2 Chronicles 32 (BOATCB2)

1 Ɔhene Hesekia de nokwaredi wiee saa dwumadi yi, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so, dii so nkonim. Otuaa nkurow a wɔabɔ ho ban no, na ɔhyɛɛ nʼakofo sɛ wommubu wɔn afasu no, mmɔ nwura mu. 2 Bere a Hesekia huu sɛ Sanaherib asan ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so no, 3 ɔne ne mpanyimfo ne nʼasraafo mu afotufo tuu agyina. Wosii gyinae sɛ wobesiw asu a ɛsen fa kuropɔn no akyi no kwan ma wɔboaa no. 4 Wɔboaboaa adwumayɛfo ano sɛ wonkosi nsuti kwan na ansen ankɔ mfuw no mu. Na wɔkae se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo bɛba ha abenya nsu bebree?” 5 Afei, Hesekia miaa ne bammɔ mu, osiesiee ɔfasu no baabiara a abubu no, na ɔtoo ɔfasu foforo kaa nea ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Ɔsan miaa bammɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no mu. Afei ɔyɛɛ akode ne nkatabo bebree. 6 Oyii asraafo mpanyimfo ma wɔhwɛɛ ɔmanfo no so, na ɔhyɛɛ sɛ wommehyia no wɔ kurow no pon ano aguabɔbea hɔ. Na Hesekia kaa nkuranhyɛsɛm kyerɛɛ wɔn se, 7 “Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Munnsuro Asiriahene anaa nʼakofodɔm kɛse no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa. 8 Ɛwɔ mu sɛ ɔwɔ asraafodɔm kɛse de, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn a ɔbɛboa yɛn adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kae yi hyɛɛ ɔmanfo no nkuran bebree. 9 Bere a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kurow no, ɔsomaa mpanyimfo kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfo a wɔwɔ kurow no mu nyinaa: 10 “Sɛnea Asiriahene Sanaherib se ni: Dɛn na mode mo ho to so, na ɛma mo susuw sɛ, mubetumi agyina Yerusalem anotua yi ano? 11 Hesekia aka se: ‘AWURADE, yɛn Nyankopɔn, begye yɛn afi Asiriahene nsam.’ Nokwarem, Hesekia regyigye mo ama ɔkɔm ne osukɔm akum mo! 12 Nokware, nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, Hesekia no ara na obubuu AWURADE nsɔree so ne afɔremuka no nyinaa. Ɔhyɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka baako pɛ a ɛwɔ Asɔredan no mu no so, na wɔmmɔ afɔre ahorow wɔ ɛno nko ara so. 13 “Nokware, ɛsɛ sɛ muhu nea me ne Asiria ahemfo a wɔaka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfo fii me tumi ase ana? 14 Ma nhwɛso baako kyerɛ onyame bi a ɔwɔ baabi a otumi gyee ne nkurɔfo fii me nsam! Dɛn na ɛma wudwen sɛ, wo Nyankopɔn betumi ayɛ ade pa bi? 15 Mommma Hesekia mmu mo kwasea. Mommma ɔnnaadaa mo saa! Miti mu, ka bio se, ɔman biara anyame ntumi nnyee ne nkurɔfo mfii me anaa mʼagyanom nsam da. Na ɛbɛyɛ dɛn na mo Nyankopɔn agye mo afi me tumi ase!” 16 Na Sanaherib mpanyimfo kɔɔ so dii AWURADE Nyankopɔn ne ne somfo Hesekia ho fɛw, twaa no adapaa. 17 Ɔhene no san kyerɛw nkrataa de buu AWURADE, Israel Nyankopɔn animtiaa. Ɔkyerɛw se: “Sɛnea anyame a wɔwɔ aman ahorow so antumi annye wɔn nkurɔfo amfi me tumi ase no, saa ara na Hesekia Nyankopɔn nso bedi nkogu.” 