1 Samuel 8 (BOATCB)

1 Samuel bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne mmammarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufoɔ. 2 Nʼabakan no din de Yoɛl ɛnna ne ba a ɔtɔ so mmienu no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufoɔ wɔ Beer-Seba. 3 Nanso, na ne mmammarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibereɛ. Wɔgyegyee adanmudeɛ, buu ntɛnkyea. 4 Enti, Israel mpanimfoɔ nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bɛdii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ. 5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabɔ akɔkoraa, na wo mmammarima nso nnante wʼakwan so; enti, si ɔhene na ɔnni yɛn anim sɛdeɛ aman bebree yɛ noɔ no.” 6 Wɔn abisadeɛ no anyɛ Samuel dɛ enti, ɔkɔɔ AWURADE anim kɔbisaa akwankyerɛ. 7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Tie nsɛm a ɔmanfoɔ no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so ɔhene bio. 8 Ɛfiri ɛberɛ a meyii wɔn firi Misraim no bɛsi ɛnnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akɔdi anyame foforɔ akyi; na ɛnnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo. 9 Ɛno enti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibereɛ so, na ma wɔnhunu ɛkwan a ɔhene a ɔrebɛdi wɔn so no de wɔn bɛfa so.” 10 Enti, Samuel kaa AWURADE kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no. 11 “Sei na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmammarima akɔfra nʼasradɔm mu, na wɔama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. 12 Ebinom bɛyɛ nʼakodɔm mu asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa mu asomfoɔ. Wɔbɛhyɛ ebinom ma wɔafuntum nʼafuo, na wɔatwa nʼafudeɛ, na afoforɔ ayɛ nʼakodeɛ ne ne teaseɛnam ho nneɛma. 13 Ɔhene no bɛgye mo mmammaa afiri mo nsam, na wahyɛ wɔn ama wɔanoa nnuane, na wɔato nnuane, na wɔayɛ nnuhwam nso ama no. 14 Ɔbɛgye mo mfuo ne mo bobe mfuo ne mo ngo mfuo a ɛyɛ no afiri mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfoɔ. 15 Ɔbɛgye mo mfudeɛ mu nkyɛmu edu mu baako, na wakyekyɛ ama nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasomfoɔ. 16 Ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛnya mo mfenaa ne nkoa, na wagye mo anantwie papa ne mo mfunumu de wɔn ayɛ nʼadwuma. 17 Ɔbɛgye mo nnwan mu nkyɛmu edu mu baako na moayɛ nʼasomfoɔ. 18 Sɛ ɛda no duru a, mobɛsrɛ ahomegyeɛ afiri saa ɔhene a morepɛ no no nkyɛn, nanso AWURADE remmoa mo.” 19 Nanso, ɔmanfoɔ no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkaeɛ ara ne sɛ, “Sɛ ɛte sɛn koraa a, yɛpɛ ɔhene. 20 Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Yɛn ɔhene bɛdi yɛn so, na wadi yɛn anim akɔ ɔko.” 21 Enti, Samuel kaa asɛm a nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ AWURADE, 22 na AWURADE buaa sɛ, “Yɛ deɛ wɔreka no ma wɔn, na ma wɔn ɔhene.” Afei, Samuel penee so, na ɔmaa obiara kɔɔ ne kurom.

