Numbers 5 (BOATCB2)
1 Eyi ne mmara a AWURADE san hyɛ maa Mose: 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafo nyinaa fi atenae hɔ. Wɔn a kuru atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka funu nti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn. 3 Mmarima ne mmea nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa fi hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na atenae a me ne mo bɛtena no ho rengu fi.” 4 Wodii AWURADE mmara no so. 5 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 6 “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima o, ɔbea o, odi AWURADE huammɔ a, ɛyɛ bɔne. 7 Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na ade a owiae no, otua ho ka nyinaa na ɔsan de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔn no. 8 Na sɛ onipa ko a wɔyɛɛ no bɔne no awu na onni obusuani biara a ɔbɛn no a wobetua ho ka ama no, na ɛsɛ sɛ wotua ma ɔsɔfo a, ɛsɛ sɛ wɔde odwennini ka ho sɛ mpatade. Ɛyɛ AWURADE de. 9 Akyɛde kronkron a Israelfo de bɛkyɛ ɔsɔfo no yɛ ne de. 10 Ɔsɔfo biara bɛfa akyɛde kronkron biara a ne nsa bɛka.” 11 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 12 “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima bi yere kɔbɔ aguaman 13 nanso onhu asɛm no mu nokware na onya ɔdanseni 14 na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a, 15 ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfo anim a ɔbea no ho afɔrebɔde a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohuam ngo mfrae lita abien ka ho. Efisɛ ɛyɛ ninkutwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokware ada adi ama wɔahu sɛ ɔbea no di fɔ anaa odi bem. 16 “Ɔsɔfo no de ɔbea no bɛba Awurade anim, 17 na wasaw Ahyiae Ntamadan no mu mfutuma de afra nsu kronkron a egu asuhina kɛse bi mu no. 18 Ɔbɛsan ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔde no agu ne nsam de ahwɛ sɛ ɔbarima no nsusuwii no yɛ nokware ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokware. Ɔsɔfo no begyina nʼanim a okura nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba no. 19 19-22 Ɔbɛma no aka ntam sɛ onnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no se, sɛ wo ne ɔbarima biara nnae ka wo kunu nko ara ho de a, ɛno de, wo ho ntew mfi nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba yi ho. Na sɛ woabɔ aguaman a, ɛno de, AWURADE bɛdome wo wɔ wo nkurɔfo mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔw na wo yafunu ahon. Na ɔbea no bɛka se, ‘Yiw, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’ 23 “Ɔsɔfo no bɛkyerɛw nnome yi nyinaa agu nhoma bi mu na wahohoro agu nsu nwenweenwen no mu. 24 Sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea no nom nsu no na sɛ ɔnom wɔ bere a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu. 25 Afei, ɔsɔfo no begye ninkunu afɔrebɔde no afi ɔbea no nsam na wahinhim wɔ AWURADE anim na ɔde akɔ afɔremuka no so. 26 Ɔbɛsaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so na wama ɔbea no anom nsu no. 27 Sɛ ne ho agu fi na wabɔ aguaman atia ne kunu a, nsu a wanom no bɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu na ne yafunu ahon na ne srɛ aporɔw na wayɛ nnome wɔ ne nkurɔfo mu. 28 Sɛ ɔyɛ kronkron a ɔmmɔɔ aguaman a, wɔrenhaw no, na ɛrenkyɛ, obenyinsɛn. 29 “Eyi ne mmara a ɛfa ɔbea a ne bra nye na ne kunu twe ne ho ninkunu 30 de hwehwɛ mu hu sɛ odi ne kunu nokware anaa onni no nokware no ho. Ɔde no bɛba AWURADE anim na ɔsɔfo no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa. 31 Wɔrenni ne kunu no asɛm wɔ baabiara sɛ wama ɔyare bɔne bi aba ne yere so, efisɛ ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa.”
