2 Corinthians 11 (BOATCB)

1 Mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ meyɛ nkwaseadeɛ koraa a, mobɛgye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa. 2 Metwe mo ho ninkunu, sɛdeɛ Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbaabunu a mahyɛ no awadeɛ ho bɔ ama ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo. 3 Mesuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mobɛgyae sɛdeɛ ɔwɔ no nam anifire so daadaa Hawa no. 4 Mode anigyeɛ gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforɔ a ɔnnyɛ deɛ yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mogye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonsonoeɛ da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di. 5 Mennye nni sɛ meyɛ “Asomafoɔ” no mu abomfiaa. 6 Ebia mʼano ntee deɛ, nanso mʼadwene mu abue. Ɛkwan biara so, yɛama mo ate saa asɛm yi ase. 7 Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛdeɛ ɛbɛma mo akrɔn. Bɔne a meyɛeɛ ne sɛ meyɛɛ saa? 8 Ɛberɛ a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforɔ bi na na wɔtua me ka. 9 Ɛberɛ a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menha mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛdeɛ na ɛte mmerɛ a atwam no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da. 10 Kristo nokorɛdie a ahyɛ me ma enti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da. 11 Adɛn enti na meka saa? Ɛfiri sɛ, mennɔ mo anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo. 12 Mɛkɔ so madi dwuma a meredi no seesei yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, saa “asomafoɔ” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wɔdi no te sɛ yɛn dwuma a yɛdi no pɛ. 13 Saa nnipa no nyɛ nokorɛ asomafoɔ. Wɔyɛ atorɔ asomafoɔ a wɔnam twa atorɔ wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hunu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafoɔ. 14 Ɛnyɛ me nwanwa, ɛfiri sɛ, ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdane yɛ sɛ hann. 15 Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ nʼasomfoɔ tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awieeɛ no, wɔbɛnya wɔn nneyɛeɛ so akatua pɛpɛɛpɛ. 16 Meti mu ka bio sɛ: Ɛnsɛ sɛ obiara susu sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mosusu saa a, ɛnneɛ monnye me sɛdeɛ mobɛgye ɔkwasea na menam so matumi mahoahoa me ho. 17 Asɛm a mereka yi nyɛ deɛ Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea. 18 Nanso, ɛsiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho nipasu mu enti, me nso mɛyɛ saa. 19 Mo ankasa mo ani ate enti mode anigyeɛ gye nkwaseafoɔ. 20 Mogye obi a ɔhyɛ mo so anaa deɛ ɔnya mo ho biribi anaa deɛ ɔsum mo afidie anaa deɛ ɔmmu mo anaa deɛ ɔbɔ mo ani so. 21 Mefɛre sɛ mɛgye yei ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛ na ɛma yɛyɛɛ saa.Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, e nso mɛtumi ahoahoa me ho wɔ dekodeɛ no ho bi. 22 Wɔyɛ Hebrifoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. 23 Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Merekasa sɛ ɔbɔdamfoɔ. Nanso, meyɛ ɔsomfoɔ pa sene wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sene wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owuo nso. 24 Yudafoɔ bɔɔ me mmaa aduasa nkron ahodoɔ enum. 25 Romafoɔ bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wɔsii me aboɔ pɛnkorɔ. Metenaa ahyɛn mu maa ɛbɔeɛ mprɛnsa. Medii nsuo ase nnɔnhwere aduonu ɛnan pɛn. 26 Mʼakwantuo ahodoɔ mu, mehyiaa nsuyire ne akwanmukafoɔ. Mehunuu amane wɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nsam. Mehunuu nkuro so amane. Mehunuu wiram amane. Mehunuu ɛpo so amane ne nnamfoɔ a wɔnka nokorɛ nsam amane. 27 Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii, menna. Ɛkɔm ne sukɔm dee me. Mpɛn pii, mennya aduane a ɛbɛso me nni. Mennya baabi nna anaa atadeɛ nhyɛ. 28 Ɛberɛ biara na mema asafo ahodoɔ no ho nsɛm yɛ me asɛnhia. 29 Sɛ obi yɛ mmerɛ a ɛma me nso meyɛ mmerɛ. Sɛ obi ka ɔfoforɔ kɔ bɔne mu a, ɛma me werɛ ho. 30 Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛyɛ no mu. 31 Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. 32 Ɛberɛ a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfoɔ wɛnee kuro no ɛpono pɛɛ sɛ wɔkyere me. 33 Nanso, wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasuo bi a apae tokuro mu de me sii fam maa medwane firii ne nsam.

