2 Chronicles 1 (BOATCB)

1 Ɔhene Dawid babarima Salomo sɔɔ ahennie no mu den, ɛfiri sɛ AWURADE, ne Onyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso. 2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraadɔm ntuanofoɔ, atemmufoɔ, amanyɛ ne mmusua ntuanofoɔ nyinaa. 3 Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔ Gibeon so hɔ baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no asie. Yei yɛ Ntomadan a Mose a ɔyɛ AWURADE ɔsomfoɔ sii wɔ ɛserɛ no so no. 4 Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afiri Kiriat-Yearim de kɔ ntomadan sononko bi a wasi wɔ Yerusalem mu. 5 Nanso, na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur nana a ɔyɛ Uri babarima Besaleel siiɛ no da so wɔ Gibeon, wɔ AWURADE Asɔredan no anim. Enti, Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa AWURADE akwankyerɛ. 6 Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho wɔ AWURADE anim, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ apem wɔ so. 7 Ɛda no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!” 8 Salomo buaa Onyankopɔn sɛ, “Wodii mʼagya Dawid nokorɛ na woyɛɛ no adɔeɛ, na afei wode me asi nʼanan mu sɛ ɔhene. 9 Na afei AWURADE Onyankopɔn, mesrɛ wo di ɛbɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ wode me asi nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ asase so mfuturo so ɔhene. 10 Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yie, na hwan koraa na ɔbɛtumi adi wo ɔman kɛseɛ sei so?” 11 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛseɛ ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfoɔ, na woammisa ahodeɛ, animuonyam anaa wʼatamfoɔ wuo anaa nkwa tenten, na mmom, wobisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bɛdi me nkurɔfoɔ so yie enti, 12 mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wobisaeɛ no. Afei, mɛma wo sika, ahodeɛ ne animuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.” 13 Na Salomo firii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔ no so no mu sane kɔɔ Yerusalem kɔdii ɔhene wɔ Israel so. 14 Salomo boaboaa asraadɔm a wɔdɔɔso yie a na nteaseɛnamkafoɔ apem ahanan ne apɔnkɔ ɔpedumienu ka ho ano. Ɔmaa wɔn mu dodoɔ no tenaa nteaseɛnam nkuropɔn mu, na ebi nso tena bɛnee no wɔ Yerusalem. 15 Salomo ɛberɛ so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro aboɔden nnua nso buu so sɛ akyee nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔ ayaase no. 16 Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri sɛ, na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie wɔ Kilikia. 17 Saa ɛberɛ no, na wɔtumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbena kilogram nson, na apɔnkɔ nso, wɔtumi tɔ no nnwetɛbena kilogram mmienu. Wɔn nso kɔtontɔnn wɔn mu pii nso maa Hetifoɔ ne Aram ahemfo.

