1 Chronicles 11 (BOATCB2)

1 Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo. 2 Mmere tenten bi a atwa mu, mpo bere a Saulo di yɛn so hene no, na wone obi a nokware na wudi Israel anim. Na AWURADE, wo Nyankopɔn, aka kyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ oguanhwɛfo ama me nkurɔfo Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifo!’ ” 3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofo yɛɛ apam wɔ AWURADE anim. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛnea AWURADE nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no. 4 Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛnea na wɔfrɛ hɔ kan no, efisɛ Yebusifo na wɔkɔtenaa asase no so kan kyekyeree. 5 Nnipa a wofi Yebus no ka kyerɛɛ Dawid se, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kurow no. 6 Dawid ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Mo mu biara a obedi anim na yɛakɔtow ahyɛ Yebusifo no so no na ɔbɛyɛ mʼakofo so sahene.” Na Dawid, nuabea Seruia babarima Yoab dii ɔko no anim, nti ɔbɛyɛɛ Dawid asraafo so sahene. 7 Dawid tenaa aban no mu, na ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kurow no. 8 Dawid kyekyeree kurow no, trɛw mu fi Milo de twaa ho hyiae, bere a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkae no. 9 Na Dawid tumi yɛɛ kɛse, efisɛ na Asafo AWURADE ka ne ho. 10 Eyinom ne Dawid dɔmmarima ntuanofo. Wɔne Israel nyinaa bɔɔ mu, sii gyinae sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so hene sɛnea AWURADE ahyɛ bɔ afa Israel ho no. 11 Dawid dɔmmarima no ho nsɛm ni: Nea odi kan no ne Yasobeam a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ dɔmmarima akatakyi a na wɔwɔ Dawid asraafo mu. Bere bi ɔde ne peaw kunkum atamfo ahaasa wɔ akodi baako mu. 12 Nea ɔto so abien wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahoa aseni. 13 Bere a Dawid sɔre tiaa Filistifo wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuw nko, na Israel asraafo no guanee. 14 Nanso Eleasar ne Dawid gyinaa wɔn anan so wɔ afuw no mfimfini, bɔɔ Filistifo no gui. Na AWURADE ma wodii nkonim de gyee wɔn. 15 Da bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifo asraafo akyere nsraban wɔ Refaim bon mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wonim de wɔ Dawid asraafo mu no sian kohyiaa no wɔ hɔ. 16 Saa bere no na Dawid te ɔko ahintawee mu hɔ a na Filistifo asraafokuw bi akɔtena Betlehem. 17 Dawid fi akɔnnɔ mu kae se, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; nea ɛbɛn ɔpon ano no bi.” 18 Enti Baasa no bɔ wuraa Filistifo no mu, kɔsaw abura no mu nsu no bi de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid annom. Mmom, ohwie guu AWURADE anim 19 teɛɛ mu se, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsu yi. Ɛsom bo sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre kɔsaw brɛɛ me no mogya.” Enti Dawid annom. Eyi yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛso. 20 Yoab nuabarima Abisai na na otua Aduasa no ano. Ɔko baako bi mu no, ɔde ne peaw kunkum atamfo no mu ahaasa. Saa mmaninsɛm yi nti na ogyee din sɛ Baasa no. 21 Abisai na na ne din ahyeta yiye wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nso na ɔnka Baasa no ho. 22 Na Yehoiada babarima Benaia a ofi Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmarimasɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ okunkum Moab akofo akɛse baanu bi. Bere foforo bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro nanso ɔkyeree gyata no kum no. 23 Da bi a na okura kontibaa nko ara no, okum Misraimni ɔkofo bi a na ne tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Na ne peaw no mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo nsadua. Benaia huam peaw no fii Misraimni no nsam, de kum no. 24 Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no. 25 Wɔhyɛɛ no anuonyam sen nkae a wɔka Aduasa no ho no, nso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfo no so sahene. 26 Nnipa a na wɔka Dawid dɔmmarima no ho ni: Yoab nuabarima Asahel;Dodo babarima Elhanan a ofi Betlehem; 27 Samot a ofi Harori;Heles a ofi Pelon; 28 Ikes babarima Ira a ofi Tekoa;Abieser a ofi Anatot; 29 Sibekai a ofi Husa;Salmon a ofi Ahoa; 30 Maharai a ofi Netofa;Baana a ofi Netofa babarima Heled; 31 Ribai a ofi Gibea babarima Itai (wofi Benyamin abusuakuw mu); Benaia a ofi Piraton; 32 Hurai a ofi baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas;Abiel a ofi Araba. 33 Asmawet a ofi Baharum;Eliahba a ofi Saalbon. 34 Hasem mmabarima a wofi Gison;Sage babarima Yonatan a ofi Harar. 35 Sakar babarima Ahiam a ofi Harar;Ur babarima Elifar. 36 Hefer a ofi Mekera;Ahiya a ofi Pelon. 37 Hesro a ofi Karmel;Esbai babarima Naarai. 38 Natan nuabarima Yoel;Hagri babarima Mibhar. 39 Selek a ofi Amon;Naharai a ofi Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodekurafo); 40 Ira a ofi Yitri;Gareb a ofi Yitri; 41 Hetini Uria;Ahlai babarima Sabad; 42 Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfo ano, a na mmarima aduasa ka ne ho; 43 Maaka babarima Hanan;Yosafat a ofi Mitna; 44 Usia a ofi Astera;Hotam a ofi Aroer mmabarima Sama ne Yeiel; 45 Simri babarima Yediael;Yoha ne nuabarima a ofi Tis; 46 Eliel a ofi Mahawi;Elnaam mmabarima Yeribai ne Yosawia;Yitma a ofi Moab; 47 Eliel ne Obed;Yaasiel a ofi Soba.