In Other Versions
Numbers 5 in the ANGEFD
Numbers 5 in the ANTPNG2D
Numbers 5 in the AS21
Numbers 5 in the BAGH
Numbers 5 in the BBPNG
Numbers 5 in the BBT1E
Numbers 5 in the BDS
Numbers 5 in the BEV
Numbers 5 in the BHAD
Numbers 5 in the BIB
Numbers 5 in the BLPT
Numbers 5 in the BNT
Numbers 5 in the BNTABOOT
Numbers 5 in the BNTLV
Numbers 5 in the BOATCB
Numbers 5 in the BOBCV
Numbers 5 in the BOCNT
Numbers 5 in the BOECS
Numbers 5 in the BOGWICC
Numbers 5 in the BOHCB
Numbers 5 in the BOHCV
Numbers 5 in the BOHLNT
Numbers 5 in the BOHNTLTAL
Numbers 5 in the BOICB
Numbers 5 in the BOILNTAP
Numbers 5 in the BOITCV
Numbers 5 in the BOKCV
Numbers 5 in the BOKCV2
Numbers 5 in the BOKHWOG
Numbers 5 in the BOKSSV
Numbers 5 in the BOLCB
Numbers 5 in the BOLCB2
Numbers 5 in the BOMCV
Numbers 5 in the BONAV
Numbers 5 in the BONCB
Numbers 5 in the BONLT
Numbers 5 in the BONUT2
Numbers 5 in the BOPLNT
Numbers 5 in the BOSCB
Numbers 5 in the BOSNC
Numbers 5 in the BOTLNT
Numbers 5 in the BOVCB
Numbers 5 in the BOYCB
Numbers 5 in the BPBB
Numbers 5 in the BPH
Numbers 5 in the BSB
Numbers 5 in the CCB
Numbers 5 in the CUV
Numbers 5 in the CUVS
Numbers 5 in the DBT
Numbers 5 in the DGDNT
Numbers 5 in the DHNT
Numbers 5 in the DNT
Numbers 5 in the ELBE
Numbers 5 in the EMTV
Numbers 5 in the ESV
Numbers 5 in the FBV
Numbers 5 in the FEB
Numbers 5 in the GGMNT
Numbers 5 in the GNT
Numbers 5 in the HARY
Numbers 5 in the HNT
Numbers 5 in the IRVA
Numbers 5 in the IRVB
Numbers 5 in the IRVG
Numbers 5 in the IRVH
Numbers 5 in the IRVK
Numbers 5 in the IRVM
Numbers 5 in the IRVM2
Numbers 5 in the IRVO
Numbers 5 in the IRVP
Numbers 5 in the IRVT
Numbers 5 in the IRVT2
Numbers 5 in the IRVU
Numbers 5 in the ISVN
Numbers 5 in the JSNT
Numbers 5 in the KAPI
Numbers 5 in the KBT1ETNIK
Numbers 5 in the KBV
Numbers 5 in the KJV
Numbers 5 in the KNFD
Numbers 5 in the LBA
Numbers 5 in the LBLA
Numbers 5 in the LNT
Numbers 5 in the LSV
Numbers 5 in the MAAL
Numbers 5 in the MBV
Numbers 5 in the MBV2
Numbers 5 in the MHNT
Numbers 5 in the MKNFD
Numbers 5 in the MNG
Numbers 5 in the MNT
Numbers 5 in the MNT2
Numbers 5 in the MRS1T
Numbers 5 in the NAA
Numbers 5 in the NASB
Numbers 5 in the NBLA
Numbers 5 in the NBS
Numbers 5 in the NBVTP
Numbers 5 in the NET2
Numbers 5 in the NIV11
Numbers 5 in the NNT
Numbers 5 in the NNT2
Numbers 5 in the NNT3
Numbers 5 in the PDDPT
Numbers 5 in the PFNT
Numbers 5 in the RMNT
Numbers 5 in the SBIAS
Numbers 5 in the SBIBS
Numbers 5 in the SBIBS2
Numbers 5 in the SBICS
Numbers 5 in the SBIDS
Numbers 5 in the SBIGS
Numbers 5 in the SBIHS
Numbers 5 in the SBIIS
Numbers 5 in the SBIIS2
Numbers 5 in the SBIIS3
Numbers 5 in the SBIKS
Numbers 5 in the SBIKS2
Numbers 5 in the SBIMS
Numbers 5 in the SBIOS
Numbers 5 in the SBIPS
Numbers 5 in the SBISS
Numbers 5 in the SBITS
Numbers 5 in the SBITS2
Numbers 5 in the SBITS3
Numbers 5 in the SBITS4
Numbers 5 in the SBIUS
Numbers 5 in the SBIVS
Numbers 5 in the SBT
Numbers 5 in the SBT1E
Numbers 5 in the SCHL
Numbers 5 in the SNT
Numbers 5 in the SUSU
Numbers 5 in the SUSU2
Numbers 5 in the SYNO
Numbers 5 in the TBIAOTANT
Numbers 5 in the TBT1E
Numbers 5 in the TBT1E2
Numbers 5 in the TFTIP
Numbers 5 in the TFTU
Numbers 5 in the TGNTATF3T
Numbers 5 in the THAI
Numbers 5 in the TNFD
Numbers 5 in the TNT
Numbers 5 in the TNTIK
Numbers 5 in the TNTIL
Numbers 5 in the TNTIN
Numbers 5 in the TNTIP
Numbers 5 in the TNTIZ
Numbers 5 in the TOMA
Numbers 5 in the TTENT
Numbers 5 in the UBG
Numbers 5 in the UGV
Numbers 5 in the UGV2
Numbers 5 in the UGV3
Numbers 5 in the VBL
Numbers 5 in the VDCC
Numbers 5 in the YALU
Numbers 5 in the YAPE
Numbers 5 in the YBVTP
Numbers 5 in the ZBP