In Other Versions

2 Corinthians 11 in the ANGEFD

2 Corinthians 11 in the ANTPNG2D

2 Corinthians 11 in the AS21

2 Corinthians 11 in the BAGH

2 Corinthians 11 in the BBPNG

2 Corinthians 11 in the BBT1E

2 Corinthians 11 in the BDS

2 Corinthians 11 in the BEV

2 Corinthians 11 in the BHAD

2 Corinthians 11 in the BIB

2 Corinthians 11 in the BLPT

2 Corinthians 11 in the BNT

2 Corinthians 11 in the BNTABOOT

2 Corinthians 11 in the BNTLV

2 Corinthians 11 in the BOATCB2

2 Corinthians 11 in the BOBCV

2 Corinthians 11 in the BOCNT

2 Corinthians 11 in the BOECS

2 Corinthians 11 in the BOGWICC

2 Corinthians 11 in the BOHCB

2 Corinthians 11 in the BOHCV

2 Corinthians 11 in the BOHLNT

2 Corinthians 11 in the BOHNTLTAL

2 Corinthians 11 in the BOICB

2 Corinthians 11 in the BOILNTAP

2 Corinthians 11 in the BOITCV

2 Corinthians 11 in the BOKCV

2 Corinthians 11 in the BOKCV2

2 Corinthians 11 in the BOKHWOG

2 Corinthians 11 in the BOKSSV

2 Corinthians 11 in the BOLCB

2 Corinthians 11 in the BOLCB2

2 Corinthians 11 in the BOMCV

2 Corinthians 11 in the BONAV

2 Corinthians 11 in the BONCB

2 Corinthians 11 in the BONLT

2 Corinthians 11 in the BONUT2

2 Corinthians 11 in the BOPLNT

2 Corinthians 11 in the BOSCB

2 Corinthians 11 in the BOSNC

2 Corinthians 11 in the BOTLNT

2 Corinthians 11 in the BOVCB

2 Corinthians 11 in the BOYCB

2 Corinthians 11 in the BPBB

2 Corinthians 11 in the BPH

2 Corinthians 11 in the BSB

2 Corinthians 11 in the CCB

2 Corinthians 11 in the CUV

2 Corinthians 11 in the CUVS

2 Corinthians 11 in the DBT

2 Corinthians 11 in the DGDNT

2 Corinthians 11 in the DHNT

2 Corinthians 11 in the DNT

2 Corinthians 11 in the ELBE

2 Corinthians 11 in the EMTV

2 Corinthians 11 in the ESV

2 Corinthians 11 in the FBV

2 Corinthians 11 in the FEB

2 Corinthians 11 in the GGMNT

2 Corinthians 11 in the GNT

2 Corinthians 11 in the HARY

2 Corinthians 11 in the HNT

2 Corinthians 11 in the IRVA

2 Corinthians 11 in the IRVB

2 Corinthians 11 in the IRVG

2 Corinthians 11 in the IRVH

2 Corinthians 11 in the IRVK

2 Corinthians 11 in the IRVM

2 Corinthians 11 in the IRVM2

2 Corinthians 11 in the IRVO

2 Corinthians 11 in the IRVP

2 Corinthians 11 in the IRVT

2 Corinthians 11 in the IRVT2

2 Corinthians 11 in the IRVU

2 Corinthians 11 in the ISVN

2 Corinthians 11 in the JSNT

2 Corinthians 11 in the KAPI

2 Corinthians 11 in the KBT1ETNIK

2 Corinthians 11 in the KBV

2 Corinthians 11 in the KJV