In Other Versions

1 Chronicles 11 in the ANGEFD

1 Chronicles 11 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 11 in the AS21

1 Chronicles 11 in the BAGH

1 Chronicles 11 in the BBPNG

1 Chronicles 11 in the BBT1E

1 Chronicles 11 in the BDS

1 Chronicles 11 in the BEV

1 Chronicles 11 in the BHAD

1 Chronicles 11 in the BIB

1 Chronicles 11 in the BLPT

1 Chronicles 11 in the BNT

1 Chronicles 11 in the BNTABOOT

1 Chronicles 11 in the BNTLV

1 Chronicles 11 in the BOATCB

1 Chronicles 11 in the BOBCV

1 Chronicles 11 in the BOCNT

1 Chronicles 11 in the BOECS

1 Chronicles 11 in the BOGWICC

1 Chronicles 11 in the BOHCB

1 Chronicles 11 in the BOHCV

1 Chronicles 11 in the BOHLNT

1 Chronicles 11 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 11 in the BOICB

1 Chronicles 11 in the BOILNTAP

1 Chronicles 11 in the BOITCV

1 Chronicles 11 in the BOKCV

1 Chronicles 11 in the BOKCV2

1 Chronicles 11 in the BOKHWOG

1 Chronicles 11 in the BOKSSV

1 Chronicles 11 in the BOLCB

1 Chronicles 11 in the BOLCB2

1 Chronicles 11 in the BOMCV

1 Chronicles 11 in the BONAV

1 Chronicles 11 in the BONCB

1 Chronicles 11 in the BONLT

1 Chronicles 11 in the BONUT2

1 Chronicles 11 in the BOPLNT

1 Chronicles 11 in the BOSCB

1 Chronicles 11 in the BOSNC

1 Chronicles 11 in the BOTLNT

1 Chronicles 11 in the BOVCB

1 Chronicles 11 in the BOYCB

1 Chronicles 11 in the BPBB

1 Chronicles 11 in the BPH

1 Chronicles 11 in the BSB

1 Chronicles 11 in the CCB

1 Chronicles 11 in the CUV

1 Chronicles 11 in the CUVS

1 Chronicles 11 in the DBT

1 Chronicles 11 in the DGDNT

1 Chronicles 11 in the DHNT

1 Chronicles 11 in the DNT

1 Chronicles 11 in the ELBE

1 Chronicles 11 in the EMTV

1 Chronicles 11 in the ESV

1 Chronicles 11 in the FBV

1 Chronicles 11 in the FEB

1 Chronicles 11 in the GGMNT

1 Chronicles 11 in the GNT

1 Chronicles 11 in the HARY

1 Chronicles 11 in the HNT

1 Chronicles 11 in the IRVA

1 Chronicles 11 in the IRVB

1 Chronicles 11 in the IRVG

1 Chronicles 11 in the IRVH

1 Chronicles 11 in the IRVK

1 Chronicles 11 in the IRVM

1 Chronicles 11 in the IRVM2

1 Chronicles 11 in the IRVO

1 Chronicles 11 in the IRVP

1 Chronicles 11 in the IRVT

1 Chronicles 11 in the IRVT2

1 Chronicles 11 in the IRVU

1 Chronicles 11 in the ISVN

1 Chronicles 11 in the JSNT

1 Chronicles 11 in the KAPI

1 Chronicles 11 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 11 in the KBV

1 Chronicles 11 in the KJV

