1 Thessalonians 2 (BOATCB)

1 Anuanom, mo ankasa monim sɛ nsra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. 2 Monim ayayadeɛ a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyea a wɔyaa yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika. Ɛwom sɛ na nnipa bi tia yɛn deɛ, nanso yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn den maa yɛkaa Asɛmpa a ɛfiri ne mu no. 3 Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfiri adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, deɛ yɛkaeɛ no yɛ nokorɛ turodoo. 4 Daa yɛka nokorɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, ɛfiri sɛ, ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom, Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ. 5 Monim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛrebɛka nsɛm sikanibereɛ so. Onyankopɔn ne yɛn adanseɛ. 6 Sɛ moyɛ Kristo asomafoɔ no enti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ animuonyam firi mo nkyɛn, nanso yɛmmisaa animuonyam mfirii mo anaasɛ onipa foforɔ bi nkyɛn. 7 Na yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te ɔdwoɔ so, sɛdeɛ ɔbaatan korɔkorɔ ne mma. 8 Yɛhwɛɛ mo yie, nyaa mo ho anigyeɛ sononko, mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo ɛberɛ a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no. 9 Anuanom, menim sɛ mokae adwuma a yɛyɛeɛ ne brɛ a yɛbrɛeɛ. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo sɛdeɛ Onyankopɔn Asɛmpa no ka a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so. 10 Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn adansefoɔ. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mogyee Asɛmpa no diiɛ no yɛ kronn a ɛyɛ na mfomsoɔ biara nni ho. 11 Mo ara monim sɛ yɛne mo tenaa sɛdeɛ agya ne nʼankasa mma tena. 12 Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyeree mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɛkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼAhennie ne nʼanimuonyam mu no so. 13 Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Ɛberɛ a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, motieeɛ, gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a ɛfiri onipa nkyɛn, na mmom, ampa ara sɛ, ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no, Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu. 14 Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfoɔ no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfoɔ taa mo no, saa ara na Yudafoɔ no nso taa asafo no. 15 Saa nnipa no kumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi ɛberɛ biara. 16 Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsi yɛn kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufoɔ no nkwagyeɛ nkyerɛ wɔn. Yei ma wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuo wɔ wɔn so. 17 Me nnamfonom, ɛberɛ tiawa bi mu no, yɛantumi amma mo nkyɛn, nanso ɛberɛ biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yɛhunu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛhyia mo ankasa. 18 Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn. Me Paulo deɛ, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkorɔ nanso ɔbonsam sii yɛn ho ɛkwan. 19 Nanso, ne nyinaa akyi no, mo nko ara ne yɛn anidasoɔ ne yɛn ahosɛpɛ. Na sɛ yɛbɛtumi ahoahoa yɛn ho nkonimdie mu wɔ Awurade Yesu anim wɔ ne ba no mu a, ɛgyina mo so. 20 Nokorɛm, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛ gyina mo so.

