2 Chronicles 32 (BOATCB)

1 Ɔhene Hesekia de nokorɛdie wiee saa dwumadie yi, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda so, dii so nkonim. Ɔtuaa nkuro a wɔabɔ ho ban no, na ɔhyɛɛ nʼakodɔm sɛ wɔmmubu wɔn afasuo no, mmɔ nhyɛne mu. 2 Ɛberɛ a Hesekia hunuu sɛ Sanaherib asane ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛto ahyɛ Yerusalem so no, 3 ɔne ne mpanimfoɔ ne nʼasraafoɔ mu afotufoɔ tuu agyina. Wɔsii gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsi nsutire no kwan na antene ankɔ kuropɔn no akyi. 4 Wɔboaboaa adwumayɛfoɔ ano sɛ wɔnkɔsi nsutire kwan na antene ankɔ mfuo no mu. Na wɔkaa sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo bɛba ha abɛnya nsuo bebree?” 5 Afei, Hesekia miaa ne banbɔ mu, ɔsiesiee ɔfasuo no baabiara a abubuo no, na ɔtoo ɔfasuo foforɔ kaa deɛ ɛwɔ hɔ dada no ho. Ɔsane miaa banbɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no. Afei ɔyɛɛ akodeɛ ne akokyɛm bebree. 6 Ɔyii asraafoɔ mpanimfoɔ, ma wɔhwɛɛ ɔmanfoɔ no so, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmɛhyia no wɔ kuro no ɛpono ano adwaberem hɔ. Na Hesekia kaa nkuranhyɛsɛm kyerɛɛ wɔn sɛ, 7 “Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Monnsuro Asiriahene anaa nʼakodɔm kɛseɛ no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa. 8 Ɛwom sɛ ɔwɔ akodɔm kɛseɛ deɛ, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ AWURADE, yɛn Onyankopɔn a ɔbɛboa yɛn, adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kaeɛ yi hyɛɛ ɔmanfoɔ no nkuran bebree. 9 Ɛberɛ a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kuro no, ɔsomaa mpanimfoɔ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfoɔ a wɔwɔ kuro no mu nyinaa: 10 “Sɛdeɛ Asiriahene Sanaherib seɛ nie: Ɛdeɛn na mode mo ho to so, na ɛma mo susu sɛ, mobɛtumi agyina Yerusalem tua yi ano? 11 Hesekia aka sɛ: ‘AWURADE, yɛn Onyankopɔn, bɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam.’ Nokorɛm, Hesekia regyegye mo, ama ɛkɔm ne sukɔm akum mo! 12 Nokorɛm, deɛ ɛsɛ sɛ mote aseɛ ne sɛ, Hesekia no ara na ɔbubuu AWURADE asɔreeɛ ne afɔrebukyia no nyinaa. Ɔhyɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ wɔnsom wɔ afɔrebukyia baako pɛ a ɛwɔ Asɔredan no mu no so, na wɔmmɔ afɔdeɛ ahodoɔ wɔ ɛno nko ara so. 13 “Nokorɛm, ɛsɛ sɛ mohunu deɛ me ne Asiria ahemfo a aka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfoɔ firii me tumi ase? 14 Ma nhwɛsoɔ baako kyerɛ onyame bi a ɔwɔ baabi a ɔtumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me nsam! Ɛdeɛn na ɛma wodwene sɛ, wo Onyankopɔn bɛtumi ayɛ ade pa bi? 15 Mommma Hesekia mmu mo kwasea. Mommma ɔnnaadaa mo saa! Meti mu, ka bio sɛ, ɔman biara nyame ntumi nnyee ne nkurɔfoɔ mfirii me anaa mʼagyanom nsam da. Na ɛbɛyɛ dɛn na mo Onyankopɔn agye mo afiri me tumi ase!” 16 Na Sanaherib mpanimfoɔ kɔɔ so dii AWURADE Onyankopɔn ne ne ɔsomfoɔ Hesekia ho fɛw, twaa no adapaa. 17 Ɔhene no sane twerɛɛ nkrataa de buu AWURADE, Israel Onyankopɔn animtiaa. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Sɛdeɛ anyame a wɔwɔ aman ahodoɔ so antumi annye wɔn nkurɔfoɔ amfiri me tumi ase no, saa ara, na Hesekia Onyankopɔn nso bɛdi nkoguo.” 