1 Kings 21 (BOATCB)
1 Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ɔfiri Yesreel wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfie. 2 Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ, “Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeɛfuo, ɛfiri sɛ, ɛbɛn mʼahemfie pɛɛ. Sɛ wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na sɛ nso wopɛ a, ɛboɔ biara a asase no die no, mɛtua.” 3 Nanso, Nabot buaa sɛ, “AWURADE mma ɛmpare me sɛ mede mʼagyanom agyapadeɛ bɛma wo.” 4 Enti, Ahab sane kɔɔ ahemfie hɔ a ne bo afu ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdaeɛ a wannidie, de nʼanim kyerɛɛ fasuo. 5 Ne yere Isebel bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woayɛ bosaa saa? Adɛn enti na wompɛ sɛ wodidie?” 6 Ɔbuaa no sɛ, “Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no sɛ, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene.” 7 Ne yere Isebel bisaa sɛ, “Wonyɛ Israelhene anaa? Sɔre na didi! Mma yei nha wo. Mɛgye Nabot bobeturo no ama wo!” 8 Na Isebel twerɛɛ nkrataa wɔ Ahab din mu, de ne nsɔano sɔɔ ano, de kɔmaa mpanimfoɔ ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no. 9 Krataa no mu nsɛm ne sɛ:“Yi ɛda bi to hɔ a wɔde bɛyɛ akɔnkyene, na ma Nabot ntena animuonyambea wɔ nnipa no mu. 10 Monhwehwɛ ahuhufoɔ baanu na wɔmmɔ no kwaadu sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfiri adi, nkɔsi no aboɔ nku no.” 11 Enti, mpanimfoɔ ne atitire a wɔte Nabot kuro no mu no yɛɛ deɛ Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no. 12 Wɔhyɛɛ akɔnkyene no ase, de Nabot tenaa animuonyambea wɔ nnipa no mu. 13 Na ahuhufoɔ baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu wɔ nnipa no anim sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti, wɔde no kɔɔ kurotia, kɔsii no aboɔ kumm no. 14 Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔasi Nabot aboɔ, ama wawu.” 15 Ɛberɛ a Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.” 16 Enti ɛhɔ ara, Ahab siane kɔfaa Nabot bobeturo no. 17 Ɛnna AWURADE asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 18 “Kɔ na kɔhyia Israelhene Ahab a ɔdi Samaria so no. Seesei ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa. 19 Ka kyerɛ no sɛ, sei na AWURADE ka: ‘Ɛnnɔɔso sɛ wokum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔno nso? Deɛ woayɛ yi enti beaeɛ a nkraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtafere wo mogya, aane, wʼankasa wo mogya!’ ” 20 Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Woahunu me, me ɔtamfoɔ.”Ɔbuaa sɛ, “Aane maba bio ɛfiri sɛ, woatɔn wo ho ama ɔbɔnefoɔ no wɔ AWURADE ani so. 21 ‘Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhye wʼasefoɔ nyinaa, na matwa ɔbarima a ɔtwa toɔ koraa wɔ Israel, sɛ ɔyɛ akoa anaa ɔdehyeɛ, afiri Ahab ho. 22 Mɛma wo fie ayɛ sɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afie, ɛfiri sɛ, woahyɛ me abufuo ama Israel ayɛ bɔne!’ 23 “Na ɛfa Isebel ho nso no, AWURADE ka sɛ, Yesreel nkraman bɛwe ne ɛnam wɔ kuropɔn no afasuo ho. 24 “Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wɔwuwuu wɔ kuro no mu no nso, nkraman bɛwe wɔn ɛnam, na apete nso asosɔ wɔn a wɔwuwuu wɔ wiram no ɛnam.” 25 (Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ AWURADE ani so, sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no, ɛfiri sɛ, ne yere Isebel tuu no fo bɔne. 26 Ɔyɛɛ bɔne ara, kɔsii sɛ ɔkɔɔ ahoni so, te sɛ Amorifoɔ a AWURADE pamoo wɔn wɔ Israelfoɔ anim no). 27 Ahab tee saa asɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, firaa ayitoma, kyenee kɔm. Ɔfiraa ayitoma no saa de awerɛhoɔ a emu yɛ den kyinkyiniiɛ. 28 Na AWURADE asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 29 “Woahunu sɛdeɛ Ahab brɛɛ ne ho ase wɔ mʼanim? Esiane sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase enti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ hɔ ma no ɛnnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmammarima so; mɛsɛe nʼasefoɔ nyinaa.”
