1 Chronicles 11 (BOATCB)

1 Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ. 2 Mmerɛ tenten bi a atwam, mpo ɛberɛ a Saulo di yɛn so ɔhene no, na wone obi a nokorɛm na wodi Israel anim. Na AWURADE, wo Onyankopɔn, aka kyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ odwanhwɛfoɔ ama me nkurɔfoɔ Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifoɔ.’ ” 3 Enti, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ AWURADE anim wɔ Hebron. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛdeɛ AWURADE nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no. 4 Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛdeɛ na wɔfrɛ hɔ kane no, ɛfiri sɛ, Yebusifoɔ na wɔkɔtenaa asase no so kane kyekyereeɛ. 5 Nnipa a wɔfiri Yebus no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso, Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kuro no. 6 Dawid ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Mo mu biara a ɔbɛdi anim na yɛakɔto ahyɛ Yebusifoɔ no so no, ɔno na ɔbɛyɛ mʼakodɔm so sahene.” Na Dawid nuabaa Seruia babarima Yoab dii ntohyɛsoɔ no anim, enti ɔbɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene. 7 Dawid tenaa aban no mu, na ɛno enti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kuro no. 8 Dawid kyekyeree kuro no, trɛɛ mu firi Milo de twaa ho hyiaeɛ, ɛberɛ a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkaeɛ no. 9 Na Dawid tumi yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Asafo AWURADE ka ne ho. 10 Yeinom ne Dawid nnɔmmarima ntuanofoɔ. Wɔne Israel nyinaa boom, sii gyinaeɛ sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so ɔhene sɛdeɛ AWURADE ahyɛ bɔ afa Israel ho no. 11 Dawid nnɔmmarima no ho nsɛm nie: Deɛ ɔdi ɛkan no ne Yasobeam, a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ nnɔmmarima akatakyie a na wɔwɔ Dawid asraafoɔ mu. Ɛberɛ bi, ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ ahasa wɔ akodie baako mu. 12 Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahoa aseni. 13 Ɛberɛ a Dawid sɔre tiaa Filistifoɔ wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuo nko, na Israel asraafoɔ no dwaneeɛ. 14 Nanso, Eleasa ne Dawid gyinaa wɔn nan so wɔ afuo no mfimfini, bɔɔ Filistifoɔ guiɛ. Na AWURADE maa wɔdii nkonim de gyee wɔn. 15 Ɛda bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifoɔ asraadɔm akyere sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wɔagye edin wɔ Dawid akodɔm mu no siane kɔhyiaa no wɔ hɔ. 16 Saa ɛberɛ no, na Dawid te abanbɔeɛ mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm kuo bi akɔtena Betlehem. 17 Dawid firi akɔnnɔ mu kaeɛ sɛ, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; deɛ ɛbɛn ɛpono ano no bi.” 18 Enti, Baasa no bɔ wuraa Filistifoɔ no mu, kɔsaa abura no mu nsuo no bi de brɛɛ Dawid. Nanso, Dawid annom. Mmom, ɔhwie guu AWURADE anim 19 teaam sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsuo yi. Ɛsom bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔdeɛ kɔsa brɛɛ me no mogya.” Enti, Dawid annom. Yei yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛsoɔ. 20 Yoab nuabarima Abisai na na ɔtua Aduasa no ano. Ɔno na ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ no mu ahasa. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no. 21 Abisai na na ne din ahyeta yie wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nanso na ɔnka Baasa no ho. 22 Na Yehoiada babarima Benaia a ɔfiri Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmaninsɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ ɔkunkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu bi. Ɛberɛ foforɔ bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro, nanso, ɔkyeree gyata no kumm no. 23 Ɛda bi a na ɔkura aporibaa nko ara no, ɔkumm Misraimni ɔkofoɔ bi a na ne tenten yɛ anammɔn nson ne fa. Na ne pea no mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, de kumm no. 24 Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no. 25 Wɔhyɛɛ no animuonyam sene nkaeɛ a wɔka Aduasa no ho no, nanso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfoɔ no so sahene. 26 Nnipa a na wɔka Dawid nnɔmmarima no ho nie: Yoab nuabarima Asahel;Dodo babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem; 27 Samot a ɔfiri Harori;Heles a ɔfiri Pelon; 28 Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa;Abieser a ɔfiri Anatot; 29 Sibekai a ɔfiri Husa;Salmon a ɔfiri Ahoa; 30 Maharai a ɔfiri Netofa;Baana a ɔfiri Netofa babarima Heled; 31 Ribai a ɔfiri Gibea babarima Itai (wɔfiri Benyamin abusuakuo mu); Benaia a ɔfiri Piraton; 32 Hurai a ɔfiri baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas;Abiel a ɔfiri Araba. 33 Asmawet a ɔfiri Baharum;Eliahba a ɔfiri Saalbon. 34 Hasem mmammarima a wɔfiri Gison;Sage babarima Yonatan a ɔfiri Harar. 35 Sakar babarima Ahiam a ɔfiri Harar;Ur babarima Elifar. 36 Hefer a ɔfiri Mekera;Ahiya a ɔfiri Pelon. 37 Hesro a ɔfiri Karmel;Esbai babarima Naarai. 38 Natan nuabarima Yoɛl;Hagri babarima Mibhar. 39 Selek a ɔfiri Amon;Naharai a ɔfiri Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodeɛkurafoɔ); 40 Ira a ɔfiri Yitri;Gareb a ɔfiri Yitri; 41 Hetini Uria;Ahlai babarima Sabad; 42 Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfoɔ ano, a na mmarima aduasa ka ne ho; 43 Maaka babarima Hanan;Yosafat a ɔfiri Mitna; 44 Usia a ɔfiri Astera;Hotam a ɔfiri Aroer mmammarima Sama ne Yeiel; 45 Simri babarima Yediael;Yoha ne nuabarima a ɔfiri Tis; 46 Eliel a ɔfiri Mahawi;Elnaam mmammarima Yeribai ne Yosawia;Yitma a ɔfiri Moab; 47 Eliel ne Obed;Yaasiel a ɔfiri Soba.