18 Asiria mpanyimfo a wɔde krataa no bae no teɛteɛɛ mu de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kurow no fasu fadansin no so, de hunahunaa wɔn, sɛnea wobetumi afa kuropɔn no a wɔremmrɛ ho. 19 Saa mpanyimfo yi kasa faa Yerusalem Nyankopɔn yi ho te sɛ abosonsomfo anyame no mu baako a wɔde nnipa nsa na ɛyɛɛ no. 20 Ɔhene Hesekia ne Amos babarima odiyifo Yesaia bɔɔ mpae dennen, frɛɛ ɔsorosoro Nyankopɔn no. 21 Na AWURADE somaa ɔbɔfo, bɛsɛee Asiria asraafodɔm ne wɔn asahene ne wɔn mpanyimfo nyinaa. Na Sanaherib de aniwu san kɔɔ ne kurom. Na owuraa ne nyame abosonnan mu no, ɔno ankasa mmabarima no mu baako twee ne so afoa, kum no. 22 Saa ɔkwan yi na AWURADE faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfo nkwa fii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wohunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti ɛmaa asomdwoe baa asase no so nyinaa. 23 Efi saa bere no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obu ne nidi a enni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛde bebree a ɛyɛ AWURADE dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso. 24 Bere no mu, Hesekia yaree owuyare. Ɔbɔɔ mpae frɛɛ AWURADE ma ɔsaa no yare daa nsɛnkyerɛnne nwonwaso bi adi kyerɛɛ no. 25 Nanso Hesekia anyɛ adɔe a wɔyɛ kyerɛɛ no no so ade, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti AWURADE abufuw baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so. 26 Enti Hesekia nuu ne ho wɔ nʼahantansu no ho, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no nso brɛɛ wɔn ho ase. Ɛno nti, Hesekia nkwanna mu no, AWURADE abufuw amma wɔn so. 27 Hesekia nyaa ne ho, na wobuu no yiye. Osisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔden abo, nnuhuam, ne nkatabo ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu. 28 Ɔsan sisii adekoradan de nʼatoko, ne nsa ne ne ngo guu mu; osisii buw bebree maa nʼanantwi ne ne nguan ne ne mmirekyi. 29 Ɔkyekyeree nkurow pii, pɛɛ nguan ne anantwi bebree, efisɛ na Onyankopɔn ama no ahonya bebree. 30 Osiw asuti a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsu no faa ɔdorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn no atɔe fam. Na biribiara a ɔyɛe no nso, ɛyɛɛ yiye. 31 Bere a Babilonia ananmusifo bebisaa nneɛma titiriw a asisi wɔ asase no so no, Onyankopɔn twee ne ho fi Hesekia ho, de sɔɔ no hwɛe, pɛɛ sɛ ohu nea ɛwɔ ne koma mu. 32 Hesekia ahenni ho nsɛm nkae ne nʼahofama no, wɔakyerɛw wɔ Amos babarima odiyifo Yesaia anisoadehu a ɛka Yuda ne Israel ahemfo nhoma ho no mu. 33 Bere a Hesekia wui no, wosiee no wɔ adehye amusiei no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no anuonyam wɔ ne wu mu. Na ne babarima Manase, dii nʼade sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Chronicles 32 in the ANGEFD

