1 Kings 22 (BOATCB2)

1 Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfe abiɛsa. 2 Na mfe abiɛsa no mu, ɔhene Yehosafat a odi ade wɔ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn. 3 Na Ahab abisa ne mpanyimfo se, “Moahu sɛ Aramfo da so te yɛn kurow Ramot Gilead mu ana? Nanso yɛnyɛɛ ho hwee!” 4 Enti obisaa Yehosafat se, “Wobɛka me ho na yɛako atia Ramot Gilead ana?”Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab se, “Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakofo yɛ wo de sɛ wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da.” 5 Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa AWURADE hɔ afotu.” 6 Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?”Wɔn nyinaa buae se, “Kɔ so! AWURADE bɛma woadi nkonim anuonyam so.” 7 Nanso Yehosafat bisae se, “Enti AWURADE diyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mibisa no saa asɛm koro no ara.” 8 Ɔhene Ahab buae se, “AWURADE diyifo baako da so wɔ ha, nanso metan no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.”Na Yehosafat kae se, “Nkasa saa. Momma yentie asɛm a ɔwɔ ka.” 9 Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no mu baako, ka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.” 10 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 11 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea AWURADE se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!” 12 Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ AWURADE bɛma moadi nkonim.” 13 Na ɔbɔfo a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Tie, adiyifo no nyinaa hyɛ nkonimdi ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdi ho nkɔm.” 14 Nanso Mikaia buae se, “Mmere dodow a AWURADE te ase yi, nea AWURADE aka akyerɛ me sɛ menka no, ɛno na mɛka.” 15 Bere a Mikaia beduu ahemfi no, Ahab bisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?”Na Mikaia buae se, “Monkɔ! Na AWURADE bɛma ɔhene adi nkonim anuonyam so.” 16 Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama AWURADE a, ka nokwasɛm?” 17 Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu, mihuu sɛ Israel abɔ apete mmepɔw no so, te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Na AWURADE kae se, ‘Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ fie asomdwoe mu.’ ” 18 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.” 19 Mikaia toaa so se, “Tie nea AWURADE ka. Mihuu AWURADE sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.” 20 Na AWURADE bisae se, “Hena na obetumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ebetumi aba sɛ wobekum no wɔ hɔ?”Wosusuw nsɛm ahorow bebree ho wɔ hɔ, 21 kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee AWURADE kae se, “Metumi ayɛ!” 22 AWURADE bisae se, “Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi?”Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.” AWURADE kae se, “Kɔ so yɛ, na wubedi nkonim. 23 “Enti woahu sɛ AWURADE de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. AWURADE adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.” 24 Afei Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Obisaa no se, “Da bɛn na AWURADE honhom fii me mu bɛkasa kyerɛɛ wo?” 25 Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.” 26 Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 27 Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’ ” 28 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ, AWURADE amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no se, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow.” 29 Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, kɔtow hyɛɛ Ramot-Gilead so. 30 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara renhu me. Nanso, wo de, hyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sakraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no. 31 Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo aduasa abien no sɛ, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so!” 32 Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, bere a Yehosafat teɛɛ mu no, 33 nteaseɛnamkafo no huu sɛ ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no nti, wogyaw nʼakyidi. 34 Aram sraani bi de anibiannaso tow agyan kyerɛɛ Israel asraafo no so, maa ɛkɔwɔɔ Israelhene wɔ ne nkatabo ahyiae so. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no se, “Fa me fi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara.” 35 Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab twerii biribi wɔ ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no. Mogya tuu no fi nʼapirakuru no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwini dwoe no, owui. 36 Onwini reyɛ adwo no, wɔteɛteɛɛ mu faa asraafo no nyinaa mu se: “Ɔko no aba awiei. Monsan nkɔ fie!” 37 Na ɔhene no wui no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kosiee no wɔ hɔ. 38 Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a nguamanfo guare hɔ, na akraman bɛtaforoo ɔhene no mogya no, sɛnea AWURADE aka ato hɔ no. 39 Nsɛm a ɛfa Ahab ahenni ho ne asonse ahemfi ho asɛm ne nkurow a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 40 Bere a Ahab wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼade sɛ ɔhene. 41 Asa babarima Yehosafat bedii Yuda so bere a na Ahab adi ade wɔ Israel ne mfe anan so no. 42 Odii ade no, na wadi mfe aduasa anum, na odii ade Yerusalem mfirihyia aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea. 43 Na Yehosafat yɛ ɔhene papa a odii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ ade a ɛsɔ AWURADE ani. Nanso, nʼahenni mu no, wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. 44 Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoe mu. 45 Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahenni ho nkae no, faako a ne tumi kodui ne ako a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 46 Ɔpam abosomfi so nguamanfo a na wogu so bɔ aguaman fii nʼagya Asa bere so no nyinaa. 47 Saa bere no, na ɔhene nni Edom gye kurow no sohwɛfo nko. 48 Yehosafat yɛɛ aguadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔhwehwɛ sikakɔkɔɔ. Nanso ahyɛn no antumi anyɛ adwuma. Ɛsɛee wɔ Esion-Geber. 49 Saa bere no, Ahab babarima Ahasia susuw ho kyerɛɛ Yehosafat se, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ po so akwan nsrahwɛ.” Nanso Yehosafat ampene so. 50 Yehosafat wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na odii nʼade sɛ ɔhene. 51 Ahab babarima Ahasia fii ase dii Israel so bere a na Yehosafat adi ade mfe dunson wɔ Yuda. Odii ade wɔ Samaria mfe abien. 52 Na ɔfaa nʼagya ne ne na ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, som ahoni, yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. 53 Ɔsom Baal, sɔree no, nam so fuw AWURADE, Israel Nyankopɔn, bo sɛnea nʼagya yɛe no.

