1 Corinthians 10 (BOATCB)

1 Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nananom a wɔdii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu asomdwoeɛ mu. 2 Omununkum no ne Ɛpo no mu, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifoɔ. 3 Wɔn nyinaa dii honhom fam aduane 4 na wɔnom honhom fam anonneɛ. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsuo; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa. 5 Yeinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ ɛserɛ no so hɔ no. 6 Seesei, yeinom nyinaa yɛ nhwɛsoɔ ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ bɔne sɛdeɛ wɔyɛeɛ no, 7 ɛnna ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wɔgoroo abosomgorɔ.” 8 Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ adwaman, sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no na da koro wɔn mu ɔpeduonumiɛnsa wuwuiɛ no. 9 Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no maa awɔ kekaa wɔn kunkumm wɔn no. 10 Ɛnsɛ sɛ monwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ maa ɔsɛe ɔbɔfoɔ sɛee wɔn no. 11 Yeinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛsoɔ maa afoforɔ. Na wɔtwerɛ guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Ɛfiri sɛ, yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛre na ɛberɛ no aba awieeɛ. 12 Obiara a ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase. 13 Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ deɛ ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so enti, ɔremma ho ɛkwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso. 14 Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho. 15 Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafoɔ. Asɛm a meka no mommua mfa. 16 Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no anaa? Burodo a yɛbubu mu no nso, sɛ yɛdi a, na ɛnyɛ Kristo onipadua ayɔnkoyɛ anaa? 17 Esiane sɛ burodo no yɛ baako na yɛdi no wɔ ɔhonam korɔ mu enti, ɛwom sɛ yɛ dɔɔso deɛ, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako. 18 Monhwɛ Israelman. Wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no ne afɔrebukyia no wɔ ayɔnkoyɛ. 19 Mebisa sɛ, afɔrebɔdeɛ a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi? 20 Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, deɛ wɔde abɔ afɔdeɛ wɔ ɔbosonsomni afɔrebukyia so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyɛnehyɛne ahonhommɔne. 21 Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsane nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade ɛpono so na monsane nnidi wɔ ahonhommɔne ɛpono nso so. 22 Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yɛgye di sɛ yɛyɛ den sene no anaa? 23 Wɔka sɛ, “Woama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ. “Wɔama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛtumi boa yɛn. 24 Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiedie na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforɔ nso yiedie. 25 Adwenemdahɔ enti motumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ dwa so di a mommisa ho asɛm biara. 26 Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.” 27 Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, adwenemdahɔ enti, aduane a ɔde bɛma wo biara, di a wommisa ho asɛm biara. 28 Nanso, sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ, “Wɔde saa aduane yi maa ahoni” a, ɛsiane deɛ ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwenemdahɔ enti, nni saa aduane no. 29 Ɛno nyɛ wʼadwene, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwene. Obi bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na obi adwene si mʼahofadie ho ɛkwan? 30 Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduane ho a, adɛn enti na aduane a mada ho ase no obi ka ho asɛm?” 31 Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam. 32 Monnyɛ biribiara mfa nha Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ anaa Onyankopɔn asafo. 33 Monyɛ sɛdeɛ meyɛ no. Mema obiara ani gye deɛ meyɛ ho a mennwene mʼankasa me yiedie ho, na mmom, medwene yɛn nyinaa yiedie ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa.

