2 Chronicles 28 (BOATCB)

1 Ahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Wanyɛ deɛ ɛsɔ AWURADE ani sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no. 2 Mmom, ɔyɛɛ deɛ Israel ahemfo yɛeɛ no bi, yɛɛ ahoni a wɔde som Baal. 3 Ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ Hinom babarima bɔnhwa mu, na mpo ɔde ne mmammarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Ɔsuaa akyiwadeɛ a abosonsom aman no yɛeɛ a enti AWURADE pamoo wɔn firii asase no so ansa na Israelfoɔ rekɔduru hɔ. 4 Ɔbɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ abosomfie, mmepɔ so ne dua frɔmfrɔm biara ase. 5 Ɛno enti na AWURADE, ne Onyankopɔn, maa Aramhene kwan dii Ahas so nkonim, twaa ne nkurɔfoɔ bebree asuo kɔɔ Damasko no. Israel akodɔm bebree nso dii Ahas so nkonim, kunkumm nʼakodɔm no bebree nso. 6 Israelhene Peka, a ɔyɛ Remalia babarima de da koro kunkumm Yuda akodɔm no nnipa ɔpeha aduonu, ɛfiri sɛ, na wɔapo AWURADE, wɔn agyanom Onyankopɔn. 7 Afei, Sikri, ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔfiri Efraim, kunkumm Maaseia a ɔyɛ ɔhene babarima Asrikam, a ɔyɛ ahemfie so sahene ne Elkana, a ɔyɛ ɔhene sahene abadiakyire no. 8 Israelfoɔ akodɔm kyekyeree mmaa ne Yuda mmɔfra ɔpehanu, faa asadeɛ bebree, de kɔɔ Samaria. 9 Na AWURADE odiyifoɔ a ne din de Oded wɔ Samaria hɔ wɔ ɛberɛ a Israel akodɔm sane baa efie no. Ɔkɔhyiaa wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “AWURADE, mo agyanom Onyankopɔn, bo fuu Yuda, na ɔmaa modii wɔn so nkonim. Nanso, moayɛ ma aboro so dodo sɛ mode atirimuɔden akunkum wɔn, ama aha ɔsoro nyinaa. 10 Na seesei, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wɔfiri Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa AWURADE, mo Onyankopɔn no, ho asɛm te sɛn? 11 Montie me, na monnyaa saa nneduafoɔ a wɔwɔ mo nsam no, ɛfiri sɛ, wɔyɛ mo ankasa mo abusuafoɔ. Monhwɛ no yie, ɛfiri sɛ, seesei, wɔadane AWURADE abufuhyeɛ no aba mo so!” 12 Na Israel ntuanofoɔ bi a wɔn ne Yehohanan babarima Asaria, Mesilemot babarima Berekia, Salum babarima Yehiskia ne Hadlai babarima Amasa penee yei so, na wɔne mmarima a wɔfiri akono reba no kaa sɛ, 13 “Mommfa nneduafoɔ no mma ha! Yɛrentumi mfa nka yɛn bɔne ne yɛn afɔdie ho. Yɛn afɔdie so dada, na wɔadane AWURADE abufuhyeɛ no aba Israel so dada.” 14 Enti, akofoɔ no gyaee nneduafoɔ no de asadeɛ no maeɛ, wɔ ɔmanfoɔ no ne ntuanofoɔ no anim. 15 Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntadeɛ a ɛwɔ asadeɛ no mu no maa nneduafoɔ a wɔda adagya no. Wɔmaa wɔn ntadeɛ ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuane pii ne nsuo, de ngo guguu wɔn apirakuro mu. Wɔde wɔn a wɔyɛ mmrɛ no tenatenaa mfunumu so, de nneduafoɔ no nyinaa sane baa wɔn asase Yeriko, mmɛkuro, no so. Afei, wɔsane kɔɔ Samaria. 16 Saa ɛberɛ no mu, Yudahene Ahas kɔsrɛɛ Asiriahene sɛ ɔmmɛboa no na ɔnkɔko ntia nʼatamfoɔ. 17 Bio, na Edom akodɔm adi Yuda so nkonim, akyekyere binom nnommum. 18 Na Filistifoɔ ato ahyɛ nkuro a ɛwɔ Yuda mmepɔ ayaase ne Negeb so. Na wɔako afa Bet-Semes, Ayalon, Gederot ne Soko ne wɔn nkurotoɔ ne Timna ne Gimso ne wɔn nkurotoɔ no. Na Filistifoɔ no tenatenaa saa nkuro yi so. 19 Na AWURADE rebrɛ Yuda ase, ɛsiane Yudahene Ahas enti, ɛfiri sɛ, na ɔboa ne nkurɔfoɔ ma wɔyɛ bɔne, na na ɔnni AWURADE nokorɛ korakora nso. 20 Enti, ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser bɛduruiɛ no a anka ɛsɛ sɛ ɔboa ɔhene Ahas no, ɔhyɛɛ no so mmom. 21 Ahas tasee nneɛma a ɛsom bo firii AWURADE asɔredan no mu, ahemfie hɔ ne ne mpanimfoɔ afie mu, de kɔmaa Asiriahene sɛ ne toɔ. Nanso, yei mpo, ammoa no. 22 Na sɛ ɔhaw bi ba ɔhene Ahas so mpo a, ɔkɔ so yɛ asoɔden ma AWURADE. 23 Ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Damasko anyame a wɔdii ne so nkonim no, na ɔkaa sɛ, “Saa anyame yi na wɔboaa Aram ahemfo enti, sɛ mebɔ afɔdeɛ ma wɔn a, wɔbɛboa me nso.” Nanso, wɔmaa no sɛeeɛ, ma Israel nyinaa sɛeeɛ. 24 Ɔhene no tasee nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa, bubuu mu asinasini. Ɔtotoo AWURADE asɔredan no apono mu, sɛdeɛ obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Ɔsisii afɔrebukyia maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɛtwɛwa so baabiara. 25 Ɔyɛɛ abosonsom asɔreeɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ ma anyame foforɔ no. Ɔnam saa ɛkwan yi so, hyɛɛ AWURADE, nʼagyanom Onyankopɔn, abufuo. 26 Ahas ahennie ho nsɛm nkaeɛ no firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu. 27 Ɔhene Ahas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Ne babarima Hesekia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Chronicles 28 in the ANGEFD

