1 Kings 22 (BOATCB)

1 Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfeɛ mmiɛnsa. 2 Na mfeɛ mmiɛnsa no mu, ɔhene Yehosafat a ɔdi adeɛ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn. 3 Na Ahab abisa ne mpanimfoɔ sɛ, “Moahunu sɛ Aramfoɔ da so te yɛn kuro Ramot Gilead mu? Nanso, yɛnyɛɛ ho hwee!” 4 Enti ɔbisaa Yehosafat sɛ, “Wobɛka me ho, na yɛako atia Ramot Gilead anaa?”Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab sɛ, “Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea, sɛ wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da.” 5 Na Yehosafat ka kaa ho sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa AWURADE hɔ afotuo.” 6 Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ a wɔn dodoɔ bɛyɛ ahanan no nyinaa, bisaa wɔn sɛ, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?”Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Kɔ so! AWURADE bɛma woadi nkonim animuonyam so.” 7 Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Enti, AWURADE odiyifoɔ biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mebisa no saa asɛm korɔ no ara.” 8 Ɔhene Ahab buaa sɛ, “AWURADE odiyifoɔ baako da so wɔ ha, nanso metane no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne, na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.”Na Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Momma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.” 9 Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.” 10 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntadeɛ, tenaa wɔn ahennwa mu wɔ aponnwa a ɛbɛn Samaria ɛkwan no ano. Saa ɛberɛ no, na Ahab adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 11 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Sedekia a ɔyɛ Kenaana babarima yɛɛ dadeɛ mmɛn bi ka too dwa sɛ, “Sɛdeɛ AWURADE ka nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ no akunkum wɔn.” 12 Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, AWURADE bɛma moadi nkonim.” 13 Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Tie, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ nkonimdie ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdie ho nkɔm.” 14 Nanso, Mikaia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a AWURADE te aseɛ yi, deɛ AWURADE aka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka.” 15 Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ahennimu no, Ahab bisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?”Na Mikaia buaa sɛ, “Monkɔ! Na AWURADE bɛma ɔhene adi nkonim animuonyam so.” 16 Nanso, ɔhene no sɔɔ so sɛ, “Mpɛn ahe na menka sɛ, ɛberɛ biara a wobɛkasa ama AWURADE no, ɛsɛ sɛ woka nokorɛ?” 17 Na Mikaia ka kyerɛɛ no sɛ, “Anisoadehunu mu, mehunuu sɛ Israel abɔ apete mmepɔ no so, te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na AWURADE kaa sɛ, ‘Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ efie asomdwoeɛ mu.’ ” 18 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Manka saa ankyerɛ wo? Ɛda biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔntorɔ na ɔhyɛ fa me ho.” 19 Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ AWURADE ka. Mehunuu AWURADE sɛ ɔte nʼahennwa so a ne sorofoɔ akodɔm nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.” 20 Na AWURADE bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ɛbɛtumi aba sɛ wɔbɛkum no wɔ hɔ?”Wɔsusuu nsɛm ahodoɔ bebree ho wɔ hɔ, 21 kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ AWURADE nkyɛn kɔkaa sɛ, “Mɛtumi ayɛ!” 22 AWURADE bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei?”Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.” AWURADE kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim. 23 “Enti afei, AWURADE de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ anomu. Na AWURADE adwene ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ama wo.” 24 Ɛnna Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Ɔbisaa no sɛ, “Da bɛn na AWURADE honhom firii me mu, bɛkasa kyerɛɛ wo?” 25 Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.” 