1 Samuel 30 (BOATCB)

1 Nnansa so, Dawid ne ne mmarima kɔduruu Siklag. Na Amalekfoɔ abɛto ahyɛ Negeb so ahye Siklag pasaa. 2 Wɔkyekyeree mmaa ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa a ɛyɛ mmɔfra ne mpanin. Wɔankum wɔn mu biara, na mmom, wɔsoaa wɔn de wɔn kɔeɛ. 3 Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no hunuu sɛdeɛ Siklag asɛeɛ ne asɛm a ato wɔn abusuafoɔ no, 4 wɔtwaa agyaadwoɔ ara kɔsii sɛ afei na wɔntumi ntwa agyaadwoɔ no bio. 5 Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔeɛ no ho. 6 Dawid ho yeraa no yie, ɛfiri sɛ, na mmarima no adwene ho sɛ wɔbɛsi no aboɔ, ɛsiane, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa a wɔakyekye wɔn no enti. Nanso, Dawid nyaa ahoɔden wɔ AWURADE, ne Onyankopɔn mu. 7 Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar, sɛ, “Fa asɔfotadeɛ no brɛ me.” Na Abiatar de baeɛ. 8 Na Dawid bisaa AWURADE sɛ, “Menti ɛdɔm no anaa? Mɛto wɔn anaa?” AWURADE buaa no sɛ, “Aane, ti wɔn. Na biribiara a wɔafa afiri mo nkyɛn no, mo nsa bɛka ne nyinaa.” 9 Enti, Dawid ne ne mmarima ahansia no sii ɛkwan so. Ankyɛre biara na wɔduruu Besor asuwa no so. 10 Nanso, mmarima no mu ahanu deɛ, na wɔabrɛbrɛ yie enti, wɔantumi antwa asuo no. Ɛno enti, Dawid de akodɔm ahanan a wɔaka no toaa so. 11 Dawid akodɔm no bi hunuu Misraimni barima bi wɔ wiram hɔ na wɔde no brɛɛ Dawid. Wɔmaa no burodo sɛ ɔnni ne nsuo sɛ ɔnnom. 12 Wɔsane maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba abɔnta, ɛfiri sɛ, na hwee nkaa nʼano nnansa awia ne anadwo. Ankyɛre na ɔnyaa ahoɔden. 13 Dawid bisaa no sɛ, “Hwan onipa ne wo, na wofiri he?”Ɔbuaa sɛ, “Meyɛ Misraimni, na Amalekni bi akoa ne me. Nnansa ni na me wura gyaa me hɔ, ɛfiri sɛ, na meyare. 14 Yɛkɔtuaa Keretifoɔ wɔ Negeb a ɛyɛ Yudaman wɔ Kaleb asase so, na yɛhyee Siklag nkyɛreeɛ.” 15 Dawid bisaa no sɛ, “Enti, wobɛdi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?”Aberanteɛ no buaa sɛ, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensane mfa me mma me wura deɛ a, ɛnneɛ, mɛdi wʼanim de wo akɔ.” 16 Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfoɔ no atenaeɛ. Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no duruu hɔ no, na Amalekfoɔ no ahwete wɔ ɛserɛ no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛ resa, ɛfiri sɛ, na wɔanya asadeɛ bebree afiri Filistifoɔ nkyɛn ne Yuda asase so. 17 Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano anadwo mu no nyinaa, kɔsii adekyeeɛ no anwummerɛ. Amalekfoɔ no mu biara antumi annwane, agye mmarima ahanan a wɔtenatenaa nyoma so dwaneeɛ no. 18 Dawid gyee biribiara a Amalekfoɔ no faeɛ, sane gyee ne yerenom baanu no. 19 Biribiara anyera: sɛ ɛyɛ ketewa anaa kɛseɛ, ɔbabarima anaa ɔbabaa anaa biribiara a wɔfom faeɛ no, Dawid de ne nyinaa sane baeɛ. 20 Nʼakodɔm no kaa nnwan ne anantwie no so, de wɔn baeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Yeinom nyinaa wɔ Dawid sɛ nʼadwuma pa so akatua.” 21 Na wɔduruu Besor asuwa no so na wɔhunuu mmarima ahanu a ɔbrɛ dodoɔ enti, wɔantumi ne wɔn ankɔ no. Dawid kyeaa wɔn anigyeɛ so. 22 Nanso, Dawid mmarima no mu asɛmpɛfoɔ bi kaa sɛ, “Wɔne yɛn ankɔ enti, wɔrennya asadeɛ no bi. Momfa wɔn yerenom ne wɔn mma mma wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔmfiri yɛn ani so nkɔ.” 23 Nanso, Dawid kaa sɛ, “Dabi, anuanom! Monnyɛ deɛ AWURADE de ama yɛn no ho pɛsɛmenkomenya. Wakora yɛn so, aboa yɛn ama yɛadi yɛn atamfoɔ so nkonim. 24 Mogye di sɛ sɛ moka no saa a, obi bɛtie mo? Sɛ yɛrekyɛ a, momma yɛnkyɛ no pɛ mma wɔn a wɔkɔ sa ne wɔn a wɔhwɛ akodeɛ so nyinaa.” 25 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Dawid yɛɛ yei mmara, maa Israel nyinaa na wɔgu so di so saa ara de bɛsi ɛnnɛ. 26 Ɛberɛ a Dawid duruu Siklag no, ɔsoma maa wɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanimfoɔ a na wɔyɛ ne nnamfonom kaa sɛ, “Mo akyɛdeɛ a yɛfa firi AWURADE atamfoɔ nsam nie.” 27 Wɔde akyɛdeɛ no kɔmaa ntuanofoɔ a wɔwɔ Bet-El, Ramot a ɛwɔ anafoɔ fam, Yatir. 28 Aroer, Sifmot, Estemoa, 29 Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfoɔ nkuro mu ne wɔn a wɔwɔ Kenifoɔ kuro mu, 30 ne wɔn a wɔwɔ Horma, Bor-Asan, Atak, 31 Hebron ne mmeaemmeae a Dawid ne ne mmarima kyinkyinii hɔ nyinaa.

