2 Chronicles 28 (BOATCB2)

1 Ahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ AWURADE ani sɛnea ne tete agya Dawid yɛe no. 2 Mmom, ɔyɛɛ nea Israel ahemfo yɛe no bi, yɛɛ ahoni a wɔde som Baal. 3 Ɔbɔɔ afɔre wɔ Hinom babarima bon mu, na mpo ɔde ne mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Osuaa akyiwade a abosonsom aman no yɛe a nti AWURADE pam wɔn fii asase no so ansa na Israelfo rekodu hɔ no. 4 Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam wɔ abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase. 5 Ɛno nti na AWURADE, ne Nyankopɔn, maa Aramhene kwan na odii Ahas so nkonim, twaa ne nkurɔfo bebree asu kɔɔ Damasko. Israel asraafo bebree nso dii Ahas so nkonim, kunkum nʼakofo no bebree nso. 6 Israelhene Peka, a ɔyɛ Remalia babarima de da koro kunkum Yuda asraafo no nnipa mpem ɔha aduonu, efisɛ na wɔapo AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn. 7 Afei, Sikri, ɔkofo kɛse a ofi Efraim, kunkum Maaseia a ɔyɛ ɔhene babarima Asrikam, a ɔyɛ ahemfi so sahene ne Elkana, a ɔyɛ ɔhene sahene abediakyiri no. 8 Israelfo asraafo kyekyeree mmea ne Yuda mmofra mpem ahannu, faa asade bebree, de kɔɔ Samaria. 9 Na AWURADE odiyifo a ne din de Oded wɔ Samaria hɔ bere a Israel asraafo san baa fie no. Okohyiaa wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, “AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, bo fuw Yuda, na ɔmaa mudii wɔn so nkonim. Nanso moayɛ ama aboro so dodo sɛ mode atirimɔden akunkum wɔn, ma ahaw ɔsoro nyinaa. 10 Na mprempren, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wofi Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa AWURADE, mo Nyankopɔn no, ho asɛm te dɛn? 11 Muntie me, na munnyaa saa nneduafo a wɔwɔ mo nsam no, efisɛ wɔyɛ mo ankasa mo abusuafo. Monhwɛ no yiye, efisɛ mprempren, wɔadan AWURADE abufuwhyew no aba mo so!” 12 Na Israel ntuanofo bi a wɔyɛ Yehohanan babarima Asaria, Mesilemot babarima Berekia, Salum babarima Yehiskia ne Hadlai babarima Amasa penee eyi so, na wɔne mmarima a wofi akono reba no kae se, 13 “Mommfa nneduafo no mma ha! Yɛrentumi mfa nka yɛn bɔne ne yɛn afɔdi ho. Yɛn afɔdi so dedaw, na wɔadan AWURADE abufuwhyew no aba Israel so dedaw.” 14 Enti akofo no gyaee nneduafo no de asade no mae wɔ ɔmanfo no ne ntuanofo no anim. 15 Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntade a ɛwɔ asade no mu no maa nneduafo a wɔda adagyaw no. Wɔmaa wɔn ntade ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuan pii ne nsu, de ngo guguu wɔn apirakuru mu. Wɔde wɔn a wɔayɛ mmerɛw no tenatenaa mfurum so, de nneduafo no nyinaa san baa wɔn asase Yeriko, mmɛkurow, no so. Afei, wɔsan kɔɔ Samaria. 16 Saa bere no mu, Yudahene Ahas kɔsrɛɛ Asiriahene sɛ ɔmmɛboa no na ɔnkɔko ntia nʼatamfo. 17 Bio, na Edom asraafo adi Yuda so nkonim, akyekyere ebinom nnommum. 18 Na Filistifo atow ahyɛ nkurow a ɛwɔ Yuda mmepɔw no ase ne Negeb so. Na wɔako afa Bet-Semes, Ayalon, Gederot ne Soko ne wɔn nkurow ne Timna ne Gimso ne wɔn nkurow no. Na Filistifo no tenatenaa saa nkurow yi so. 19 Na AWURADE rebrɛ Yuda ase, esiane Yudahene Ahas nti, efisɛ na ɔboa ne nkurɔfo ma wɔyɛ bɔne, na na onni AWURADE nokware korakora nso. 20 Enti bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser bedui no a anka ɛsɛ sɛ ɔboa ɔhene Ahas no, ɔhaw no mmom. 21 Ahas tasee nneɛma a ɛsom bo fii AWURADE asɔredan no mu, ahemfi hɔ ne ne mpanyimfo afi mu, de kɔmaa Asiriahene sɛ ne tow. Nanso eyi mpo, ammoa no. 22 Na sɛ ɔhaw bi ba ɔhene Ahas so mpo a, ɔkɔ so yɛ asoɔden wɔ AWURADE so. 23 Ɔbɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wodii ne so nkonim no, na ɔkae se, “Saa anyame yi na wɔboaa Aram ahemfo nti, sɛ mebɔ afɔre ma wɔn a, wɔbɛboa me nso.” Nanso wɔmaa no sɛee, maa Israel nyinaa sɛee. 24 Ɔhene no tasee nneɛma ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa bubuu mu asinasin. Ɔtotoo AWURADE asɔredan no apon mu, sɛnea obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Osisii afɔremuka maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɔtwɔw so baabiara. 25 Ɔyɛɛ abosonsom nsɔree so wɔ Yuda nkurow nyinaa so a wɔbɔ afɔre wɔ hɔ ma anyame foforo no. Ɔnam saa ɔkwan yi so, hyɛɛ AWURADE, nʼagyanom Nyankopɔn, abufuw. 26 Ahas ahenni ho nsɛm nkae no fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nhoma mu. 27 Ɔhene Ahas wui no, wosiee no Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehye amusiei. Ne babarima Hesekia na odii nʼade sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Chronicles 28 in the ANGEFD