In Other Versions

1 Chronicles 11 in the ANGEFD

1 Chronicles 11 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 11 in the AS21

1 Chronicles 11 in the BAGH

1 Chronicles 11 in the BBPNG

1 Chronicles 11 in the BBT1E

1 Chronicles 11 in the BDS

1 Chronicles 11 in the BEV

1 Chronicles 11 in the BHAD

1 Chronicles 11 in the BIB

1 Chronicles 11 in the BLPT

1 Chronicles 11 in the BNT

1 Chronicles 11 in the BNTABOOT

1 Chronicles 11 in the BNTLV

1 Chronicles 11 in the BOATCB2

1 Chronicles 11 in the BOBCV

1 Chronicles 11 in the BOCNT

1 Chronicles 11 in the BOECS

1 Chronicles 11 in the BOGWICC

1 Chronicles 11 in the BOHCB

1 Chronicles 11 in the BOHCV

1 Chronicles 11 in the BOHLNT

1 Chronicles 11 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 11 in the BOICB

1 Chronicles 11 in the BOILNTAP

1 Chronicles 11 in the BOITCV

1 Chronicles 11 in the BOKCV

1 Chronicles 11 in the BOKCV2

1 Chronicles 11 in the BOKHWOG

1 Chronicles 11 in the BOKSSV

1 Chronicles 11 in the BOLCB

1 Chronicles 11 in the BOLCB2

1 Chronicles 11 in the BOMCV

1 Chronicles 11 in the BONAV

1 Chronicles 11 in the BONCB

1 Chronicles 11 in the BONLT

1 Chronicles 11 in the BONUT2

1 Chronicles 11 in the BOPLNT

1 Chronicles 11 in the BOSCB

1 Chronicles 11 in the BOSNC

1 Chronicles 11 in the BOTLNT

1 Chronicles 11 in the BOVCB

1 Chronicles 11 in the BOYCB

1 Chronicles 11 in the BPBB

1 Chronicles 11 in the BPH

1 Chronicles 11 in the BSB

1 Chronicles 11 in the CCB

1 Chronicles 11 in the CUV

1 Chronicles 11 in the CUVS

1 Chronicles 11 in the DBT

1 Chronicles 11 in the DGDNT

1 Chronicles 11 in the DHNT

1 Chronicles 11 in the DNT

1 Chronicles 11 in the ELBE

1 Chronicles 11 in the EMTV

1 Chronicles 11 in the ESV

1 Chronicles 11 in the FBV

1 Chronicles 11 in the FEB

1 Chronicles 11 in the GGMNT

1 Chronicles 11 in the GNT

1 Chronicles 11 in the HARY

1 Chronicles 11 in the HNT

1 Chronicles 11 in the IRVA

1 Chronicles 11 in the IRVB

1 Chronicles 11 in the IRVG

1 Chronicles 11 in the IRVH

1 Chronicles 11 in the IRVK

1 Chronicles 11 in the IRVM

1 Chronicles 11 in the IRVM2

1 Chronicles 11 in the IRVO

1 Chronicles 11 in the IRVP

1 Chronicles 11 in the IRVT

1 Chronicles 11 in the IRVT2

1 Chronicles 11 in the IRVU

1 Chronicles 11 in the ISVN

1 Chronicles 11 in the JSNT

1 Chronicles 11 in the KAPI

1 Chronicles 11 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 11 in the KBV

1 Chronicles 11 in the KJV