2 Corinthians 11 in the KNFD

2 Corinthians 11 in the LBA

2 Corinthians 11 in the LBLA

2 Corinthians 11 in the LNT

2 Corinthians 11 in the LSV

2 Corinthians 11 in the MAAL

2 Corinthians 11 in the MBV

2 Corinthians 11 in the MBV2

2 Corinthians 11 in the MHNT

2 Corinthians 11 in the MKNFD

2 Corinthians 11 in the MNG

2 Corinthians 11 in the MNT

2 Corinthians 11 in the MNT2

2 Corinthians 11 in the MRS1T

2 Corinthians 11 in the NAA

2 Corinthians 11 in the NASB

2 Corinthians 11 in the NBLA

2 Corinthians 11 in the NBS

2 Corinthians 11 in the NBVTP

2 Corinthians 11 in the NET2

2 Corinthians 11 in the NIV11

2 Corinthians 11 in the NNT

2 Corinthians 11 in the NNT2

2 Corinthians 11 in the NNT3

2 Corinthians 11 in the PDDPT

2 Corinthians 11 in the PFNT

2 Corinthians 11 in the RMNT

2 Corinthians 11 in the SBIAS

2 Corinthians 11 in the SBIBS

2 Corinthians 11 in the SBIBS2

2 Corinthians 11 in the SBICS

2 Corinthians 11 in the SBIDS

2 Corinthians 11 in the SBIGS

2 Corinthians 11 in the SBIHS

2 Corinthians 11 in the SBIIS

2 Corinthians 11 in the SBIIS2

2 Corinthians 11 in the SBIIS3

2 Corinthians 11 in the SBIKS

2 Corinthians 11 in the SBIKS2

2 Corinthians 11 in the SBIMS

2 Corinthians 11 in the SBIOS

2 Corinthians 11 in the SBIPS

2 Corinthians 11 in the SBISS

2 Corinthians 11 in the SBITS

2 Corinthians 11 in the SBITS2

2 Corinthians 11 in the SBITS3

2 Corinthians 11 in the SBITS4

2 Corinthians 11 in the SBIUS

2 Corinthians 11 in the SBIVS

2 Corinthians 11 in the SBT

2 Corinthians 11 in the SBT1E

2 Corinthians 11 in the SCHL

2 Corinthians 11 in the SNT

2 Corinthians 11 in the SUSU

2 Corinthians 11 in the SUSU2

2 Corinthians 11 in the SYNO

2 Corinthians 11 in the TBIAOTANT

2 Corinthians 11 in the TBT1E

2 Corinthians 11 in the TBT1E2

2 Corinthians 11 in the TFTIP

2 Corinthians 11 in the TFTU

2 Corinthians 11 in the TGNTATF3T

2 Corinthians 11 in the THAI

2 Corinthians 11 in the TNFD

2 Corinthians 11 in the TNT

2 Corinthians 11 in the TNTIK

2 Corinthians 11 in the TNTIL

2 Corinthians 11 in the TNTIN

2 Corinthians 11 in the TNTIP

2 Corinthians 11 in the TNTIZ

2 Corinthians 11 in the TOMA

2 Corinthians 11 in the TTENT

2 Corinthians 11 in the UBG

2 Corinthians 11 in the UGV

2 Corinthians 11 in the UGV2

2 Corinthians 11 in the UGV3

2 Corinthians 11 in the VBL

2 Corinthians 11 in the VDCC

2 Corinthians 11 in the YALU

2 Corinthians 11 in the YAPE

2 Corinthians 11 in the YBVTP

2 Corinthians 11 in the ZBP