2 Chronicles 28 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 28 in the AS21

2 Chronicles 28 in the BAGH

2 Chronicles 28 in the BBPNG

2 Chronicles 28 in the BBT1E

2 Chronicles 28 in the BDS

2 Chronicles 28 in the BEV

2 Chronicles 28 in the BHAD

2 Chronicles 28 in the BIB

2 Chronicles 28 in the BLPT

2 Chronicles 28 in the BNT

2 Chronicles 28 in the BNTABOOT

2 Chronicles 28 in the BNTLV

2 Chronicles 28 in the BOATCB2

2 Chronicles 28 in the BOBCV

2 Chronicles 28 in the BOCNT

2 Chronicles 28 in the BOECS

2 Chronicles 28 in the BOGWICC

2 Chronicles 28 in the BOHCB

2 Chronicles 28 in the BOHCV

2 Chronicles 28 in the BOHLNT

2 Chronicles 28 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 28 in the BOICB

2 Chronicles 28 in the BOILNTAP

2 Chronicles 28 in the BOITCV

2 Chronicles 28 in the BOKCV

2 Chronicles 28 in the BOKCV2

2 Chronicles 28 in the BOKHWOG

2 Chronicles 28 in the BOKSSV

2 Chronicles 28 in the BOLCB

2 Chronicles 28 in the BOLCB2

2 Chronicles 28 in the BOMCV

2 Chronicles 28 in the BONAV

2 Chronicles 28 in the BONCB

2 Chronicles 28 in the BONLT

2 Chronicles 28 in the BONUT2

2 Chronicles 28 in the BOPLNT

2 Chronicles 28 in the BOSCB

2 Chronicles 28 in the BOSNC

2 Chronicles 28 in the BOTLNT

2 Chronicles 28 in the BOVCB

2 Chronicles 28 in the BOYCB

2 Chronicles 28 in the BPBB

2 Chronicles 28 in the BPH

2 Chronicles 28 in the BSB

2 Chronicles 28 in the CCB

2 Chronicles 28 in the CUV

2 Chronicles 28 in the CUVS

2 Chronicles 28 in the DBT

2 Chronicles 28 in the DGDNT

2 Chronicles 28 in the DHNT

2 Chronicles 28 in the DNT

2 Chronicles 28 in the ELBE

2 Chronicles 28 in the EMTV

2 Chronicles 28 in the ESV

2 Chronicles 28 in the FBV

2 Chronicles 28 in the FEB

2 Chronicles 28 in the GGMNT

2 Chronicles 28 in the GNT

2 Chronicles 28 in the HARY

2 Chronicles 28 in the HNT

2 Chronicles 28 in the IRVA

2 Chronicles 28 in the IRVB

2 Chronicles 28 in the IRVG

2 Chronicles 28 in the IRVH

2 Chronicles 28 in the IRVK

2 Chronicles 28 in the IRVM

2 Chronicles 28 in the IRVM2

2 Chronicles 28 in the IRVO

2 Chronicles 28 in the IRVP

2 Chronicles 28 in the IRVT

2 Chronicles 28 in the IRVT2

2 Chronicles 28 in the IRVU

2 Chronicles 28 in the ISVN

2 Chronicles 28 in the JSNT

2 Chronicles 28 in the KAPI

2 Chronicles 28 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 28 in the KBV

2 Chronicles 28 in the KJV

2 Chronicles 28 in the KNFD