1 Chronicles 11 in the KNFD

1 Chronicles 11 in the LBA

1 Chronicles 11 in the LBLA

1 Chronicles 11 in the LNT

1 Chronicles 11 in the LSV

1 Chronicles 11 in the MAAL

1 Chronicles 11 in the MBV

1 Chronicles 11 in the MBV2

1 Chronicles 11 in the MHNT

1 Chronicles 11 in the MKNFD

1 Chronicles 11 in the MNG

1 Chronicles 11 in the MNT

1 Chronicles 11 in the MNT2

1 Chronicles 11 in the MRS1T

1 Chronicles 11 in the NAA

1 Chronicles 11 in the NASB

1 Chronicles 11 in the NBLA

1 Chronicles 11 in the NBS

1 Chronicles 11 in the NBVTP

1 Chronicles 11 in the NET2

1 Chronicles 11 in the NIV11

1 Chronicles 11 in the NNT

1 Chronicles 11 in the NNT2

1 Chronicles 11 in the NNT3

1 Chronicles 11 in the PDDPT

1 Chronicles 11 in the PFNT

1 Chronicles 11 in the RMNT

1 Chronicles 11 in the SBIAS

1 Chronicles 11 in the SBIBS

1 Chronicles 11 in the SBIBS2

1 Chronicles 11 in the SBICS

1 Chronicles 11 in the SBIDS

1 Chronicles 11 in the SBIGS

1 Chronicles 11 in the SBIHS

1 Chronicles 11 in the SBIIS

1 Chronicles 11 in the SBIIS2

1 Chronicles 11 in the SBIIS3

1 Chronicles 11 in the SBIKS

1 Chronicles 11 in the SBIKS2

1 Chronicles 11 in the SBIMS

1 Chronicles 11 in the SBIOS

1 Chronicles 11 in the SBIPS

1 Chronicles 11 in the SBISS

1 Chronicles 11 in the SBITS

1 Chronicles 11 in the SBITS2

1 Chronicles 11 in the SBITS3

1 Chronicles 11 in the SBITS4

1 Chronicles 11 in the SBIUS

1 Chronicles 11 in the SBIVS

1 Chronicles 11 in the SBT

1 Chronicles 11 in the SBT1E

1 Chronicles 11 in the SCHL

1 Chronicles 11 in the SNT

1 Chronicles 11 in the SUSU

1 Chronicles 11 in the SUSU2

1 Chronicles 11 in the SYNO

1 Chronicles 11 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 11 in the TBT1E

1 Chronicles 11 in the TBT1E2

1 Chronicles 11 in the TFTIP

1 Chronicles 11 in the TFTU

1 Chronicles 11 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 11 in the THAI

1 Chronicles 11 in the TNFD

1 Chronicles 11 in the TNT

1 Chronicles 11 in the TNTIK

1 Chronicles 11 in the TNTIL

1 Chronicles 11 in the TNTIN

1 Chronicles 11 in the TNTIP

1 Chronicles 11 in the TNTIZ

1 Chronicles 11 in the TOMA

1 Chronicles 11 in the TTENT

1 Chronicles 11 in the UBG

1 Chronicles 11 in the UGV

1 Chronicles 11 in the UGV2

1 Chronicles 11 in the UGV3

1 Chronicles 11 in the VBL

1 Chronicles 11 in the VDCC

1 Chronicles 11 in the YALU

1 Chronicles 11 in the YAPE

1 Chronicles 11 in the YBVTP

1 Chronicles 11 in the ZBP