1 Samuel 6 (BOATCB)

1 AWURADE Apam Adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson. 2 Na Filistifoɔ no frɛɛ wɔn asɔfoɔ ne wɔn nsamanfrɛfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ AWURADE Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so nsane mfa nkɔ asase a ɛfiri soɔ no so.” 3 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ baabi a mokɔfaa no, na momfa akyɛdeɛ nka ho. Momfa afɔdie afɔdeɛ nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahunu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde baeɛ.” 4 Wɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na afɔdie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa nkɔ?”Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo sodifoɔ baanum enti, monyɛ sikakɔkɔɔ te sɛ mpɔmpɔ sɛso enum ne sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum te sɛ deɛ sodifoɔ no dodoɔ teɛ. 5 Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa fa nkyerɛ anidie a mowɔ ma Israel Onyankopɔn. Na ebia, ɔbɛgyae mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no. 6 Monnyɛ asoɔden, nnyɛ adɔnyɛfoɔ, sɛdeɛ Farao ne Misraimfoɔ yɛeɛ no. Wɔamma Israelfoɔ ankɔ kɔsii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm te guu wɔn so. 7 “Afei, monyɛ teaseɛnam foforɔ, na monhwehwɛ anantwibereɛ mmienu a afei na wɔawo mma foforɔ. Monhwɛ sɛ wɔntwee teaseɛnam da. Momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no na montete wɔn mma no mfiri wɔn ho, mfa wɔn nkɔgu wɔn buo mu. 8 Momfa AWURADE Apam Adaka no nsi teaseɛnam no mu, na momfa adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no nsi nkyɛn. Afei, momma anantwie no nkɔ baabiara a wɔpɛ. 9 Na sɛ wɔtra yɛn asase hyeɛ, na wɔkɔduru Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahunu sɛ, ɛyɛ AWURADE na ɔde saa amanehunu kɛseɛ yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yɛbɛhunu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, ɛmfiri AWURADE, ɛkwan biara so.” 10 Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwie mmienu a wɔawo foforɔ de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buo mu. 11 Wɔde AWURADE Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no sii ho. 12 Afei, anantwie no de su faa tempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifoɔ sodifoɔ dii wɔn akyi ara kɔsii Bet-Semes hyeɛ so. 13 Saa ɛberɛ no, na Bet-Semesfoɔ retwa wɔn atokoɔ wɔ bɔnhwa no mu. Enti, wɔpagyaa wɔn ani hunuu Adaka no, wɔdii ahurisie. 14 Teaseɛnam no kɔduruu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ɔfiri Bet-Semes afuo mu no, ɛgyinaa ɔbotan kɛseɛ bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. 15 Lewifoɔ no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agudeɛ wɔ mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛseɛ no so. Saa ɛda no, Bet-Semesfoɔ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ bebree maa AWURADE. 16 Filistifoɔ sodifoɔ baanum no hwɛɛ yeinom nyinaa, na ɛda no ara, wɔsane kɔɔ Ekron. 17 Sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso a Filistifoɔ no de kɔɔ sɛ asodie afɔdeɛ, de maa AWURADE no yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Asdod, Gasa, Askelon, Gat ne Ekron sodifoɔ nkyɛn. 18 Sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum no nso gyina hɔ ma Filistifoɔ nkuropɔn enum no ne nkurotoɔ a atwa ho ahyia no a na sodifoɔ baanum no hwɛ so no. Ɔbotan kɛseɛ a na ɛwɔ Bet-Semes a wɔde AWURADE Apam Adaka no siiɛ no nso da so tim Yosua afuom bɛsi ɛnnɛ sɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ asɛm a ɛsii hɔ no. 19 Na AWURADE kunkumm Bet-Semesfoɔ no mmarima aduɔson sɛ wɔahwɛ AWURADE Apam Adaka no mu. Na deɛ AWURADE yɛeɛ no enti, nnipa no twaa agyaadwoɔ pa ara. 20 Wɔsu bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi agyina AWURADE, Ɔkronkronni Onyankopɔn anim? Ɛhe na yɛbɛtumi de adaka yi afiri ha akɔ?” 21 Enti, wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Kiriat-Yearimfoɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Filistifoɔ no asane de AWURADE Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmɛgye!”

