Leviticus 22 (BOATCB2)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima se wɔmfa nidi mma afɔrebɔde kronkron a Israelfo atew ho ama me no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu me din ho fi. Mene AWURADE. 3 “Efi nnɛ rekɔ, sɛ ɔsɔfo biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛde biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔre mma AWURADE a, wɔbɛworɔw nʼatade. Mene AWURADE. 4 “Ɔsɔfo biara a ɔwɔ ɔhonam ani nsanyare biara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi, gye sɛ wɔasa no yare ama ne ho afi ansa. Ɔsɔfo biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosian nti ne ho begu fi no, 5 anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwade bi anaa obi a biribi nti, wɔagu ne ho fi no, 6 saa ɔsɔfo no ho begu fi akosi anwummere. Ɔrenni afɔrebɔde a wɔatew ho no bi kosi anwummere a obeguare. 7 Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛtew na ɛno akyi no obetumi adi afɔrebɔde kronkron no bi, efisɛ ɛyɛ nʼaduan. 8 Ɛnsɛ sɛ odi aboa funu anaa nea akekaboa bi atetew ne mu, na amma ne ho angu fi. Mene AWURADE. 9 “Bɔ asɔfo no kɔkɔ na wonni saa mmara yi so yiye, anyɛ saa a, wɔbɛtwe wɔn aso na wɔawuwu sɛ wɔabu saa mmara yi so nti. Mene AWURADE a matew wɔn ho. 10 “Obiara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfo. Ɔhɔho a wabɛsra ɔsɔfo no nni ho kwan sɛ odi bi. Na saa ara nso na ɔsomfo a wotua no ka nni ho kwan sɛ odi bi. 11 Nanso sɛ ɛba sɛ ɔsɔfo no de ɔno ara ne sika tɔ akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn wɔ fie hɔ no wɔ ho kwan sɛ wodi bi. 12 Sɛ ɔsɔfo babea kɔware fi abusuakuw no akyi baabi a, onni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi. 13 Na sɛ ɔyɛ okunafo anaa obi a wɔagyaa no aware na onni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno nti ɔsan ba nʼagya nkyɛn a, otumi di nʼagya aduan no bi bio. Eyinom akyi no, asɔfo no abusuafo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wodi afɔrebɔde kronkron no. 14 “Sɛ obi anhu na okodi saa afɔrebɔde kronkron no bi a, ɛsɛ sɛ otua ho ka na ɔsan bɔ ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho. 15 Afɔrebɔde kronkron a Israelfo de aba no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wonni bi no di bi, efisɛ AWURADE na ɔde saa afɔrebɔde yi nyinaa abrɛ no. 16 Na obiara a obebu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, efisɛ wadi afɔrebɔde kronkron. Na mene AWURADE a metew afɔrebɔde nyinaa ho.” 17 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 18 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa se, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyew afɔre ma AWURADE a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔde a ɛyɛ bɔhyɛ bi nti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no, 19 sɛ afɔrebɔde no yɛ aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwi ba anaa oguan anaa abirekyi no, AWURADE begye. 20 Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛho tɔ kyima bɔ afɔre, efisɛ wɔrennye wɔ wo din mu. 21 Obiara a ofi nʼanantwi anaa ne nguan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoe afɔre ama AWURADE no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔre no na ama wɔagye. 22 Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa kuru anaa nwewee wɔ ne ho, anaa were ani yare ayɛ no no, ɛnsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔre ma AWURADE. Ɔmfata sɛ wɔde no ba afɔremuka so bɛbɔ afɔre ama AWURADE. 23 Sɛ biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin wɔ nantwi ba anaa oguan ba a wɔde no rebrɛ AWURADE no ho a, ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ ɔpɛ mu afɔre na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔre. 24 Ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a wɔasa no bɔ AWURADE afɔre. Monnyɛ eyi wɔ mo ankasa asase so, 25 na munnye saa mmoa no mmfi ahɔho a wɔfra mo mu hɔ mmfa mmɔ aduan afɔre mma mo Nyankopɔn. Wɔrennye, efisɛ wɔtɔ kyima na wɔadi dɛm.’ ” 26 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 27 “Sɛ wɔwo nantwi, oguan anaa abirekyi ba a, ɛsɛ sɛ aboa no tena ne na nkyɛn nnanson. Na efi nnaawɔtwe rekɔ no, sɛ wɔde no bɔ ogya afɔre a, AWURADE begye. 28 Munnkum aboa bi ne ne ba da koro, sɛ ɔyɛ nantwi anaa oguan. 29 “Sɛ morebɔ aseda afɔre ama AWURADE a, ɛsɛ sɛ mofa ɔkwan pa so na wɔagye wɔ mo din mu. 30 Ɛsɛ sɛ, mowe aboa a wɔde no bɔɔ afɔre no nam da no ara a wokum no no. Mommma ade nkye bi so. Mene AWURADE. 31 “Munni me mmaransɛm nyinaa so na mene AWURADE. 32 Ɛnsɛ sɛ mugu me din kronkron no ho fi. Munni me ni na mene AWURADE, a meyɛ mo kronkron 33 na me na mede mo fii Misraim bae sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene AWURADE.”