In Other Versions
1 Kings 21 in the ANGEFD
1 Kings 21 in the ANTPNG2D
1 Kings 21 in the AS21
1 Kings 21 in the BAGH
1 Kings 21 in the BBPNG
1 Kings 21 in the BBT1E
1 Kings 21 in the BDS
1 Kings 21 in the BEV
1 Kings 21 in the BHAD
1 Kings 21 in the BIB
1 Kings 21 in the BLPT
1 Kings 21 in the BNT
1 Kings 21 in the BNTABOOT
1 Kings 21 in the BNTLV
1 Kings 21 in the BOATCB2
1 Kings 21 in the BOBCV
1 Kings 21 in the BOCNT
1 Kings 21 in the BOECS
1 Kings 21 in the BOGWICC
1 Kings 21 in the BOHCB
1 Kings 21 in the BOHCV
1 Kings 21 in the BOHLNT
1 Kings 21 in the BOHNTLTAL
1 Kings 21 in the BOICB
1 Kings 21 in the BOILNTAP
1 Kings 21 in the BOITCV
1 Kings 21 in the BOKCV
1 Kings 21 in the BOKCV2
1 Kings 21 in the BOKHWOG
1 Kings 21 in the BOKSSV
1 Kings 21 in the BOLCB
1 Kings 21 in the BOLCB2
1 Kings 21 in the BOMCV
1 Kings 21 in the BONAV
1 Kings 21 in the BONCB
1 Kings 21 in the BONLT
1 Kings 21 in the BONUT2
1 Kings 21 in the BOPLNT
1 Kings 21 in the BOSCB
1 Kings 21 in the BOSNC
1 Kings 21 in the BOTLNT
1 Kings 21 in the BOVCB
1 Kings 21 in the BOYCB
1 Kings 21 in the BPBB
1 Kings 21 in the BPH
1 Kings 21 in the BSB
1 Kings 21 in the CCB
1 Kings 21 in the CUV
1 Kings 21 in the CUVS
1 Kings 21 in the DBT
1 Kings 21 in the DGDNT
1 Kings 21 in the DHNT
1 Kings 21 in the DNT
1 Kings 21 in the ELBE
1 Kings 21 in the EMTV
1 Kings 21 in the ESV
1 Kings 21 in the FBV
1 Kings 21 in the FEB
1 Kings 21 in the GGMNT
1 Kings 21 in the GNT
1 Kings 21 in the HARY
1 Kings 21 in the HNT
1 Kings 21 in the IRVA
1 Kings 21 in the IRVB
1 Kings 21 in the IRVG
1 Kings 21 in the IRVH
1 Kings 21 in the IRVK
1 Kings 21 in the IRVM
1 Kings 21 in the IRVM2
1 Kings 21 in the IRVO
1 Kings 21 in the IRVP
1 Kings 21 in the IRVT
1 Kings 21 in the IRVT2
1 Kings 21 in the IRVU
1 Kings 21 in the ISVN
1 Kings 21 in the JSNT
1 Kings 21 in the KAPI
1 Kings 21 in the KBT1ETNIK
1 Kings 21 in the KBV
1 Kings 21 in the KJV
1 Kings 21 in the KNFD
1 Kings 21 in the LBA
1 Kings 21 in the LBLA
1 Kings 21 in the LNT
1 Kings 21 in the LSV
1 Kings 21 in the MAAL
1 Kings 21 in the MBV
1 Kings 21 in the MBV2
1 Kings 21 in the MHNT
1 Kings 21 in the MKNFD
1 Kings 21 in the MNG
1 Kings 21 in the MNT
1 Kings 21 in the MNT2
1 Kings 21 in the MRS1T
1 Kings 21 in the NAA
1 Kings 21 in the NASB
1 Kings 21 in the NBLA
1 Kings 21 in the NBS
1 Kings 21 in the NBVTP
1 Kings 21 in the NET2
1 Kings 21 in the NIV11
1 Kings 21 in the NNT
1 Kings 21 in the NNT2
1 Kings 21 in the NNT3
1 Kings 21 in the PDDPT
1 Kings 21 in the PFNT
1 Kings 21 in the RMNT
1 Kings 21 in the SBIAS
1 Kings 21 in the SBIBS
1 Kings 21 in the SBIBS2
1 Kings 21 in the SBICS
1 Kings 21 in the SBIDS
1 Kings 21 in the SBIGS
1 Kings 21 in the SBIHS
1 Kings 21 in the SBIIS
1 Kings 21 in the SBIIS2
1 Kings 21 in the SBIIS3
1 Kings 21 in the SBIKS
1 Kings 21 in the SBIKS2
1 Kings 21 in the SBIMS
1 Kings 21 in the SBIOS
1 Kings 21 in the SBIPS
1 Kings 21 in the SBISS
1 Kings 21 in the SBITS
1 Kings 21 in the SBITS2
1 Kings 21 in the SBITS3
1 Kings 21 in the SBITS4
1 Kings 21 in the SBIUS
1 Kings 21 in the SBIVS
1 Kings 21 in the SBT
1 Kings 21 in the SBT1E
1 Kings 21 in the SCHL
1 Kings 21 in the SNT
1 Kings 21 in the SUSU
1 Kings 21 in the SUSU2
1 Kings 21 in the SYNO
1 Kings 21 in the TBIAOTANT
1 Kings 21 in the TBT1E
1 Kings 21 in the TBT1E2
1 Kings 21 in the TFTIP
1 Kings 21 in the TFTU
1 Kings 21 in the TGNTATF3T
1 Kings 21 in the THAI
1 Kings 21 in the TNFD
1 Kings 21 in the TNT
1 Kings 21 in the TNTIK
1 Kings 21 in the TNTIL
1 Kings 21 in the TNTIN
1 Kings 21 in the TNTIP
1 Kings 21 in the TNTIZ
1 Kings 21 in the TOMA
1 Kings 21 in the TTENT
1 Kings 21 in the UBG
1 Kings 21 in the UGV
1 Kings 21 in the UGV2
1 Kings 21 in the UGV3
1 Kings 21 in the VBL
1 Kings 21 in the VDCC
1 Kings 21 in the YALU
1 Kings 21 in the YAPE
1 Kings 21 in the YBVTP
1 Kings 21 in the ZBP