In Other Versions

1 Samuel 30 in the ANGEFD

1 Samuel 30 in the ANTPNG2D

1 Samuel 30 in the AS21

1 Samuel 30 in the BAGH

1 Samuel 30 in the BBPNG

1 Samuel 30 in the BBT1E

1 Samuel 30 in the BDS

1 Samuel 30 in the BEV

1 Samuel 30 in the BHAD

1 Samuel 30 in the BIB

1 Samuel 30 in the BLPT

1 Samuel 30 in the BNT

1 Samuel 30 in the BNTABOOT

1 Samuel 30 in the BNTLV

1 Samuel 30 in the BOATCB2

1 Samuel 30 in the BOBCV

1 Samuel 30 in the BOCNT

1 Samuel 30 in the BOECS

1 Samuel 30 in the BOGWICC

1 Samuel 30 in the BOHCB

1 Samuel 30 in the BOHCV

1 Samuel 30 in the BOHLNT

1 Samuel 30 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 30 in the BOICB

1 Samuel 30 in the BOILNTAP

1 Samuel 30 in the BOITCV

1 Samuel 30 in the BOKCV

1 Samuel 30 in the BOKCV2

1 Samuel 30 in the BOKHWOG

1 Samuel 30 in the BOKSSV

1 Samuel 30 in the BOLCB

1 Samuel 30 in the BOLCB2

1 Samuel 30 in the BOMCV

1 Samuel 30 in the BONAV

1 Samuel 30 in the BONCB

1 Samuel 30 in the BONLT

1 Samuel 30 in the BONUT2

1 Samuel 30 in the BOPLNT

1 Samuel 30 in the BOSCB

1 Samuel 30 in the BOSNC

1 Samuel 30 in the BOTLNT

1 Samuel 30 in the BOVCB

1 Samuel 30 in the BOYCB

1 Samuel 30 in the BPBB

1 Samuel 30 in the BPH

1 Samuel 30 in the BSB

1 Samuel 30 in the CCB

1 Samuel 30 in the CUV

1 Samuel 30 in the CUVS

1 Samuel 30 in the DBT

1 Samuel 30 in the DGDNT

1 Samuel 30 in the DHNT

1 Samuel 30 in the DNT

1 Samuel 30 in the ELBE

1 Samuel 30 in the EMTV

1 Samuel 30 in the ESV

1 Samuel 30 in the FBV

1 Samuel 30 in the FEB

1 Samuel 30 in the GGMNT

1 Samuel 30 in the GNT

1 Samuel 30 in the HARY

1 Samuel 30 in the HNT

1 Samuel 30 in the IRVA

1 Samuel 30 in the IRVB

1 Samuel 30 in the IRVG

1 Samuel 30 in the IRVH

1 Samuel 30 in the IRVK

1 Samuel 30 in the IRVM

1 Samuel 30 in the IRVM2

1 Samuel 30 in the IRVO

1 Samuel 30 in the IRVP

1 Samuel 30 in the IRVT

1 Samuel 30 in the IRVT2

1 Samuel 30 in the IRVU

1 Samuel 30 in the ISVN

1 Samuel 30 in the JSNT

1 Samuel 30 in the KAPI

1 Samuel 30 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 30 in the KBV