In Other Versions

Leviticus 22 in the ANGEFD

Leviticus 22 in the ANTPNG2D

Leviticus 22 in the AS21

Leviticus 22 in the BAGH

Leviticus 22 in the BBPNG

Leviticus 22 in the BBT1E

Leviticus 22 in the BDS

Leviticus 22 in the BEV

Leviticus 22 in the BHAD

Leviticus 22 in the BIB

Leviticus 22 in the BLPT

Leviticus 22 in the BNT

Leviticus 22 in the BNTABOOT

Leviticus 22 in the BNTLV

Leviticus 22 in the BOATCB

Leviticus 22 in the BOBCV

Leviticus 22 in the BOCNT

Leviticus 22 in the BOECS

Leviticus 22 in the BOGWICC

Leviticus 22 in the BOHCB

Leviticus 22 in the BOHCV

Leviticus 22 in the BOHLNT

Leviticus 22 in the BOHNTLTAL

Leviticus 22 in the BOICB

Leviticus 22 in the BOILNTAP

Leviticus 22 in the BOITCV

Leviticus 22 in the BOKCV

Leviticus 22 in the BOKCV2

Leviticus 22 in the BOKHWOG

Leviticus 22 in the BOKSSV

Leviticus 22 in the BOLCB

Leviticus 22 in the BOLCB2

Leviticus 22 in the BOMCV

Leviticus 22 in the BONAV

Leviticus 22 in the BONCB

Leviticus 22 in the BONLT

Leviticus 22 in the BONUT2

Leviticus 22 in the BOPLNT

Leviticus 22 in the BOSCB

Leviticus 22 in the BOSNC

Leviticus 22 in the BOTLNT

Leviticus 22 in the BOVCB

Leviticus 22 in the BOYCB

Leviticus 22 in the BPBB

Leviticus 22 in the BPH

Leviticus 22 in the BSB

Leviticus 22 in the CCB

Leviticus 22 in the CUV

Leviticus 22 in the CUVS

Leviticus 22 in the DBT

Leviticus 22 in the DGDNT

Leviticus 22 in the DHNT

Leviticus 22 in the DNT

Leviticus 22 in the ELBE

Leviticus 22 in the EMTV

Leviticus 22 in the ESV

Leviticus 22 in the FBV

Leviticus 22 in the FEB

Leviticus 22 in the GGMNT

Leviticus 22 in the GNT

Leviticus 22 in the HARY

Leviticus 22 in the HNT

Leviticus 22 in the IRVA

Leviticus 22 in the IRVB

Leviticus 22 in the IRVG

Leviticus 22 in the IRVH

Leviticus 22 in the IRVK

Leviticus 22 in the IRVM

Leviticus 22 in the IRVM2

Leviticus 22 in the IRVO

Leviticus 22 in the IRVP

Leviticus 22 in the IRVT

Leviticus 22 in the IRVT2

Leviticus 22 in the IRVU

Leviticus 22 in the ISVN

Leviticus 22 in the JSNT

Leviticus 22 in the KAPI

Leviticus 22 in the KBT1ETNIK

Leviticus 22 in the KBV

Leviticus 22 in the KJV

Leviticus 22 in the KNFD

Leviticus 22 in the LBA

Leviticus 22 in the LBLA

Leviticus 22 in the LNT

Leviticus 22 in the LSV

Leviticus 22 in the MAAL

Leviticus 22 in the MBV

Leviticus 22 in the MBV2

Leviticus 22 in the MHNT

Leviticus 22 in the MKNFD

Leviticus 22 in the MNG

Leviticus 22 in the MNT

Leviticus 22 in the MNT2

Leviticus 22 in the MRS1T

Leviticus 22 in the NAA

Leviticus 22 in the NASB

Leviticus 22 in the NBLA

Leviticus 22 in the NBS

Leviticus 22 in the NBVTP

Leviticus 22 in the NET2

Leviticus 22 in the NIV11

Leviticus 22 in the NNT

Leviticus 22 in the NNT2

Leviticus 22 in the NNT3

Leviticus 22 in the PDDPT

Leviticus 22 in the PFNT

Leviticus 22 in the RMNT

Leviticus 22 in the SBIAS

Leviticus 22 in the SBIBS

Leviticus 22 in the SBIBS2

Leviticus 22 in the SBICS

Leviticus 22 in the SBIDS

Leviticus 22 in the SBIGS

Leviticus 22 in the SBIHS

Leviticus 22 in the SBIIS

Leviticus 22 in the SBIIS2

Leviticus 22 in the SBIIS3

Leviticus 22 in the SBIKS

Leviticus 22 in the SBIKS2

Leviticus 22 in the SBIMS

Leviticus 22 in the SBIOS

Leviticus 22 in the SBIPS

Leviticus 22 in the SBISS

Leviticus 22 in the SBITS

Leviticus 22 in the SBITS2

Leviticus 22 in the SBITS3

Leviticus 22 in the SBITS4

Leviticus 22 in the SBIUS

Leviticus 22 in the SBIVS

Leviticus 22 in the SBT

Leviticus 22 in the SBT1E

Leviticus 22 in the SCHL

Leviticus 22 in the SNT

Leviticus 22 in the SUSU

Leviticus 22 in the SUSU2

Leviticus 22 in the SYNO

Leviticus 22 in the TBIAOTANT

Leviticus 22 in the TBT1E

Leviticus 22 in the TBT1E2

Leviticus 22 in the TFTIP

Leviticus 22 in the TFTU

Leviticus 22 in the TGNTATF3T

Leviticus 22 in the THAI

Leviticus 22 in the TNFD

Leviticus 22 in the TNT

Leviticus 22 in the TNTIK

Leviticus 22 in the TNTIL

Leviticus 22 in the TNTIN

Leviticus 22 in the TNTIP

Leviticus 22 in the TNTIZ

Leviticus 22 in the TOMA

Leviticus 22 in the TTENT

Leviticus 22 in the UBG

Leviticus 22 in the UGV

Leviticus 22 in the UGV2

Leviticus 22 in the UGV3

Leviticus 22 in the VBL

Leviticus 22 in the VDCC

Leviticus 22 in the YALU

Leviticus 22 in the YAPE

Leviticus 22 in the YBVTP

Leviticus 22 in the ZBP