1 Corinthians 11 (BOATCB)

1 Monsua me sɛdeɛ mesua Kristo no. 2 Mekamfo mo, ɛfiri sɛ, ɛberɛ biara, mokae me di me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛɛ mo no so. 3 Na mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, ɔbarima tiri ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbaa tiri, nanso Kristo tiri ne Onyankopɔn. 4 Enti, ɔbarima biara a ɔkata ne tiri so bɔ mpaeɛ anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no gu Kristo anim ase. 5 Na ɔbaa a ɔnkata ne tiri so na ɔbɔ mpaeɛ ka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no nso gu ne kunu anim ase. Nsonsonoeɛ biara nna ɔne ɔbaa a wayi ne tirinwi no ntam. 6 Sɛ ɔbaa no nkata ne tiri so a, ɛsɛ sɛ ɔtwitwa ne tirinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguaseɛ sɛ ɔbaa bɛyi ne tirinwi anaa ɔbɛtwitwa agu no enti, ɛsɛ sɛ ɔkata so. 7 Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne tiri so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam ne ne sɛso 8 na wɔammɔ ɔbarima amfiri ɔbaa mu, na mmom, wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu. 9 Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbaa enti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbaa deɛ, ɔbarima enti na wɔbɔɔ no. 10 Esiane saa asɛm yi ne abɔfoɔ no enti, ɛsɛ sɛ ɔbaa nya nkatasoɔ bi wɔ ne tiri so, de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase. 11 Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbaa nne ne ho ɛnna ɔbarima nso nne ne ho. 12 Na sɛdeɛ wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbaa woo ɔbarima, na biribiara nso firi Onyankopɔn. 13 Ɛyɛ sɛ ɔbaa bɛbɔ mpaeɛ afrɛ Onyankopɔn wɔ badwa mu a biribiara nkata ne tiri so anaa? Mo ara mommua mfa. 14 Ɛnyɛ saa abɔdeɛ korɔ no ara na ɛka sɛ, sɛ ɔbarima tiri fu bebree a, ɛyɛ animguaseɛ ma no no? 15 Nanso, sɛ ɔbaa deɛ, ne tiri fu pii a, ɛyɛ animuonyam ma no no? Wɔama no nwi pii sɛ akatasoɔ. 16 Nanso, sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ho akyinnyeɛ a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɛkwan foforɔ biara a wɔfa so som. 17 Nhyehyɛeɛ a ɛdidi so yi a mereka akyerɛ mo yi, menkamfo mo, ɛfiri sɛ, mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom. 18 Deɛ ɛdi ɛkan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asie wɔ mo nhyiamu mu na megye di sɛ nokorɛ kakra wɔ mu. 19 Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛdeɛ nokorɛ bɛda adi. 20 Sɛ mohyia sɛ kuo a, momma sɛ morebɛdi Awurade Adidi no. 21 Na mogu so redidi no, obiara di nʼaduane wɔ ɛberɛ a ɛkɔm de ebinom na afoforɔ nso aboboro nsã. 22 Mo ara monni afie a modidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mogu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a adeɛ ahia wɔn no anim ase? Ɛdeɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo! 23 Awurade nkyɛn na menya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no sɛ, Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa burodo 24 na ɔdaa Onyankopɔn ase no, ɔbuu mu kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede ma mo. Monyɛ yei mfa nkae me.” 25 Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkaa sɛ, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforɔ a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Ɛberɛ biara a mobɛnom no, momfa nkae me.” 26 Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi sɛ ɔbɛba. 27 Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade burodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade onipadua ne ne mogya no ho fɔ. 28 Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ. 29 Na sɛ wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so. 30 Ɛno enti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no. 31 Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmuo mu. 32 Nanso, Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛdeɛ ɔremmu yɛne ewiase nyinaa fɔ. 33 Ɛno enti, me nuanom, sɛ mohyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, montwɛn mo ho mo ho. 34 Sɛ ɛkɔm de obi a, ɔnnidi wɔ efie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase.Nsɛm a aka no, sɛ meba a, mɛka ho asɛm.