2 Chronicles 28 in the LBA

2 Chronicles 28 in the LBLA

2 Chronicles 28 in the LNT

2 Chronicles 28 in the LSV

2 Chronicles 28 in the MAAL

2 Chronicles 28 in the MBV

2 Chronicles 28 in the MBV2

2 Chronicles 28 in the MHNT

2 Chronicles 28 in the MKNFD

2 Chronicles 28 in the MNG

2 Chronicles 28 in the MNT

2 Chronicles 28 in the MNT2

2 Chronicles 28 in the MRS1T

2 Chronicles 28 in the NAA

2 Chronicles 28 in the NASB

2 Chronicles 28 in the NBLA

2 Chronicles 28 in the NBS

2 Chronicles 28 in the NBVTP

2 Chronicles 28 in the NET2

2 Chronicles 28 in the NIV11

2 Chronicles 28 in the NNT

2 Chronicles 28 in the NNT2

2 Chronicles 28 in the NNT3

2 Chronicles 28 in the PDDPT

2 Chronicles 28 in the PFNT

2 Chronicles 28 in the RMNT

2 Chronicles 28 in the SBIAS

2 Chronicles 28 in the SBIBS

2 Chronicles 28 in the SBIBS2

2 Chronicles 28 in the SBICS

2 Chronicles 28 in the SBIDS

2 Chronicles 28 in the SBIGS

2 Chronicles 28 in the SBIHS

2 Chronicles 28 in the SBIIS

2 Chronicles 28 in the SBIIS2

2 Chronicles 28 in the SBIIS3

2 Chronicles 28 in the SBIKS

2 Chronicles 28 in the SBIKS2

2 Chronicles 28 in the SBIMS

2 Chronicles 28 in the SBIOS

2 Chronicles 28 in the SBIPS

2 Chronicles 28 in the SBISS

2 Chronicles 28 in the SBITS

2 Chronicles 28 in the SBITS2

2 Chronicles 28 in the SBITS3

2 Chronicles 28 in the SBITS4

2 Chronicles 28 in the SBIUS

2 Chronicles 28 in the SBIVS

2 Chronicles 28 in the SBT

2 Chronicles 28 in the SBT1E

2 Chronicles 28 in the SCHL

2 Chronicles 28 in the SNT

2 Chronicles 28 in the SUSU

2 Chronicles 28 in the SUSU2

2 Chronicles 28 in the SYNO

2 Chronicles 28 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 28 in the TBT1E

2 Chronicles 28 in the TBT1E2

2 Chronicles 28 in the TFTIP

2 Chronicles 28 in the TFTU

2 Chronicles 28 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 28 in the THAI

2 Chronicles 28 in the TNFD

2 Chronicles 28 in the TNT

2 Chronicles 28 in the TNTIK

2 Chronicles 28 in the TNTIL

2 Chronicles 28 in the TNTIN

2 Chronicles 28 in the TNTIP

2 Chronicles 28 in the TNTIZ

2 Chronicles 28 in the TOMA

2 Chronicles 28 in the TTENT

2 Chronicles 28 in the UBG

2 Chronicles 28 in the UGV

2 Chronicles 28 in the UGV2

2 Chronicles 28 in the UGV3

2 Chronicles 28 in the VBL

2 Chronicles 28 in the VDCC

2 Chronicles 28 in the YALU

2 Chronicles 28 in the YAPE

2 Chronicles 28 in the YBVTP

2 Chronicles 28 in the ZBP