26 Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kuro no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 27 Monka saa nhyɛ a ɛfiri ɔhene nkyɛn nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase, na burodo ne nsuo nko na momfa mma no nni, kɔsi sɛ mɛsane afiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ ” 28 Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ wosane ba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, AWURADE amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no sɛ, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nso.” 29 Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Ramot-Gilead so. 30 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakyera me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu me. Nanso, wo deɛ, hyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sakyeraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no. 31 Saa ɛberɛ no, na Aramhene ahyɛ ne nteaseɛnamkafoɔ aduasa mmienu no sɛ, “Monto nhyɛ Israelhene nko ara so!” 32 Enti, ɛberɛ a Aramhene nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ no, wɔtaa no. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene no ne no.” Nanso, ɛberɛ a Yehosafat teaam no, 33 nteaseɛnamkafoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no enti, wɔgyaa nʼakyidie. 34 Aram sraani bi de anibiannasoɔ too agyan kyerɛɛ Israel asraafoɔ no so, ma ɛkɔwɔɔ Israelhene wɔ ne nkataboɔ ahyiaeɛ so. Ahab teaam kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Fa me firi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara.” 35 Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab tweree biribi wɔ ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no. Mogya tuu no firi nʼapirakuro no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwunu dwoeɛ no, ɔwuiɛ. 36 Onwunu reyɛ adwo no, wɔteateaam faa akodɔm no nyinaa mu sɛ: “Ɔko no aba awieeɛ. Monsane nkɔ efie!” 37 Na ɔhene no wuiɛ no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kɔsiee no wɔ hɔ. 38 Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a adwamanfoɔ dware hɔ, na nkraman bɛtaferee ɔhene no mogya no, sɛdeɛ AWURADE aka ato hɔ no. 39 Nsɛm a ɛfa Ahab ahennie ho ne asonse ahemfie ho asɛm ne nkuro a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 40 Ɛberɛ a Ahab wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 41 Asa babarima Yehosafat bɛdii Yuda so ɛberɛ a na Ahab adi adeɛ wɔ Israel ne mfeɛ ɛnan so no. 42 Ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduasa enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonu enum. Na ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa. 43 Na Yehosafat yɛ ɔhene papa a ɔdii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ adeɛ a ɛsɔ AWURADE ani. Nanso, nʼahennie mu no, wantumi ammubu abosonnan enti, nnipa kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee aduhwam wɔ hɔ. 44 Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoeɛ mu. 45 Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahennie ho nkaeɛ no, faako a ne tumi kɔduruiɛ ne ako a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 46 Ɔpamoo abosomfie so adwamanfoɔ a na wɔgu so bɔ adwaman, firi nʼagya Asa berɛ so no nyinaa. 47 Saa ɛberɛ no, na ɔhene nni Edom gye kuro no sohwɛfoɔ nko. 48 Yehosafat yɛɛ adwadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔpɛ sikakɔkɔɔ. Nanso, ahyɛn no antumi anyɛ adwuma, ɛsɛee wɔ Esion-Geber. 49 Saa ɛberɛ no, Ahab babarima Ahasia susuu ho kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ ɛpo so akwan nsrahwɛ.” Nanso, Yehosafat ampene so. 50 Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 51 Ahab babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɛberɛ a na Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ mmienu. 52 Na ɔfaa nʼagya ne ne maame ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, somm ahoni, yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. 53 Ɔsomm Baal, sɔree no, nam so fuu AWURADE, Israel Onyankopɔn, bo sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no.

