Psalms 128 (BOATCB2)
undefined Ɔsoroforo dwom. 1 Nhyira ne wɔn a wosuro AWURADE,na wɔnantew nʼakwan so. 2 Wubedi wʼadwuma so aba;nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de. 3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow abawɔ wo fi;na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifiatwa wo pon ho ahyia. 4 Yiw, sɛɛ ne nea wobehyiraonipa a osuro AWURADE no. 5 AWURADE nhyira wo mfi Sionna ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ;wo nkwanna nyinaa. 6 Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma.Asomdwoe nka Israel.