2 Chronicles 32 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 32 in the AS21

2 Chronicles 32 in the BAGH

2 Chronicles 32 in the BBPNG

2 Chronicles 32 in the BBT1E

2 Chronicles 32 in the BDS

2 Chronicles 32 in the BEV

2 Chronicles 32 in the BHAD

2 Chronicles 32 in the BIB

2 Chronicles 32 in the BLPT

2 Chronicles 32 in the BNT

2 Chronicles 32 in the BNTABOOT

2 Chronicles 32 in the BNTLV

2 Chronicles 32 in the BOATCB

2 Chronicles 32 in the BOBCV

2 Chronicles 32 in the BOCNT

2 Chronicles 32 in the BOECS

2 Chronicles 32 in the BOGWICC

2 Chronicles 32 in the BOHCB

2 Chronicles 32 in the BOHCV

2 Chronicles 32 in the BOHLNT

2 Chronicles 32 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 32 in the BOICB

2 Chronicles 32 in the BOILNTAP

2 Chronicles 32 in the BOITCV

2 Chronicles 32 in the BOKCV

2 Chronicles 32 in the BOKCV2

2 Chronicles 32 in the BOKHWOG

2 Chronicles 32 in the BOKSSV

2 Chronicles 32 in the BOLCB

2 Chronicles 32 in the BOLCB2

2 Chronicles 32 in the BOMCV

2 Chronicles 32 in the BONAV

2 Chronicles 32 in the BONCB

2 Chronicles 32 in the BONLT

2 Chronicles 32 in the BONUT2

2 Chronicles 32 in the BOPLNT

2 Chronicles 32 in the BOSCB

2 Chronicles 32 in the BOSNC

2 Chronicles 32 in the BOTLNT

2 Chronicles 32 in the BOVCB

2 Chronicles 32 in the BOYCB

2 Chronicles 32 in the BPBB

2 Chronicles 32 in the BPH

2 Chronicles 32 in the BSB

2 Chronicles 32 in the CCB

2 Chronicles 32 in the CUV

2 Chronicles 32 in the CUVS

2 Chronicles 32 in the DBT

2 Chronicles 32 in the DGDNT

2 Chronicles 32 in the DHNT

2 Chronicles 32 in the DNT

2 Chronicles 32 in the ELBE

2 Chronicles 32 in the EMTV

2 Chronicles 32 in the ESV

2 Chronicles 32 in the FBV

2 Chronicles 32 in the FEB

2 Chronicles 32 in the GGMNT

2 Chronicles 32 in the GNT

2 Chronicles 32 in the HARY

2 Chronicles 32 in the HNT

2 Chronicles 32 in the IRVA

2 Chronicles 32 in the IRVB

2 Chronicles 32 in the IRVG

2 Chronicles 32 in the IRVH

2 Chronicles 32 in the IRVK

2 Chronicles 32 in the IRVM

2 Chronicles 32 in the IRVM2

2 Chronicles 32 in the IRVO

2 Chronicles 32 in the IRVP

2 Chronicles 32 in the IRVT

2 Chronicles 32 in the IRVT2

2 Chronicles 32 in the IRVU

2 Chronicles 32 in the ISVN

2 Chronicles 32 in the JSNT

2 Chronicles 32 in the KAPI

2 Chronicles 32 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 32 in the KBV

2 Chronicles 32 in the KJV

2 Chronicles 32 in the KNFD

2 Chronicles 32 in the LBA

2 Chronicles 32 in the LBLA

2 Chronicles 32 in the LNT

2 Chronicles 32 in the LSV

2 Chronicles 32 in the MAAL

2 Chronicles 32 in the MBV

2 Chronicles 32 in the MBV2

2 Chronicles 32 in the MHNT

2 Chronicles 32 in the MKNFD

2 Chronicles 32 in the MNG

2 Chronicles 32 in the MNT

2 Chronicles 32 in the MNT2

2 Chronicles 32 in the MRS1T

2 Chronicles 32 in the NAA

2 Chronicles 32 in the NASB

2 Chronicles 32 in the NBLA

2 Chronicles 32 in the NBS

2 Chronicles 32 in the NBVTP

2 Chronicles 32 in the NET2

2 Chronicles 32 in the NIV11

2 Chronicles 32 in the NNT

2 Chronicles 32 in the NNT2

2 Chronicles 32 in the NNT3

2 Chronicles 32 in the PDDPT

2 Chronicles 32 in the PFNT

2 Chronicles 32 in the RMNT

2 Chronicles 32 in the SBIAS

2 Chronicles 32 in the SBIBS

2 Chronicles 32 in the SBIBS2

2 Chronicles 32 in the SBICS

2 Chronicles 32 in the SBIDS

2 Chronicles 32 in the SBIGS

2 Chronicles 32 in the SBIHS

2 Chronicles 32 in the SBIIS

2 Chronicles 32 in the SBIIS2

2 Chronicles 32 in the SBIIS3

2 Chronicles 32 in the SBIKS

2 Chronicles 32 in the SBIKS2

2 Chronicles 32 in the SBIMS

2 Chronicles 32 in the SBIOS

2 Chronicles 32 in the SBIPS

2 Chronicles 32 in the SBISS

2 Chronicles 32 in the SBITS

2 Chronicles 32 in the SBITS2

2 Chronicles 32 in the SBITS3

2 Chronicles 32 in the SBITS4

2 Chronicles 32 in the SBIUS

2 Chronicles 32 in the SBIVS

2 Chronicles 32 in the SBT

2 Chronicles 32 in the SBT1E

2 Chronicles 32 in the SCHL

2 Chronicles 32 in the SNT

2 Chronicles 32 in the SUSU

2 Chronicles 32 in the SUSU2

2 Chronicles 32 in the SYNO

2 Chronicles 32 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 32 in the TBT1E

2 Chronicles 32 in the TBT1E2

2 Chronicles 32 in the TFTIP

2 Chronicles 32 in the TFTU

2 Chronicles 32 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 32 in the THAI

2 Chronicles 32 in the TNFD

2 Chronicles 32 in the TNT

2 Chronicles 32 in the TNTIK

2 Chronicles 32 in the TNTIL

2 Chronicles 32 in the TNTIN

2 Chronicles 32 in the TNTIP

2 Chronicles 32 in the TNTIZ

2 Chronicles 32 in the TOMA

2 Chronicles 32 in the TTENT

2 Chronicles 32 in the UBG

2 Chronicles 32 in the UGV

2 Chronicles 32 in the UGV2

2 Chronicles 32 in the UGV3

2 Chronicles 32 in the VBL

2 Chronicles 32 in the VDCC

2 Chronicles 32 in the YALU

2 Chronicles 32 in the YAPE

2 Chronicles 32 in the YBVTP

2 Chronicles 32 in the ZBP