1 Chronicles 28 (BOATCB)

1 Dawid frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem. Saa mpanimfoɔ no ne mmusuakuo no ntuanofoɔ, asahene a wɔdeda akodɔm akuo dumienu no ano, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔaka no, wɔn a wɔhwɛ ɔhene agyapadeɛ ne ne mmoa so, ahemfie nhenkwaa, akofoɔ akɛseɛ ne akofoɔ a wɔaka wɔ ahennie no mu no. 2 Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom ne me nkurɔfoɔ, anka mepɛɛ sɛ mɛsi asɔredan a wɔde AWURADE Apam Adaka, Onyankopɔn nan ntiasoɔ no bɛsi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebɛsi, 3 nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔkofoɔ a woahwie mogya bebree aguo.’ 4 “Nanso, AWURADE, Israel Onyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, menni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuo sɛ wɔnni ɔhene na Yuda mmusua mu nso, ɔyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ AWURADE fɛ sɛ ɔsii me Israel nyinaa so ɔhene. 5 Na me mmammarima pii a AWURADE de wɔn maa me no mu nso, ɔyii Salomo sɛ ɔnni mʼadeɛ wɔ nʼahennie Israel ahennwa so. 6 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wo babarima Salomo na ɔbɛsi mʼasɔredan ne nʼadihɔ nyinaa, ɛfiri sɛ mayi no sɛ me babarima na mɛyɛ nʼagya. 7 Na sɛ ɔkɔ so di mʼahyɛdeɛ ne me mmara so, sɛdeɛ ɔyɛ seesei yi a, mɛma nʼahennie atim afebɔɔ.’ 8 “Enti, seesei a Onyankopɔn yɛ yɛn danseni yi, menam wo so de saa asodie yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ AWURADE manfoɔ no: Monhwɛ yie na monni AWURADE, mo Onyankopɔn, ahyɛdeɛ nyinaa so sɛdeɛ mobɛfa saa asase pa yi, na moagya ama mo asefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ daa. 9 “Afei, me ba Salomo, hunu wʼagyanom Onyankopɔn. Fa wʼakoma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Ɛfiri sɛ, Awurade hunu akoma biara mu, enti ɔhunu na ɔnim emu nhyehyɛeɛ ne nsusuiɛ biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wobɛhunu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ. 10 Enti, fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.” 11 Afei Dawid de asɔredan no ho mfoni a sikakorabea, ɔsoro adan, emu adan ne emu kronkronbea a Apam Adaka no mfofareɛm a ɛhɔ yɛ mpatabea, faako a wɔde Adaka no bɛsi maa Salomo. 12 Nhyehyɛeɛ biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa AWURADE Asɔredan adihɔ ho, akyire adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛdeɛ a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo. 13 Saa ara na Dawid kyerɛɛ Salomo dwuma a asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ahodoɔ no nyɛ wɔ AWURADE Asɔredan no mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛwɔ AWURADE Asɔredan no mu a wɔde sɔre AWURADE ne deɛ wɔde bɔ afɔdeɛ. 14 Dawid kyerɛɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ nneɛma a ɛho bɛhia. 15 Ɔkyerɛɛ Salomo sikakɔkɔɔ dodoɔ a ɛho bɛhia ama sikakɔkɔɔ nkaneadua no ne nkanea no, ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a ɛho bɛhia ama dwetɛ nkaneadua no ne nkanea no yɛ, ne ɛkwan korɔ a wɔbɛfa so de emu biara adi dwuma no so. 16 Ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛpono a wɔde Hyiadan mu Burodo no bɛto so ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ apono a ɛka ho no. 17 Dawid sane kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛnam darewa a wɔde bɛsosɔ afɔrebɔ ɛnam mu, atam, sukuruwa ne nyowaa ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ayowaa biara. 18 Deɛ ɔde wieeɛ ne sɛ, ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ a wɔabere ho dodoɔ a wɔde bɛyɛ nnuhwam afɔrebukyia no ne sikakɔkɔɔ Kerubim a nʼataban atrɛ wɔ AWURADE Adaka no so. 19 Dawid ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Saa mfoni yi nyinaa, AWURADE nsa na ɔde twerɛ maa me.” 20 Afei, Dawid toaa so sɛ, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadie no kɛseyɛ ntu wo bo, ɛfiri sɛ, AWURADE Onyankopɔn, me Onyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadie biara a ɛfa AWURADE Asɔredan no sie ho no, wɔbɛwie no pɛpɛɛpɛ. 21 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuo no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahodoɔ no nyinaa bɛyi wɔn yam aboa, na ntuanofoɔ ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”