In Other Versions

1 Corinthians 10 in the ANGEFD

1 Corinthians 10 in the ANTPNG2D

1 Corinthians 10 in the AS21

1 Corinthians 10 in the BAGH

1 Corinthians 10 in the BBPNG

1 Corinthians 10 in the BBT1E

1 Corinthians 10 in the BDS

1 Corinthians 10 in the BEV

1 Corinthians 10 in the BHAD

1 Corinthians 10 in the BIB

1 Corinthians 10 in the BLPT

1 Corinthians 10 in the BNT

1 Corinthians 10 in the BNTABOOT

1 Corinthians 10 in the BNTLV

1 Corinthians 10 in the BOATCB2

1 Corinthians 10 in the BOBCV

1 Corinthians 10 in the BOCNT

1 Corinthians 10 in the BOECS

1 Corinthians 10 in the BOGWICC

1 Corinthians 10 in the BOHCB

1 Corinthians 10 in the BOHCV

1 Corinthians 10 in the BOHLNT

1 Corinthians 10 in the BOHNTLTAL

1 Corinthians 10 in the BOICB

1 Corinthians 10 in the BOILNTAP

1 Corinthians 10 in the BOITCV

1 Corinthians 10 in the BOKCV

1 Corinthians 10 in the BOKCV2

1 Corinthians 10 in the BOKHWOG

1 Corinthians 10 in the BOKSSV

1 Corinthians 10 in the BOLCB

1 Corinthians 10 in the BOLCB2

1 Corinthians 10 in the BOMCV

1 Corinthians 10 in the BONAV

1 Corinthians 10 in the BONCB

1 Corinthians 10 in the BONLT

1 Corinthians 10 in the BONUT2

1 Corinthians 10 in the BOPLNT

1 Corinthians 10 in the BOSCB

1 Corinthians 10 in the BOSNC

1 Corinthians 10 in the BOTLNT

1 Corinthians 10 in the BOVCB

1 Corinthians 10 in the BOYCB

1 Corinthians 10 in the BPBB

1 Corinthians 10 in the BPH

1 Corinthians 10 in the BSB

1 Corinthians 10 in the CCB

1 Corinthians 10 in the CUV

1 Corinthians 10 in the CUVS

1 Corinthians 10 in the DBT

1 Corinthians 10 in the DGDNT

1 Corinthians 10 in the DHNT

1 Corinthians 10 in the DNT

1 Corinthians 10 in the ELBE

1 Corinthians 10 in the EMTV

1 Corinthians 10 in the ESV

1 Corinthians 10 in the FBV

1 Corinthians 10 in the FEB

1 Corinthians 10 in the GGMNT

1 Corinthians 10 in the GNT

1 Corinthians 10 in the HARY

1 Corinthians 10 in the HNT

1 Corinthians 10 in the IRVA

1 Corinthians 10 in the IRVB

1 Corinthians 10 in the IRVG

1 Corinthians 10 in the IRVH

1 Corinthians 10 in the IRVK

1 Corinthians 10 in the IRVM

1 Corinthians 10 in the IRVM2

1 Corinthians 10 in the IRVO

1 Corinthians 10 in the IRVP

1 Corinthians 10 in the IRVT

1 Corinthians 10 in the IRVT2

1 Corinthians 10 in the IRVU

1 Corinthians 10 in the ISVN

1 Corinthians 10 in the JSNT

1 Corinthians 10 in the KAPI

1 Corinthians 10 in the KBT1ETNIK

1 Corinthians 10 in the KBV

1 Corinthians 10 in the KJV

1 Corinthians 10 in the KNFD

1 Corinthians 10 in the LBA

1 Corinthians 10 in the LBLA

1 Corinthians 10 in the LNT

1 Corinthians 10 in the LSV

1 Corinthians 10 in the MAAL

1 Corinthians 10 in the MBV

1 Corinthians 10 in the MBV2

1 Corinthians 10 in the MHNT

1 Corinthians 10 in the MKNFD

1 Corinthians 10 in the MNG

1 Corinthians 10 in the MNT

1 Corinthians 10 in the MNT2

1 Corinthians 10 in the MRS1T

1 Corinthians 10 in the NAA

1 Corinthians 10 in the NASB

1 Corinthians 10 in the NBLA

1 Corinthians 10 in the NBS

1 Corinthians 10 in the NBVTP

1 Corinthians 10 in the NET2

1 Corinthians 10 in the NIV11

1 Corinthians 10 in the NNT

1 Corinthians 10 in the NNT2

1 Corinthians 10 in the NNT3

1 Corinthians 10 in the PDDPT

1 Corinthians 10 in the PFNT

1 Corinthians 10 in the RMNT

1 Corinthians 10 in the SBIAS

1 Corinthians 10 in the SBIBS

1 Corinthians 10 in the SBIBS2

1 Corinthians 10 in the SBICS

1 Corinthians 10 in the SBIDS

1 Corinthians 10 in the SBIGS

1 Corinthians 10 in the SBIHS

1 Corinthians 10 in the SBIIS

1 Corinthians 10 in the SBIIS2

1 Corinthians 10 in the SBIIS3

1 Corinthians 10 in the SBIKS

1 Corinthians 10 in the SBIKS2

1 Corinthians 10 in the SBIMS

1 Corinthians 10 in the SBIOS

1 Corinthians 10 in the SBIPS

1 Corinthians 10 in the SBISS

1 Corinthians 10 in the SBITS

1 Corinthians 10 in the SBITS2

1 Corinthians 10 in the SBITS3

1 Corinthians 10 in the SBITS4

1 Corinthians 10 in the SBIUS

1 Corinthians 10 in the SBIVS

1 Corinthians 10 in the SBT

1 Corinthians 10 in the SBT1E

1 Corinthians 10 in the SCHL

1 Corinthians 10 in the SNT

1 Corinthians 10 in the SUSU

1 Corinthians 10 in the SUSU2

1 Corinthians 10 in the SYNO

1 Corinthians 10 in the TBIAOTANT

1 Corinthians 10 in the TBT1E

1 Corinthians 10 in the TBT1E2

1 Corinthians 10 in the TFTIP

1 Corinthians 10 in the TFTU

1 Corinthians 10 in the TGNTATF3T

1 Corinthians 10 in the THAI

1 Corinthians 10 in the TNFD

1 Corinthians 10 in the TNT

1 Corinthians 10 in the TNTIK

1 Corinthians 10 in the TNTIL

1 Corinthians 10 in the TNTIN

1 Corinthians 10 in the TNTIP

1 Corinthians 10 in the TNTIZ

1 Corinthians 10 in the TOMA

1 Corinthians 10 in the TTENT

1 Corinthians 10 in the UBG

1 Corinthians 10 in the UGV

1 Corinthians 10 in the UGV2

1 Corinthians 10 in the UGV3

1 Corinthians 10 in the VBL

1 Corinthians 10 in the VDCC

1 Corinthians 10 in the YALU

1 Corinthians 10 in the YAPE

1 Corinthians 10 in the YBVTP

1 Corinthians 10 in the ZBP