In Other Versions

1 Samuel 6 in the ANGEFD

1 Samuel 6 in the ANTPNG2D

1 Samuel 6 in the AS21

1 Samuel 6 in the BAGH

1 Samuel 6 in the BBPNG

1 Samuel 6 in the BBT1E

1 Samuel 6 in the BDS

1 Samuel 6 in the BEV

1 Samuel 6 in the BHAD

1 Samuel 6 in the BIB

1 Samuel 6 in the BLPT

1 Samuel 6 in the BNT

1 Samuel 6 in the BNTABOOT

1 Samuel 6 in the BNTLV

1 Samuel 6 in the BOATCB2

1 Samuel 6 in the BOBCV

1 Samuel 6 in the BOCNT

1 Samuel 6 in the BOECS

1 Samuel 6 in the BOGWICC

1 Samuel 6 in the BOHCB

1 Samuel 6 in the BOHCV

1 Samuel 6 in the BOHLNT

1 Samuel 6 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 6 in the BOICB

1 Samuel 6 in the BOILNTAP

1 Samuel 6 in the BOITCV

1 Samuel 6 in the BOKCV

1 Samuel 6 in the BOKCV2

1 Samuel 6 in the BOKHWOG

1 Samuel 6 in the BOKSSV

1 Samuel 6 in the BOLCB

1 Samuel 6 in the BOLCB2

1 Samuel 6 in the BOMCV

1 Samuel 6 in the BONAV

1 Samuel 6 in the BONCB

1 Samuel 6 in the BONLT

1 Samuel 6 in the BONUT2

1 Samuel 6 in the BOPLNT

1 Samuel 6 in the BOSCB

1 Samuel 6 in the BOSNC

1 Samuel 6 in the BOTLNT

1 Samuel 6 in the BOVCB

1 Samuel 6 in the BOYCB

1 Samuel 6 in the BPBB

1 Samuel 6 in the BPH

1 Samuel 6 in the BSB

1 Samuel 6 in the CCB

1 Samuel 6 in the CUV

1 Samuel 6 in the CUVS

1 Samuel 6 in the DBT

1 Samuel 6 in the DGDNT

1 Samuel 6 in the DHNT

1 Samuel 6 in the DNT

1 Samuel 6 in the ELBE

1 Samuel 6 in the EMTV

1 Samuel 6 in the ESV

1 Samuel 6 in the FBV

1 Samuel 6 in the FEB

1 Samuel 6 in the GGMNT

1 Samuel 6 in the GNT

1 Samuel 6 in the HARY

1 Samuel 6 in the HNT

1 Samuel 6 in the IRVA

1 Samuel 6 in the IRVB

1 Samuel 6 in the IRVG

1 Samuel 6 in the IRVH

1 Samuel 6 in the IRVK

1 Samuel 6 in the IRVM

1 Samuel 6 in the IRVM2

1 Samuel 6 in the IRVO

1 Samuel 6 in the IRVP

1 Samuel 6 in the IRVT

1 Samuel 6 in the IRVT2

1 Samuel 6 in the IRVU

1 Samuel 6 in the ISVN

1 Samuel 6 in the JSNT

1 Samuel 6 in the KAPI

1 Samuel 6 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 6 in the KBV

1 Samuel 6 in the KJV

1 Samuel 6 in the KNFD

1 Samuel 6 in the LBA

1 Samuel 6 in the LBLA

1 Samuel 6 in the LNT

1 Samuel 6 in the LSV

1 Samuel 6 in the MAAL

1 Samuel 6 in the MBV

1 Samuel 6 in the MBV2

1 Samuel 6 in the MHNT

1 Samuel 6 in the MKNFD

1 Samuel 6 in the MNG

1 Samuel 6 in the MNT

1 Samuel 6 in the MNT2

1 Samuel 6 in the MRS1T

1 Samuel 6 in the NAA

1 Samuel 6 in the NASB

1 Samuel 6 in the NBLA

1 Samuel 6 in the NBS

1 Samuel 6 in the NBVTP

1 Samuel 6 in the NET2

1 Samuel 6 in the NIV11

1 Samuel 6 in the NNT

1 Samuel 6 in the NNT2

1 Samuel 6 in the NNT3

1 Samuel 6 in the PDDPT

1 Samuel 6 in the PFNT

1 Samuel 6 in the RMNT

1 Samuel 6 in the SBIAS

1 Samuel 6 in the SBIBS

1 Samuel 6 in the SBIBS2

1 Samuel 6 in the SBICS

1 Samuel 6 in the SBIDS

1 Samuel 6 in the SBIGS

1 Samuel 6 in the SBIHS

1 Samuel 6 in the SBIIS

1 Samuel 6 in the SBIIS2

1 Samuel 6 in the SBIIS3

1 Samuel 6 in the SBIKS

1 Samuel 6 in the SBIKS2

1 Samuel 6 in the SBIMS

1 Samuel 6 in the SBIOS

1 Samuel 6 in the SBIPS

1 Samuel 6 in the SBISS

1 Samuel 6 in the SBITS

1 Samuel 6 in the SBITS2

1 Samuel 6 in the SBITS3

1 Samuel 6 in the SBITS4

1 Samuel 6 in the SBIUS

1 Samuel 6 in the SBIVS

1 Samuel 6 in the SBT

1 Samuel 6 in the SBT1E

1 Samuel 6 in the SCHL

1 Samuel 6 in the SNT

1 Samuel 6 in the SUSU

1 Samuel 6 in the SUSU2

1 Samuel 6 in the SYNO

1 Samuel 6 in the TBIAOTANT

1 Samuel 6 in the TBT1E

1 Samuel 6 in the TBT1E2

1 Samuel 6 in the TFTIP

1 Samuel 6 in the TFTU

1 Samuel 6 in the TGNTATF3T

1 Samuel 6 in the THAI

1 Samuel 6 in the TNFD

1 Samuel 6 in the TNT

1 Samuel 6 in the TNTIK

1 Samuel 6 in the TNTIL

1 Samuel 6 in the TNTIN

1 Samuel 6 in the TNTIP

1 Samuel 6 in the TNTIZ

1 Samuel 6 in the TOMA

1 Samuel 6 in the TTENT

1 Samuel 6 in the UBG

1 Samuel 6 in the UGV

1 Samuel 6 in the UGV2

1 Samuel 6 in the UGV3

1 Samuel 6 in the VBL

1 Samuel 6 in the VDCC

1 Samuel 6 in the YALU

1 Samuel 6 in the YAPE

1 Samuel 6 in the YBVTP

1 Samuel 6 in the ZBP