2 Chronicles 28 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 28 in the AS21

2 Chronicles 28 in the BAGH

2 Chronicles 28 in the BBPNG

2 Chronicles 28 in the BBT1E

2 Chronicles 28 in the BDS

2 Chronicles 28 in the BEV

2 Chronicles 28 in the BHAD

2 Chronicles 28 in the BIB

2 Chronicles 28 in the BLPT

2 Chronicles 28 in the BNT

2 Chronicles 28 in the BNTABOOT

2 Chronicles 28 in the BNTLV

2 Chronicles 28 in the BOATCB

2 Chronicles 28 in the BOBCV

2 Chronicles 28 in the BOCNT

2 Chronicles 28 in the BOECS

2 Chronicles 28 in the BOGWICC

2 Chronicles 28 in the BOHCB

2 Chronicles 28 in the BOHCV

2 Chronicles 28 in the BOHLNT

2 Chronicles 28 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 28 in the BOICB

2 Chronicles 28 in the BOILNTAP

2 Chronicles 28 in the BOITCV

2 Chronicles 28 in the BOKCV

2 Chronicles 28 in the BOKCV2

2 Chronicles 28 in the BOKHWOG

2 Chronicles 28 in the BOKSSV

2 Chronicles 28 in the BOLCB

2 Chronicles 28 in the BOLCB2

2 Chronicles 28 in the BOMCV

2 Chronicles 28 in the BONAV

2 Chronicles 28 in the BONCB

2 Chronicles 28 in the BONLT

2 Chronicles 28 in the BONUT2

2 Chronicles 28 in the BOPLNT

2 Chronicles 28 in the BOSCB

2 Chronicles 28 in the BOSNC

2 Chronicles 28 in the BOTLNT

2 Chronicles 28 in the BOVCB

2 Chronicles 28 in the BOYCB

2 Chronicles 28 in the BPBB

2 Chronicles 28 in the BPH

2 Chronicles 28 in the BSB

2 Chronicles 28 in the CCB

2 Chronicles 28 in the CUV

2 Chronicles 28 in the CUVS

2 Chronicles 28 in the DBT

2 Chronicles 28 in the DGDNT

2 Chronicles 28 in the DHNT

2 Chronicles 28 in the DNT

2 Chronicles 28 in the ELBE

2 Chronicles 28 in the EMTV

2 Chronicles 28 in the ESV

2 Chronicles 28 in the FBV

2 Chronicles 28 in the FEB

2 Chronicles 28 in the GGMNT

2 Chronicles 28 in the GNT

2 Chronicles 28 in the HARY

2 Chronicles 28 in the HNT

2 Chronicles 28 in the IRVA

2 Chronicles 28 in the IRVB

2 Chronicles 28 in the IRVG

2 Chronicles 28 in the IRVH

2 Chronicles 28 in the IRVK

2 Chronicles 28 in the IRVM

2 Chronicles 28 in the IRVM2

2 Chronicles 28 in the IRVO

2 Chronicles 28 in the IRVP

2 Chronicles 28 in the IRVT

2 Chronicles 28 in the IRVT2

2 Chronicles 28 in the IRVU

2 Chronicles 28 in the ISVN

2 Chronicles 28 in the JSNT

2 Chronicles 28 in the KAPI

2 Chronicles 28 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 28 in the KBV

2 Chronicles 28 in the KJV

2 Chronicles 28 in the KNFD