1 Samuel 30 in the KJV

1 Samuel 30 in the KNFD

1 Samuel 30 in the LBA

1 Samuel 30 in the LBLA

1 Samuel 30 in the LNT

1 Samuel 30 in the LSV

1 Samuel 30 in the MAAL

1 Samuel 30 in the MBV

1 Samuel 30 in the MBV2

1 Samuel 30 in the MHNT

1 Samuel 30 in the MKNFD

1 Samuel 30 in the MNG

1 Samuel 30 in the MNT

1 Samuel 30 in the MNT2

1 Samuel 30 in the MRS1T

1 Samuel 30 in the NAA

1 Samuel 30 in the NASB

1 Samuel 30 in the NBLA

1 Samuel 30 in the NBS

1 Samuel 30 in the NBVTP

1 Samuel 30 in the NET2

1 Samuel 30 in the NIV11

1 Samuel 30 in the NNT

1 Samuel 30 in the NNT2

1 Samuel 30 in the NNT3

1 Samuel 30 in the PDDPT

1 Samuel 30 in the PFNT

1 Samuel 30 in the RMNT

1 Samuel 30 in the SBIAS

1 Samuel 30 in the SBIBS

1 Samuel 30 in the SBIBS2

1 Samuel 30 in the SBICS

1 Samuel 30 in the SBIDS

1 Samuel 30 in the SBIGS

1 Samuel 30 in the SBIHS

1 Samuel 30 in the SBIIS

1 Samuel 30 in the SBIIS2

1 Samuel 30 in the SBIIS3

1 Samuel 30 in the SBIKS

1 Samuel 30 in the SBIKS2

1 Samuel 30 in the SBIMS

1 Samuel 30 in the SBIOS

1 Samuel 30 in the SBIPS

1 Samuel 30 in the SBISS

1 Samuel 30 in the SBITS

1 Samuel 30 in the SBITS2

1 Samuel 30 in the SBITS3

1 Samuel 30 in the SBITS4

1 Samuel 30 in the SBIUS

1 Samuel 30 in the SBIVS

1 Samuel 30 in the SBT

1 Samuel 30 in the SBT1E

1 Samuel 30 in the SCHL

1 Samuel 30 in the SNT

1 Samuel 30 in the SUSU

1 Samuel 30 in the SUSU2

1 Samuel 30 in the SYNO

1 Samuel 30 in the TBIAOTANT

1 Samuel 30 in the TBT1E

1 Samuel 30 in the TBT1E2

1 Samuel 30 in the TFTIP

1 Samuel 30 in the TFTU

1 Samuel 30 in the TGNTATF3T

1 Samuel 30 in the THAI

1 Samuel 30 in the TNFD

1 Samuel 30 in the TNT

1 Samuel 30 in the TNTIK

1 Samuel 30 in the TNTIL

1 Samuel 30 in the TNTIN

1 Samuel 30 in the TNTIP

1 Samuel 30 in the TNTIZ

1 Samuel 30 in the TOMA

1 Samuel 30 in the TTENT

1 Samuel 30 in the UBG

1 Samuel 30 in the UGV

1 Samuel 30 in the UGV2

1 Samuel 30 in the UGV3

1 Samuel 30 in the VBL

1 Samuel 30 in the VDCC

1 Samuel 30 in the YALU

1 Samuel 30 in the YAPE

1 Samuel 30 in the YBVTP

1 Samuel 30 in the ZBP