18 Asiria mpanimfoɔ a wɔde krataa no baeɛ no teateaam de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kuro no ɔfasuo fasin so, de hunahunaa wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa kuropɔn no a wɔmmerɛ ho. 19 Saa mpanimfoɔ yi kasa faa Yerusalem Onyankopɔn yi ho te sɛ abosonsomfoɔ anyame no mu baako a wɔde nnipa nsa na ɛyɛeɛ no. 20 Afei, ɔhene Hesekia ne Amos babarima odiyifoɔ Yesaia bɔɔ mpaeɛ denden, frɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn no. 21 Na AWURADE somaa ɔbɔfoɔ, bɛsɛee Asiria akodɔm ne wɔn asahene ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa. Na Sanaherib de aniwuo sane kɔɔ ne kurom. Na ɔwuraa ne nyame abosonnan mu no, ɔno ankasa mmammarima no mu baako twee ne so akofena, kumm no. 22 Saa ɛkwan yi na AWURADE faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfoɔ nkwa, firii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wɔhunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti, ɛmaa asomdwoeɛ baa asase no so nyinaa. 23 Ɛfiri saa ɛberɛ no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obuo ne anidie a ɛnni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛdeɛ bebree a ɛyɛ AWURADE dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso. 24 Ɛberɛ no mu, Hesekia yaree yarewuo. Ɔbɔɔ mpaeɛ frɛɛ AWURADE, maa ɔsaa no yadeɛ daa nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ bi adi kyerɛɛ no. 25 Nanso, Hesekia anyɛ adɔeɛ a wɔyɛ kyerɛɛ no no so adeɛ, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti, AWURADE abufuo baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so. 26 Enti, Hesekia nuu ne ho wɔ nʼahantansu no ho, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no nso brɛɛ wɔn ho ase. Ɛno enti, Hesekia nkwanna mu no, AWURADE abufuo amma wɔn so. 27 Hesekia nyaa ne ho, na wɔbuu no yie. Ɔsisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔdemmoɔ, nnuhwam, nʼakyɛm ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu. 28 Afei nso, ɔsisii adekoradan de nʼatokoɔ, ne nsã ne ne ngo guu mu; ɔsisii buo bebree maa nʼanantwie ne ne nnwan ne ne mpɔnkye. 29 Ɔkyekyeree nkuro pii, pɛɛ nnwan ne anantwie bebree, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn maa no ahonya bebree. 30 Ɔsii asutire a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsuo no faa dorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn atɔeɛ fam. Na biribiara a ɔyɛeɛ no nso, ɛyɛɛ yie. 31 Ɛberɛ a Babilonia ananmusifoɔ bɛbisaa nneɛma titire a asisi wɔ asase no so no, Onyankopɔn twee ne ho firi Hesekia ho, de sɔɔ no hwɛeɛ, pɛɛ sɛ ɔhunu deɛ ɛwɔ nʼakoma mu. 32 Hesekia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne nʼahofama no, wɔatwerɛ wɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia anisoadehunu a ɛka Yuda ne Israel ahemfo nwoma ho no mu. 33 Ɛberɛ a Hesekia wuiɛ no, wɔsiee no wɔ adehyeɛ amusieeɛ no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no animuonyam ne wuo mu. Afei, ne babarima Manase, dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Chronicles 32 in the ANGEFD