2 Chronicles 28 in the LBA

2 Chronicles 28 in the LBLA

2 Chronicles 28 in the LNT

2 Chronicles 28 in the LSV

2 Chronicles 28 in the MAAL

2 Chronicles 28 in the MBV

2 Chronicles 28 in the MBV2

2 Chronicles 28 in the MHNT

2 Chronicles 28 in the MKNFD

2 Chronicles 28 in the MNG

2 Chronicles 28 in the MNT

2 Chronicles 28 in the MNT2

2 Chronicles 28 in the MRS1T

2 Chronicles 28 in the NAA

2 Chronicles 28 in the NASB

2 Chronicles 28 in the NBLA

2 Chronicles 28 in the NBS

2 Chronicles 28 in the NBVTP

2 Chronicles 28 in the NET2

2 Chronicles 28 in the NIV11

2 Chronicles 28 in the NNT

2 Chronicles 28 in the NNT2

2 Chronicles 28 in the NNT3

2 Chronicles 28 in the PDDPT

2 Chronicles 28 in the PFNT

2 Chronicles 28 in the RMNT

2 Chronicles 28 in the SBIAS

2 Chronicles 28 in the SBIBS

2 Chronicles 28 in the SBIBS2

2 Chronicles 28 in the SBICS

2 Chronicles 28 in the SBIDS

2 Chronicles 28 in the SBIGS

2 Chronicles 28 in the SBIHS

2 Chronicles 28 in the SBIIS

2 Chronicles 28 in the SBIIS2

2 Chronicles 28 in the SBIIS3

2 Chronicles 28 in the SBIKS

2 Chronicles 28 in the SBIKS2

2 Chronicles 28 in the SBIMS

2 Chronicles 28 in the SBIOS

2 Chronicles 28 in the SBIPS

2 Chronicles 28 in the SBISS

2 Chronicles 28 in the SBITS

2 Chronicles 28 in the SBITS2

2 Chronicles 28 in the SBITS3

2 Chronicles 28 in the SBITS4

2 Chronicles 28 in the SBIUS

2 Chronicles 28 in the SBIVS

2 Chronicles 28 in the SBT

2 Chronicles 28 in the SBT1E

2 Chronicles 28 in the SCHL

2 Chronicles 28 in the SNT

2 Chronicles 28 in the SUSU

2 Chronicles 28 in the SUSU2

2 Chronicles 28 in the SYNO

2 Chronicles 28 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 28 in the TBT1E

2 Chronicles 28 in the TBT1E2

2 Chronicles 28 in the TFTIP

2 Chronicles 28 in the TFTU

2 Chronicles 28 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 28 in the THAI

2 Chronicles 28 in the TNFD

2 Chronicles 28 in the TNT

2 Chronicles 28 in the TNTIK

2 Chronicles 28 in the TNTIL

2 Chronicles 28 in the TNTIN

2 Chronicles 28 in the TNTIP

2 Chronicles 28 in the TNTIZ

2 Chronicles 28 in the TOMA

2 Chronicles 28 in the TTENT

2 Chronicles 28 in the UBG

2 Chronicles 28 in the UGV

2 Chronicles 28 in the UGV2

2 Chronicles 28 in the UGV3

2 Chronicles 28 in the VBL

2 Chronicles 28 in the VDCC

2 Chronicles 28 in the YALU

2 Chronicles 28 in the YAPE

2 Chronicles 28 in the YBVTP

2 Chronicles 28 in the ZBP