In Other Versions

1 Kings 22 in the ANGEFD

1 Kings 22 in the ANTPNG2D

1 Kings 22 in the AS21

1 Kings 22 in the BAGH

1 Kings 22 in the BBPNG

1 Kings 22 in the BBT1E

1 Kings 22 in the BDS

1 Kings 22 in the BEV

1 Kings 22 in the BHAD

1 Kings 22 in the BIB

1 Kings 22 in the BLPT

1 Kings 22 in the BNT

1 Kings 22 in the BNTABOOT

1 Kings 22 in the BNTLV

1 Kings 22 in the BOATCB

1 Kings 22 in the BOBCV

1 Kings 22 in the BOCNT

1 Kings 22 in the BOECS

1 Kings 22 in the BOGWICC

1 Kings 22 in the BOHCB

1 Kings 22 in the BOHCV

1 Kings 22 in the BOHLNT

1 Kings 22 in the BOHNTLTAL

1 Kings 22 in the BOICB

1 Kings 22 in the BOILNTAP

1 Kings 22 in the BOITCV

1 Kings 22 in the BOKCV

1 Kings 22 in the BOKCV2

1 Kings 22 in the BOKHWOG

1 Kings 22 in the BOKSSV

1 Kings 22 in the BOLCB

1 Kings 22 in the BOLCB2

1 Kings 22 in the BOMCV

1 Kings 22 in the BONAV

1 Kings 22 in the BONCB

1 Kings 22 in the BONLT

1 Kings 22 in the BONUT2

1 Kings 22 in the BOPLNT

1 Kings 22 in the BOSCB

1 Kings 22 in the BOSNC

1 Kings 22 in the BOTLNT

1 Kings 22 in the BOVCB

1 Kings 22 in the BOYCB

1 Kings 22 in the BPBB

1 Kings 22 in the BPH

1 Kings 22 in the BSB

1 Kings 22 in the CCB

1 Kings 22 in the CUV

1 Kings 22 in the CUVS

1 Kings 22 in the DBT

1 Kings 22 in the DGDNT

1 Kings 22 in the DHNT

1 Kings 22 in the DNT

1 Kings 22 in the ELBE

1 Kings 22 in the EMTV

1 Kings 22 in the ESV

1 Kings 22 in the FBV

1 Kings 22 in the FEB

1 Kings 22 in the GGMNT

1 Kings 22 in the GNT

1 Kings 22 in the HARY

1 Kings 22 in the HNT

1 Kings 22 in the IRVA

1 Kings 22 in the IRVB

1 Kings 22 in the IRVG

1 Kings 22 in the IRVH

1 Kings 22 in the IRVK

1 Kings 22 in the IRVM

1 Kings 22 in the IRVM2

1 Kings 22 in the IRVO

1 Kings 22 in the IRVP

1 Kings 22 in the IRVT

1 Kings 22 in the IRVT2

1 Kings 22 in the IRVU

1 Kings 22 in the ISVN

1 Kings 22 in the JSNT

1 Kings 22 in the KAPI

1 Kings 22 in the KBT1ETNIK

1 Kings 22 in the KBV

1 Kings 22 in the KJV