In Other Versions

1 Kings 22 in the ANGEFD

1 Kings 22 in the ANTPNG2D

1 Kings 22 in the AS21

1 Kings 22 in the BAGH

1 Kings 22 in the BBPNG

1 Kings 22 in the BBT1E

1 Kings 22 in the BDS

1 Kings 22 in the BEV

1 Kings 22 in the BHAD

1 Kings 22 in the BIB

1 Kings 22 in the BLPT

1 Kings 22 in the BNT

1 Kings 22 in the BNTABOOT

1 Kings 22 in the BNTLV

1 Kings 22 in the BOATCB2

1 Kings 22 in the BOBCV

1 Kings 22 in the BOCNT

1 Kings 22 in the BOECS

1 Kings 22 in the BOGWICC

1 Kings 22 in the BOHCB

1 Kings 22 in the BOHCV

1 Kings 22 in the BOHLNT

1 Kings 22 in the BOHNTLTAL

1 Kings 22 in the BOICB

1 Kings 22 in the BOILNTAP

1 Kings 22 in the BOITCV

1 Kings 22 in the BOKCV

1 Kings 22 in the BOKCV2

1 Kings 22 in the BOKHWOG

1 Kings 22 in the BOKSSV

1 Kings 22 in the BOLCB

1 Kings 22 in the BOLCB2

1 Kings 22 in the BOMCV

1 Kings 22 in the BONAV

1 Kings 22 in the BONCB

1 Kings 22 in the BONLT

1 Kings 22 in the BONUT2

1 Kings 22 in the BOPLNT

1 Kings 22 in the BOSCB

1 Kings 22 in the BOSNC

1 Kings 22 in the BOTLNT

1 Kings 22 in the BOVCB

1 Kings 22 in the BOYCB

1 Kings 22 in the BPBB

1 Kings 22 in the BPH

1 Kings 22 in the BSB

1 Kings 22 in the CCB

1 Kings 22 in the CUV

1 Kings 22 in the CUVS

1 Kings 22 in the DBT

1 Kings 22 in the DGDNT

1 Kings 22 in the DHNT

1 Kings 22 in the DNT

1 Kings 22 in the ELBE

1 Kings 22 in the EMTV

1 Kings 22 in the ESV

1 Kings 22 in the FBV

1 Kings 22 in the FEB

1 Kings 22 in the GGMNT

1 Kings 22 in the GNT

1 Kings 22 in the HARY

1 Kings 22 in the HNT

1 Kings 22 in the IRVA

1 Kings 22 in the IRVB

1 Kings 22 in the IRVG

1 Kings 22 in the IRVH

1 Kings 22 in the IRVK

1 Kings 22 in the IRVM

1 Kings 22 in the IRVM2

1 Kings 22 in the IRVO

1 Kings 22 in the IRVP

1 Kings 22 in the IRVT

1 Kings 22 in the IRVT2

1 Kings 22 in the IRVU

1 Kings 22 in the ISVN

1 Kings 22 in the JSNT

1 Kings 22 in the KAPI

1 Kings 22 in the KBT1ETNIK

1 Kings 22 in the KBV

1 Kings 22 in the KJV

1 Kings 22 in the KNFD

1 Kings 22 in the LBA

1 Kings 22 in the LBLA

1 Kings 22 in the LNT

1 Kings 22 in the LSV

1 Kings 22 in the MAAL

1 Kings 22 in the MBV

1 Kings 22 in the MBV2

1 Kings 22 in the MHNT

1 Kings 22 in the MKNFD

1 Kings 22 in the MNG

1 Kings 22 in the MNT

1 Kings 22 in the MNT2

1 Kings 22 in the MRS1T

1 Kings 22 in the NAA

1 Kings 22 in the NASB

1 Kings 22 in the NBLA

1 Kings 22 in the NBS

1 Kings 22 in the NBVTP

1 Kings 22 in the NET2

1 Kings 22 in the NIV11

1 Kings 22 in the NNT

1 Kings 22 in the NNT2

1 Kings 22 in the NNT3

1 Kings 22 in the PDDPT

1 Kings 22 in the PFNT

1 Kings 22 in the RMNT

1 Kings 22 in the SBIAS

1 Kings 22 in the SBIBS

1 Kings 22 in the SBIBS2

1 Kings 22 in the SBICS

1 Kings 22 in the SBIDS

1 Kings 22 in the SBIGS

1 Kings 22 in the SBIHS

1 Kings 22 in the SBIIS

1 Kings 22 in the SBIIS2

1 Kings 22 in the SBIIS3

1 Kings 22 in the SBIKS

1 Kings 22 in the SBIKS2

1 Kings 22 in the SBIMS

1 Kings 22 in the SBIOS

1 Kings 22 in the SBIPS

1 Kings 22 in the SBISS

1 Kings 22 in the SBITS

1 Kings 22 in the SBITS2

1 Kings 22 in the SBITS3

1 Kings 22 in the SBITS4

1 Kings 22 in the SBIUS

1 Kings 22 in the SBIVS

1 Kings 22 in the SBT

1 Kings 22 in the SBT1E

1 Kings 22 in the SCHL

1 Kings 22 in the SNT

1 Kings 22 in the SUSU

1 Kings 22 in the SUSU2

1 Kings 22 in the SYNO

1 Kings 22 in the TBIAOTANT

1 Kings 22 in the TBT1E

1 Kings 22 in the TBT1E2

1 Kings 22 in the TFTIP

1 Kings 22 in the TFTU

1 Kings 22 in the TGNTATF3T

1 Kings 22 in the THAI

1 Kings 22 in the TNFD

1 Kings 22 in the TNT

1 Kings 22 in the TNTIK

1 Kings 22 in the TNTIL

1 Kings 22 in the TNTIN

1 Kings 22 in the TNTIP

1 Kings 22 in the TNTIZ

1 Kings 22 in the TOMA

1 Kings 22 in the TTENT

1 Kings 22 in the UBG

1 Kings 22 in the UGV

1 Kings 22 in the UGV2

1 Kings 22 in the UGV3

1 Kings 22 in the VBL

1 Kings 22 in the VDCC

1 Kings 22 in the YALU

1 Kings 22 in the YAPE

1 Kings 22 in the YBVTP

1 Kings 22 in the ZBP