In Other Versions

1 Corinthians 11 in the ANGEFD

1 Corinthians 11 in the ANTPNG2D

1 Corinthians 11 in the AS21

1 Corinthians 11 in the BAGH

1 Corinthians 11 in the BBPNG

1 Corinthians 11 in the BBT1E

1 Corinthians 11 in the BDS

1 Corinthians 11 in the BEV

1 Corinthians 11 in the BHAD

1 Corinthians 11 in the BIB

1 Corinthians 11 in the BLPT

1 Corinthians 11 in the BNT

1 Corinthians 11 in the BNTABOOT

1 Corinthians 11 in the BNTLV

1 Corinthians 11 in the BOATCB2

1 Corinthians 11 in the BOBCV

1 Corinthians 11 in the BOCNT

1 Corinthians 11 in the BOECS

1 Corinthians 11 in the BOGWICC

1 Corinthians 11 in the BOHCB

1 Corinthians 11 in the BOHCV

1 Corinthians 11 in the BOHLNT

1 Corinthians 11 in the BOHNTLTAL

1 Corinthians 11 in the BOICB

1 Corinthians 11 in the BOILNTAP

1 Corinthians 11 in the BOITCV

1 Corinthians 11 in the BOKCV

1 Corinthians 11 in the BOKCV2

1 Corinthians 11 in the BOKHWOG

1 Corinthians 11 in the BOKSSV

1 Corinthians 11 in the BOLCB

1 Corinthians 11 in the BOLCB2

1 Corinthians 11 in the BOMCV

1 Corinthians 11 in the BONAV

1 Corinthians 11 in the BONCB

1 Corinthians 11 in the BONLT

1 Corinthians 11 in the BONUT2

1 Corinthians 11 in the BOPLNT

1 Corinthians 11 in the BOSCB

1 Corinthians 11 in the BOSNC

1 Corinthians 11 in the BOTLNT

1 Corinthians 11 in the BOVCB

1 Corinthians 11 in the BOYCB

1 Corinthians 11 in the BPBB

1 Corinthians 11 in the BPH

1 Corinthians 11 in the BSB

1 Corinthians 11 in the CCB

1 Corinthians 11 in the CUV

1 Corinthians 11 in the CUVS

1 Corinthians 11 in the DBT

1 Corinthians 11 in the DGDNT

1 Corinthians 11 in the DHNT

1 Corinthians 11 in the DNT

1 Corinthians 11 in the ELBE

1 Corinthians 11 in the EMTV

1 Corinthians 11 in the ESV

1 Corinthians 11 in the FBV

1 Corinthians 11 in the FEB

1 Corinthians 11 in the GGMNT

1 Corinthians 11 in the GNT

1 Corinthians 11 in the HARY

1 Corinthians 11 in the HNT

1 Corinthians 11 in the IRVA

1 Corinthians 11 in the IRVB

1 Corinthians 11 in the IRVG

1 Corinthians 11 in the IRVH

1 Corinthians 11 in the IRVK

1 Corinthians 11 in the IRVM

1 Corinthians 11 in the IRVM2

1 Corinthians 11 in the IRVO

1 Corinthians 11 in the IRVP

1 Corinthians 11 in the IRVT

1 Corinthians 11 in the IRVT2

1 Corinthians 11 in the IRVU

1 Corinthians 11 in the ISVN

1 Corinthians 11 in the JSNT

1 Corinthians 11 in the KAPI

1 Corinthians 11 in the KBT1ETNIK

1 Corinthians 11 in the KBV

1 Corinthians 11 in the KJV

1 Corinthians 11 in the KNFD

1 Corinthians 11 in the LBA

1 Corinthians 11 in the LBLA

1 Corinthians 11 in the LNT

1 Corinthians 11 in the LSV

1 Corinthians 11 in the MAAL

1 Corinthians 11 in the MBV

1 Corinthians 11 in the MBV2

1 Corinthians 11 in the MHNT

1 Corinthians 11 in the MKNFD

1 Corinthians 11 in the MNG

1 Corinthians 11 in the MNT

1 Corinthians 11 in the MNT2

1 Corinthians 11 in the MRS1T

1 Corinthians 11 in the NAA

1 Corinthians 11 in the NASB

1 Corinthians 11 in the NBLA

1 Corinthians 11 in the NBS

1 Corinthians 11 in the NBVTP

1 Corinthians 11 in the NET2

1 Corinthians 11 in the NIV11

1 Corinthians 11 in the NNT

1 Corinthians 11 in the NNT2

1 Corinthians 11 in the NNT3

1 Corinthians 11 in the PDDPT

1 Corinthians 11 in the PFNT

1 Corinthians 11 in the RMNT

1 Corinthians 11 in the SBIAS

1 Corinthians 11 in the SBIBS

1 Corinthians 11 in the SBIBS2

1 Corinthians 11 in the SBICS

1 Corinthians 11 in the SBIDS

1 Corinthians 11 in the SBIGS

1 Corinthians 11 in the SBIHS

1 Corinthians 11 in the SBIIS

1 Corinthians 11 in the SBIIS2

1 Corinthians 11 in the SBIIS3

1 Corinthians 11 in the SBIKS

1 Corinthians 11 in the SBIKS2

1 Corinthians 11 in the SBIMS

1 Corinthians 11 in the SBIOS

1 Corinthians 11 in the SBIPS

1 Corinthians 11 in the SBISS

1 Corinthians 11 in the SBITS

1 Corinthians 11 in the SBITS2

1 Corinthians 11 in the SBITS3

1 Corinthians 11 in the SBITS4

1 Corinthians 11 in the SBIUS

1 Corinthians 11 in the SBIVS

1 Corinthians 11 in the SBT

1 Corinthians 11 in the SBT1E

1 Corinthians 11 in the SCHL

1 Corinthians 11 in the SNT

1 Corinthians 11 in the SUSU

1 Corinthians 11 in the SUSU2

1 Corinthians 11 in the SYNO

1 Corinthians 11 in the TBIAOTANT

1 Corinthians 11 in the TBT1E

1 Corinthians 11 in the TBT1E2

1 Corinthians 11 in the TFTIP

1 Corinthians 11 in the TFTU

1 Corinthians 11 in the TGNTATF3T

1 Corinthians 11 in the THAI

1 Corinthians 11 in the TNFD

1 Corinthians 11 in the TNT

1 Corinthians 11 in the TNTIK

1 Corinthians 11 in the TNTIL

1 Corinthians 11 in the TNTIN

1 Corinthians 11 in the TNTIP

1 Corinthians 11 in the TNTIZ

1 Corinthians 11 in the TOMA

1 Corinthians 11 in the TTENT

1 Corinthians 11 in the UBG

1 Corinthians 11 in the UGV

1 Corinthians 11 in the UGV2

1 Corinthians 11 in the UGV3

1 Corinthians 11 in the VBL

1 Corinthians 11 in the VDCC

1 Corinthians 11 in the YALU

1 Corinthians 11 in the YAPE

1 Corinthians 11 in the YBVTP

1 Corinthians 11 in the ZBP