2 Chronicles 32 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 32 in the AS21

2 Chronicles 32 in the BAGH

2 Chronicles 32 in the BBPNG

2 Chronicles 32 in the BBT1E

2 Chronicles 32 in the BDS

2 Chronicles 32 in the BEV

2 Chronicles 32 in the BHAD

2 Chronicles 32 in the BIB

2 Chronicles 32 in the BLPT

2 Chronicles 32 in the BNT

2 Chronicles 32 in the BNTABOOT

2 Chronicles 32 in the BNTLV

2 Chronicles 32 in the BOATCB2

2 Chronicles 32 in the BOBCV

2 Chronicles 32 in the BOCNT

2 Chronicles 32 in the BOECS

2 Chronicles 32 in the BOGWICC

2 Chronicles 32 in the BOHCB

2 Chronicles 32 in the BOHCV

2 Chronicles 32 in the BOHLNT

2 Chronicles 32 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 32 in the BOICB

2 Chronicles 32 in the BOILNTAP

2 Chronicles 32 in the BOITCV

2 Chronicles 32 in the BOKCV

2 Chronicles 32 in the BOKCV2

2 Chronicles 32 in the BOKHWOG

2 Chronicles 32 in the BOKSSV

2 Chronicles 32 in the BOLCB

2 Chronicles 32 in the BOLCB2

2 Chronicles 32 in the BOMCV

2 Chronicles 32 in the BONAV

2 Chronicles 32 in the BONCB

2 Chronicles 32 in the BONLT

2 Chronicles 32 in the BONUT2

2 Chronicles 32 in the BOPLNT

2 Chronicles 32 in the BOSCB

2 Chronicles 32 in the BOSNC

2 Chronicles 32 in the BOTLNT

2 Chronicles 32 in the BOVCB

2 Chronicles 32 in the BOYCB

2 Chronicles 32 in the BPBB

2 Chronicles 32 in the BPH

2 Chronicles 32 in the BSB

2 Chronicles 32 in the CCB

2 Chronicles 32 in the CUV

2 Chronicles 32 in the CUVS

2 Chronicles 32 in the DBT

2 Chronicles 32 in the DGDNT

2 Chronicles 32 in the DHNT

2 Chronicles 32 in the DNT

2 Chronicles 32 in the ELBE

2 Chronicles 32 in the EMTV

2 Chronicles 32 in the ESV

2 Chronicles 32 in the FBV

2 Chronicles 32 in the FEB

2 Chronicles 32 in the GGMNT

2 Chronicles 32 in the GNT

2 Chronicles 32 in the HARY

2 Chronicles 32 in the HNT

2 Chronicles 32 in the IRVA

2 Chronicles 32 in the IRVB

2 Chronicles 32 in the IRVG

2 Chronicles 32 in the IRVH

2 Chronicles 32 in the IRVK

2 Chronicles 32 in the IRVM

2 Chronicles 32 in the IRVM2

2 Chronicles 32 in the IRVO

2 Chronicles 32 in the IRVP

2 Chronicles 32 in the IRVT

2 Chronicles 32 in the IRVT2

2 Chronicles 32 in the IRVU

2 Chronicles 32 in the ISVN

2 Chronicles 32 in the JSNT

2 Chronicles 32 in the KAPI

2 Chronicles 32 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 32 in the KBV

2 Chronicles 32 in the KJV

2 Chronicles 32 in the KNFD

2 Chronicles 32 in the LBA

2 Chronicles 32 in the LBLA

2 Chronicles 32 in the LNT

2 Chronicles 32 in the LSV

2 Chronicles 32 in the MAAL

2 Chronicles 32 in the MBV

2 Chronicles 32 in the MBV2

2 Chronicles 32 in the MHNT

2 Chronicles 32 in the MKNFD

2 Chronicles 32 in the MNG

2 Chronicles 32 in the MNT

2 Chronicles 32 in the MNT2

2 Chronicles 32 in the MRS1T

2 Chronicles 32 in the NAA

2 Chronicles 32 in the NASB

2 Chronicles 32 in the NBLA

2 Chronicles 32 in the NBS

2 Chronicles 32 in the NBVTP

2 Chronicles 32 in the NET2

2 Chronicles 32 in the NIV11

2 Chronicles 32 in the NNT

2 Chronicles 32 in the NNT2

2 Chronicles 32 in the NNT3

2 Chronicles 32 in the PDDPT

2 Chronicles 32 in the PFNT

2 Chronicles 32 in the RMNT

2 Chronicles 32 in the SBIAS

2 Chronicles 32 in the SBIBS

2 Chronicles 32 in the SBIBS2

2 Chronicles 32 in the SBICS

2 Chronicles 32 in the SBIDS

2 Chronicles 32 in the SBIGS

2 Chronicles 32 in the SBIHS

2 Chronicles 32 in the SBIIS

2 Chronicles 32 in the SBIIS2

2 Chronicles 32 in the SBIIS3

2 Chronicles 32 in the SBIKS

2 Chronicles 32 in the SBIKS2

2 Chronicles 32 in the SBIMS

2 Chronicles 32 in the SBIOS

2 Chronicles 32 in the SBIPS

2 Chronicles 32 in the SBISS

2 Chronicles 32 in the SBITS

2 Chronicles 32 in the SBITS2

2 Chronicles 32 in the SBITS3

2 Chronicles 32 in the SBITS4

2 Chronicles 32 in the SBIUS

2 Chronicles 32 in the SBIVS

2 Chronicles 32 in the SBT

2 Chronicles 32 in the SBT1E

2 Chronicles 32 in the SCHL

2 Chronicles 32 in the SNT

2 Chronicles 32 in the SUSU

2 Chronicles 32 in the SUSU2

2 Chronicles 32 in the SYNO

2 Chronicles 32 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 32 in the TBT1E

2 Chronicles 32 in the TBT1E2

2 Chronicles 32 in the TFTIP

2 Chronicles 32 in the TFTU

2 Chronicles 32 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 32 in the THAI

2 Chronicles 32 in the TNFD

2 Chronicles 32 in the TNT

2 Chronicles 32 in the TNTIK

2 Chronicles 32 in the TNTIL

2 Chronicles 32 in the TNTIN

2 Chronicles 32 in the TNTIP

2 Chronicles 32 in the TNTIZ

2 Chronicles 32 in the TOMA

2 Chronicles 32 in the TTENT

2 Chronicles 32 in the UBG

2 Chronicles 32 in the UGV

2 Chronicles 32 in the UGV2

2 Chronicles 32 in the UGV3

2 Chronicles 32 in the VBL

2 Chronicles 32 in the VDCC

2 Chronicles 32 in the YALU

2 Chronicles 32 in the YAPE

2 Chronicles 32 in the YBVTP

2 Chronicles 32 in the ZBP