15 in the MBV2

Joshua 15 in the MHNT

Joshua 15 in the MKNFD

Joshua 15 in the MNG

Joshua 15 in the MNT

Joshua 15 in the MNT2

Joshua 15 in the MRS1T

Joshua 15 in the NAA

Joshua 15 in the NASB

Joshua 15 in the NBLA

Joshua 15 in the NBS

Joshua 15 in the NBVTP

Joshua 15 in the NET2

Joshua 15 in the NIV11

Joshua 15 in the NNT

Joshua 15 in the NNT2

Joshua 15 in the NNT3

Joshua 15 in the PDDPT

Joshua 15 in the PFNT

Joshua 15 in the RMNT

Joshua 15 in the SBIAS

Joshua 15 in the SBIBS

Joshua 15 in the SBIBS2

Joshua 15 in the SBICS

Joshua 15 in the SBIDS

Joshua 15 in the SBIGS

Joshua 15 in the SBIHS

Joshua 15 in the SBIIS

Joshua 15 in the SBIIS2

Joshua 15 in the SBIIS3

Joshua 15 in the SBIKS

Joshua 15 in the SBIKS2

Joshua 15 in the SBIMS

Joshua 15 in the SBIOS

Joshua 15 in the SBIPS

Joshua 15 in the SBISS

Joshua 15 in the SBITS

Joshua 15 in the SBITS2

Joshua 15 in the SBITS3

Joshua 15 in the SBITS4

Joshua 15 in the SBIUS

Joshua 15 in the SBIVS

Joshua 15 in the SBT

Joshua 15 in the SBT1E

Joshua 15 in the SCHL

Joshua 15 in the SNT

Joshua 15 in the SUSU

Joshua 15 in the SUSU2

Joshua 15 in the SYNO

Joshua 15 in the TBIAOTANT

Joshua 15 in the TBT1E

Joshua 15 in the TBT1E2

Joshua 15 in the TFTIP

Joshua 15 in the TFTU

Joshua 15 in the TGNTATF3T

Joshua 15 in the THAI

Joshua 15 in the TNFD

Joshua 15 in the TNT

Joshua 15 in the TNTIK

Joshua 15 in the TNTIL

Joshua 15 in the TNTIN

Joshua 15 in the TNTIP

Joshua 15 in the TNTIZ

Joshua 15 in the TOMA

Joshua 15 in the TTENT

Joshua 15 in the UBG

Joshua 15 in the UGV

Joshua 15 in the UGV2

Joshua 15 in the UGV3

Joshua 15 in the VBL

Joshua 15 in the VDCC

Joshua 15 in the YALU

Joshua 15 in the YAPE

Joshua 15 in the YBVTP

Joshua 15 in the ZBP