In Other Versions

1 Chronicles 28 in the ANGEFD

1 Chronicles 28 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 28 in the AS21

1 Chronicles 28 in the BAGH

1 Chronicles 28 in the BBPNG

1 Chronicles 28 in the BBT1E

1 Chronicles 28 in the BDS

1 Chronicles 28 in the BEV

1 Chronicles 28 in the BHAD

1 Chronicles 28 in the BIB

1 Chronicles 28 in the BLPT

1 Chronicles 28 in the BNT

1 Chronicles 28 in the BNTABOOT

1 Chronicles 28 in the BNTLV

1 Chronicles 28 in the BOATCB2

1 Chronicles 28 in the BOBCV

1 Chronicles 28 in the BOCNT

1 Chronicles 28 in the BOECS

1 Chronicles 28 in the BOGWICC

1 Chronicles 28 in the BOHCB

1 Chronicles 28 in the BOHCV

1 Chronicles 28 in the BOHLNT

1 Chronicles 28 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 28 in the BOICB

1 Chronicles 28 in the BOILNTAP

1 Chronicles 28 in the BOITCV

1 Chronicles 28 in the BOKCV

1 Chronicles 28 in the BOKCV2

1 Chronicles 28 in the BOKHWOG

1 Chronicles 28 in the BOKSSV

1 Chronicles 28 in the BOLCB

1 Chronicles 28 in the BOLCB2

1 Chronicles 28 in the BOMCV

1 Chronicles 28 in the BONAV

1 Chronicles 28 in the BONCB

1 Chronicles 28 in the BONLT

1 Chronicles 28 in the BONUT2

1 Chronicles 28 in the BOPLNT

1 Chronicles 28 in the BOSCB

1 Chronicles 28 in the BOSNC

1 Chronicles 28 in the BOTLNT

1 Chronicles 28 in the BOVCB

1 Chronicles 28 in the BOYCB

1 Chronicles 28 in the BPBB

1 Chronicles 28 in the BPH

1 Chronicles 28 in the BSB

1 Chronicles 28 in the CCB

1 Chronicles 28 in the CUV

1 Chronicles 28 in the CUVS

1 Chronicles 28 in the DBT

1 Chronicles 28 in the DGDNT

1 Chronicles 28 in the DHNT

1 Chronicles 28 in the DNT

1 Chronicles 28 in the ELBE

1 Chronicles 28 in the EMTV

1 Chronicles 28 in the ESV

1 Chronicles 28 in the FBV

1 Chronicles 28 in the FEB

1 Chronicles 28 in the GGMNT

1 Chronicles 28 in the GNT

1 Chronicles 28 in the HARY

1 Chronicles 28 in the HNT

1 Chronicles 28 in the IRVA

1 Chronicles 28 in the IRVB

1 Chronicles 28 in the IRVG

1 Chronicles 28 in the IRVH

1 Chronicles 28 in the IRVK

1 Chronicles 28 in the IRVM

1 Chronicles 28 in the IRVM2

1 Chronicles 28 in the IRVO

1 Chronicles 28 in the IRVP

1 Chronicles 28 in the IRVT

1 Chronicles 28 in the IRVT2

1 Chronicles 28 in the IRVU

1 Chronicles 28 in the ISVN

1 Chronicles 28 in the JSNT

1 Chronicles 28 in the KAPI

1 Chronicles 28 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 28 in the KBV

1 Chronicles 28 in the KJV

1 Chronicles 28 in the KNFD

1 Chronicles 28 in the LBA

1 Chronicles 28 in the LBLA

1 Chronicles 28 in the LNT

1 Chronicles 28 in the LSV

1 Chronicles 28 in the MAAL

1 Chronicles 28 in the MBV

1 Chronicles 28 in the MBV2

1 Chronicles 28 in the MHNT

1 Chronicles 28 in the MKNFD

1 Chronicles 28 in the MNG

1 Chronicles 28 in the MNT

1 Chronicles 28 in the MNT2

1 Chronicles 28 in the MRS1T

1 Chronicles 28 in the NAA

1 Chronicles 28 in the NASB

1 Chronicles 28 in the NBLA

1 Chronicles 28 in the NBS

1 Chronicles 28 in the NBVTP

1 Chronicles 28 in the NET2

1 Chronicles 28 in the NIV11

1 Chronicles 28 in the NNT

1 Chronicles 28 in the NNT2

1 Chronicles 28 in the NNT3

1 Chronicles 28 in the PDDPT

1 Chronicles 28 in the PFNT

1 Chronicles 28 in the RMNT

1 Chronicles 28 in the SBIAS

1 Chronicles 28 in the SBIBS

1 Chronicles 28 in the SBIBS2

1 Chronicles 28 in the SBICS

1 Chronicles 28 in the SBIDS

1 Chronicles 28 in the SBIGS

1 Chronicles 28 in the SBIHS

1 Chronicles 28 in the SBIIS

1 Chronicles 28 in the SBIIS2

1 Chronicles 28 in the SBIIS3

1 Chronicles 28 in the SBIKS

1 Chronicles 28 in the SBIKS2

1 Chronicles 28 in the SBIMS

1 Chronicles 28 in the SBIOS

1 Chronicles 28 in the SBIPS

1 Chronicles 28 in the SBISS

1 Chronicles 28 in the SBITS

1 Chronicles 28 in the SBITS2

1 Chronicles 28 in the SBITS3

1 Chronicles 28 in the SBITS4

1 Chronicles 28 in the SBIUS

1 Chronicles 28 in the SBIVS

1 Chronicles 28 in the SBT

1 Chronicles 28 in the SBT1E

1 Chronicles 28 in the SCHL

1 Chronicles 28 in the SNT

1 Chronicles 28 in the SUSU

1 Chronicles 28 in the SUSU2

1 Chronicles 28 in the SYNO

1 Chronicles 28 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 28 in the TBT1E

1 Chronicles 28 in the TBT1E2

1 Chronicles 28 in the TFTIP

1 Chronicles 28 in the TFTU

1 Chronicles 28 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 28 in the THAI

1 Chronicles 28 in the TNFD

1 Chronicles 28 in the TNT

1 Chronicles 28 in the TNTIK

1 Chronicles 28 in the TNTIL

1 Chronicles 28 in the TNTIN

1 Chronicles 28 in the TNTIP

1 Chronicles 28 in the TNTIZ

1 Chronicles 28 in the TOMA

1 Chronicles 28 in the TTENT

1 Chronicles 28 in the UBG

1 Chronicles 28 in the UGV

1 Chronicles 28 in the UGV2

1 Chronicles 28 in the UGV3

1 Chronicles 28 in the VBL

1 Chronicles 28 in the VDCC

1 Chronicles 28 in the YALU

1 Chronicles 28 in the YAPE

1 Chronicles 28 in the YBVTP

1 Chronicles 28 in the ZBP