In Other Versions

2 Chronicles 1 in the ANGEFD

2 Chronicles 1 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 1 in the AS21

2 Chronicles 1 in the BAGH

2 Chronicles 1 in the BBPNG

2 Chronicles 1 in the BBT1E

2 Chronicles 1 in the BDS

2 Chronicles 1 in the BEV

2 Chronicles 1 in the BHAD

2 Chronicles 1 in the BIB

2 Chronicles 1 in the BLPT

2 Chronicles 1 in the BNT

2 Chronicles 1 in the BNTABOOT

2 Chronicles 1 in the BNTLV

2 Chronicles 1 in the BOATCB2

2 Chronicles 1 in the BOBCV

2 Chronicles 1 in the BOCNT

2 Chronicles 1 in the BOECS

2 Chronicles 1 in the BOGWICC

2 Chronicles 1 in the BOHCB

2 Chronicles 1 in the BOHCV

2 Chronicles 1 in the BOHLNT

2 Chronicles 1 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 1 in the BOICB

2 Chronicles 1 in the BOILNTAP

2 Chronicles 1 in the BOITCV

2 Chronicles 1 in the BOKCV

2 Chronicles 1 in the BOKCV2

2 Chronicles 1 in the BOKHWOG

2 Chronicles 1 in the BOKSSV

2 Chronicles 1 in the BOLCB

2 Chronicles 1 in the BOLCB2

2 Chronicles 1 in the BOMCV

2 Chronicles 1 in the BONAV

2 Chronicles 1 in the BONCB

2 Chronicles 1 in the BONLT

2 Chronicles 1 in the BONUT2

2 Chronicles 1 in the BOPLNT

2 Chronicles 1 in the BOSCB

2 Chronicles 1 in the BOSNC

2 Chronicles 1 in the BOTLNT

2 Chronicles 1 in the BOVCB

2 Chronicles 1 in the BOYCB

2 Chronicles 1 in the BPBB

2 Chronicles 1 in the BPH

2 Chronicles 1 in the BSB

2 Chronicles 1 in the CCB

2 Chronicles 1 in the CUV

2 Chronicles 1 in the CUVS

2 Chronicles 1 in the DBT

2 Chronicles 1 in the DGDNT

2 Chronicles 1 in the DHNT

2 Chronicles 1 in the DNT

2 Chronicles 1 in the ELBE

2 Chronicles 1 in the EMTV

2 Chronicles 1 in the ESV

2 Chronicles 1 in the FBV

2 Chronicles 1 in the FEB

2 Chronicles 1 in the GGMNT

2 Chronicles 1 in the GNT

2 Chronicles 1 in the HARY

2 Chronicles 1 in the HNT

2 Chronicles 1 in the IRVA

2 Chronicles 1 in the IRVB

2 Chronicles 1 in the IRVG

2 Chronicles 1 in the IRVH

2 Chronicles 1 in the IRVK

2 Chronicles 1 in the IRVM

2 Chronicles 1 in the IRVM2

2 Chronicles 1 in the IRVO

2 Chronicles 1 in the IRVP

2 Chronicles 1 in the IRVT

2 Chronicles 1 in the IRVT2

2 Chronicles 1 in the IRVU

2 Chronicles 1 in the ISVN

2 Chronicles 1 in the JSNT

2 Chronicles 1 in the KAPI

2 Chronicles 1 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 1 in the KBV

2 Chronicles 1 in the KJV

2 Chronicles 1 in the KNFD

2 Chronicles 1 in the LBA

2 Chronicles 1 in the LBLA

2 Chronicles 1 in the LNT

2 Chronicles 1 in the LSV

2 Chronicles 1 in the MAAL

2 Chronicles 1 in the MBV

2 Chronicles 1 in the MBV2

2 Chronicles 1 in the MHNT

2 Chronicles 1 in the MKNFD

2 Chronicles 1 in the MNG

2 Chronicles 1 in the MNT

2 Chronicles 1 in the MNT2

2 Chronicles 1 in the MRS1T

2 Chronicles 1 in the NAA

2 Chronicles 1 in the NASB

2 Chronicles 1 in the NBLA

2 Chronicles 1 in the NBS

2 Chronicles 1 in the NBVTP

2 Chronicles 1 in the NET2

2 Chronicles 1 in the NIV11

2 Chronicles 1 in the NNT

2 Chronicles 1 in the NNT2

2 Chronicles 1 in the NNT3

2 Chronicles 1 in the PDDPT

2 Chronicles 1 in the PFNT

2 Chronicles 1 in the RMNT

2 Chronicles 1 in the SBIAS

2 Chronicles 1 in the SBIBS

2 Chronicles 1 in the SBIBS2

2 Chronicles 1 in the SBICS

2 Chronicles 1 in the SBIDS

2 Chronicles 1 in the SBIGS

2 Chronicles 1 in the SBIHS

2 Chronicles 1 in the SBIIS

2 Chronicles 1 in the SBIIS2

2 Chronicles 1 in the SBIIS3

2 Chronicles 1 in the SBIKS

2 Chronicles 1 in the SBIKS2

2 Chronicles 1 in the SBIMS

2 Chronicles 1 in the SBIOS

2 Chronicles 1 in the SBIPS

2 Chronicles 1 in the SBISS

2 Chronicles 1 in the SBITS

2 Chronicles 1 in the SBITS2

2 Chronicles 1 in the SBITS3

2 Chronicles 1 in the SBITS4

2 Chronicles 1 in the SBIUS

2 Chronicles 1 in the SBIVS

2 Chronicles 1 in the SBT

2 Chronicles 1 in the SBT1E

2 Chronicles 1 in the SCHL

2 Chronicles 1 in the SNT

2 Chronicles 1 in the SUSU

2 Chronicles 1 in the SUSU2

2 Chronicles 1 in the SYNO

2 Chronicles 1 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 1 in the TBT1E

2 Chronicles 1 in the TBT1E2

2 Chronicles 1 in the TFTIP

2 Chronicles 1 in the TFTU

2 Chronicles 1 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 1 in the THAI

2 Chronicles 1 in the TNFD

2 Chronicles 1 in the TNT

2 Chronicles 1 in the TNTIK

2 Chronicles 1 in the TNTIL

2 Chronicles 1 in the TNTIN

2 Chronicles 1 in the TNTIP

2 Chronicles 1 in the TNTIZ

2 Chronicles 1 in the TOMA

2 Chronicles 1 in the TTENT

2 Chronicles 1 in the UBG

2 Chronicles 1 in the UGV

2 Chronicles 1 in the UGV2

2 Chronicles 1 in the UGV3

2 Chronicles 1 in the VBL

2 Chronicles 1 in the VDCC

2 Chronicles 1 in the YALU

2 Chronicles 1 in the YAPE

2 Chronicles 1 in the YBVTP

2 Chronicles 1 in the ZBP