1 Chronicles 11 in the KNFD

1 Chronicles 11 in the LBA

1 Chronicles 11 in the LBLA

1 Chronicles 11 in the LNT

1 Chronicles 11 in the LSV

1 Chronicles 11 in the MAAL

1 Chronicles 11 in the MBV

1 Chronicles 11 in the MBV2

1 Chronicles 11 in the MHNT

1 Chronicles 11 in the MKNFD

1 Chronicles 11 in the MNG

1 Chronicles 11 in the MNT

1 Chronicles 11 in the MNT2

1 Chronicles 11 in the MRS1T

1 Chronicles 11 in the NAA

1 Chronicles 11 in the NASB

1 Chronicles 11 in the NBLA

1 Chronicles 11 in the NBS

1 Chronicles 11 in the NBVTP

1 Chronicles 11 in the NET2

1 Chronicles 11 in the NIV11

1 Chronicles 11 in the NNT

1 Chronicles 11 in the NNT2

1 Chronicles 11 in the NNT3

1 Chronicles 11 in the PDDPT

1 Chronicles 11 in the PFNT

1 Chronicles 11 in the RMNT

1 Chronicles 11 in the SBIAS

1 Chronicles 11 in the SBIBS

1 Chronicles 11 in the SBIBS2

1 Chronicles 11 in the SBICS

1 Chronicles 11 in the SBIDS

1 Chronicles 11 in the SBIGS

1 Chronicles 11 in the SBIHS

1 Chronicles 11 in the SBIIS

1 Chronicles 11 in the SBIIS2

1 Chronicles 11 in the SBIIS3

1 Chronicles 11 in the SBIKS

1 Chronicles 11 in the SBIKS2

1 Chronicles 11 in the SBIMS

1 Chronicles 11 in the SBIOS

1 Chronicles 11 in the SBIPS

1 Chronicles 11 in the SBISS

1 Chronicles 11 in the SBITS

1 Chronicles 11 in the SBITS2

1 Chronicles 11 in the SBITS3

1 Chronicles 11 in the SBITS4

1 Chronicles 11 in the SBIUS

1 Chronicles 11 in the SBIVS

1 Chronicles 11 in the SBT

1 Chronicles 11 in the SBT1E

1 Chronicles 11 in the SCHL

1 Chronicles 11 in the SNT

1 Chronicles 11 in the SUSU

1 Chronicles 11 in the SUSU2

1 Chronicles 11 in the SYNO

1 Chronicles 11 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 11 in the TBT1E

1 Chronicles 11 in the TBT1E2

1 Chronicles 11 in the TFTIP

1 Chronicles 11 in the TFTU

1 Chronicles 11 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 11 in the THAI

1 Chronicles 11 in the TNFD

1 Chronicles 11 in the TNT

1 Chronicles 11 in the TNTIK

1 Chronicles 11 in the TNTIL

1 Chronicles 11 in the TNTIN

1 Chronicles 11 in the TNTIP

1 Chronicles 11 in the TNTIZ

1 Chronicles 11 in the TOMA

1 Chronicles 11 in the TTENT

1 Chronicles 11 in the UBG

1 Chronicles 11 in the UGV

1 Chronicles 11 in the UGV2

1 Chronicles 11 in the UGV3

1 Chronicles 11 in the VBL

1 Chronicles 11 in the VDCC

1 Chronicles 11 in the YALU

1 Chronicles 11 in the YAPE

1 Chronicles 11 in the YBVTP

1 Chronicles 11 in the ZBP