1 Thessalonians 2 (BOATCB2)

1 Anuanom, mo ankasa munim sɛ sra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. 2 Munim ayayade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika no. Ɛwɔ mu sɛ na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no. 3 Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfi adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, nea yɛkae no yɛ nokware turodoo. 4 Daa yɛka nokware, sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, efisɛ ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ. 5 Munim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛde sikanibere rebɛkata yɛn ani akasa. Onyankopɔn ne yɛn danseni. 6 Sɛ moyɛ Kristo asomafo no nti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ anuonyam fi mo nkyɛn, nanso yemmisaa anuonyam mfii mo anaasɛ onipa foforo bi nkyɛn ɛ. 7 Yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te odwo so, sɛnea ɔbeatan kokɔ ne mma. 8 Yɛhwɛɛ mo yiye, nyaa mo ho anigye sononko; mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo, bere a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no. 9 Anuanom, minim sɛ mokae adwuma a yɛyɛɛ ne brɛ a yɛbrɛe. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo; sɛnea Onyankopɔn Asɛmpa no ka na yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so. 10 Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn nnansefo. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mugyee Asɛmpa no dii no yɛ kronkron a eye na mfomso biara nni ho. 11 Mo ara munim sɛ yɛne mo tenaa sɛnea agya ne nʼankasa mma tena. 12 Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyee mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼahenni ne nʼanuonyam mu no so. 13 Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Bere a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, mutie gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a efi onipa nkyɛn, na mmom ampa ara sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu. 14 Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfo no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfo taa mo no bi na Yudafo a 15 wokum Awurade Yesu ne adiyifo no de taa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi bere biara. 16 Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw yɛn kwan, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufo no nkwagye nkyerɛ wɔn. Eyi maa wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuw wɔ wɔn so. 17 Anuanom, yɛantumi amma mo nkyɛn wɔ bere tiaa bi mu, nanso bere biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yehu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yebehyia mo ankasa. 18 Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn. Me Paulo de, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkoro nanso ɔbonsam siw yɛn ho kwan. 19 Nanso dɛn ne yɛn anidaso, anigye, anaa ahenkyɛw a ɛbɛma yɛn anuonyam wɔ Awurade Yesu anim bere a ɔbɛsan aba no? Ɛnyɛ mo ana? 20 Nokware ni, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛw gyina mo so.