1 Kings 22 in the KNFD

1 Kings 22 in the LBA

1 Kings 22 in the LBLA

1 Kings 22 in the LNT

1 Kings 22 in the LSV

1 Kings 22 in the MAAL

1 Kings 22 in the MBV

1 Kings 22 in the MBV2

1 Kings 22 in the MHNT

1 Kings 22 in the MKNFD

1 Kings 22 in the MNG

1 Kings 22 in the MNT

1 Kings 22 in the MNT2

1 Kings 22 in the MRS1T

1 Kings 22 in the NAA

1 Kings 22 in the NASB

1 Kings 22 in the NBLA

1 Kings 22 in the NBS

1 Kings 22 in the NBVTP

1 Kings 22 in the NET2

1 Kings 22 in the NIV11

1 Kings 22 in the NNT

1 Kings 22 in the NNT2

1 Kings 22 in the NNT3

1 Kings 22 in the PDDPT

1 Kings 22 in the PFNT

1 Kings 22 in the RMNT

1 Kings 22 in the SBIAS

1 Kings 22 in the SBIBS

1 Kings 22 in the SBIBS2

1 Kings 22 in the SBICS

1 Kings 22 in the SBIDS

1 Kings 22 in the SBIGS

1 Kings 22 in the SBIHS

1 Kings 22 in the SBIIS

1 Kings 22 in the SBIIS2

1 Kings 22 in the SBIIS3

1 Kings 22 in the SBIKS

1 Kings 22 in the SBIKS2

1 Kings 22 in the SBIMS

1 Kings 22 in the SBIOS

1 Kings 22 in the SBIPS

1 Kings 22 in the SBISS

1 Kings 22 in the SBITS

1 Kings 22 in the SBITS2

1 Kings 22 in the SBITS3

1 Kings 22 in the SBITS4

1 Kings 22 in the SBIUS

1 Kings 22 in the SBIVS

1 Kings 22 in the SBT

1 Kings 22 in the SBT1E

1 Kings 22 in the SCHL

1 Kings 22 in the SNT

1 Kings 22 in the SUSU

1 Kings 22 in the SUSU2

1 Kings 22 in the SYNO

1 Kings 22 in the TBIAOTANT

1 Kings 22 in the TBT1E

1 Kings 22 in the TBT1E2

1 Kings 22 in the TFTIP

1 Kings 22 in the TFTU

1 Kings 22 in the TGNTATF3T

1 Kings 22 in the THAI

1 Kings 22 in the TNFD

1 Kings 22 in the TNT

1 Kings 22 in the TNTIK

1 Kings 22 in the TNTIL

1 Kings 22 in the TNTIN

1 Kings 22 in the TNTIP

1 Kings 22 in the TNTIZ

1 Kings 22 in the TOMA

1 Kings 22 in the TTENT

1 Kings 22 in the UBG

1 Kings 22 in the UGV

1 Kings 22 in the UGV2

1 Kings 22 in the UGV3

1 Kings 22 in the VBL

1 Kings 22 in the VDCC

1 Kings 22 in the YALU

1 Kings 22 in the YAPE

1 Kings 22 in the YBVTP

1 Kings 22 in the ZBP