In Other Versions

1 Samuel 8 in the ANGEFD

1 Samuel 8 in the ANTPNG2D

1 Samuel 8 in the AS21

1 Samuel 8 in the BAGH

1 Samuel 8 in the BBPNG

1 Samuel 8 in the BBT1E

1 Samuel 8 in the BDS

1 Samuel 8 in the BEV

1 Samuel 8 in the BHAD

1 Samuel 8 in the BIB

1 Samuel 8 in the BLPT

1 Samuel 8 in the BNT

1 Samuel 8 in the BNTABOOT

1 Samuel 8 in the BNTLV

1 Samuel 8 in the BOATCB2

1 Samuel 8 in the BOBCV

1 Samuel 8 in the BOCNT

1 Samuel 8 in the BOECS

1 Samuel 8 in the BOGWICC

1 Samuel 8 in the BOHCB

1 Samuel 8 in the BOHCV

1 Samuel 8 in the BOHLNT

1 Samuel 8 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 8 in the BOICB

1 Samuel 8 in the BOILNTAP

1 Samuel 8 in the BOITCV

1 Samuel 8 in the BOKCV

1 Samuel 8 in the BOKCV2

1 Samuel 8 in the BOKHWOG

1 Samuel 8 in the BOKSSV

1 Samuel 8 in the BOLCB

1 Samuel 8 in the BOLCB2

1 Samuel 8 in the BOMCV

1 Samuel 8 in the BONAV

1 Samuel 8 in the BONCB

1 Samuel 8 in the BONLT

1 Samuel 8 in the BONUT2

1 Samuel 8 in the BOPLNT

1 Samuel 8 in the BOSCB

1 Samuel 8 in the BOSNC

1 Samuel 8 in the BOTLNT

1 Samuel 8 in the BOVCB

1 Samuel 8 in the BOYCB

1 Samuel 8 in the BPBB

1 Samuel 8 in the BPH

1 Samuel 8 in the BSB

1 Samuel 8 in the CCB

1 Samuel 8 in the CUV

1 Samuel 8 in the CUVS

1 Samuel 8 in the DBT

1 Samuel 8 in the DGDNT

1 Samuel 8 in the DHNT

1 Samuel 8 in the DNT

1 Samuel 8 in the ELBE

1 Samuel 8 in the EMTV

1 Samuel 8 in the ESV

1 Samuel 8 in the FBV

1 Samuel 8 in the FEB

1 Samuel 8 in the GGMNT

1 Samuel 8 in the GNT

1 Samuel 8 in the HARY

1 Samuel 8 in the HNT

1 Samuel 8 in the IRVA

1 Samuel 8 in the IRVB

1 Samuel 8 in the IRVG

1 Samuel 8 in the IRVH

1 Samuel 8 in the IRVK

1 Samuel 8 in the IRVM

1 Samuel 8 in the IRVM2

1 Samuel 8 in the IRVO

1 Samuel 8 in the IRVP

1 Samuel 8 in the IRVT

1 Samuel 8 in the IRVT2

1 Samuel 8 in the IRVU

1 Samuel 8 in the ISVN

1 Samuel 8 in the JSNT

1 Samuel 8 in the KAPI

1 Samuel 8 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 8 in the KBV

1 Samuel 8 in the KJV

1 Samuel 8 in the KNFD

1 Samuel 8 in the LBA

1 Samuel 8 in the LBLA

1 Samuel 8 in the LNT

1 Samuel 8 in the LSV

1 Samuel 8 in the MAAL

1 Samuel 8 in the MBV

1 Samuel 8 in the MBV2

1 Samuel 8 in the MHNT

1 Samuel 8 in the MKNFD

1 Samuel 8 in the MNG

1 Samuel 8 in the MNT

1 Samuel 8 in the MNT2

1 Samuel 8 in the MRS1T

1 Samuel 8 in the NAA

1 Samuel 8 in the NASB

1 Samuel 8 in the NBLA

1 Samuel 8 in the NBS

1 Samuel 8 in the NBVTP

1 Samuel 8 in the NET2

1 Samuel 8 in the NIV11

1 Samuel 8 in the NNT

1 Samuel 8 in the NNT2

1 Samuel 8 in the NNT3

1 Samuel 8 in the PDDPT

1 Samuel 8 in the PFNT

1 Samuel 8 in the RMNT

1 Samuel 8 in the SBIAS

1 Samuel 8 in the SBIBS

1 Samuel 8 in the SBIBS2

1 Samuel 8 in the SBICS

1 Samuel 8 in the SBIDS

1 Samuel 8 in the SBIGS

1 Samuel 8 in the SBIHS

1 Samuel 8 in the SBIIS

1 Samuel 8 in the SBIIS2

1 Samuel 8 in the SBIIS3

1 Samuel 8 in the SBIKS

1 Samuel 8 in the SBIKS2

1 Samuel 8 in the SBIMS

1 Samuel 8 in the SBIOS

1 Samuel 8 in the SBIPS

1 Samuel 8 in the SBISS

1 Samuel 8 in the SBITS

1 Samuel 8 in the SBITS2

1 Samuel 8 in the SBITS3

1 Samuel 8 in the SBITS4

1 Samuel 8 in the SBIUS

1 Samuel 8 in the SBIVS

1 Samuel 8 in the SBT

1 Samuel 8 in the SBT1E

1 Samuel 8 in the SCHL

1 Samuel 8 in the SNT

1 Samuel 8 in the SUSU

1 Samuel 8 in the SUSU2

1 Samuel 8 in the SYNO

1 Samuel 8 in the TBIAOTANT

1 Samuel 8 in the TBT1E

1 Samuel 8 in the TBT1E2

1 Samuel 8 in the TFTIP

1 Samuel 8 in the TFTU

1 Samuel 8 in the TGNTATF3T

1 Samuel 8 in the THAI

1 Samuel 8 in the TNFD

1 Samuel 8 in the TNT

1 Samuel 8 in the TNTIK

1 Samuel 8 in the TNTIL

1 Samuel 8 in the TNTIN

1 Samuel 8 in the TNTIP

1 Samuel 8 in the TNTIZ

1 Samuel 8 in the TOMA

1 Samuel 8 in the TTENT

1 Samuel 8 in the UBG

1 Samuel 8 in the UGV

1 Samuel 8 in the UGV2

1 Samuel 8 in the UGV3

1 Samuel 8 in the VBL

1 Samuel 8 in the VDCC

1 Samuel 8 in the YALU

1 Samuel 8 in the YAPE

1 Samuel 8 in the YBVTP

1 Samuel 8 in the ZBP