In Other Versions

1 Thessalonians 2 in the ANGEFD

1 Thessalonians 2 in the ANTPNG2D

1 Thessalonians 2 in the AS21

1 Thessalonians 2 in the BAGH

1 Thessalonians 2 in the BBPNG

1 Thessalonians 2 in the BBT1E

1 Thessalonians 2 in the BDS

1 Thessalonians 2 in the BEV

1 Thessalonians 2 in the BHAD

1 Thessalonians 2 in the BIB

1 Thessalonians 2 in the BLPT

1 Thessalonians 2 in the BNT

1 Thessalonians 2 in the BNTABOOT

1 Thessalonians 2 in the BNTLV

1 Thessalonians 2 in the BOATCB

1 Thessalonians 2 in the BOBCV

1 Thessalonians 2 in the BOCNT

1 Thessalonians 2 in the BOECS

1 Thessalonians 2 in the BOGWICC

1 Thessalonians 2 in the BOHCB

1 Thessalonians 2 in the BOHCV

1 Thessalonians 2 in the BOHLNT

1 Thessalonians 2 in the BOHNTLTAL

1 Thessalonians 2 in the BOICB

1 Thessalonians 2 in the BOILNTAP

1 Thessalonians 2 in the BOITCV

1 Thessalonians 2 in the BOKCV

1 Thessalonians 2 in the BOKCV2

1 Thessalonians 2 in the BOKHWOG

1 Thessalonians 2 in the BOKSSV

1 Thessalonians 2 in the BOLCB

1 Thessalonians 2 in the BOLCB2

1 Thessalonians 2 in the BOMCV

1 Thessalonians 2 in the BONAV

1 Thessalonians 2 in the BONCB

1 Thessalonians 2 in the BONLT

1 Thessalonians 2 in the BONUT2

1 Thessalonians 2 in the BOPLNT

1 Thessalonians 2 in the BOSCB

1 Thessalonians 2 in the BOSNC

1 Thessalonians 2 in the BOTLNT

1 Thessalonians 2 in the BOVCB

1 Thessalonians 2 in the BOYCB

1 Thessalonians 2 in the BPBB

1 Thessalonians 2 in the BPH

1 Thessalonians 2 in the BSB

1 Thessalonians 2 in the CCB

1 Thessalonians 2 in the CUV

1 Thessalonians 2 in the CUVS

1 Thessalonians 2 in the DBT

1 Thessalonians 2 in the DGDNT

1 Thessalonians 2 in the DHNT

1 Thessalonians 2 in the DNT

1 Thessalonians 2 in the ELBE

1 Thessalonians 2 in the EMTV

1 Thessalonians 2 in the ESV

1 Thessalonians 2 in the FBV

1 Thessalonians 2 in the FEB

1 Thessalonians 2 in the GGMNT

1 Thessalonians 2 in the GNT

1 Thessalonians 2 in the HARY

1 Thessalonians 2 in the HNT

1 Thessalonians 2 in the IRVA

1 Thessalonians 2 in the IRVB

1 Thessalonians 2 in the IRVG

1 Thessalonians 2 in the IRVH

1 Thessalonians 2 in the IRVK

1 Thessalonians 2 in the IRVM

1 Thessalonians 2 in the IRVM2

1 Thessalonians 2 in the IRVO

1 Thessalonians 2 in the IRVP

1 Thessalonians 2 in the IRVT

1 Thessalonians 2 in the IRVT2

1 Thessalonians 2 in the IRVU

1 Thessalonians 2 in the ISVN

1 Thessalonians 2 in the JSNT

1 Thessalonians 2 in the KAPI

1 Thessalonians 2 in the KBT1ETNIK

1 Thessalonians 2 in the KBV

1 Thessalonians 2 in the KJV

1 Thessalonians 2 in the KNFD

1 Thessalonians 2 in the LBA

1 Thessalonians 2 in the LBLA

1 Thessalonians 2 in the LNT

1 Thessalonians 2 in the LSV

1 Thessalonians 2 in the MAAL

1 Thessalonians 2 in the MBV

1 Thessalonians 2 in the MBV2

1 Thessalonians 2 in the MHNT

1 Thessalonians 2 in the MKNFD

1 Thessalonians 2 in the MNG

1 Thessalonians 2 in the MNT

1 Thessalonians 2 in the MNT2

1 Thessalonians 2 in the MRS1T

1 Thessalonians 2 in the NAA

1 Thessalonians 2 in the NASB

1 Thessalonians 2 in the NBLA

1 Thessalonians 2 in the NBS

1 Thessalonians 2 in the NBVTP

1 Thessalonians 2 in the NET2

1 Thessalonians 2 in the NIV11

1 Thessalonians 2 in the NNT

1 Thessalonians 2 in the NNT2

1 Thessalonians 2 in the NNT3

1 Thessalonians 2 in the PDDPT

1 Thessalonians 2 in the PFNT

1 Thessalonians 2 in the RMNT

1 Thessalonians 2 in the SBIAS

1 Thessalonians 2 in the SBIBS

1 Thessalonians 2 in the SBIBS2

1 Thessalonians 2 in the SBICS

1 Thessalonians 2 in the SBIDS

1 Thessalonians 2 in the SBIGS

1 Thessalonians 2 in the SBIHS

1 Thessalonians 2 in the SBIIS

1 Thessalonians 2 in the SBIIS2

1 Thessalonians 2 in the SBIIS3

1 Thessalonians 2 in the SBIKS

1 Thessalonians 2 in the SBIKS2

1 Thessalonians 2 in the SBIMS

1 Thessalonians 2 in the SBIOS

1 Thessalonians 2 in the SBIPS

1 Thessalonians 2 in the SBISS

1 Thessalonians 2 in the SBITS

1 Thessalonians 2 in the SBITS2

1 Thessalonians 2 in the SBITS3

1 Thessalonians 2 in the SBITS4

1 Thessalonians 2 in the SBIUS

1 Thessalonians 2 in the SBIVS

1 Thessalonians 2 in the SBT

1 Thessalonians 2 in the SBT1E

1 Thessalonians 2 in the SCHL

1 Thessalonians 2 in the SNT

1 Thessalonians 2 in the SUSU

1 Thessalonians 2 in the SUSU2

1 Thessalonians 2 in the SYNO

1 Thessalonians 2 in the TBIAOTANT

1 Thessalonians 2 in the TBT1E

1 Thessalonians 2 in the TBT1E2

1 Thessalonians 2 in the TFTIP

1 Thessalonians 2 in the TFTU

1 Thessalonians 2 in the TGNTATF3T

1 Thessalonians 2 in the THAI

1 Thessalonians 2 in the TNFD

1 Thessalonians 2 in the TNT

1 Thessalonians 2 in the TNTIK

1 Thessalonians 2 in the TNTIL

1 Thessalonians 2 in the TNTIN

1 Thessalonians 2 in the TNTIP

1 Thessalonians 2 in the TNTIZ

1 Thessalonians 2 in the TOMA

1 Thessalonians 2 in the TTENT

1 Thessalonians 2 in the UBG

1 Thessalonians 2 in the UGV

1 Thessalonians 2 in the UGV2

1 Thessalonians 2 in the UGV3

1 Thessalonians 2 in the VBL

1 Thessalonians 2 in the VDCC

1 Thessalonians 2 in the YALU

1 Thessalonians 2 in the YAPE

1 Thessalonians 2 in the YBVTP

1 Thessalonians 2 in the ZBP