In Other Versions

1 Thessalonians 2 in the ANGEFD

1 Thessalonians 2 in the ANTPNG2D

1 Thessalonians 2 in the AS21

1 Thessalonians 2 in the BAGH

1 Thessalonians 2 in the BBPNG

1 Thessalonians 2 in the BBT1E

1 Thessalonians 2 in the BDS

1 Thessalonians 2 in the BEV

1 Thessalonians 2 in the BHAD

1 Thessalonians 2 in the BIB

1 Thessalonians 2 in the BLPT

1 Thessalonians 2 in the BNT

1 Thessalonians 2 in the BNTABOOT

1 Thessalonians 2 in the BNTLV

1 Thessalonians 2 in the BOATCB2

1 Thessalonians 2 in the BOBCV

1 Thessalonians 2 in the BOCNT

1 Thessalonians 2 in the BOECS

1 Thessalonians 2 in the BOGWICC

1 Thessalonians 2 in the BOHCB

1 Thessalonians 2 in the BOHCV

1 Thessalonians 2 in the BOHLNT

1 Thessalonians 2 in the BOHNTLTAL

1 Thessalonians 2 in the BOICB

1 Thessalonians 2 in the BOILNTAP

1 Thessalonians 2 in the BOITCV

1 Thessalonians 2 in the BOKCV

1 Thessalonians 2 in the BOKCV2

1 Thessalonians 2 in the BOKHWOG

1 Thessalonians 2 in the BOKSSV

1 Thessalonians 2 in the BOLCB

1 Thessalonians 2 in the BOLCB2

1 Thessalonians 2 in the BOMCV

1 Thessalonians 2 in the BONAV

1 Thessalonians 2 in the BONCB

1 Thessalonians 2 in the BONLT

1 Thessalonians 2 in the BONUT2

1 Thessalonians 2 in the BOPLNT

1 Thessalonians 2 in the BOSCB

1 Thessalonians 2 in the BOSNC

1 Thessalonians 2 in the BOTLNT

1 Thessalonians 2 in the BOVCB

1 Thessalonians 2 in the BOYCB

1 Thessalonians 2 in the BPBB

1 Thessalonians 2 in the BPH

1 Thessalonians 2 in the BSB

1 Thessalonians 2 in the CCB

1 Thessalonians 2 in the CUV

1 Thessalonians 2 in the CUVS

1 Thessalonians 2 in the DBT

1 Thessalonians 2 in the DGDNT

1 Thessalonians 2 in the DHNT

1 Thessalonians 2 in the DNT

1 Thessalonians 2 in the ELBE

1 Thessalonians 2 in the EMTV

1 Thessalonians 2 in the ESV

1 Thessalonians 2 in the FBV

1 Thessalonians 2 in the FEB

1 Thessalonians 2 in the GGMNT

1 Thessalonians 2 in the GNT

1 Thessalonians 2 in the HARY

1 Thessalonians 2 in the HNT

1 Thessalonians 2 in the IRVA

1 Thessalonians 2 in the IRVB

1 Thessalonians 2 in the IRVG

1 Thessalonians 2 in the IRVH

1 Thessalonians 2 in the IRVK

1 Thessalonians 2 in the IRVM

1 Thessalonians 2 in the IRVM2

1 Thessalonians 2 in the IRVO

1 Thessalonians 2 in the IRVP

1 Thessalonians 2 in the IRVT

1 Thessalonians 2 in the IRVT2

1 Thessalonians 2 in the IRVU

1 Thessalonians 2 in the ISVN

1 Thessalonians 2 in the JSNT

1 Thessalonians 2 in the KAPI

1 Thessalonians 2 in the KBT1ETNIK

1 Thessalonians 2 in the KBV

1 Thessalonians 2 in the KJV

1 Thessalonians 2 in the KNFD

1 Thessalonians 2 in the LBA

1 Thessalonians 2 in the LBLA

1 Thessalonians 2 in the LNT

1 Thessalonians 2 in the LSV

1 Thessalonians 2 in the MAAL

1 Thessalonians 2 in the MBV

1 Thessalonians 2 in the MBV2

1 Thessalonians 2 in the MHNT

1 Thessalonians 2 in the MKNFD

1 Thessalonians 2 in the MNG

1 Thessalonians 2 in the MNT

1 Thessalonians 2 in the MNT2

1 Thessalonians 2 in the MRS1T

1 Thessalonians 2 in the NAA

1 Thessalonians 2 in the NASB

1 Thessalonians 2 in the NBLA

1 Thessalonians 2 in the NBS

1 Thessalonians 2 in the NBVTP

1 Thessalonians 2 in the NET2

1 Thessalonians 2 in the NIV11

1 Thessalonians 2 in the NNT

1 Thessalonians 2 in the NNT2

1 Thessalonians 2 in the NNT3

1 Thessalonians 2 in the PDDPT

1 Thessalonians 2 in the PFNT

1 Thessalonians 2 in the RMNT

1 Thessalonians 2 in the SBIAS

1 Thessalonians 2 in the SBIBS

1 Thessalonians 2 in the SBIBS2

1 Thessalonians 2 in the SBICS

1 Thessalonians 2 in the SBIDS

1 Thessalonians 2 in the SBIGS

1 Thessalonians 2 in the SBIHS

1 Thessalonians 2 in the SBIIS

1 Thessalonians 2 in the SBIIS2

1 Thessalonians 2 in the SBIIS3

1 Thessalonians 2 in the SBIKS

1 Thessalonians 2 in the SBIKS2

1 Thessalonians 2 in the SBIMS

1 Thessalonians 2 in the SBIOS

1 Thessalonians 2 in the SBIPS

1 Thessalonians 2 in the SBISS

1 Thessalonians 2 in the SBITS

1 Thessalonians 2 in the SBITS2

1 Thessalonians 2 in the SBITS3

1 Thessalonians 2 in the SBITS4

1 Thessalonians 2 in the SBIUS

1 Thessalonians 2 in the SBIVS

1 Thessalonians 2 in the SBT

1 Thessalonians 2 in the SBT1E

1 Thessalonians 2 in the SCHL

1 Thessalonians 2 in the SNT

1 Thessalonians 2 in the SUSU

1 Thessalonians 2 in the SUSU2

1 Thessalonians 2 in the SYNO

1 Thessalonians 2 in the TBIAOTANT

1 Thessalonians 2 in the TBT1E

1 Thessalonians 2 in the TBT1E2

1 Thessalonians 2 in the TFTIP

1 Thessalonians 2 in the TFTU

1 Thessalonians 2 in the TGNTATF3T

1 Thessalonians 2 in the THAI

1 Thessalonians 2 in the TNFD

1 Thessalonians 2 in the TNT

1 Thessalonians 2 in the TNTIK

1 Thessalonians 2 in the TNTIL

1 Thessalonians 2 in the TNTIN

1 Thessalonians 2 in the TNTIP

1 Thessalonians 2 in the TNTIZ

1 Thessalonians 2 in the TOMA

1 Thessalonians 2 in the TTENT

1 Thessalonians 2 in the UBG

1 Thessalonians 2 in the UGV

1 Thessalonians 2 in the UGV2

1 Thessalonians 2 in the UGV3

1 Thessalonians 2 in the VBL

1 Thessalonians 2 in the VDCC

1 Thessalonians 2 in the YALU

1 Thessalonians 2 in the YAPE

1 Thessalonians 2 in the YBVTP

1 Thessalonians 2 in the ZBP